Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 12/8 kr. 10-12
  • Nsakrae Soronko a Ɛbɛma Yɛanya Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsakrae Soronko a Ɛbɛma Yɛanya Anigye
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abrabɔ Ho Gyinapɛn a Ɛsakra
  • Ɛmfa Ho sɛ Wɔte Faako no, Wɔn Ntam Atetew
  • 1914 Yɛ Afe Titiriw
  • Ɛnkyɛ Wiase a Ɛyɛ Foforo Koraa Bɛba
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Asɛmpa a Wɔpɛ sɛ Wote No
    Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 12/8 kr. 10-12

Nsakrae Soronko a Ɛbɛma Yɛanya Anigye

“Wɔ 1900 mu no, na wiase no rebɛhyɛn bere foforo koraa bi mu wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Na bere dedaw no rebetwam ama foforo bi aba.”—The Times Atlas of the 20th Century.

NHOMA a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no ka sɛ, wɔ afeha 20 yi mfiase pɛɛ no, “wiase no hyɛnee mmere a basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi pii wom mu.” Na akodi pii a ebekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100 na ɛbɛkɔ so wɔ saa afeha yi mu sen afeha biara a abɛsen kɔ.

Akodi akunkum ɔmanfo pii wɔ afeha yi mu sen bere biara. Wɔ Wiase Ko I mu no, na nnipa dodow a wokunkum wɔn no mu ɔha mu 15 yɛ ɔmanfo. Nanso wɔ Wiase Ko II mu no, ɔmanfo a wowuwui wɔ akodi mu no wɔ aman bi so no dɔɔso sen asraafo a wowuwui no koraa. Nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ akodi mu fi saa bere no mu pii yɛ ɔmanfo. Saa atirimmɔdensɛm yi nyinaa maa Bible nkɔmhyɛ a ɛfa “ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ” a “wɔmaa no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so” ho no nyaa mmamu.—Adiyisɛm 6:3, 4; Mateo 24:3-7.

Abrabɔ Ho Gyinapɛn a Ɛsakra

Nsɛm a asisi wɔ afeha 20 yi mu no ama nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-5 no abam: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”

Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ akɔ so ada su a ɛte sɛɛ adi bere nyinaa. Su ahorow yi ada adi kɛse wɔ afeha 20 yi mu. Bere bi a atwam no, na wobu wɔn a wɔda su a yɛaka ho asɛm yi adi no sɛ wɔn a wonni suban—sɛ wɔammu wɔn sɛ abɔnefo mpo de a. Ɛnnɛ, wɔn a ‘wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔda onyamesom pa adi’ no mpo kɔ so bu su a ɛtete sɛɛ no sɛ nea mfomso biara nni ho.

Bere bi a atwam no, na nyamesomfo susuw sɛ enye koraa sɛ ɔbarima ne ɔbea bi bɛtra a wɔnwaree. Na wobu ɔbea a wɔnyɛɛ ne ho ade nanso wawo sɛ aniwude te sɛ mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da no ara pɛ. Na nnipa pii bu nyinsɛn a wotu gu ne awaregyae sɛ adebɔne. Na wobu nokware a wonni wɔ adwumam sɛ ɛyɛ mfomso. Nanso sɛnea ɔbenfo bi ka no, “ɛnnɛ wɔpene biribiara so.” Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi ani gye ho na wɔmpɛ sɛ afoforo bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ.”

Abrabɔ pa ho gyinapɛn a wɔabu wɔn ani agu so wɔ afeha yi mu no mma wɔnyɛ nneɛma a ɛho hia no bio. The Times Atlas of the 20th Century nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ 1900 mu no, na aman ne ankorankoro nni sika akyi pii. . . . Ɛkame ayɛ sɛ afeha yi awiei mu na amanaman no nyinaa gyina sika so na ɛkyerɛ sɛnea asi obi yiye. . . . Saa ara na sɛnea nkurɔfo bu agyapade no nso asesa.” Ɛnnɛ kyakyatow a abu so no ama nnipa pii ani abegye sika ho, na radio, television, sini, ne video nso hyɛ honam fam nneɛma a obi benya ho nkuran. Agumadi ne aguade ho dawurubɔ ma afoforo te nka sɛ, sɛ ɛnyɛ sika ne ade nyinaa mpo a, anyɛ yiye koraa no, ɛho hia ma obiara.

Ɛmfa Ho sɛ Wɔte Faako no, Wɔn Ntam Atetew

Wɔ afeha 20 mfiase no, na nnipa pii tete nkuraase. Wɔka sɛ wɔ afeha 21 no mfiase pɛɛ no, wiase nnipa mu fa kɛse no betu akɔ nkurow akɛse mu. 5000 Days to Save the Planet nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ den ankasa sɛ wɔbɛma wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu nnɛ no nsa aka nea wohia wɔ asetram, na kampɛsɛ afoforo bɛba abɛka ho daakye, ɛno de ɔhaw kɛse bɛba.” UN nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no World Health no kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ wiase a wɔtete nkurow akɛse mu no dodow kɔ ara na ɛrekɔ soro. . . . Nnipa ɔpepem pii . . . akwahosan da asiane mu na ɛma wɔn nkwa ho ba asɛm mpo.”

Anwonwasɛm ne sɛ bere a nnipa pii reba nkurow akɛse mu no, wɔn mu retetew nso! Ɛwom sɛ television, telefon, Intanɛt ne kɔmputa a wɔnam so di gua ho hia de, nanso entumi mma nnipa nnya abusuabɔ pa. Enti German atesɛm krataa Berliner Zeitung ka sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nko na wɔredɔɔso kɛse wɔ afeha 20 yi mu. Ɛyɛ afeha a nnipa pii nso ayɛ ankonam wom.”

Ɛde awerɛhosɛm te sɛ nea esii wɔ Hamburg, Germany a ɔbarima bi wu daa ne dan mu mfe anum ansa na wɔrehu no no aba! Der Spiegel atesɛm krataa no kae sɛ: “Obiara ankae no, n’abusuafo, anaa n’afipamfo, anaa atumfoɔ a wɔwɔ hɔ mpo ankae no, na ɛde kaa ho sɛ, nnipa pii fam no, eyi kyerɛ aniberesɛm a ɛyɛ sɛ wɔ nkurow akɛse mu no obiara mfa obi ho no.”

Ɛnyɛ nyansahu ne mfiridwuma mu nkɔso nko na ama tebea a ɛte saa aba. Efi nnipa no ankasa. Nnipa a wɔyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, , . . . bonniayɛfo, . . . wonni dɔ, apamsɛefo, . . . wɔmpɛ papa, . . . wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn,” abu so wɔ afeha yi mu sen biara. —2 Timoteo 3:1-5.

1914 Yɛ Afe Titiriw

Sɛnea Winston Churchill kyerɛ no ɛte sɛ nea na “anigye ne asomdwoe na wɔde befi afeha aduonu no ase.” Na nnipa pii susuw sɛ asomdwoe ne anigye a enni ano bɛba afeha aduonu no mu. Nanso, wɔ 1905 mu no, September 1 Engiresi Ɔwɛn-Aban no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnkyɛ akodi pii besisi,” ɛkae nso sɛ “asiane kɛse” bi besi wɔ 1914 mu.

Nokwarem no, saa nsɛmma nhoma no kae wɔ 1879 mu tɔnn sɛ 1914 bɛyɛ afe titiriw. Mfe bi akyi no, ɛkae sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no kyerɛe sɛ saa bere no na wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro. (Mateo 6:10) Ɛwom sɛ ɛnyɛ 1914 na Ahenni no fii ne tumidi wɔ asase so ase koraa de, nanso efii ase dii tumi saa bere.

Bible nkɔmhyɛ ka too hɔ sɛ: “Na ahene [a wɔwɔ hɔ nnɛ] no nna mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [a ɛwɔ soro] a wɔrensɛe no da” bi so. (Daniel 2:44) Saa Ahenni a na Kristo di so Hene no fii ase twetwee nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ahenni no mma no wɔ asase so.—Yesaia 2:2-4; Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9-15.

Nea esii wɔ ɔsoro no maa ɛdaa adi sɛ 1914 mu na “nna a edi akyiri” a ɛbɛba awiei bere a wɔasɛe mprempren wiase a yɛte mu no fii ase. Yesu ka too hɔ sɛ wɔ saa bere yi mu no akodi, ɔkɔm, yaredɔm, asasewosow, ne amumɔyɛ, bɛhyeta wiase nyinaa na ɔdɔ a nkurɔfo wɔ ma Onyankopɔn ne nnipa no ano bedwo. Ɔkae sɛ, eyinom nyinaa “ne awoko yaw mfiase.”—Mateo 24:3-12.

Ɛnkyɛ Wiase a Ɛyɛ Foforo Koraa Bɛba

Mfe 85 ni a yɛhyɛnee “nna a edi akyiri” no mu, na bɛn ara na wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi rebɛn n’awiei ntɛmntɛm. Ɛnkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni a Kristo yɛ so hene no “bebubu ahenni horow [a ɛwɔ hɔ nnɛ] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44; 2 Petro 3:10-13.

Yiw, Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm nyinaa afi asase so na wama atreneefo atra wiase bi a ɛyɛ foforo koraa mu. “Teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.

Asɛmpa bɛn ara ni—asɛmpa a ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ obiara! Ɛnkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi ɔhaw ahorow a wɔantumi anyɛ ho hwee wɔ afeha 20 yi mu no hɔ: akodi, ohia, yare, nsisi, nitan, adwuma a wonnya nyɛ, nsɛmmɔnedi, awerɛhosɛm, owu.—Hwɛ Dwom 37:10, 11; 46:8, 9; 72:12-14, 16; Yesaia 2:4; 11:3-5; 25:6, 8; 33:24; 65:21-23; Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4.

So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛtra ase daa wɔ trenee wiase a anigye pii wom no mu? Ma Yehowa Adansefo nka ho nsɛm pii nkyerɛ wo. Wɔbɛkyerɛ wo afi wankasa wo Bible mu sɛ afeha 20 yi a yɛahu nsakrae soronko wom no befi hɔ nnansa yi ara na wubetumi anya nhyira a enni ano!

[Kratafa 10 mfonini]

Ɛnkyɛ wiase bi a ɛyɛ foforo koraa bɛba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena