Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 12/8 kr. 24-25
  • So Ahemfo Baasa Bi Kɔsraa Yesu Wɔ Betlehem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ahemfo Baasa Bi Kɔsraa Yesu Wɔ Betlehem?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So na Wɔyɛ Ahemfo?
  • So na Wɔyɛ Baasa?
  • Asɛm a Agye Din Nanso Ɛnyɛ Nokware
  • Obi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Buronya Nokwasɛm Anaasɛ Anansesɛm Ahorow?
    Nyan!—1992
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 12/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Ahemfo Baasa Bi Kɔsraa Yesu Wɔ Betlehem?

BERE a wɔwoo Yesu no, nnipa atitiriw bi a wofi Apuei fam kɔɔ Betlehem sɛ wɔrekodi no ni sɛ Yudafo hene. Ɛde besi nnɛ no, nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wodi Buronya no kae saa nsrahwɛ no.

Wɔ mmeae bi no nkurɔfo yɛ Yesu awo ho Mfonini ahorow a emu bi ne ahemfo baasa a wofi Apuei fam a wɔde akyɛde rema abofra Yesu no. Wɔ aman foforo nso so no, mmofra a wɔhyehyɛ “Ahemfo Akronkronfo” ntade nantew twa wɔn mfɛfo ho hyia. Bɛyɛ mfeha 20 atwam, nanso nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa da so ara kae saa nsrahwɛfo a wonnim wɔn yi. Na wɔyɛ nnipa bɛn?

So na Wɔyɛ Ahemfo?

Saa abakɔsɛm yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible nhoma Mateo mu. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Bere a wɔwoo Yesu no . . . nsoromma mu ahwɛfo bi fi apuei baa Yerusalem bere bi bebisae sɛ, ‘Ɛhe na wɔawo Yudafo hene foforo no? Yehuu ne nsoromma sɛ apue na yɛaba sɛ yɛrebedi no ni.’” (Mateo 2:1, 2, New American Bible) Dɛn nti na saa Bible nkyerɛase yi frɛ nsrahwɛfo a wofi apuei fam no nsoromma mu ahwɛfo na ɛnyɛ ahemfo?

Kyerɛw nsɛm no de Hela asɛmfua maʹgos dii dwuma wɔ dodow kabea mu. Bible nkyerɛase pii de “anyansafo,” “nsoromma mu ahwɛfo,” anaa ne tiaatwa mu no “Magi” na edi dwuma. Wɔde asɛmfua yi gyina hɔ ma wɔn a wɔhwɛ nsoromma ne okyinnsoromma ahorow mu de afotu ma na wɔka nea ebesi ho asɛm no. Enti Bible no ka nsrahwɛfo a wɔkɔɔ Betlehem no ho asɛm sɛ wɔn a wɔnam ahonhonsɛmdi so hyɛ nkɔm a Onyankopɔn ani nnye ho.—Deuteronomium 18:10-12.

Na wɔyɛ ahemfo nso? Sɛ na wɔyɛ ahemfo a, anka akyinnye biara nni ho sɛ Bible no bɛka. Asɛmfua “ɔhene” no pue mpɛn anan wɔ Mateo 2:1-12, biako fa Yesu ho na abiɛsa a aka no fa Herode ho. Nanso ɛnka Magi no ho asɛm sɛ ahemfo pɛnkoro mpo. The Catholic Encyclopedia ka wɔ eyi ho sɛ: “Asɔre Agyanom no biara anka sɛ na Magi no yɛ ahemfo.” Bible no nso nka sɛ wɔyɛ ahemfo.

So na Wɔyɛ Baasa?

Bible no nkyerɛ Magi no dodow. Nanso, Yesu awo ho Mfonini ahorow a wɔyɛ ne Buronya nnwom ahorow a wonim no yiye no kyerɛ sɛ na wɔyɛ baasa. Ɛda adi sɛ wogyina akyɛde ahorow abiɛsa a wɔde mae no so na ɛka eyi. Ɛdefa eyi ho no, Bible no ka sɛ: “Wobuee wɔn ademude so yɛɛ [Yesu] ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.”—Mateo 2:11.

So ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ esiane sɛ Magi no de akyɛde ahorow abiɛsa na ɛbae nti na wɔyɛ baasa? Momma yensusuw obi a wonim no yiye a ɔkɔsraa Israel no ho. Bere bi Seba hemmaa kɔsraa Ɔhene Salomo na ɔkyɛɛ no “nnuhuam ne sika bebree pa ne aboɔden abo.” (1 Ahene 10:2) Ɛwom sɛ akyɛde ahorow abiɛsa ho asɛm na wɔka wɔ ha de, nanso wɔka sɛ Seba hemmaa nkutoo na ɔde akyɛde yi mae. Akyɛde dodow a ɔde mae no nkyerɛ sɛ nnipa baasa na wɔkɔɔ Salomo anim saa bere no. Saa ara nso na akyɛde ahorow abiɛsa a wɔde yɛɛ Yesu ayɛ no ne nnipa dodow a wɔde akyɛde no mae no nni twaka biara.

The Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Asɛmpa no nka Magi no dodow ho asɛm, na amammerɛ pɔtee biara nso nkyerɛ dodow a wɔkɔe no. Agyanom bi ka sɛ na Magi no yɛ baasa; ɛda adi sɛ wogyina akyɛde no dodow so na wɔka saa.” Ɛka nso sɛ mfonini ahorow a wɔayeyɛ kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ nnipa baanu, baasa, baanan, anaa mpo baawɔtwe na wɔkɔsraa Yesu. Ebinom mpo ka sɛ na wɔyɛ 12. Yɛrentumi nhu Magi no dodow ankasa.

Asɛm a Agye Din Nanso Ɛnyɛ Nokware

Bere a wɔwoo Yesu no, ɛnyɛ Betlehem na Magi no dii kan kɔe, sɛnea nnipa pii kyerɛ no, na mmom wɔkɔɔ Yerusalem. Na wonni hɔ bere a wɔwoo Yesu no. Bible no ka akyiri yi sɛ, bere a wɔkɔɔ Betlehem no, ‘wɔkɔɔ dan no mu, na wohuu abofra no.’ (Mateo 2:1, 11) Enti, ɛda adi sɛ bere a Magi no kɔsraa Yesu no, na n’abusua no afi faako a wɔwoo no no kɔ fie. Wɔankohu no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.

Sɛnea Kyerɛwnsɛm no da no adi no, asɛm a nnipa pii nim a ɛfa ahemfo baasa a wɔkɔhyɛɛ Yesu anuonyam bere a wɔwoo no ho no nyɛ nokware. Sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ná Magi a wɔkɔsraa Yesu no nyɛ ahemfo na mmom na wɔyɛ nsoromma mu ahwɛfo a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Kyerɛwnsɛm no nka wɔn dodow ho asɛm. Afei nso, ɛnyɛ bere a wɔwoo Yesu a na ɔda mmoa adididaka mu no na wɔkɔsraa no, na mmom ɛyɛ akyiri yi a na ɔne n’abusuafo wɔ fie no.

Ɛwom sɛ ahemfo baasa no ne Buronya amammerɛ ahorow ho nsɛm no nnyina Kyerɛwnsɛm no so de, nanso nnipa pii bu no sɛ dapɔnna bi a asɛm biara nni ho. Nanso, Kristofo kyerɛ obu kɛse ma ɔsom a atosɛm biara mmata ho. Saa na Yesu ankasa yɛe. Ɔkae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ N’agya bere bi sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ɔkae sɛ “nokware asɔrefo bɛsɔre agya no wɔ honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.”—Yohane 4:23.

[Kratafa 25 mfonini]

“Magi a wɔrehoahoa Yesu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena