Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
BERE a na Chechnya adehyeman a na ɛwɔ Russia no soafo panyin rehyɛ bɔ sɛ obeyi nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie a abɛyɛ asɛnnennen wɔ hɔ no afi hɔ no, ɔkae sɛ: “Nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no abɛyɛ adesoa kɛse ama ɔman no nyinaa, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛko tia ade bɔne yi.”
Yɛbɛma nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie agyae? Botae a ɛte saa fata, nanso asɛm no ne sɛ, Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ayɛ saa?
Mmɔden a Wɔrebɔ
Atumfo a wɔwɔ Colombia no apaw esum ase adwumayɛfo 2,000, ɔman atemmufo 24, ne oguamtrani titiriw bi mpo a ɔhwɛ ma wɔko tia nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no, na ama wɔatumi asiw ade a ɛte saa no ano. Wɔ Rio de Janeiro, Brazil no, nnipa bɛyɛ 100,000 na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔyɛkyerɛ bi a wɔde tiaa nkurɔfo a wɔkɔ so kyere wɔn sie no mu. Wɔ Brazil ne Colombia no, akuw bi a wɔte sɛ asraafo no nso kɔkyere wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no abusuafo bi sie. Na Philippinesfo binom nso atew kuw a wɔhwɛ ma wɔtwe afoforo aso—wɔasɛn wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no bi!
Guatemala atumfo hyɛe sɛ wommu wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no kumfɔ, na ɔmampanyin no maa asraafo no kwan sɛ wonsiw nkurɔfo a wɔkyere afoforo sie no ano. Wɔ Italy nso, aban no faa ɔkwan bi a ɔbɛfa so asiw nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no ano denam hyɛ a ɔhyɛe sɛ etia mmara sɛ wobetua sika ama wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie ne afei amanfo sika ne wɔn agyapade a ogyei na amma wɔn a wɔkyere wɔn sie no abusuafo antua sika biara so. Italia aban mpanyimfo ka de hoahoa wɔn ho sɛ ade a ɛte saa a wɔyɛe no aboa ma nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no so atew. Nanso, akyinnyegyefo bi ka sɛ ɛno ama mmusua pii abɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn nsɛm kokoam, na ɛno mma wonhu nnipa dodow a wɔkyere wɔn sie no nyinaa. Nnwuma foforo a wɔde akwankyerɛ ahorow ma no bu akonta sɛ, efi 1980 mfe no mu no, nnipa dodow a wɔkyere wɔn sie wɔ Italy no abu abɔ ho.
Wɔde Nyansahyɛ Pii Ama—Emu Kakraa Bi na Etumi Yɛ Adwuma
Wɔ mmusua pii a wɔkyere wɔn nkurɔfo sie fam no, nyansahyɛ a wɔde ama no mu biako pɛ na etumi yɛ adwuma—sɛ wobetua sika na ama wɔagyae wɔn dɔfo no ntɛm ara. Nanso animdefo bi bɔ kɔkɔ sɛ sɛ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no bɔ bo kɛse na sɛ abusuafo no tua no ntɛm a, ɛma wɔde wɔn ani si saa abusua no so na wɔsan kɔkyere wɔn ho nipa bio. Anaasɛ wobetumi aka sɛ wontua sika foforo ansa na wɔagyae nea wɔakyere no no.
Mmusua binom tua sika akɛse ma wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no na akyiri yi wohu sɛ wɔn nipa no awu dedaw. Enti animdefo ka sɛ ɛnsɛ sɛ obi tua sika biara anaa ɔne wɔn a wɔakyere ne ho nipa asie no ka ho asɛm kosi sɛ wobenya adanse a ɛkyerɛ sɛ nipa no te ase ansa. Adanse a ɛte saa no betumi ayɛ asɛmmisa bi ho mmuae a nea wɔakyere no asie no nkutoo na obetumi de ama. Mmusua binom bisa sɛ wɔmfa nea wɔakyere no no a okura atesɛm krataa bi a ɛbae nkyɛe mfonini nkyerɛ wɔn.
Na wɔn a wɔboa ma wogye obi a wɔakyere no no nso ɛ? Asiane pii taa wɔ adeyɛ a ɛte saa no mu. Brian Jenkins a onim wɔn a wɔkyere afoforo sie no ho ade pii no ka sɛ: “Wɔ Latin America no, wɔn a wɔkyere wɔn sie no mu ɔha mu aduɔson akron wuwu bere a afoforo bɔ mmɔden sɛ wobegye wɔn no.” Nanso, ɛtɔ da a wotumi gye afoforo.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nyansahyɛ a wɔde ma no mu pii twe adwene si sɛnea afoforo bɛbɔ wɔn ho ban wɔ nkurɔfo a wɔkyere afoforo sie no ho so. Ɛnyɛ aban mpanyimfo nkutoo na wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho haw no ano. Atesɛm nkrataa kyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnkyere wɔn, sɛnea wobefi kar a ɛrekɔ mu asi, ne sɛnea wɔne wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no bedi wɔ anifere mu. Wɔkyerɛkyerɛ sɛnea obi bɛbɔ ne ho ban na wɔankyere no ho ade wɔ agumadibea ahorow a wosua sɛnea wɔko. Nnwuma horow nso tɔn nnwinnade nketenkete bi a kanea tumi tɔ so a ne bo yɛ dɔla 15,000 a wotumi de hyɛ mmofra se ntam na ama polisini bi atumi ahu wɔn bere a wɔakyere wɔn no. Wɔ wɔn a wɔwɔ sika fam no, wobetumi atɔ kar soronko bi a wɔayɛ a “wɔde bɔ wɔn ho ban fi wɔn a wɔkyere afoforo sie no ho” a atuo a ɛtotow gyaframa ntumi no, na ɛwɔ akwan a ɛdeda ho a wɔtow atuo fam ne mfɛnsere a tuo aboba ntumi mfa mu, na biribiara ntumi mpae ne kɔba, na nku biara nso ntumi nkɔ mu.
Adefo binom susuw sɛ awɛmfo a wobenya ne ano aduru. Nanso, Francisco Gomez Lerma a onim wɔn a wɔkyere afoforo sie ho ade no ka sɛnea tebea no te wɔ Mexico no ho asɛm sɛ: ‘Awɛmfo ntumi nyɛ mmoa biara efisɛ wɔma ani ba wɔn a wɔrebɔ wɔn ho ban no so na wobetumi ne wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no nso ayɛ biako.’
Wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no ho asɛm haw adwene kɛse na ɛho nsɛnnennen no dɔɔso araa ma nnipa ntumi nyɛ ho hwee. Ɛnde, so ano aduru biara nni hɔ?
Ano Aduru a Ɛwɔ Hɔ
Saa nsɛmma nhoma yi akɔ so atwe adwene asi adesamma haw ahorow a yɛrehyia no ano aduru biako pɛ so mpɛn pii. Ɛno ne nea Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, kaa ho asɛm bere a ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae yi no: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.
Ɛda adi pefee sɛ, yehia wiase nyinaa trenee nniso na ɛde akwankyerɛ ama wiase nnipa nyinaa—yiw, Onyankopɔn Ahenni a Yesu kaa ho asɛm no. Esiane sɛ nnipa ntumi mfaa nniso a ɛte saa mmae nti, nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn so. N’asɛm Bible ka sɛ, wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma tebea a ɛte saa aba.—Dwom 83:18.
Odiyifo Daniel kyerɛwee Yehowa atirimpɔw ho asɛm too hɔ sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da. . . . bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Bible no ka ɔkwan a Onyankopɔn nniso bɛfa so ayi nsɛmmɔnedi nyinaa, a nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ka ho no hɔ ho asɛm.
Nkyerɛkyerɛ Pa Ho Hia
Akyinnye biara nni ho sɛ wugye tom sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo suban pa ansa na wɔatumi ama nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho haw no afi hɔ. Sɛ nhwɛso no, susuw nea anka adesamma abusua no bɛyɛ ho sɛ obiara tie Bible afotu yi a: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ.” (Hebrifo 13:5) “Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho.”—Romafo 13:8.
Sɛ wususuw nkyerɛkyerɛ a Yehowa Adansefo de rema wɔ nsase bɛboro 230 so wɔ wiase nyinaa no ho a, wubetumi ahu sɛnea anka asetra bɛyɛ. Saa nkyerɛkyerɛ yi ama nnipa pii a na anka wɔyɛ aniberefo ne nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu asesa. Owura bi a na anka ɔkyere nkurɔfo sie no kae sɛ: “Eduu bere bi no, mihui sɛ sɛ metumi asɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ miyi onipa dedaw no gu na mehyɛ foforo—nea edwo na ɛte sɛ Kristo Yesu de no.”
Nanso, ɛnyɛ nsɛmmɔnedifo nyinaa na nkyerɛkyerɛ pa bɛma wɔasakra, ebia wɔn mu dodow no ara mpo nsakra. Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔnsakra no?
Abɔnefo a Wobeyi Wɔn Hɔ
Wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no rennya Onyankopɔn Ahenni no. Bible ka sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman . . . ne aniberefo, . . . ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) “Teefõ na ɛbɛtra asase no so . . . na wobegu abɔnefo ase afi asase so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
Sɛnea Onyankopɔn Mmara a ɔde mae wɔ tete mmere mu no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔyɛ bɔne a onnu ne ho. (Deuteronomium 24:7) Aniberefo, te sɛ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Nsɛmmɔnedifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi afa wɔn ho adi a nnipa ntumi mmu wɔn atɛn, nanso Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo biara sesa n’akwan sɛ ɔpɛ sɛ ɔtra Yehowa trenee Ahenni nniso no ase a.
Ɛda adi pefee sɛ, sɛ nea ɛma nkurɔfo di nsɛmmɔne no tra hɔ a, nsɛmmɔnedi nso bɛkɔ so atra hɔ. Nanso, Onyankopɔn Ahenni remma eyi hokwan, efisɛ Bible hyɛ bɔ sɛ: ‘Ahenni no bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã,’ a nnebɔneyɛfo nyinaa ka ho. Bible nkɔmhyɛ yi kɔ so ka sɛ Onyankopɔn Ahenni no begyina daa. (Daniel 2:44) Wo de susuw nsakrae a ɛbɛba no ho hwɛ!
Trenee Wiase Foforo
Susuw Bible mu nkɔmhyɛ foforo ho. Ɛno ne nea ɛka daakye ho asɛm wɔ ɔkwan fɛfɛ yi so no: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21, 22.
Onyankopɔn Ahenni no de nsakrae bɛba asase nyinaa so. Wɔn a wobenya nkwa nyinaa ani begye asetra mu ankasa, na wɔde nimdeɛ a wɔwɔ no bɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam na wobenya kyɛfa wɔ ahomegye a ɛkari pɛ mu. Wiase nyinaa bɛyɛ anigye araa ma obiara rennya adwene mpo sɛ ɔbɛkyere ne yɔnko de no asie. Obiara benya ahobammɔ a edi mu. (Mika 4:4) Enti, Onyankopɔn Ahenni no bɛma wiase a emu tra yɛ hu a nkurɔfo kyere wɔn mfɛfo sie no abɛyɛ bere a obiara renkae bio.—Yesaia 65:17.
[Mfonini wɔ kratafa 20]
“Obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4