Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/15 kr. 9
  • Nyansa Bɔ Yɛn Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa Bɔ Yɛn Ho Ban
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ Ɔdefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 2/15 kr. 9
Mmarima mmienu gyina sum mu rehwɛ ɔbaa bi a wasiesie ne ho hyerɛpɛɛ retwam

Nyansa Bɔ Yɛn Ho Ban

“Onipa kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte animka.”—MMEBUSƐM 13:8.

SIKA tumi twitwa gye yɛn wɔ akwan pii so, nanso sika yɛ ɔdomfoɔ-kumfoɔ, ɛnkanka ne berɛ a yɛte mu yi. (2 Timoteo 3:1-5) Wokɔ aman bi so a, akorɔmfoɔ de wɔn ani si asikafoɔ so, na ɛtɔ da a, wɔtumi kye wɔn sie twa sika bi to wɔn ti so ansa na wɔagyaa wɔn. Wɔn a wɔkɔsrasra mmeaeɛ ahodoɔ nso mfaa wɔn ho nnii. Sɛ wɔsiesie wɔn ho hyerɛpɛɛ a, na akorɔmfoɔ ani di wɔn akyi.

Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ ɔman bi so no, “akorɔmfo-werɛmfoɔ, apoobɔfoɔ, ne wɔn a wɔkyere nkurɔfoɔ sie ama asikafoɔ ne ahiafoɔ adan atamfoɔ. Ɛnnɛ wokɔ adidibea pii a, wobɛhu sɛ wɔde tuo wɛn hɔ. Na adefoɔ nso ato afasuo atenten de nnadeɛ mfeamfeaa agu so, na wɔde nkanea akɛseɛ ne kamera abobɔ wɔn fie.” Saa ara na ɛte wɔ aman pii so.

Nanso Bible ka sɛ “ohiani deɛ, ɔnte animka” anaasɛ ɔmmɔ hu. Asɛm yi mu dɔ paa na nyansa wom. Ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn anya so mfasoɔ? Sɛ wote baabi a nsɛmmɔnedie wɔ anaa wotu kwan kɔ baabi a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ woyɛ biribi a ɛbɛma nkurɔfoɔ ani aba wo so. Worepue abɔnten a, hwɛ w’ahosiesie yie, na nkurakura nneɛma akɛseɛ a ɛbɛtwetwe amanfoɔ adwene aba wo so. Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefoɔ ne deɛ ɔhunu mmusuo na ɔde ne ho hunta, na ogyimfoɔ deɛ, ɔfa mu, na ɔnya ho asotwe.”

Nyansasɛm pii wɔ Bible mu, na ɛma yɛhu sɛ yɛn Bɔfoɔ no dwene yɛn ho, na ɔmpɛ sɛ yɛtɔ asiane mu. Ɔsɛnkafoɔ 7:12 ka sɛ, “Nyansa bɔ onipa ho ban” na ‘ɛkora ne wuranom nkwa so.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena