Mmusua a Agyanom Nnim—Ɔhaw No a Yebesiw Ano
SƐ YƐANHWƐ ansiw mmusua a agyanom nnim ho haw a ɛwɔ hɔ mprempren yi ano a, ɛbɛyɛ kakraa bi no, yentumi nyɛ ho hwee. Amanneɛbɔ bi a U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan ne Nnipa Asetra Ho Nsɛm So de too gua no kyerɛ sɛ: “Mmofra a ɔwofo biako na ɔhwɛ wɔn no ntaa mmɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu, wontumi nna suban pa adi, wɔtaa yare na wonya adwenemhaw nso. . . . Nea mmusua a ɛnanom nkutoo na wɔwom de ba ne mprewa-wo, sukuu a wontumi nkɔ nwie, [ne] afiasenna.”
Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ asetram nsɛm ho animdefo, mmusua ho nsɛm ho afotufo, akyerɛkyerɛfo, ne amanyɔfo mpo rehwehwɛ akwan a wɔbɛfa so asiw saa ɔhaw ahorow yi ano denneennen. Wɔayeyɛ nhyiam akɛse pii a wɔnam so bɛma mmarima ani agye wɔn asɛyɛde sɛ agyanom no ho ne sɛnea wobetumi ahwɛ wɔn mmusua. Wɔtɔn nhoma pii a ɛka agyanom asɛyɛde ho nsɛm wɔ nhomatɔnbea. Wɔabɔ mmɔden ayɛ nhyehyɛe pii a wobegyina so ahyɛ agyanom ma wɔadi wɔn asɛyɛde horow ho dwuma. Wɔ United States no, atemmufo atwe “agyanom a wɔnhwɛ wɔn mma” aso, wɔaka wɔn ho nsɛmmɔne pii wɔ TV dwumadi ahorow mu, na wɔagu wɔn anim ase wɔ baguam mpo. Nanso, nea afi mmɔdenbɔ a ɛte saa mu aba no sua koraa.
Ahopere a Wɔde Di Nsɛm Ho Dwuma
Ahopere a wɔde bedi nsɛm ho dwuma no betumi asɛe asɛm no koraa. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbea a wagyae aware bɛpɛ sɛ ɔbɛsan aware ntɛm, a adwene no ne sɛ ɛbɛma ne mma no anya agya foforo. Nanso bere a ware a wɔsan ware no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so no, ebetumi de ɔhaw ahorow aba. Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma mmofra sɛ wobegye obi foforo atom sɛ wɔn agya. Ɛtɔ da bi nso a wɔnnye no ntom koraa. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ, “mmea a wɔne agyanom a ɛnyɛ wɔn awofo ankasa te no mu abiɛsa biara mu abien guan fi fie ansa na wɔadi mfe 19. . . , sɛ yɛde toto mmea ɔha mu 50 a wɔte wɔn awofo ankasa nkyɛn no ho a.” Wɔ mmusua a mmanoma wom a anigye wom mu mpo no, ɛtɔ da a egye mfe pii ansa na mmofra no agye wɔn maame kunu no atom.a
Saa ara nso na yentumi mfa ahopere nni mprewa-nyinsɛn ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, nyinsɛn a wɔsɛe no to Onyankopɔn mmara na ɛkyerɛ nso sɛ ababaa bi nni ayamhyehye mma nkwa a afei na ɛrefi ase wɔ ne yafunu mu no. (Exodus 20:13; 21:22, 23; Dwom 139:14-16; fa toto 1 Yohane 3:17 ho.) Ɛbɛyɛ dɛn na eyi renhaw obi ahonim? Nnipa pii te nka sɛ abofra bi a wɔbɛma no akɔtra obi nkyɛn no yɛ mmɔborohunu a wɔda no adi, nanso ɛno nso betumi de yawdi aba—wɔ ɛna no ne abofra no nyinaa fam.
Dabi, ahopere a wɔde di nneɛma ho dwuma rentumi nyi mmusua a agyanom nnim ho nsɛnnennen no mfi hɔ. Sɛ nnipa fi wɔn pɛ mu yɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn nsusuwii, wɔn nneyɛe, wɔn abrabɔ, ne wɔn su mu nkutoo a, na abusua mu haw ahorow a ɛrekɔ so nnɛ no betumi afi hɔ. Sɛ biribi bɛkanyan nkurɔfo ma wɔayɛ nsakrae kɛse yi a, biribi a ɛfata paa sen nsɛm a wɔka ma ɛyɛ dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm ara kɛkɛ ho hia. Saa “biribi a ɛfata paa” yi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn na ɔde abusua nhyehyɛe no sii hɔ. (Efesofo 3:14, 15) Onim nea mmofra hia sen obiara.
Bible Nnyinasosɛm Ahorow Tumi Boa Mmusua
Nanso so Bible no betumi aboa mmofra a wɔn awofo no biako nni hɔ no ankasa? So wɔmmɛyɛɛ nkurɔfo a wɔyɛ wɔn hwee a ɛnyɛ yiye? Dabi, ɛnte saa. Wɔ asɛm yi mfiase no, yɛtwee adwene sii amanneɛbɔ bi a U.S. aban de mae a ɛkaa ɔhaw a mmofra a ɛte saa no hyia mu pii ho asɛm no so. Ɛwom sɛ anka nsɛmpa de, nanso amanneɛbɔ no de baa awiei sɛ: “Ɛmfa ho sɛ ɔhaw kɛse betumi aba no, nhwehwɛmu a wɔyɛe no kyerɛ sɛ mmofra dodow no ara a wɔwɔ mmusua a ɔwofo biako pɛ wom mu no tumi nyin bɛyɛ nnipa pa.” Yiw, ɔhaw ahorow a efi agya a obi nni mu ba no betumi afi hɔ anaasɛ ebetumi abrɛ ase kakra. Eyi betumi ayɛ yiye ankasa, sɛ obi de Bible nnyinasosɛm ahorow tete ne mma a.
Eyi hwehwɛ sɛ ɔwofo a onni hokafo no yɛ adwumaden—ade a mfiase no ne yɛ nna fam. Nanso sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, wubetumi de wo ho ato Yehowa Nyankopɔn so korakora. (Mmebusɛm 3:1, 2) Kristofo mmea a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no binom hyiaa nsɛnnennen pii, te sɛ kunayɛ. Bible no ka saafo no ho asɛm sɛ: “Na nea ɔyɛ okunafo ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na okura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.” (1 Timoteo 5:5) Kae sɛ Yehowa frɛ ne ho “nyisaa se.” (Dwom 68:5) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ obetumi aboa ɔbea a osuro Nyankopɔn wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛtete ne mma no mu.
Ofie Bible adesua a obi ne ne mma bɛyɛ no daa yɛ ɔkwan titiriw a ɛbɛboa ma mmofra no anyin abɛyɛ mpanyin a wɔkari pɛ na wɔn ho akokwaw. (Deuteronomium 6: 6-9) Wɔ Yehowa Adansefo mu no, nnipa pii a wɔyɛ awofo a wonni ahokafo ne wɔn mma sua Bible nhoma ahorow a wɔasiesie ama mmofra titiriw te sɛ, Questions Young People Ask—Answers That Work no.b Nsɛm a ɛwom no boa mmofra ma wonya su pa a ebetumi aboa wɔn na wɔanyɛ mfomso a wɔn awofo yɛe no bi. Sɛ mmofra behu Yehowa Nyankopɔn a, wobetumi ate nka sɛ wɔwɔ ɔsoro Agya bi a odwen wɔn ho yiye. (Dwom 27:10) Eyi betumi aboa wɔn na wɔante nka sɛ wɔayɛ ankonam. Abeawa bi a ofi Britain a n’awofo gyaee aware no ka sɛ: “Saa bere no nyinaa no, Maame kyerɛkyerɛɛ me sɛnea mɛbɔ mpae na mede me ho ato Yehowa so koraa. Ɛno tumi hyɛɛ yɛn den.”
Ɔwofo ne Ɔba Ntam Abusuabɔ a Yɛbɛma Atra Hɔ
Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ ɛsɛ sɛ ɔba di n’agya ne ne na ni. (Exodus 20:12) Na awaregyae nsɛe abusuabɔ a ɛda agya ne ɔba ntam no. Ɛwom sɛ ebia okunu a wagyae aware no atu afi fie hɔ de, nanso mmofra no betumi ne no akɔ so anya abusuabɔ a ɔdɔ wom.c Nea ɛhaw adwene ne sɛ ɛna no bo betumi afuw agya no na watwe ne ho a ɔka kɔ mmofra no ho no ho ninkunu. Ɛbɛyɛ dɛn na ɛna no atumi adi ne ho so?
Bible no de afotu pa ma bere a ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Na mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ [ahiiyi] mu . . . Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.” (Hiob 36:18-21) Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛtew w’anim ama obi a wayɛ biribi ama ahaw wo anaa wapo wo. Nanso bisa wo ho sɛ: ‘So ababaa bi betumi anya ɔbarima mu ahotoso, bere a wɔka ne papa ho asɛmmɔne kyerɛ no bere nyinaa no? So abarimaa bi betumi ayɛ obi a ɔwɔ anigye ne akokoduru bere a wɔyeyaw no bere nyinaa sɛ, “Wote sɛ wo papa pɛpɛɛpɛ” no? So mmofra betumi anya obu a ɛfata ama tumidi bere a wɔkyerɛ wɔn sɛ wommu wɔn agya animtiaa anaa wɔnnkɔ ne nkyɛn koraa no?’ Nokwarem no, asiane wom sɛ wobɛsɛe abusuabɔ a ɛda wo mma ne wɔn papa ntam no.
Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible no nkasa ntia abufuw a wɔda no adi ɔkwampa so no. Bible no ka sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne!” (Efesofo 4:26) Ɛnyɛ abufuw no na ɛyɛ bɔne, na mmom sɛ obi bɛma “abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm” adi no so. (Kolosefo 3:8) Enti kwati sɛ ‘wubedidi mmofra no papa atɛm’ bere a wɔwɔ hɔ. Sɛ wopɛ sɛ woka nea ɛhaw wo no ho asɛm a, fa Bible mu nyansahyɛ no di dwuma na ka “awerɛhow” a wudi no ho asɛm kyerɛ, nanso hwɛ sɛ ɛyɛ obi foforo mmom sen sɛ wobɛka akyerɛ wo mma—ebetumi ayɛ w’adamfo paa bi. (Mmebusɛm 12:25) Bɔ mmɔden sɛ wubenya adwempa na kwati sɛ wubedwennwen nea atwam no ho. (Ɔsɛnkafo 7:10) Eyi a wobɛyɛ no bɛboa kɛse ma woahyɛ w’abufuw so.
Nea etwa to koraa no, kae sɛ Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ abofra di n’agya ni—sɛ ne papa suban nyɛ mpo a. (Efesofo 6:2, 3) Enti boa wo mma ma wommu wɔn ani ngu wɔn papa sintɔ ahorow no so. Ababaa bi a wɔtetee no wɔ abusua a emu apaepae mu no ka sɛ: “Esiane sɛ minyaa me papa ho adwene a ɛfata—sɛ nipa a ɔnyɛ pɛ a otumi di mfomso nti—awiei koraa no me ne ne ntam atumi ayɛ yiye.” Sɛ wohyɛ wo mma nkuran ma wobu wɔn papa a, na woreboa wɔn ma wɔakyerɛ obu ama nea ɔyɛ wo ti wɔ abusua no mu no!
Ɛho hia nso sɛ woma anohyeto bi bɛda wo ne wo mma no ntam. Wɔda so ara hyɛ ‘wɔn na mmara’ ase. (Mmebusɛm 1:8) Mmabarima betumi ate nka sɛ wɔso adesoa a emu yɛ duru sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔn na wonni asɛyɛde ho dwuma sɛ ‘agya a ɔwɔ fie a.’ Saa ara na mmabea nso ho betumi ayeraw wɔn, sɛ ɛnanom ka wɔn tirim asɛm kyerɛ wɔn daa a. Ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ wɔhyɛ wɔn awofo ase—enti ɛnyɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ awofo so. (Fa toto 2 Korintofo 12:14 ho.) Awerɛhyem a ɛte saa no betumi ama wɔate nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ, ɛmfa ho sɛ nneɛma nkɔ yie wɔ wɔn abusua no mu no.
Agyanom Nsiananmu
Na sɛ agya no nni hwee yɛ wɔ abusua no mu nso ɛ? Animdefo ka sɛ mmofra no betumi ne ɔbarima bi anya ayɔnkofa. Bere a anigye a abofra bi wɔfa anaa obi a ɔne no bɔ fipam bɛkyerɛ wɔ ne ho no betumi aboa no no, obetumi anya mfaso kɛse afi fekubɔ a ɛho tew a ɔne anuanom mmarima a wɔwɔ Kristofo asafo no mu benya so. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ asafo no bɛyɛ te sɛ abusua a ɛde mmoa ma.—Marko 10:29, 30.
Wɔ Bible mmere mu no, abofra Timoteo nyin bɛyɛɛ Onyankopɔn nipa a ɔda nsow, a na agya a ɔyɛ gyidini biara mmoa nka ho. Bible no kamfo ne maame ne ne nanabea kɛse wɔ eyi ho. (Asomafo no Nnwuma 16:1; 2 Timoteo 1:1-5) Nanso, onyaa mfaso fii fekuw a ɔne Kristoni barima bi—ɔsomafo Paulo, bɔe no mu. Paulo frɛɛ Timoteo sɛ ne “ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu.” (1 Korintofo 4:17) Saa ara na nnɛ, wɔhyɛ Yehowa Adansefo nkuran sɛ wonni Bible afotu a ɛse ‘wɔnhwɛ nyisaa ne akunafo’ no akyi. (Yakobo 1:27) Wɔhyɛ wɔn sɛ ‘wonyi nyisaa’ denam wɔn ho anigye a efi koma mu na ɛkari pɛ a wɔbɛkyerɛ no so. (Hiob 29:12) Ababaa bi a wɔfrɛ no Annette ka ne ho anigye a efi koma mu a Kristoni panyin bi kyerɛe bere a na ɔyɛ abofra no ho asɛm sɛ: “Ɔyɛ obi a mede no yɛɛ m’agya ankasa.”
Ɔhaw no a Wosiw Ano
Nnyinasosɛm yi a mmofra a wonni agyanom bedi akyi no betumi ama wɔadi nkonim. Ɛmfa ho sɛ nneɛma ankɔ yiye amma wɔn wɔ mmofraberem no, wobetumi abɛyɛ mpanyimfo a wɔkari pɛ na mfaso wɔ wɔn so ne awofo a wɔwɔ dɔ, wodi nokware, na wɔwɔ ahofama. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ ma tebea no sɛe ansa. Awiei koraa no, sɛ mmusua a agyanom nnim mu nsɛnnennen no betumi afi hɔ a, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea pene so sɛ wɔde Bible no bedi dwuma wɔ wɔn asetram—sɛ nhwɛso no, denam tie a wobetie Bible ahyɛde a ɛse wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ nna a edi aware anim mu na wɔadi Bible gyinapɛn ahorow a ahyɛ ama okununom ne ɔyerenom so no so.—1 Korintofo 6:9; Efesofo 5:21-33.
Ɛnnɛ, mmofra pii wɔ agyanom wɔ fie, nanso wɔda so ara yɛ nyisaa. Abusua mu nsɛm ho nimdefo bi ka sɛ: “Ɔhaw titiriw a mmofra hyia . . . nnɛ ne bere a wɔn awofo nnya mma wɔn no.” Eyi ne nea Onyankopɔn Asɛm ka no bɔ abira koraa. Ɛka mma ho asɛm kyerɛ agyanom sɛ: “Momma wɔn akwankyerɛ, na monteɛ wɔn so sɛnea ɛsɛ Kristoni.” (Efesofo 6:4, New English Bible; Mmebusɛm 24:27) Sɛ agyanom di Bible afotu akyi a, ɛmma wɔmpo wɔn mma.
So yebetumi agye adi ampa sɛ nnipa pii de Bible no bedi dwuma? Dabida. (Mateo 7:14) Nanso Yehowa Adansefo nam ofie Bible adesua nhyehyɛe so aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔn mmusua abɛyɛ nea anigye wom.d Nokwarem no, Bible no ka sɛ esiane sintɔ nti awarefo nyinaa “ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Nanso wɔn a wɔkyerɛ obu ma Onyankopɔn Asɛm ampa no mfi prɛko pɛ nnyae aware, na mmom wodi ɔhaw biara a ɛsɔre ho dwuma ntɛm ara. Nokwarem no, mmere bi wɔ hɔ a Kristoni betumi asusuw aware ntetewmu anaa awaregyae ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Mateo 5:32) Nanso, sɛ Kristoni bi susuw sɛnea eyi ebetumi aka ɔne ne mma ho a, ɛma no hwehwɛ ɔkwan biara a obetumi afa so ama aware no agyina.
Bible no a wubedi akyi no betumi ayɛ pii ama wo sen sɛ ɛbɛbɔ w’abusua nkutoo ho ban nnɛ. Ebetumi ama wo ne w’abusua no nyinaa atra ase daa! Yesu kae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a wobɛkenkan na wode adi dwuma no ne ɔkwampa a ebetumi ama w’abusua no agyina.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔkaa nsɛm a ɛbɛboa awofo a wɔwɔ mmanoma no ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma yi hokafo, March 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no mu.
b Watchtower Bible and Tract society of New York, Inc., na wotintimii.
c Asɛm yi mfa abofra a agya bi yɛ no ayayade anaa ɔto no mmonnaa ho.
d Afotu pii a egyina Bible no so a ebetumi aboa mmusua wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma (a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii) no mu. Wubetumi anya bi wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam no hɔ.
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Sɛ ɔwofo a onni hokafo di Bible mu nnyinasosɛm ahorow akyi a, obetumi adi nkonim wɔ ne mma ntetee mu
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Mpɛn pii no Kristofo mmarima betumi ‘ayi ayisaa’ denam ne ho anigye a efi komam a wɔbɛkyerɛ so