Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 3-4
  • Adeyɛ Bi a Asuma Nnipa Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adeyɛ Bi a Asuma Nnipa Pii
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wɔama Obiara Anya Ahofadi?
  • So Onyankopɔn Penee Nkoatɔ no So?
    Nyan!—2001
  • Henanom na Wɔyɛ Nkoa Nnɛ?
    Nyan!—2000
  • Nkoasom—Ɔhaw No Da So Wɔ Hɔ
    Nyan!—2002
  • Nkoa a Wonya Fahodi—Tete no ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 3-4

Adeyɛ Bi a Asuma Nnipa Pii

“Wɔremfa obiara nnommum anaa akoa bio: yebegu nkoayɛ ne biribiara a ɛfa nkoayɛ ho.”—Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho.

BERE biara a wode asikre regu kɔfe mu no, kae Prevot, Haitini bi a wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no adwuma pa ayɛ wɔ Caribbean nsase no bi so no. Sɛ anka wobedi bɔhyɛ yi so no, wɔtɔn no gyee dɔla awɔtwe.

Prevot amanehunu no te sɛ ne man mufo a wɔde wɔn ayɛ nkoa na wɔhyɛ wɔn ma wotwa ahwerew asram asia anaa ason a wɔmma wɔn sika ahe biara anaasɛ wɔmma wɔn hwee no ara pɛ. Mmeae a nnipa akyere so kɛse na ɛhɔ ntew no na nkoa yi tete. Bere a wɔagye wɔn ho nneɛma nyinaa no, wɔde sekan hyɛ wɔn nsam. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma ansa na wɔadidi. Sɛ wɔbɔ wɔn ho mpem sɛ wobeguan a, wɔbɛhwe wɔn.

Susuw Lin-Lin, abeawa bi a ofi Asia Anaafo Apuei fam tebea no nso ho. Na wadi mfe 13 bere a ne maame wui no. Adwumakuw bi a wɔhwehwɛ adwuma ma nkurɔfo tuaa dɔla 480 de tɔɔ no fii ne papa hɔ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no adwuma pa ayɛ. Wɔkyerɛe sɛ “wɔbɛtetew” sika a wɔde tɔɔ no no “afi n’akatua mu”—ɔkwan a na ɛbɛma ɔne ne wura no akɔ so ayɛ adwuma daa. Sɛ anka wɔbɛma Lin-Lin adwuma pa ayɛ no, wɔmaa no kosii tuutuu wɔ aguamannan bi mu, a na wɔn a wɔne no da no tua dɔla 4 ma ne wura no dɔnhwerew biara. Lin-Lin abɛyɛ afenaa koraa, efisɛ sɛ ontuaa ne ka dedaw no a, ontumi nne ne ho. Nea na ɛka eyi ho ne ɔdan a osi mu tuutuu no ne mfɛntom a ɔdan no wura begye no no. Sɛ Lin-Lin ka sɛ ontie n’adwumawura no asɛm a, wɔbɛhwe no anaasɛ wɔbɛyɛ no aninyanne. Nea ɛma asɛm no yɛ hu koraa ne sɛ, sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ obeguan a, wobetumi akum no.

So Wɔama Obiara Anya Ahofadi?

Nnipa pii susuw sɛ nkoayɛ nni hɔ bio. Nokwarem no, wɔnam nhyiam, mpaemuka ne mmara ahorow a wɔahyehyɛ so agu nkoayɛ wɔ aman pii mu. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa akyerɛ sɛ wɔn ani nnye nkoayɛ ho koraa. Amanaman no ahyehyɛ mmara horow de abara nkoayɛ, na yehu eyinom wɔ mmara a wɔahyɛ de di wiase no nyinaa so no mu—ɛnkanka Mmara a ɛto so 4 a ɛwɔ Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho a wɔde too gua wɔ 1948 mu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no.

Nanso, nkoayɛ da so ara wɔ hɔ na ɛrenya nkɔso—ɛwom sɛ ɛyɛ adeyɛ a asuma nnipa pii de. Efi Phnom Penh kosi Paris, efi Mumbai kosi Brasília nyinaa no, yɛn mfɛfo nnipa—mmarima, mmea, ne mmofra—yɛ adwuma sɛ nkoa anaasɛ wɔwɔ nkoayɛ tebea mu. Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ a ɛwɔ London a ɛde bere tenten ako atia afoforo a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden no kyerɛ sɛ nnipa ɔpehaha pii na wɔwɔ nkoayɛ ase. Akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi aba sɛ nkoa pii wɔ wiase nnɛ sen bere biara!

Nokwarem no, ɛnnɛ nkoayɛ no nte sɛ bere bi a na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu nkurɔfo, de mmaa hwe wɔn, na wɔtɔn wɔn baguam no. Adwumaden a wɔhyɛ afoforo ma wɔyɛ, aware a wɔhyɛ afoforo de wɔn ma, ɛka a ɛma afoforo bɛyɛ nkoa, mmofra a wɔde wɔn di paa, ne mpɛn pii no tuutuusi, yɛ nnɛyi nkoayɛ no bi. Nkoayɛ no bi tumi yɛ mmea a wɔne wɔn twe mpena, wɔn a wɔtra yoma so si akan, ahweretwafo, kɛtɛ nwenefo, anaasɛ wɔn a wɔpae kwan. Ɛyɛ nokware sɛ wɔntɔn wɔn mu pii wɔ baguam de, nanso wɔn tebea no te sɛ adikanfo no de no ara. Ɛtɔ da mpo a, wohu amane kɛse sen adikanfo no.

Henanom na wɔde wɔn yɛ nkoa? Ɔkwan bɛn so na wɔbɛyɛ nkoa? Dɛn na wɔreyɛ de aboa wɔn? So wobetumi agu nkoayɛ koraa?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

DƐN NE ƐNNƐYI NKOAYƐ NO?

Eyi yɛ asɛmmisa a Amanaman Nkabom no mpo de mfe pii abɔ mmɔden biara sɛ wobenya ho mmuae. Nkoayɛ mu nkyerɛkyerɛmu biako a wɔde ama ne nea wɔdaa no adi wɔ Nkoayɛ Ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1926 mu no: “Nkoayɛ kyerɛ bere a obi akɔ tebea bi mu a afoforo na wodi no so anaasɛ wɔwɔ n’agyapade nyinaa so tumi.” Nanso, ɛnyɛ asɛmfua no ho nkyerɛkyerɛmu nyinaa ni. Sɛnea sɛnkyerɛwfo Barbara Crossette kyerɛ no, “wɔde nkoayɛ gyina hɔ ma adwumayɛfo a wɔwɔ nnwuma a wɔyɛ ntama ne agumadi ntade wɔ aburokyiri ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ aguadidan a wɔtɔn tɔfe wom wɔ Amerika a wonnya akatua ahe biara no nyinaa. Ɛyɛ asɛmfua a wɔka de tia tuutuusi ne adwumaden a wɔma nkurɔfo yɛ no.”

Mike Dottridge, a ɔne ɔpanyin paa wɔ Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ mu no ka sɛ, “sɛnea nneɛma a ɛma obi bɛyɛ akoa no kɔ so sesa—anaa wɔkɔ so kyerɛkyerɛ asɛmfua no mu wɔ akwan horow so no,—anhwɛ a asɛmfua no asekyerɛ ankasa bɛyera.” Ɔka sɛ “nkoayɛ kyerɛ obi agyapade anaa ne nkwa a afoforo nya so tumi.” Ɛkyerɛ nso sɛ wɔbɛhyɛ obi ma wakɔ baabi anaasɛ wɔbɛhyɛ no ma watra faako—ɛne sɛ “sɛ wɔbɛhyɛ obi a ontumi nkɔ baabiara anaasɛ ontumi nkɔyɛ adwuma mma obi foforo.”

A. M. Rosenthal, kyerɛw wɔ The New York Times mu sɛ: “Wɔde wɔn yɛ nkoa ankasa—adwumaden, mmonnaato, ɔkɔm a wɔma ɛde wɔn, ayayade a wɔyɛ wɔn, ne animguasede nyinaa di ho adanse.” Ɔkae bio sɛ: “Wotumi de dɔla aduonum tɔ akoa, enti nna dodow a wobedi ansa na wɔawu ma wɔatow wɔn agu nsu mu no mfa [wɔn wuranom] ho.”

[Asɛm Fibea]

Ricardo Funari

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena