Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 5-8
  • Henanom na Wɔyɛ Nkoa Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom na Wɔyɛ Nkoa Nnɛ?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Wɔtɔ Wɔn
  • Mmofraberem Anigye a Wonnya
  • Wɔn a Ɛka Ama Wɔayɛ Nkoa
  • Ɔsom Mu Nkoayɛ
  • Nkoatɔ ne Nkoatɔn
  • Adeyɛ Bi a Asuma Nnipa Pii
    Nyan!—2000
  • Nkoa a Wonya Fahodi—Tete no ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Ako A Wofi Bere Tenten Adi Atia Nkoasom
    Nyan!—2002
  • Nkoasom—Ɔhaw No Da So Wɔ Hɔ
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 5-8

Henanom na Wɔyɛ Nkoa Nnɛ?

WODE susuw wɔn dodow no ho hwɛ. Akontaabu kyerɛ sɛ mmofra ɔpepem 200 kosi 250 a wonnya nnii mfe 15 na wɔde wɔn bere mu fa kɛse no ara yɛ adwuma da mu no nyinaa. Wɔ 1995 ne 1996 mu nkutoo no, mmofra mpem 250, a na wɔn mu binom adi mfe ason pɛ na wɔde wɔn dii ako, ma enti wɔn mu binom abɛyɛ nkoa ama akodi. Wobu akontaa sɛ afe biara mmea ne mmofra bɛboro ɔpepem na wɔtɔn wɔn sɛ nkoa.

Nanso, wɔn dodow no ara a yebehu kɛkɛ no mma yentumi nhu wɔn haw no ankasa. Sɛ nhwɛso no, nhoma kyerɛwfo Elinor Burkett hyiaa ababaa bi a ne din de Fatma a otumi dee ne ho fii ne wura tirimmɔdenfo bi nkoayɛ ase wɔ Afrika atifi fam man bi so. Nanso, bere a Burkett ne no kasa wiei no, obehuu sɛ “adeyɛ a ɛte saa no ho asɛm bɛkɔ so ahaw Fatma daa.” So Fatma betumi ahwɛ asetra pa kwan daakye? Burkett ka sɛ, “Ontumi nhu nea ɛbɛto no ɔkyena mpo. Sɛnea n’asetra bɛyɛ daakye no ka nneɛma a ontumi nhu no ho.”

Yɛrekasa yi, wɔde yɛn mfɛfo nnipa ɔpepem pii ayeyɛ nkoa nnɛ a wonni anidaso biara. Adɛn nti na wɔde nnipa a wɔte saa no nyinaa ayeyɛ nkoa, na ɔkwan bɛn so na wɔnam bɛyɛɛ saa? Nkoayɛ bɛn mu na wɔwɔ?

Nnipa a Wɔtɔ Wɔn

Ebia nsɛm a ɛwɔ nhomawa a wɔkyekyɛ wɔ United States a ɛfa wɔn a wotutu akwan kɔsrasra mmeae ahorow ho mu no ara nnɔɔso: “Thailand atuutuufo a wotu kwan ne wɔn kɔda. Mmabaa ankasa. Ɔbarima ne ɔbea nna a ɛyɛ anigye. Wɔn bo nyɛ den. . . . So na wunim sɛ wubetumi de sika kakraa bi a ennu dɔla 200 mpo atɔ ɔbaabun?” Nea nhomawa no nka ho asɛm ne sɛ ebia wɔkyeree “mmabun” yi anaasɛ wɔtɔn wɔn ma wokosii tuutuu wɔ aguaman dan ahorow mu, a anyɛ yiye koraa no da biara ɛsɛ sɛ mmarima 10 kosi 20 na ɛne wɔn da. Sɛ wɔampene amma wɔne wɔn anna a, wɔboro wɔn. Bere a ogya tɔɔ aguamannan bi a ɛwɔ Phuket Island, beae a nkurɔfo taa kogye wɔn ani wɔ Thailand anaafo fam mu no, atuutuufo baanum wuwui. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔn wuranom de nkɔnsɔnkɔnsɔn akyekyere wɔn abɔ mpa a wɔda so no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ayɛ nkoa daa.

Ɛhe na mmabaa yi nyinaa fi? Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ eyinom yɛ mmabaa mpempem a wɔwɔ wiase no mu a wɔakyere wɔn na wɔatɔn wɔn ma wɔresi tuutuu. Nea ama wiase nyinaa tuutuusi adwuma no akɔ so ne ohia a aman a ennyaa nkɔso no di, di a aman binom di yiye, aguadi ho mmara a wobu ani gu so wɔ wiase nyinaa ne ebinom a wɔnam nhyehyɛe pɔtee bi so de wɔn yɛ nkoa no.

Mmea ahyehyɛde bi a ɛwɔ Asia Anafo-apuei fam no buu akontaa sɛ efi 1970 mu de besi 1990 mfiase mu no, na wɔatɔn mmea ɔpepem 30 wɔ wiase nyinaa. Wɔn a wɔtɔ nnipa no kɔ keteke gyinabea, nkuraase a ɛhɔfo di hia, ne nkuro akɛse mmɔnten so kɔhwehwɛ mmabaa ne mmea a wobetumi atɔ wɔn. Mpɛn pii no ɛyɛ wɔn a wɔnkɔ sukuu, nnyisaa, wɔn a wɔato wɔn asaworam, anaa ahiafo na wɔtɔ wɔn de wɔn yɛ nkoa. Wodi atoro ka kyerɛ wɔn sɛ wɔbɛma wɔn adwuma, na wɔde wɔn kɔ ɔman foforo so kɔtɔn wɔn ma wokosi tuutuu.

Komunism a egui wɔ 1991 mu no maa mmeawa ne mmea pii bedii hia. Mmara ahorow a wotwam, nnwuma a wɔtɔn ma ankorankoro, ne afoforo a wobu wɔn sɛ wɔkorɔn de nsɛmmɔnedi, ohia, ne adwuma a wonnya nyɛ na aba. Mmea a wɔwɔ Russia ne Europa Apuei fam nohoa no ne wɔn a wosi tuutuu kɛse wɔ wiase nyinaa. Anita Gradin a ɔyɛ kan Europa Asenni Bagua Soafo no kae sɛ: “Nnipatɔn nyɛ hu sɛ nnubɔnetɔn.”

Mmofraberem Anigye a Wonnya

Wɔ adwinnan ketewa bi a wɔyɛ kapɛt wom wɔ Asia no, wɔma mmofra a wɔadi mfe anum pɛ mpo yɛ adwuma fi ahemadakye nnɔn 4 kosi anadwo 11 a wontua wɔn ka. Mpɛn pii no, mmofra a wɔtete saa a wɔde wɔn yɛ adwuma pɛ mfaso no hyia ɔhaw pii a ɛde wɔn akwahosan to asiane mu: mfiri a asɛe a ebetumi adi wɔn awu, nnɔnhwerew pii a wɔde yɛ adwuma wɔ beae a sum wɔ na mframa pii nni ne awuduru a wɔde yɛ adwuma.a

Adɛn nti na mmofra na wɔde wɔn yɛ nnwuma saa? Efisɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wobenya mmofra ma wɔayɛ adwuma, na mmofra taa yɛ wɔn a wɔn aso nyɛ den, wotumi teɛ wɔn so ntɛmntɛm, na wɔntaa nnwiinwii. Esiane sɛ wɔn ho nyɛ den na wɔn nsa susua nti, adwumawuranom asisifo yi hu sɛ wobetumi ayɛ adwuma soronko bi, te sɛ kapɛt a wɔbɛnwene. Wɔtaa fa mmofra a wɔtete saa no adwumam bere a wɔn awofo tete fie a wonnya adwuma nyɛ.

Awerɛhosɛm koraa ne sɛ wɔtaa to mmofra a wɔyɛ adwuma wɔ afie no mmonnaa na wɔyɛ wɔn ayayade. Wɔkyere mmofra pii de wɔn kogu akyirikyiri dan bi mu, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wontumi nguan. Sɛ ade kye a, adwuma a wɔma wɔyɛ ne kar akwan anaasɛ wɔma wɔpae abo.

Ade foforo a ɛmma mmofra ani nnye nso ne hyɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn ma aware. Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ no kyerɛkyerɛ asɛm a esii ankasa bi mu sɛ: “Abeawa bi a wadi mfe 12 abusuafo ka kyerɛɛ no sɛ wɔde no rekɔma ɔbarima bi a wadi mfe 60 aware. Anka obetumi aka sɛ ɔmpene, nanso onni hokwan biara na onnim mpo sɛ obetumi ayɛ saa.”

Wɔn a Ɛka Ama Wɔayɛ Nkoa

Nnipa ɔpepem pii adan nkoa ama wɔn adwumawuranom esiane bosea a wɔde abɔ wɔn anaa wɔn awofo no nti. Wɔ mmeae a wɔyɛ mfuw no na ɛda adi ankasa sɛ adwumawuranom ma afoforo sika ma wɔdɔw anaasɛ wɔyɛ afuw ma wɔn na wɔnam saayɛ so de wɔn yɛ nkoa. Ɛtɔ da a, ɛka no tra hɔ ma nkyirimma bɛto, na ɛma wɔn a wɔwɔ saa abusua no mu no bɛyɛ nkoa daa. Ɛtɔ da nso a, adwumawuranom a nkurɔfo de wɔn ka no tɔn nkoa no ma adwumawura foforo. Ɛtɔ da mpo a, nkoa yi nnya adwuma a wɔyɛ no ho akatua biara. Anaasɛ adwumawuranom bɔ wɔn bosea kakra ka wɔn akatua no ho bere nyinaa na ama wɔatumi de wɔn ayɛ nkoa daa.

Ɔsom Mu Nkoayɛ

Binti a wadi mfe 12 a ofi Afrika Atɔe fam no yɛ mmofra ɔpepem pii a wɔsom sɛ trɔ̃kosi, a nea ɛkyerɛ wɔ Ewe kasa mu ne “anyame no akoa” no mu biako. Wɔahyɛ no de no adi agyinam sɛ ɔnsom sɛ akoa mfa nyi mmusu a ɛnyɛ ɔno na ɔma ɛbae—mmonnaa a wɔtoo ne maame ma onyinsɛn no no! Mprempren de, efie nnwuma nkutoo na ɔyɛ ma ɔkɔmfo no. Akyiri yi Binti bɛyɛ nnwuma pii a nea ɛka ho ne nna a ne wura no ne no bɛda. Afei sɛ Binti bɛyɛ panyin a, obi bɛba abesi n’ananmu—ɔkɔmfo no bɛhwehwɛ mmeawa foforo a wɔn ho yɛ fɛ ma wɔasom sɛ trɔ̃kosi.

Nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ Binti na wɔn abusuafo de wɔn yi mmusu ma wɔsom sɛ nkoa daa na ama bɔne a wosusuw sɛ wɔayɛ atia bosom bi no afi hɔ. Wɔ aman pii mu no, wɔhyɛ mmeawa ne mmea ma wɔyɛ ɔsom mu amanne ahorow ma wɔne akɔmfo anaa nnipa afoforo da—a nea wɔka ne sɛ wɔde mmea a wɔte saa yi ama onyame bi aware. Mpɛn pii no, mmea no yɛ nnwuma ahorow a wontua wɔn ka. Wonni hokwan sɛ wobetu afi baabi a wɔte no anaasɛ wɔbɛsesa wɔn adwuma, na wɔtaa de wɔn yɛ nkoa mfe pii.

Nkoatɔ ne Nkoatɔn

Ɛwom sɛ aman pii kyerɛ sɛ wɔagu nkoatɔn ase koraa de, nanso nkoa a wɔtɔ wɔn no akɔ so nnansa yi wɔ mmeae ahorow bi. Mpɛn pii no, ɛyɛ mmeae a ɔmanko ne asraafo ntam akameakame kɔ so no na adeyɛ a ɛte saa no kɔ so. Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔmmfa mmara nyɛ hwee wɔ mmeae a akameakame kɔ so wɔ hɔ no, na asraafo anaa akofo no tumi hyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma ma wɔn kwa . . . a wonsuro obiara; wɔbɔ amanneɛ sɛ adeyɛ a ɛte saa kɔ so wɔ mmeae a asraafo a wɔwɔ hɔ no tumi yɛ nea wɔpɛ biara no.” Nanso, sɛnea ahyehyɛde koro no ara kyerɛ no, “wɔabɔ amanneɛ nnansa yi ara sɛ aban asraafo binom nso hyɛ ɔmanfo ma wɔyɛ adwuma a wɔmfa mmara a ɛwɔ hɔ no nnyɛ hwee. Wɔabɔ amanneɛ nso sɛ asraafo ne wɔn a wɔatete wɔn sɛ asraafo de wɔn ho ahyɛ nkoatɔ mu, na wɔtɔn wɔn a wɔakyere wɔn no ma wɔyɛ adwuma ma afoforo.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, amanehunu a nkoayɛ a egu ahorow de ba no da so ara haw adesamma. Wo de san susuw nnipa dodow a wɔrehu amane no ho kakra hwɛ—nnipa ɔpepem pii a wɔde wɔn yɛ nkoa wɔ wiase nyinaa no. Afei susuw wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa nnɛ no mu biako anaa baanu a woakan wɔn ho asɛm wɔ nkratafa ahorow yi mu ho—ebia te sɛ Lin-Lin anaa Binti. So ɛkaa wo nko a anka ɔhaw a ɛnnɛyi nkoayɛ de ba no to atwa? So nkoayɛ betumi aba awiei da bi? Sɛ nkoayɛ betumi aba awiei a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae a edi mu. Yɛsrɛ wo kenkan nsakrae yi ho asɛm wɔ asɛm a edi so yi mu.

[Ase hɔ asɛm]

a “Hwɛ “Mmofra a Wɔde Wɔn Di Paa—N’awiei Abɛn!” a ɛwɔ June 8, 1999, Nyan! mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

ANO ADURO A WƆHWEHWƐ

Ahyehyɛde ahorow a agye din te sɛ Amanaman Nkabom Mmofra Foto ne Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde no rebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so de agu ɛnnɛyi nkoayɛ no. Afei nso, ahyehyɛde ahorow a aban nsa nnim te sɛ Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ ne Hokwan a Nnipa Wɔ ahyehyɛde no abɔ mmɔden kɛse sɛ ɛbɛma obiara ahu sɛnea ɛnnɛyi nkoayɛ no te na ama wɔn a wɔyɛ nkoa no atumi ade wɔn ho. Ahyehyɛde yi binom akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ aguade no de ahyɛnsode bi bɔ ho de kyerɛ sɛ wɔn a wɔyɛe no nyɛ nkoa. Ahyehyɛde afoforo nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmara wɔ ɔman biara mu de tia “atuutuufo a wotu kwan kɔ ne wɔn kɔda” na ama wɔatumi abu wɔn a wotu kwan ne mmofra kɔda no fɔ. Wɔn a wɔpɛ sɛ nnipa nyinaa nya hokwan koro no akɔ so atua sika kɛse ama wɔn a wɔtɔ nkoa no na ama wɔatumi agye nnipa pii afi nkoayɛ mu sɛnea wobetumi. Nnipa binom akasa atia adeyɛ yi esiane sɛ ebetumi ama nkoatɔn akɔ so kɛse na ama nkoa a wɔtɔn wɔn no bo akɔ soro no nti.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔhyɛ mmeawa pii de wɔn ma aware

[Asɛm Fibea]

UNITED NATIONS/J.P. LAFFONT

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Santen a wɔn a wɔde ka no ato rekɔgye aduan

[Asɛm Fibea]

Ricardo Funari

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɛtɔ da a, wɔhyɛ mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ sraadi mu

[Asɛm Fibea]

UNITED NATIONS/J.P. LAFFONT

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena