So Abrabɔ Pa Asɛe Sen Kan No?
SƐ ANKA worebisa abakɔsɛm akyerɛwfo sɛ “Nnipa a wɔte ase nnɛ no abrabɔ ye anaa asɛe sen kan no” a, anka ebia ebinom bebua sɛ ɛyɛ den sɛ wode mmere a ɛsono emu biara abrabɔ bɛtoto ho. Ebia wobesusuw sɛ bere biara ne mu nsɛm.
Sɛ nhwɛso no, susuw basabasayɛ a akɔ so wɔ Europa fi afeha a ɛto so 16 no ho. Wɔ mfe 400 a abɛsen kɔ mu no na awudifo wɔ hɔ. Na nkurɔfo taa de mmara yɛ nea wɔpɛ, na na mmusua ntam mogyahwiegu abu so.
Nanso, abakɔsɛm akyerɛwfo Arne Jarrick ne Johan Sõderberg kyerɛw wɔ Människovärdet och makten (Nidi ne Tumi a Nnipa Wɔ) nhoma no mu sɛ, wɔ 1600 ne 1850 mfe no ntam no, na “nnipa ani abue wɔ asetra mu” wɔ mmeae ahorow bi. Na nkurɔfo susuw afoforo ahiade ho—na wɔwɔ tema ankasa. Sɛ nhwɛso no, abakɔsɛm akyerɛwfo afoforo ka sɛ wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, na korɔnbɔ ne afoforo agyapade a wɔsɛe no nnɔɔso kɛse sɛ nnɛ. Titiriw wɔ nkuraase no, na wɔntaa nhu akorɔmfo kuw wɔ hɔ.
Nokwarem no, na nkoatɔ wɔ hɔ, na ɛno a wɔde bɛboom no na ɛkɔfaa nsɛmmɔnedi a anibere wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu bae—Afrikafo a Europa aguadifo kyeree wɔn siei ne nkoa ɔpepem pii a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ nsase a wɔde wɔn kɔɔ so so no.
Enti sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ mfeha a abɛsen kɔ no a, yetumi hu sɛ, sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu yiye a, ɛda adi sɛ na tebea no bi ye na na afoforo nso nye koraa. Nanso, biribi a ɛyɛ soronko na ɛyɛ aniberesɛm—nokwarem no, ade a ebi nsii da—sii wɔ afeha a ɛto so 20 no mu, na ɛda so ara rekɔ so.
Afeha a Ɛto so 20—Bere a Nneɛma Sakrae
Abakɔsɛm akyerɛwfo Jarrick ne Sõderberg ka sɛ: “Awudi kɔɔ soro bio wɔ 1930 mfe no mu, na awerɛhosɛm ne sɛ, efi saa bere no, awudisɛm akɔ so bɛboro mfirihyia aduonum ni.”
Sɛnea nkyerɛkyerɛmufo pii kyerɛ no, abrabɔ pa sɛee kɛse wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Asɛm bi a wɔkyerɛw faa abrabɔ pa ho nyansapɛ ho ka sɛ: “Obi betumi ahu no pefee sɛ adwene a ɔmanfo kura wɔ ho ne nea wogye tom sɛ abrabɔ pa no asesa kɛse wɔ mfe 30 kɔ 40 a atwam ni no—sɛ yɛde nnipa a na wogyina mmara katee so kyerɛ nea abrabɔ pa kyerɛ ankasa no toto nnɛ nnipa a wɔpɛ ahofadi na wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ no ho a.”
Eyi kyerɛ sɛ nnipa pii susuw sɛ wɔn ankasa betumi asi nneɛma a ɛfa ɔbea ne ɔbarima nna ne abrabɔ pa ho no ho gyinae. Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho mfatoho a, asɛm a wɔkyerɛwee no ma yehu sɛ wɔ 1960 no, na mmofra a wɔwɔ United States no mu ɔha mu 5.3 pɛ na wɔyɛ mpena mma. Wɔ 1990 no, na wɔn dodow yɛ ɔha mu 28.
Wɔ ɔkasa bi a U.S. mmarahyɛ baguani Joe Lieberman mae wɔ Notre Dame Sukuupɔn mu no, ɔkaa yɛn bere yi so abrabɔ pa ho asɛm sɛ “gyinapɛn a tokuru abɛda mu, . . . a amammerɛ a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho de nkakrankakra ayera wom koraa.” Sɛnea Lieberman kyerɛ no, saa adeyɛ yi “abɛyɛ nea wohu wɔ awo ntoatoaso abien no mu fa kɛse no ara mu.”
Nyamesom Mu Anibiannaso
Dɛn na abakɔsɛm akyerɛwfo ne nhwehwɛmufo afoforo ka sɛ ɛno ne ade a ama nneɛma a akɔ so wɔ afeha 20 yi mu no ada nsow koraa? Människovärdet och makten nhoma no ka sɛ, “ade biako a ama nneɛma asesa koraa wɔ adesamma asetra mu wɔ mfeha abien a atwam no mu ne nyamesom mu anibiannaso.” Nea na nyamesom mu anibiannaso kyerɛ ne sɛ “wɔbɛma nkurɔfo hokwan ma wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma horow ho sɛnea wɔpɛ. Nyansapɛfo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 mu a Wɔpoo Ɔman Amammerɛ, na wɔn ara nso ne nnipa a wodi kan a . . . wɔpoo Bible no sɛ nokware fibea koro pɛ no, . . . na wɔmaa saa adwene yi sɔree.” Enti, nnipa nhwehwɛ abrabɔ ho akwankyerɛ biara mfi nyamesom hɔ nnɛ, titiriw no Kristoman, sɛnea na wɔyɛ wɔ bere a atwam no ara pɛ.
Nanso dɛn nti na nyansapɛ a ɛkɔɔ so wɔ afeha 18 mu no gyee bɛboro mfe 200 ansa na ɛretrɛw? Nhoma a yɛaka ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Egyee mmɔdenbɔ ansa na ɔmanfo regye saa adwene no atom. Nyamesom mu anibiannaso de nkakrankakra na ɛbae.”
Sɛ adwene a ɛma wɔpoo abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a na ɛwɔ amammerɛ mu ne Kristofo gyinapɛn ahorow trɛw nkakrankakra wɔ mfe 200 a atwam no mu mpo a, ɛtrɛw ntɛmntɛm wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Eyi ada adi kɛse wɔ mfe kakra a abɛsen kɔ no mu. Dɛn nti na ɛte saa?
Pɛsɛmenkominya ne Adifudepɛ
Ade titiriw a ɛma ɛbaa saa ne mfiridwuma ne sikasɛm mu nkɔanim a wonyaa no ntɛmntɛm wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no. Asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ German atesɛm krataa Die Zeit mu kaa sɛ yɛte “bere titiriw bi a nneɛma sakra ntɛmntɛm mu, na asetra nte sɛ nea na ɛte wɔ mfehaha a atwam no mu wɔ wiase bi a na egyina faako mu no.” Asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ eyi de aguadi a egyina akansi so na ɛkanyan pɛsɛmenkominya na aba.
Asɛm no toa so sɛ “biribiara nni hɔ a ebetumi asiw saa pɛsɛmenkominya yi ano. Nea afi eyi mu aba ne atirimɔdensɛm a ahyɛ yɛn da biara da asetra ma, ne sikadi a wɔ aman pii mu no aban mpo ho wom no. Nkurɔfo susuw wɔn nkutoo ne anigye a wobenya ho.”
Nnipa fekubɔ ho nimdefo Robert Wuthnow a ɔwɔ Princeton Sukuupɔn mu no huu wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu sɛ Amerikafo a wɔwɔ hɔ nnɛ adwene wɔ sika ho no so kɛse sen wɔn awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no. Sɛnea nhwehwɛmu no kyerɛ no, “Amerikafo pii suro sɛnea sikanibere abu afa gyinapɛn afoforo te sɛ obu a nkurɔfo wɔ ma afoforo, adwuma mu nokwaredi ne ɔman adwuma a wɔde wɔn ho hyem so no.”
Adifudepɛ a ɔmanfo de wɔn ho hyem no nso akɔ soro efisɛ adwumawuranom nya akatua akɛse akɛse na bere a onyin ma wɔgyae adwuma no, wogye sika akɛse ne nneɛma horow pii bere a wɔhyɛ wɔn adwumayɛfo nkuran sɛ wɔmmpere akatua ntomu no. Ɔbenfo abadiakyire Kjell Ove Nilsson, a ɔyɛ abrabɔ ho nimdeɛ ne nyamekyerɛ ho kwankyerɛfo wɔ Kristofo Bagua a ɛwɔ Sweden mu no ka sɛ: “Nea ɛde mfaso dodow a adwumawuranom hwehwɛ ho haw aba ne sɛ wɔn nneyɛe kɛntɛn afoforo so na ɛbrɛ abrabɔ pa a nkurɔfo da no adi no ase. Nokwarem no, eyi nya nkɛntɛnso bɔne wɔ abrabɔ pa so—wɔ ɔman mũ no nyinaa ne ɔmanfo ankorankoro nso so.”
Tumi a Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Wɔ
Ade foforo a ɛmaa abrabɔ pa sɛee kɛse wɔ afeha a ɛto so 20 awiei ne sɛnea afoforo yɛ wɔn ade wɔ abrabɔ gyinapɛn ho dawuru a wɔbɔ no. Mmrahyɛ Baguani Lieberman ka sɛ: “Wɔn a wɔbɔ abrabɔ gyinapɛn foforo ho dawuru ne wɔn a wɔyɛ television ne sini mu akunini, ntadehyɛ ho adawurubɔfo, wɔn a wɔde kasahare to nnwom, ne nnipa foforo pii a wɔnam elɛktrɔnik mfiri so nya afoforo so nkɛntɛnso no. Eyinom nya yɛn amammerɛ so nkɛntɛnso kɛse, titiriw yɛn mmofra no, na mpɛn pii no wonhu nea ebefi abrabɔ gyinapɛn bɔne a wodi akyi no mu aba.”
Sɛ nhwɛso no, Lieberman twe adwene si apaawa bi a nnwonto kuw bi a wɔto dwom a ano yɛ den a wɔfrɛ wɔn Cannibal Corpse twae so. Nnwontofo no ka ɔbea bi a wɔde sekan hunahunaa no too no mmonnaa ho asɛm wɔ nnwom no mu. Ɔne ne yɔnko bi srɛɛ adwumayɛkuw a wotwaa apaawa no sɛ wonnyae twa. Nanso sɛnea Lieberman ka ho asɛm no ankosi hwee.
Enti awofo a wɔn ani ku wɔn asɛyɛde ho na wobetumi asiw afoforo abrabɔ ho dawurubɔ a enya wɔn mma so nkɛtɛnso no ano de akyerɛ nea ɔwɔ tumi wɔ wɔn mma ne wɔn ntetee so. Na mmusua a awofo ani nku wɔn asɛyɛde ho nso ɛ? Lieberman ka sɛ: “Wɔ ɛno fam no, tumi a nsɛm ho amanneɛbɔ wɔ abrabɔ ho nya wɔ wɔn mma so no yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee, na nea abofra no sua fi television so, sini mu, ne CD apaawa so nnwom mu ne ade titiriw a ɛkyerɛ no papa ne bɔne.” Yebetumi de Intanɛt so dwumadi a aba nnansa yi ara no nso aka ho.
Yɛasan Kɔ “Abrabɔ mu Sum Bere Mu”
Ɔkwan bɛn so na nea efi nkɛntɛnso bɔne yi mu ba no da adi wɔ mmerante ne mmabaa mu? Ade biako ne sɛ, mmofra pii ne wɔn a wɔadu mpanyin afe so adi nsɛmmɔne atia mmofra foforo ne mpanyin wɔ nnansa yi mfe mu.
Anwonwasɛm bi sii wɔ Sweden wɔ 1998 mu. Mmarimaa baanu bi a wɔadi mfe anum ne ason, miaa abofra bi a wadi mfe anan a wɔne no di agoru mene ma owui! Nnipa pii bisae sɛ: So mmofra nni awosu mu nkate bi a ɛkasa kyerɛ wɔn ma wogyae nea wɔreyɛ bere a ɛrekɔ akyiri no? Ɔyaresafo bi a ɔhwɛ mmofra a wɔwɔ adwenemhaw kaa asɛm a tumi wom yi: “Nea ɛma wotumi siw adeyɛ bi ano bere a ɛrekɔ akyiri dodo no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wosua. Ebetumi aba sɛ egyina . . . nnipa ko a mmofra suasua wɔn ne nea wosua fi mpanyimfo a wɔatwa wɔn ho ahyia hɔ so.”
Yetumi hu biribi a ɛte saa ara wɔ nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu no ho. Sɛnea Sten Levander a ɔyɛ adwenem ayaresa ho ɔbenfo wɔ Sweden kyerɛ no, nneduafo a wogu afiase nnɛ no mu ɔha mu 15 kosi 20 na wɔwɔ adwenemhaw—wɔyɛ nkurɔfo a wɔtwe adwene ba wɔn ho so, wonni tema, na wontumi nhu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ anaasɛ wɔmpɛ sɛ wobegye nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adwene atom. Wɔ mmofra ne mmerante ne mmabaa a ɛte sɛ nea wɔn adwenem da hɔ fam mpo no, yetumi hu abrabɔ pa ho nkate a ano akum wɔ wɔn mu. Christina Hoff Sommers, a ɔyɛ nyansapɛ ho ɔbenfo no ka sɛ: “Yɛasan kɔ abrabɔ mu Sum Bere mu.” Ɔkae sɛ, sɛ n’adesuafo nkumaa no hyia biribi a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho a, sɛnea wɔn mu pii yɛ wɔn ade no kyerɛ sɛ wonhu nea wɔnyɛ. Afei wobua sɛ yenni biribiara a ɛkyerɛ sɛ adeyɛ bi teɛ anaa ɛnteɛ. Wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ nea eye ma n’ankasa.
Nnansa yi no, n’adesuafo no mu pii abɔ nnyinasosɛm a ɛfa nidi soronko ne bo a nnipa nkwa som ho no agu. Sɛ nhwɛso no, bere a wobisaa wɔn nea wɔbɛyɛ sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wobegye wɔn afieboa bi anaa wɔn yɔnko nipa a wonnim no nkwa no, wɔn mu pii kae sɛ wobegye aboa no nkwa mmom.
Ɔbenfo Sommers ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ mmerante ne mmabaa nnim hwee, yentumi mfa yɛn ho nto wɔn so, wɔyɛ atirimɔdenfo, anaa nkontompofo. Sɛ yɛbɛka no pen a, wɔmfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ nyɛ hwee.” Ɔka sɛ mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no gye kyim sɛ ebia biribi a wɔfrɛ no papa ne bɔne wɔ hɔ anaa, na ɔte nka sɛ su a ɛte saa no yɛ ɔhaw akɛse a ɔmanfo hyia no mu biako.
Enti ɛda adi pefee sɛ abrabɔ pa ho aba asɛm wɔ yɛn bere yi so. Nnipa pii suro sɛ biribi a ɛyɛ hu betumi afi mu aba. Asɛm a ɛwɔ Die Zeit mu a yɛadi kan aka ho asɛm no ka sɛ, nkakrankakra no nnɛyi aguadi nhyehyɛe a wɔde si akan a obiara de ne ho hyem no “ano bɛbrɛ ase na ebetumi aba sɛ da koro ɛbɛhwe ase koraa sɛnea ɛbaa Soviet nhyehyɛe so nnansa yi ara no.”
Dɛn na eyinom nyinaa kyerɛ ankasa? Na daakye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6, 7]
“Wɔn a wɔbɔ abrabɔ gyinapɛn foforo ho dawuru ne wɔn a wɔyɛ television ne sini mu akunini, ntadehyɛ ho adawurubɔfo, wɔn a wɔde kasahare to nnwom . . .”