Mmofra Bisa Sɛ . . .
Abawo—So Ɛma Ɔbarima Di Mu?
“Minim [mmerante] bi a wɔka sɛ, ‘mewɔ ɔbabea bi a ɔte ha ne ɔbabarima bi a ɔno nso te hɔ baabi,’ na wɔka no sɛnea ɛmfa wɔn ho.”—Harold.
AFE biara mmeawa bɛyɛ ɔpepem biako nyinsɛn wɔ United States. Ɛnanom a wɔwo saa mmofra yi mu dodow no ara nni kununom. Saa ɛnanom a wonnii mfe aduonu yi 4 biara mu 1 bɛsan awo ne ba a ɔto so abien wɔ mfe abien a edi hɔ no mu. Atlantic Monthly nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛ nea ɛrekɔ so mprempren yi bɛkɔ so saa a, ɛnnɛ mmofra a wɔwo wɔn no mu bɛboro fã mpo ne wɔn nã ne wɔn agya ankasa rentra wɔ wɔn mmofrabere nyinaa mu. Amerika mmofra dodow no ara bedi mfe pii wɔ ɛnãnom a wonni ahokafo mmusua mu.”
Ɛwom sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu a wonyinsɛn wɔ United States no dɔɔso sen wɔn a wɔwɔ aman foforo a anya nkɔanim mu de, nanso mmofra a mmeawa a wonni kununom wo wɔn no yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa. Wɔ Europa aman bi te sɛ England ne France mu no, saa awo no dodow ne United States de no yɛ pɛ. Wɔ Afrika ne Amerika Kesee fam aman bi so no, mmeawa a wonnii mfe aduonu a wɔwo no dodow reyɛ ayɛ United States de no mmɔho abien. Dɛn na ɛma saa haw kɛse yi ba?
Nea Ɛde Saa Ɔhaw Yi Aba
Nea ɛde saa tebea yi aba kɛse ne abrabɔ bɔne a ɛkɔ so wɔ “mmere a emu yɛ den” a yɛte mu yi mu no. (2 Timoteo 3:1-5) Nnansa yi, awaregyae anya nkɔanim kɛse. Mmarima a wɔne wɔn ho da ne asetra akwan foforo a ɛtete saa abu so kɛse. Mmofra na wɔde ani asa wɔn sɛ wɔbɛma wɔate nsɛm amanneɛbɔ a ɛsɛe adwene—nnwom ne video so nnwom a ɛmfata, nsɛmma nhoma mu nsɛm a ɛyɛ hu ne aguade ho dawurubɔ, TV ne sini so dwumadi a ɛkamfo kyerɛ sɛ obi betumi ne obiara kɛkɛ ada. Mmeae a wotu nyinsɛn gu ne nnuru a wɔde siw awo ano a abu so no nso ka ho bi na mmofra pii gye di sɛ asiane biara nni ɔbarima ne ɔbea nna mu no. Agya bi a onni yere ka sɛ: “M’ani gye ɔbea ne ɔbarima nna a asɛyɛde nka ho no ho.” Ɔfoforo nso ka sɛ, “ɔbea ne ɔbarima nna yɛ anigyede ne agodie.”
Ebia saa suban yi atrɛw titiriw wɔ mmerante a wodi hia no mu. Nhwehwɛmufo Elijah Anderson bisabisaa mmofra a wɔte baabi a nnipa akyere so kɛse wɔ nkurow mu no nsɛm na ɔkae sɛ: “Mmerantewa pii bu ɔbea ne ɔbarima nna sɛ ade titiriw a ɛkyerɛ wɔn gyinabea wɔ asetra mu; mmea dodow a obi tumi ne wɔn da no na ɛkyerɛ ne mmɔdenbɔ.” Nokwarem no, agya bi a onni yere ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo sɛ nnipa pii bu mmea a wotumi ne wɔn da no sɛ “nkonimbo a wobetumi de akyerɛ afoforo.” Dɛn na ɛma wɔyɛ saa atirimɔdenne yi? Anderson kyerɛkyerɛ mu sɛ mpɛn pii no nnipa atitiriw paa a aberante a ɔte baabi a nnipa akyere so ne wɔn bɔ kɛse paa “ne n’atipɛnfo. Wɔn na wɔkyerɛ no abrabɔ gyinapɛn ko a onni so, na ɔma ɛho hia no sɛ obedi saa gyinapɛn no so.”
Enti Anderson hu sɛ mmerante pii bu mmea a wɔne wɔn da no sɛ agodie ara kwa, “a botae no ne sɛ wɔbɛdaadaa onipa foforo, titiriw ababaa no.” Ɔde ka ho sɛ “nea wɔyɛ wɔ saa agodie yi mu ne sɛnea ɔbarima no bɛda ne ho adi akyerɛ, ne ntade, n’ahosiesie, n’ahoɔfɛ, n’asaw ne ne nkɔmmɔbɔ.” Mmerante yi mu pii nim sɛnea wodi nkonim wɔ saa “agodie” yi mu yiye. Nanso Anderson ka sɛ: “Sɛ abeawa no nyinsɛn a aberante no twe ne ho.”—Young Unwed Fathers—Changing Roles and Emerging Policies, a Robert Lerman ne Theodora Ooms ne ne samufo.
Onyankopɔn Adwene
Nanso abawo ma ɔbarima di mũ ankasa? So ɔbarima ne ɔbea nna yɛ agodie ara kwa? Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no mmu no saa. Onyankopɔn ma emu da hɔ pefee wɔ N’asɛm Bible no mu sɛ ɔbarima ne ɔbea nna wɔ atirimpɔw bi a ɛkorɔn. Bere a Bible no kaa ɔbarima ne ɔbea a wodii kan bɔɔ wɔn ho asɛm wiei no, ɛkaa sɛ: “Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:27, 28) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ agyanom beguan agyaw wɔn mma hɔ. Ɔkaa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no boom wɔ aware a na ɛbɛtra hɔ daa mu. (Genesis 2:24) Ná ɛyɛ ne pɛ sɛ abofra biara benya ɛna ne agya.
Nanso ankyɛ na mmarima fii ase waree mmea pii. (Genesis 4:19) Genesis 6:2 bɔ yɛn amanneɛ sɛ abɔfo mpo “huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ.” Bere a saa abɔfo yi danee wɔn ho nnipa no, “wɔwarewaree wɔn” na wɔde anibere waree ‘wɔn mu biara a wɔpɛ.’ Noa Nsuyiri no maa saa ahonhommɔne yi san kɔɔ ahonhom atrae. Nanso Bible no kyerɛ sɛ wɔatow wɔn agu asase so. (Adiyisɛm 12:9-12) Enti Satan ne n’adaemone no nya nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse nnɛ. (Efesofo 2:2) Mmerante kɔ saa nkɛntɛnso bɔne yi ase a wonnim, bere a wɔwo mma a wɔmpɛ na wɔnnɔ wɔn no.
Enti, Kyerɛwnsɛm no de ntease pa ka sɛ: “Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no; sɛ obiara nntra so nnkosisi [mmpira, NW] ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weredifo.”—1 Tesalonikafo 4:3-6.
‘Yenyi yɛn ho mfi aguamammɔ mu’? Ebia mmerante pii bedi saa nsusuwii yi ho fɛw. Anyɛ yiye koraa no, wɔyɛ mmerante na wɔn akɔnnɔ ano yɛ den! Nanso hyɛ no nsow sɛ aguamammɔ kyerɛ sɛ ‘obi pira afoforo na osisi’ wɔn. Sɛ wugyaw ɔba to ɔbea so a onni kunu a ɔboa no a, so empira no? Na ɔbea ne ɔbarima nna mu yare te sɛ ananse a ɛka awode, kekae, babaso, anaa AIDS a wubetumi de asan no no nso ɛ? Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a wubetumi akwati saa ɔhaw horow yi. Sɛ saa mpo a, nna a edi aware anim no ma wosɛe hokwan a abeawa wɔ sɛ onya din pa na ɔware sɛ ɔbaabun no. Enti nyansa wom sɛ wobɛtwe wo ho afi aguamammɔ ho, ɛkyerɛ ahokokwaw. Nokwarem no, egye ahosodi ne tirimbɔ na obi ‘anya n’ankasa n’ade’ na watwe ne ho afi nna a edi aware anim ho. Nanso Yesaia 48:17, 18 ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn nam ne mmara so ‘kyerɛ yɛn nea eye ma yɛn.’
“Monyɛ Mmarima”
Ɔkwan bɛn so na aberante betumi ada ne ho adi sɛ ɔbarima ankasa? Nokwarem no, ɛnnam mpena mma a ɔbɛwo wɔn so. Bible no tu yɛn fo sɛ: “Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den. Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.”—1 Korintofo 16:13, 14.
Hyɛ no nsow sɛ, sɛ́ ‘yɛbɛyɛ mmarima’ no hwehwɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, yɛ den wɔ gyidi mu, nya akokoduru ne ɔdɔ. Nokwarem no, saa nnyinasosɛm yi fa mmarima ne mmea nyinaa ho. Sɛ wunya saa honhom fam su horow a ɛte sɛ eyi a, nnipa benya ntease pa a wobegyina so akyerɛ obu ama wo na wɔabu wo sɛ woyɛ ɔbarima ampa! Sua biribi fi onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn—Yesu Kristo hɔ. Susuw ne mmarimasɛm ne n’akokoduru bere a na wɔreyɛ no ayayade na ɔrebewu mpo no ho. Nanso Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ obi a ɛsono ne bɔbeasu ho?
Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nyaa hokwan ne mmea bɔɔ fekuw. Ná n’akyidifo no mu pii yɛ mmea, a ‘ebinom de wɔn ahode som ɔne n’asomafo no.’ (Luka 8:3) Ná ɔbɛn Lasaro nuabeanom baanu no titiriw. Nokwarem no, Bible no ka sɛ na “Yesu dɔ Marta ne ne nuabea.” (Yohane 11:5) Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, so Yesu de ne nyansa, ne n’ahoɔfɛ a na ɛda adi sɛ ɔwɔ no daadaa saa mmea yi ne wɔn buu bra bɔne? Nea ɛne no bɔ abira no, Bible no ka Yesu ho asɛm sɛ “wanyɛ bɔne.” (1 Petro 2:22) Wanyɛ ade wɔ ɔkwammɔne so mpo bere a ɔbea bi a wonim no yiye sɛ ɔbɔnefo, ebia oguamamfo no ‘sui na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne ti nhwi popaa ho’ no. (Luka 7:37, 38) Yesu ansusuw ho mpo sɛ ɔde saa hokwan no ne ɔbea a ɔwɔ mmerɛwyɛ yi bɛyɛ biribi! Ɔdaa ne ho adi sɛ otumi di ne nkate so—ɔbarima su ankasa. Wammu mmea sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn da, na mmom sɛ ankorankoro a wɔfata ɔdɔ ne obu.
Sɛ woyɛ Kristoni aberante a, di a wubedi Kristo nhwɛso akyi—na ɛnyɛ w’atipɛnfo binom—no remma ‘wumpira obi nsisi’ no. Ɛbɛbɔ wo ho ban nso afi awerɛhosɛm a mpena ba a wobɛwo no de bɛba no ho. Nokwarem no, ebia afoforo bedi wo ho fɛw esiane aguamammɔ a woatwe wo ho afi ho no nti. Nanso awiei koraa no, Onyankopɔn anim dom a wubenya no ho bɛba mfaso ama wo pii asen w’atipɛnfo anim dom a wubenya no.—Mmebusɛm 27:11.
Na sɛ aberante bi abu bra bɔne wɔ mmere a atwam no na wagyae n’abrabɔ bɔne no dedaw asakra anu ne ho nokwarem nso ɛ? Te sɛ Ɔhene Dawid a ɔsakraa n’adwene bere a ɔbɔɔ aguaman no, ɔno nso betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de befiri no. (2 Samuel 11:2-5; 12:13; Dwom 51:1, 2) Nanso sɛ mpenatwe no de nyinsɛn aba a, aberante no da so ara wɔ gyinae a anibere wom sɛ osi. So ɛsɛ sɛ ɔware abeawa no? So ɔwɔ n’abofra no ho asɛyɛde horow bi? Asɛm a ɛbɛba akyiri yi bebua saa nsɛmmisa yi.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]
Mmerante pii gye di sɛ asiane biara nni ɔbea ne ɔbarima nna mu