Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 18-24
  • “Ɔko No Nyɛ Wo Ko, Ɛyɛ Onyankopɔn Ko”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔko No Nyɛ Wo Ko, Ɛyɛ Onyankopɔn Ko”
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyinae a Misii sɛ Mɛsom Onyankopɔn
  • Asɛmpa no a Yɛbɔɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
  • Quebec Ko No
  • Ɔman Asetutu Ho Sobo a Yɛko Tiae
  • Anohyeto a Yɛko Tiae
  • Duplessis Ntua a Etwa To
  • Nsakrae a Ɛbaa M’asetram
  • Akodi no Kɔ So Ara
  • M’ani Sɔ Hokwan a Minyae No
  • Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Asɛnka Adwuma a Yɛde Hyɛɛ Mmara Ase Wɔ Quebec
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Yehowa Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 18-24

“Ɔko No Nyɛ Wo Ko, Ɛyɛ Onyankopɔn Ko”

SƐNEA W. GLEN HOW KA KYERƐE

Wɔ mfe aduosia a atwam mu no, Yehowa Adansefo adi mmara mu ako pii wɔ Canada. Nkonim a wɔadi no yɛ nea mmaranimfo ahu. Esiane ɔfã a minyae wɔ saa akodi yi mu nti, Amerika Mmaranimfo Ntetee Sukuu no maa me Abasobɔde nnansa yi sɛ Okyitaafo a Ɔwɔ Akokoduru. Bere a wɔde abasobɔde no remema no, wɔkae sɛ nsɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho no “aboa ɔman no kɛse . . . , efisɛ ɛmaa wotumi gyee nsɛm ahorow bi toom wɔ mmara mu a atumi ama Canadafo nyinaa anya ahofadi.” Ma menka nsɛm a wɔde kɔɔ asɛnnibea yi mu bi ne nea ɛyɛe a mebɛyɛɛ mmaranimfo na mede me ho bɔɔ Yehowa Adansefo no ho asɛm.

WƆ 1924 mu no, George Rix a na ɔyɛ Bible Suani, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, bɛsraa m’awofo wɔ Toronto, Canada. Me maame, Bessie How, a na ɔyɛ nipa korokorowa no, frɛɛ no ma ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ. Ná madi mfe anum, na na me nuabarima Joe adi mfe abiɛsa.

Ankyɛ na maame fii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow wɔ Toronto. Wɔ 1929 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo, bere nyinaa somfo, na ɔkɔɔ so yɛɛ saa adwuma no kosii 1969 mu, bere a owiee n’asase so som adwuma no. Nsi a emu yɛ den a ɔde yɛɛ ɔsom adwuma no yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn, na ɛboaa nnipa pii ma wobehuu Bible mu nokware no.

Ná me papa, Frank How, yɛ ɔbarima a ɔmpɛ kasa, na na mfitiase no, ɔsɔre tia Maame som adwuma no. Nanso, na Maame de anifere to nsa frɛ ahwɛfo akwantufo, te sɛ George Young, ma wɔne Paapa bɛbɔ nkɔmmɔ. Bere bi akyi no, Paapa su sesae. Bere a ohuu nkɛntɛnso pa a Bible mu nokware anya wɔ n’abusua so no, ɔboaa wɔn kɛse, ɛwom sɛ wammɛyɛ Ɔdansefo de.

Gyinae a Misii sɛ Mɛsom Onyankopɔn

Miwiee ntoaso sukuu wɔ 1936 mu. Bere a miduu me mpanyin afe so no, na m’ani nnye honhom fam nneɛma ho kɛse. Saa bere no na Sikasɛm Mu Ahokyere no bae, na na ɛyɛ den sɛ obi benya adwuma ayɛ. Enti mekɔɔ Toronto Sukuupɔn. Wɔ 1940 mu no, misii gyinae sɛ mɛkɔ mmarasua sukuu. Gyinaesi yi anyɛ me maame nwonwa. Bere a na meyɛ abofra no, na ɔtaa de abufuw ka sɛ: “Abofra bɔne yi begye biribiara ho kyim! Nea ɛbɛyɛ biara ɔbɛdan mmaranimfo!”

Wɔ July 4, 1940, bere tiaa bi ansa na merefi mmarasua sukuu ase no, Canada aban no baraa Yehowa Adansefo a wɔammɔ wɔn nkae biara. Eyi de nsakrae titiriw baa m’asetra mu. Bere a aban de n’ani sii ahyehyɛde ketewa a emufo ho nni asɛm, na wɔbrɛ wɔn ho ase yi so no, ɛma mebehui sɛ Yehowa Adansefo ne Yesu nokware akyidifo. Sɛnea ɔkae no, ‘na aman nyinaa bɛtan wɔn esiane ne din nti.’ (Mateo 24:9) Misii me bo sɛ mɛsom Onyankopɔn a ɔboa ahyehyɛde yi no. Wɔ February 10, 1941 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.

Na mepɛ sɛ mede me ho hyɛ akwampae adwuma no mu amonom hɔ ara. Nanso, Jack Nathan, a na odi asɛnka adwuma no anim wɔ Canada saa bere no, hyɛɛ me nkuran sɛ minwie me mmarasua ntetee no ansa. Mekɔɔ sukuu no, na miwiee wɔ May 1943 mu no, mifii akwampae adwuma no ase. Wɔtoo nsa frɛɛ me wɔ August mu sɛ memmɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Toronto no sɛnea ɛbɛyɛ a mɛboa ma wɔasiesie mmara mu nsɛnnennen a na Yehowa Adansefo rehyia no. Wɔ ɔsram a edi hɔ no, wɔde me kɔkaa wɔn mmaranimfo a wɔwɔ Ontario, Canada, no ho.

Asɛmpa no a Yɛbɔɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So

Ná wiase Ko II no gu so, na na Adansefo no da so ara wɔ anohyeto ase wɔ Canada. Ná wɔde mmarima ne mmea agu afiase esiane sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo nti. Ná wɔapam mmofra pii afi sukuu mu, atu ebinom mpo afi wɔn afie. Nea enti a wɔyɛɛ wɔn saa ne sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ ɔman som ahorow te sɛ frankaakyia anaa ɔman dwom a wɔto mu. Ɔbenfo William Kaplan a ɔkyerɛwee State and Salvation: The Jehovah’s Witnesses and Their Fight for Civil Rights nhoma no kae sɛ: “Esiane ɔmampɛ honhom ne ko a na ɛsɛ sɛ obiara ko ma ne man nti, aban no ne nnipa horow nyinaa sopaa Adansefo yɛɛ wɔn ayayade wɔ baguam.”

Na Adansefo no hwɛ kwan sɛ wobeyi anohyeto no afi wɔn so, nanso wɔn akwanhwɛ no ankosi hwee. Anohyeto no a woyi fii wɔn so no baa mpofirim ara, wɔ October 14, 1943 mu. Nanso, na Adansefo no bi da so ara wɔ afiase ne adwumayɛban ahorow mu, na na wɔmma wɔn mmofra kwan mma wɔnkɔ aban sukuu, na wɔanyi anohyeto no amfi Watch Tower Bible and Tract Society ne International Bible Students Association, a na ɛyɛ ahyehyɛde a ɛhwɛ yɛn agyapade so wɔ mmara kwan so wɔ Toronto no so.

Wɔ 1943 awiei no, me ne Percy Chapman, a na ɔyɛ Canada baa dwumadibea no somfo, tuu kwan kɔɔ New York kohuu Nathan Knorr, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, ne Hayden Covington, Asafo ti no titrani abadiakyiri ne asafo no mmaranimfo no. Ná Onua Covington wɔ mmara mu suahu pii. Otumi ma wodii nkonim 36 wɔ nsɛm 45 a wɔde kɔdan United States Asɛnnibea Kunini no mu.

Adansefo a wɔwɔ Canada no nyaa ahofadi nkakrankakra. Wɔ 1944 mu no, woyii anohyeto no fii baa dwumadibea a ɛwɔ Toronto no so, na wɔn a na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no san kofii ase. Wɔ 1945 mu no, asɛnnibea kunini a ɛwɔ Ontario mantam mu no hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra ma wɔyɛ nnwuma a wɔn ahonim mma wɔn kwan. Wɔhyɛe sɛ wɔnsan nnye mmofra a wɔpamoo wɔn fii sukuu mu no. Awiei koraa wɔ 1946 mu no, Canada aban no gyaee Adansefo a wɔde wɔn koguu adwumayɛban ahorow mu no nyinaa. Mitumi de akokoduru ne nsi dii saa nsɛm yi denam Onua Covington akwankyerɛ ne Yehowa mmoa so.

Quebec Ko No

Ɛwom sɛ na wobu ɔsom mu ahofadi a Yehowa Adansefo wɔ saa bere yi wɔ Canada mmeae pii de, nanso na ɛnte saa wɔ beae biako bi—Franse Katolek mantam a ɛne Quebec no. Ná Roma Katolek Asɔre no de bɛboro mfirihyia 300 adi ɔmantam yi so. Ná sukuu, ayaresabea, ne ɔmanfo nnwuma pii wɔ hɔ a ɛyɛ asɔfo no ankasa de anaasɛ wodi so. Na Katolek asɔfo no nso wɔ kasamafo wɔ Quebec mmarahyɛ bagua no mu!

Sɛnea Quebec abakɔsɛm ho nimdefo Gérard Pelletier kyerɛ no, na ɛhɔ mantam so panyin ne mmaranimfo Maurice Duplessis, yɛ otirimmɔdenfo a ɔnam “atorodi, nsisi ne sikadi so dii ɔmantam no so na ɔfaa ɔkwammɔne so dii tumi wɔ nnipa mpapahwekwaa so mfe aduonu.” Duplessis maa n’amammui tumidi no yɛɛ den denam Roma Katolek Sɔfopɔn Villeneuve a ɔne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den no so.

Wɔ 1940 mfe no mfiase no, na Adansefo 300 na wɔwɔ Quebec. Ná yɛn mu pii, a me nuabarima Joe ka ho, yɛ akwampaefo a yefi Canada mmeae foforo. Bere a asɛnka adwuma no nyaa nkɔso wɔ Quebec no, asɔfo no hyɛɛ ɛhɔ polisifo no ma wɔsɔre tiae denam Adansefo no a wɔkɔɔ so haw wɔn kyekyee wɔn, na wɔhyɛɛ aguadi ho mmara a ebetumi abrɛ yɛn nyamesom dwumadi no ase so.

Ná metaa tu kwan fi Toronto kɔ Quebec araa ma awiei koraa no, wɔmaa mekɔɔ Quebec sɛ menkɔboa mmaranimfo a wɔnyɛ Adansefo a wɔboa yɛn nuanom Kristofo no. Adwuma a edi kan a na meyɛ no daa ne sɛ mɛhwehwɛ nnipa a wɔkyeree wɔn da a etwaam no, na mayɛ no ntɛm akɔ hɔnom asɛnnibea hɔ akɔyɛ nhyehyɛe ma wɔayi wɔn. Anigyesɛm ne sɛ, Ɔdansefo bi a odi yiye, Frank Roncarelli, yɛɛ nhyehyɛe ma woyii anuanom pii.

Efi 1944 kosi 1946 no, anuanom a wodii wɔn asɛm sɛ wɔabu mmara so no dodow fi 40 kosii 800! Ɛnyɛ kurom hɔfo atumfoɔ nko na na wɔrekyekye Adansefo no, na mmom, Katolek asɔfo no nso hyɛɛ basabasayɛfo kuw bi ma wɔde ntua baa wɔn so.

Yɛyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Montreal de dii ɔhaw yi ho dwuma wɔ November 2 ne 3, 1946 mu. Onua Knorr na ɔmaa ɔkasa a etwa to a wɔato din “Dɛn na Yɛbɛyɛ?” no. Nhyiamfo no nyinaa ani gyei bere a wɔtee ne mmuae no—ɔkenkanee kyerɛwtohɔ a adan abakɔsɛm seesei, Quebec’s Burning Hate for God and Christ and Freedom Is the Shame of All Canada no denneennen. Ná ɛyɛ kratawa a ekura nkratafa anan a ɛka nokwasɛm nkutoo—edin, nna, ne mmeae a asɔfo kanyan basabasayɛ, polisifo atirimɔdensɛm, kye a wɔkyekye Yehowa Adansefo, atirimɔdensɛm a basabasayɛfo kuw de ba wɔn so wɔ Quebec ho nsɛm a edi mu. Wɔ nnafua 12 pɛ akyi no, na wɔakyekyɛ wɔ Canada nyinaa.

Anni nna ahe biara na Duplessis de too gua sɛ “wɔnko denneennen” ntia Yehowa Adansefo. Nanso odii nneɛma ho dwuma maa yɛn a na onnim. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam hyɛ a ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ obiara a ɔkyekyɛ Quebec’s Burning Hate no sobo sɛ otutu ɔman ase—bɔne a na anibere wom yiye a na ɛbɛma wɔayi yɛn asɛm afi Quebec asɛnnibea de akɔ Canada Asɛnnibea Kunini hɔ no so. Esiane sɛ na Duplessis bo afuw kɛse nti, wanhu nea na ebefi mu aba no. Afei n’ankasa hyɛ ma wotwaa nsatɔn tumi krataa a na Frank Roncarelli, a na ɛnam ne so titiriw na woyi anuanom fi afiase, wɔ no mu. Esiane sɛ na Onua Roncarelli nsa asa nti, ɔtoo n’adidibea a ɛwɔ Montreal no mu asram kakraa bi, na ehiaa no kɛse.

Wɔkyekyee nnipa pii. Ankyɛ na nnipa a wodi wɔn asɛm no dodow fi 800 kosii 1,600. Mmaranimfo ne atemmufo pii nwiinwii sɛ saa Yehowa Adansefo ho nsɛm yi nyinaa rehaw adwene wɔ Quebec asɛnnibea ahorow hɔ. Ná yɛde ɔhaw no ano aduru tiawa ma sɛ: Momma polisifo no nkyekye nsɛmmɔnedifo, na ɛnyɛ Kristofo. Ɛno bedi ɔhaw no ho dwuma!

Yudafo mmaranimfo akokodurufo baanu, A. L. Stein a ɔwɔ Montreal ne Sam S. Bard a ɔwɔ Quebec City, boaa yɛn denam gyina a wogyinaa yɛn akyi wɔ nsɛm pii mu no so, titiriw ansa na wɔde me reka Quebec mmaranimfo kuw ho wɔ 1949 mu no. Pierre Elliott Trudeau, a ɔbɛyɛɛ soafo panyin wɔ Canada akyiri yi no, kyerɛwee sɛ “ɔman mũ no nyinaa dii” Yehowa Adansefo a wɔwɔ Quebec “ho fɛw, taa wɔn, tanee wɔn; nanso wɔnam mmara kwan so ne Asɔre no, aban, ɔman no, polisifo, ne ɔmanfo adi ako.”

Quebec asɛnnibea ahorow no nneyɛe daa adi wɔ ɔkwan a wɔne me nua Joe dii no mu. Wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔrehaw ɔmanfo asomdwoe. Ɔtemmufo Jean Mercier buu atɛn sɛ wɔmfa Joe nto afiase nnafua 60. Afei, bere a ontumi nhyɛ ne ho so no, ofi ɔtemmufo agua no so teɛɛm sɛ ɔpɛe sɛ anka ɔde Joe to afiase ne nkwa nna nyinaa!

Atesɛm krataa bi kae sɛ Mercier de ahyɛde maa Quebec polisifo sɛ “wɔnkyere obiara a wonim no anaasɛ wosusuw sɛ ɔyɛ Ɔdansefo a wobehu no no.” Saa su a wɔdaa no adi no maa Quebec’s Burning Hate kratawa no mu asɛm no yɛɛ nokware mmom. Nea edidi so yi yɛ nsɛmti atitiriw a epuee wɔ Canada atesɛm nkrataa a wontintim wɔ Quebec no mu: “Esum Bere Asan Aba Quebec” (The Toronto Star), “Atirimɔden Asɛnni Asan Aba” (The Globe and Mail, Toronto), “Katabaako Nniso Ho Nwowɔe” (The Gazette, Glace Bay, Nova Scotia).

Ɔman Asetutu Ho Sobo a Yɛko Tiae

Wɔ 1947 mu no, meboaa Owura Stein wɔ yɛn asɛm a na wɔredi sɛ yetutu ɔman ase no mu, nea na ɛfa Aimé Boucher ho no. Aimé kyekyɛɛ nkratawa wɔ beae bi a na ɛbɛn ne fie. Wɔ Aimé asɛnni no mu no, yɛdaa no adi sɛ atosɛm biara nni Quebec’s Burning Hate no mu, na mmom, ɛde kasa a emu yɛ den dii dwuma kɛkɛ de kasa tiaa atirimɔdenne a wɔde reyɛ Yehowa Adansefo no. Yɛdaa no adi sɛ wɔmmɔɔ wɔn a wɔyɛɛ saa atirimɔdenne yi sobo biara. Wɔkyeree Aimé esiane sɛ ɔrekyekyɛ nkratawa no kɛkɛ nti. Nea na ɔtemmufo no repɛ akyerɛ ne sɛ: Ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛka nokware!

Quebec asɛnnibea ahorow no gyinaa sɛnea na wɔakyerɛ asɛm “ɔman asetutu” ase bɛyɛ mfirihyia 350 a atwam no so buu obiara a ɔkasa tia aban no sɛ ɔbɔnefo. Duplesssis nso gyee saa nkyerɛkyerɛmu no toom sɛnea ɛbɛyɛ a obi renkasa ntia ne nniso no. Nanso wɔ 1950 mu no, Canada Asɛnnibea Kunini no penee asɛm a yɛkae no so sɛ, wɔ nnɛyi dodow amammu mu no, nea “ɔman asetutu kyerɛ ne sɛ obi bɛkanyan basabasayɛ anaasɛ ɔbɛtew atua atia aban.” Quebec’s Burning Hate anhyɛ adeyɛ a ɛte saa ho nkuran, enti na ɛfata wɔ mmara mu. Nkyerɛkyerɛmu a ɛfata a wɔde mae yi maa ɔman asetutu ho nsɛm 123 no nyinaa baa awiei! Ɛno ne bere a edi kan a mihui sɛ Yehowa ama yɛadi nkonim.

Anohyeto a Yɛko Tiae

Ná Quebec City wɔ mmara bi a ɛbara nhoma a obi bɛkyekyɛ bere a onnyee hokwan mfii polisifo panyin hɔ no. Ná eyi yɛ anohyeto ankasa, enti na etia ɔsom mu ahofadi. Ná wɔde Laurier Saumur a na ɔresom sɛ ɔhwɛfo kwantufo saa bere no ato afiase asram abiɛsa esiane saa mmara yi nti, wogyinaa so bɔɔ no sobo afoforo pii nso.

Wɔ 1947 mu no, yɛde Onua Saumur asɛm no kɔɔ asɛnnibea sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwa mmara a Quebec City no ahyɛ atia Yehowa Adansefo no mu. Quebec asɛnnibea no buu yɛn fɔ, na yɛsan de asɛm no kɔdan Canada Asɛnnibea Kunini no. Wɔ October 1953 mu, bere a Asɛnnibea atemmufo baakron no nyinaa de nnanson dii yɛn asɛm no wiei no, wɔpenee yɛn adesrɛde no so. Asɛnnibea no hui sɛ Bible mu nsɛm a wɔatintim a wɔkyekyɛ wɔ baguam no yɛ Yehowa Adansefo Kristosom fã, ma enti mmara mma kwan sɛ wɔde anohyeto bi bɛba so.

Enti wɔnam Boucher asɛm no so kyerɛɛ sɛ nea Yehowa Adansefo reka no fata wɔ mmara mu; nanso wɔnam Saumur asɛm no so kyerɛɛ ɔkwan a yɛfa so ka ne baabi a yebetumi aka no. Nkonim a yedii wɔ Saumur asɛm no mu no maa wotwaa mmara bɛboro 1,100 a etia yɛn wɔ Quebec no mu. Wotwaa sobo bɛboro 500 nso mu wɔ Montreal esiane sɛ na enni nnyinaso biara nti. Ankyɛ na biribiara to twae—na asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wodi wɔ Quebec bio!

Duplessis Ntua a Etwa To

Esiane sɛ na afei mmara biara nni hɔ a etia Yehowa Adansefo nti, wɔ January 1954 mu no, Duplessis hyɛɛ mmara foforo, Mmara a Ɛto so 38, a nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa ho asɛm sɛ ‘mmara a etia Yehowa Adansefo’ no. Ɛhyɛe sɛ sɛ obi susuw sɛ obi ahyɛ da aka asɛm bi a “ɛkyerɛ animtiaabu anaa atɛnnidi” a, obetumi abɔ onii ko no sobo a ɛho nhia sɛ ɔde adanse bi ma. Sɛ́ aban mmaranimfo panyin no, na Duplessis betumi ahyɛ mmara bi de asiw onipa a wɔabɔ no sobo no kwan sɛ obeyi ne ho ano wɔ baguam. Sɛ na wotumi de mmara yi di nipa biako a, na wobetumi de adi n’asɔre mufo nyinaa nso. Bio nso, wobegye saa asɔre no Bible ne nyamesom nhoma nyinaa asɛe no, na wɔato mmeae a wɔsom no nyinaa mu kosi sɛ wobedi asɛm no awie, ade a na ebegye mfe pii.

Wogyinaa mmara bi a wɔhyɛɛ no afeha a ɛto so 15 mu wɔ Spania Atirimɔden Asɛnni mu wɔ Torquemada nniso ase no so na ɛhyɛɛ Mmara a Ɛto so 38 no. Ná ɛbɛma onipa a wɔabɔ no sobo no ne ne mfɛfo nyinaa ahwere mmara mu hokwan biara a wɔwɔ a ɛho nhia sɛ wɔkyerɛ bɔne a wɔayɛ. Ɛdefa Mmara a Ɛto so 38 ho no, nsɛm ho amanneɛbɔfo bɔɔ amanneɛ sɛ wɔahyɛ ɔmantam no mu polisifo sɛ wɔntoto Yehowa Adansefo Ahenni Asa nyinaa mu, na wonnye wɔn Bible ne nhoma foforo nsɛe no. Esiane ahunahuna a emu yɛ den yi nti, Yehowa Adansefo yiyii wɔn nyamesom nhoma ahorow nyinaa fii ɔmantam no mu. Nanso, wɔde wɔn ankasa Bible a wɔwɔ no toaa wɔn asɛnka adwuma no so.

Wogyee mmara no toom ankasa wɔ January 28, 1954 mu. Wɔ January 29, anɔpa 9.00 no, mekɔɔ asɛnnibea hɔ sɛ merekɔkasa ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ Quebec mantam mu nyinaa de ahwehwɛ ahyɛde a ebesiw saa mmara yi kwan koraa ansa na Duplessis de adi dwuma mpo. Ɔtemmufo no amma hokwan biara efisɛ na wonnya mfaa Mmara a Ɛto so 38 no nnii dwuma. Nanso ɔkae sɛ sɛ aban no bɔ mmɔden sɛ ɔde bedi dwuma a, mensan mmra ne nkyɛn mmɛpɛ mmoa. Nanso, na ɛte sɛ nea ɔtemmufo no de ahyɛde ama no ara, efisɛ sɛ na Duplessis bɔ mmɔden sɛ ɔde saa mmara yi bedi dwuma ara pɛ a, ɔbɛma wagyae!

Dapɛn a edi hɔ no, yɛtwɛn hwɛe sɛ polisifo begyina mmara foforo yi so ayɛ biribi a. Yɛanhu biribiara! Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a ɛte saa no, meyɛɛ biribi de sɔɔ wɔn hwɛe. Yɛmaa akwampaefo baanu, Victoria Dougaluk (a ɔbɛyɛɛ Steele akyiri yi) ne Helen Dougaluk (a ɔbɛyɛɛ Simcox akyiri yi) de nhoma kɔɔ afie afie wɔ Trois-Rivières, Duplessis kurom. Bio no, yɛanhu biribiara. Bere a anuanom mmea no gu so reyɛ adwuma denneennen no, memaa Laurier Saumur frɛɛ ɔmantam no mu polisifo no wɔ telefon so. Bere a wanna ne ho adi no, ɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ Yehowa Adansefo reka asɛm no, na polisifo no nhwɛ mfa Duplessis mmara foforo no nyɛ adwuma.

Ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no de aniwu kae sɛ: “Yiw, yenim sɛ wɔhyɛɛ mmara no; nanso da a edi hɔ no Yehowa Adansefo gyee ahyɛde tiaa yɛn, enti biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ.” Ntɛm ara, yɛsan de yɛn nhoma no baa ɔmantam no mu, na wɔ mfe du a na wogu so redi saa asɛm yi wɔ asɛnnibea no mu no, yɛn asɛnka adwuma no kɔɔ so pɛpɛɛpɛ.

Wɔ ahyɛde a yegyei no akyi no, yɛsan hwehwɛe sɛ yɛbɛma wɔabu Mmara a Ɛto so 38 no sɛ biribi a ennyina ɔman mmara so. Nea ɛbɛyɛ na yɛakyerɛ sɛ Yehowa Adansefo nti na wɔhyɛɛ mmara no, yesii gyinae sɛ yebetu anammɔn a egye akokoduru—yɛde krataa bɛkɔ akɔma Duplessis ankasa de akyerɛ no sɛ ɔmmra asɛnni no ase mfa adanse bi mmɛma. Mibisabisaa no nsɛm nnɔnhwerew abien ne fã. Mekɔɔ so ne no dii anobaabae wɔ ne baguam mpaemuka a ɛne sɛ “wɔnko denneennen ntia Yehowa Adansefo no” ne asɛm a ɔkae sɛ Mmara a Ɛto so 38 no na ɛde Yehowa Adansefo a wɔwɔ Quebec no awiei bɛba no ho. Ɔde abufuw ka kyerɛɛ me sɛ: “Aberante yi, wommu ade koraa!”

Mibuae sɛ: “Owura Duplessis, sɛ suban ho asɛm na yɛreka a, anka me nso menya bi aka akyerɛ wo. Nanso esiane sɛ yɛreka asɛm a ɛho hia nti, mesrɛ sɛ kyerɛkyerɛ nea enti a woamma asɛm a etwa to no ho mmuae no mu kyerɛ asɛnnibea no.”

Wɔ 1964 mu no, mekɔfaa Mmara a Ɛto so 38 no ho asɛm bae wɔ Canada Asɛnnibea Kunini hɔ. Nanso wɔannye antom sɛ ɛyɛ ɔman mmara efisɛ na wonnya mfa nnii dwuma. Nanso, saa bere no, na Duplessis awu, na na obiara nnwen Mmara a Ɛto so 38 no ho bio. Wɔamfa anni dwuma antia Yehowa Adansefo anaa obi foforo biara bio.

Bere tiaa bi ansa na Duplessis rewu wɔ 1959 mu no, Canada asɛnnibea Kunini no hyɛɛ no sɛ ontua sika bi mma Onua Roncarelli sɛ ogyinaa asɛm biara a ɛnyɛ mmara so twaa ne nsatɔn tumi krataa mu no. Efi saa bere no, nnipa a wɔwɔ Quebec no pii ne yɛn ayɛ nnamfo paa. Sɛnea aban kyerɛwtohɔ a ɛfa nnipakan ho kyerɛ no, ɛnnɛ, Adansefo 300 a na wɔwɔ hɔ wɔ 1943 mu no dodow adu 33,000. Ɛnnɛ, wɔka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ nyamesom kuw a ɛto so anan a ɛso sen biara wɔ ɔmantam no mu. Mimmu mmara mu nkonim a Yehowa Adansefo adi ne nkɔso a wɔanya wɔ asɛnka adwuma mu no sɛ biribi a efi nipa mmɔdenbɔ. Mmom no, ama mahu sɛ Yehowa na ɔma nkonimdi no ba, efisɛ ɔno na ɔko no yɛ ne de, na ɛnyɛ yɛn.—2 Beresosɛm 20:15.

Nsakrae a Ɛbaa M’asetram

Wɔ 1954 mu no, mewaree Margaret Biegel, ɔkwampaefo nuonyamfo bi a ofi England, na yɛn nyinaa boom yɛɛ akwampae adwuma no. Mekɔɔ so dii asɛm maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Canada ne United States nyinaa, na mesomee sɛ nsɛm bi mu fotufo wɔ Europa ne Australia. Margaret bɛyɛɛ me kyerɛwfo, na ɔyɛɛ me mmoa a ɛso nni mfe bebree. Wɔ 1984 mu no, me ne Margaret san kɔtraa Canada baa dwumadibea hɔ, na meboa ma wɔsan hyehyɛɛ Mmara Dwumadibea. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ 1987 mu no, kokoram kum Margaret.

Wɔ me maame wu akyi wɔ 1969 mu no, me nuabarima Joe ne ne yere Elsie a na wɔatete wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so akron mu no, de me papa kɔɔ wɔn fie kɔhwɛɛ no kosii sɛ owui wɔ mfe 16 akyi. Bere a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre saa no, ɛma mitumi traa bere nyinaa som adwuma no mu, na mede eyi ho aseda bɛma wɔn bere nyinaa.

Akodi no Kɔ So Ara

Wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, mmara mu akodi a ɛfa Yehowa Adansefo ho no asakra. Ná nsɛm no pii fa yɛn agyapade ho ban a yɛbɛbɔ ne tumi a yebenya de asisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow ho. Ná afoforo nso fa mmofra hwɛ ho nsɛnnennen a na awofo a wɔnyɛ Adansefo nam nyamesom mu kateeyɛ so nya hokwan sɛ wɔn nkutoo bɛhwɛ mmofra no anaasɛ wosiw awofo a wɔyɛ Adansefo kwan sɛ wɔremma wɔnka wɔn som mu gyidi ne nneyɛe a mfaso wɔ so ho asɛm nkyerɛ wɔn ankasa mma no ho.

Amerikani mmaranimfo, Linda Manning, baa Canada baa dwumadibea hɔ wɔ 1989 mu bɛboae wɔ mmara mu nsɛm mu kakra. Wɔ saa afe no November mu no, yɛwaree, na yɛde anigye abom asom fi saa bere no.

Wɔ 1990 mfe no mu no, me ne John Burns a ɔyɛ me yɔnko mmaranimfo wɔ Canada baa dwumadibea ha no kɔɔ Japan kɔboaa yɛn Kristofo anuanom a wɔwɔ hɔ no ma wodii nkonim wɔ ɔman asɛm bi a na ɛfa sukuuni bi a wamfa ne ho anhyɛ ntɔkwasua mu sɛnea ne sukuu hwehwɛ ho no mu. Yedii nkonim wɔ asɛm bi a na ɛfa hokwan a ɔpanyin wɔ sɛ ɔbɛpo mogya a wɔde ma ho nso mu.

Afei, wɔ 1995 ne 1996 mu no, me ne Linda nyaa hokwan kodii asram anum wɔ Singapore esiane Yehowa Adansefo a na wɔabara wɔn wɔ ɔman no mu ne wɔn asɛm a na wɔredi no nti. Meko maa mmarima, mmea, ne mmofra 64 a na wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔakɔ Kristofo nhyiam na wɔwɔ Bible ne nyamesom mu nhoma ahorow no. Yɛanni nsɛm yi mu biara mu nkonim de, nanso yehui sɛ Yehowa hyɛɛ n’asomfo anokwafo den ma wɔde nokwaredi ne anigye kuraa wɔn mudi mu.

M’ani Sɔ Hokwan a Minyae No

Wɔ mfe 80 mu no, m’ani gye sɛ meda so ara wɔ ahoɔden na mitumi kɔ so ara nya kyɛfa wɔ mmara mu ako a Yehowa nkurɔfo di no mu. Mayɛ krado sɛ mɛkɔ asɛnnibea bere nyinaa akɔko ama ade trenee. Ɛyɛ me anigye sɛ mahu sɛ Adansefo a wɔwɔ Canada no dodow akɔ anim fi 4,000 wɔ 1940 mu akodu 111,000 nnɛ. Awo ntoatoaso ba na awo ntoatoaso kɔ, nanso Yehowa kɔ so ma ne nkurɔfo nya nkɔanim daa, na ɔma wonya honhom fam nkɔso.

So mihyia ɔhaw bi? Yiw, nanso Yehowa Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye.” (Yesaia 54:17) Metumi agyina mfirihyia bɛboro 56 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma na ‘mede akasa ama asɛmpa no de asi hɔ mmara kwan so’ no so adi adanse sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no yɛ nokware!—Filipifo 1:7.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Me ne me nuabarima kumaa ne yɛn awofo

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Hayden Covington, mmara ho fotufo

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Me ne Nathan Knorr

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Duplessis a ɔrebu nkotodwe wɔ Ɔsɔfopɔn Villeneuve anim

[Asɛm Fibea]

Photo by W. R. Edwards

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Frank Roncarelli

[Asɛm Fibea]

Courtesy Canada Wide

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Aimé Boucher

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me ne me mfɛfo mmaranimfo John Burns ne me yere Linda

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena