Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w20 February kr. 26-30
  • Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA M’ANI BEGYEE ASƐNKA ADWUMA NO HO
  • YƐSAN KƆƆ QUEBEC CITY KƆYƐƐ AKWAMPAEFO TITIRIW
  • WƆMA YƐKƆYƐƐ AKWANTU ADWUMA
  • AFE TITIRIW
  • YƐKƆƆ ASASESIN FOFORO MU
  • “Ɔko No Nyɛ Wo Ko, Ɛyɛ Onyankopɔn Ko”
    Nyan!—2000
  • Sɛ Wokyerɛ Sɛ Wudwen Afoforo Ho a, Ɛde Nhyira Pii Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Mereyɛ Pii Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Asɛnka Adwuma a Yɛde Hyɛɛ Mmara Ase Wɔ Quebec
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
w20 February kr. 26-30

ASETENAM NSƐM

Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii

LÉONCE CRÉPEAULT ANOM ASƐM

Léonce Crépeault mmeranteberem.

MISUA no, na asɛnka kɔ yɛ me den. Bere a minyinii no, wɔmaa me dwumadi ahorow bi a na mete nka sɛ merentumi nyɛ. Ma menka ebinom a wɔn nhwɛso pa boaa me ma mitumi yii ehu fii me mu ho asɛm nkyerɛ wo; wei ama manya nhyira pii mfe 58 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no.

Wɔwoo me Quebec City. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Canada mantam Quebec mu; wɔka French kasa. M’awofo din de Louis ne Zélia; na wɔn yam ye, na na wɔdɔ me. Ná me papa fɛre ade na na ɔpɛ akenkan nso. Ná m’ani gye akyerɛw ho, na na mepɛ sɛ meyɛ sɛnkyerɛwfo daakye.

Bere a midii mfe 12 no, Rodolphe Soucy ne n’adamfo bɛsraa yɛn wɔ yɛn fie. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ná Rodolphe ne me papa na ɛyɛ adwuma. Ná minnim Adansefo no ho asɛm ahe biara, na na m’ani nhyɛ da nnye wɔn som no ho. Sɛ yebisa asɛm bi a, sɛnea na wɔto wɔn bo ase de Bible yi ano no, na m’ani gye ho. Ná m’awofo nso ani gye ho, enti yɛpenee so sɛ wɔne yɛn nsua Bible.

Saa bere no, na mekɔ Katolekfo sukuu. Ɛwom ara a na me ne me mfɛfo sukuufo bɔ nea na meresua afi Bible mu no ho nkɔmmɔ. Ewiee ase no, akyerɛkyerɛfo a na wɔyɛ asɔfo no tee yɛn nkɔmmɔ no ho asɛm. Sɛ́ anka wɔde Kyerɛwsɛm no bɛbɔ nea mereka no agu no, wɔn mu baako gyinaa sukuufo no nyinaa anim ka kyerɛɛ me sɛ meyɛ otuatewfo! Ɛwom sɛ na ɛyɛ ateetee de, nanso adepa bi fii mu bae, efisɛ ɛboaa me ma mihui sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu mu hɔ no nnyina Bible so. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ migyae saa sukuu no. M’awofo nso penee so ma mekɔɔ sukuu foforo.

SƐNEA M’ANI BEGYEE ASƐNKA ADWUMA NO HO

Metoaa so suaa Bible no, nanso mannya nkɔso papa biara efisɛ na misuro sɛ mɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no. Ná Katolek Asɔre no wɔ tumi paa, enti wɔsɔre tiaa yɛn asɛnka adwuma no denneennen. Maurice Duplessis na na odi Quebec mantam no so; na ɔyɛ aban mu nnipa a ɔtaa asɔre no akyi denneennen. Nkurɔfo a na wɔboa wɔn ho ano teetee Adansefo no na wodi wɔn ani no, na ɔtaa wɔn akyi. Saa bere no, na egye akokoduru paa na obi atumi ayɛ asɛnka adwuma no.

Onua John Rae boaa me ma minyaa akokoduru. Ɔkɔɔ Gilead Sukuu, na na ɔka adesuakuw a ɛto so nkron no ho. Ná John ho akokwaw paa, na odwo, na na ɔbrɛ ne ho ase. Afei nso, na ɔpɛ nnipa. Wanhyɛ da antu me fo de, nanso misuaa nneɛma pii fii ne nhwɛso pa mu. Ná John nte French kasa no papa, enti na metaa ne no kɔ asɛnka, na na meboa no wɔ kasa no mu. Bere a me ne John bɔe no, ɛboaa me ma misii gyinae sɛ mɛyɛ Yehowa Dansefo. Bere a edi kan a me ne Adansefo no hyiae no, mfe du akyi na mebɔɔ asu wɔ May 26, 1951.

Léonce Crépeault ne John Rae ne wɔn nnamfo.

Nhwɛso pa a John Rae (A) yɛe no boaa me (B) ma mitumi nyaa akokoduru de yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no

Ná yɛn asafo a ɛwɔ Quebec City no yɛ asafo ketewa, na na anuanom dodow no ara yɛ akwampaefo. Akwampaefo no nhwɛso pa kaa me ma mebɛyɛɛ ɔkwampaefo. Saa bere no, na yɛde Bible nko ara na ɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no. Esiane sɛ na yɛmfa nhoma biara nkɔ asɛnka nti, na ɛsɛ sɛ yɛde Bible no yɛ adwuma yiye. Enti meyeree me ho suaa kyerɛwsɛm pii a mede bɛkyerɛkyerɛ nokware no. Nanso, Bible biara a na Katolek Asɔre no nnye ntom no, na nnipa pii mpɛ sɛ wɔkenkan.

Afe 1952 no, mewaree Simone Patry; na ɔyɛ onuawa nokwafo a me ne no wɔ asafo mu. Yetu kɔɔ Montreal, na anni afe baako mpo na yɛwoo yɛn babea Lise. Ɛwom, migyaee akwampae adwuma no, ankyɛ biara na yɛwaree, nanso me ne Simone bɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na ama yɛn abusua no atumi ayɛ pii wɔ asafo no mu.

Edii mfe du ansa na meresan asusuw akwampae adwuma no ho. Afe 1962 no, mede bosome baako kɔɔ Ahenni Som Sukuu a wɔyɛ ma asafo mu mpanyimfo wɔ Canada Betel; wɔmaa me ne onua Camille Ouellette daa dan baako mu. Ná Camille wɔ yere ne mma nanso na ɔde nsi ne ahokeka na ɛyɛ asɛnka adwuma no, na ɛno kaa me koma paa. Saa bere no, na ɛntaa nsi sɛ obi bɛtete ne ba na bere koro no ara wasan ayɛ akwampae adwuma. Nanso ɛno na na Camille pɛ sɛ ɔyɛ. Me ne no bɔe kakra no, ɔhyɛɛ me nkuran ma misusuw nneɛma ho yiye. Abosome kakra bi akyi no, mihui sɛ metumi asan ayɛ daa kwampaefo. Ná ebinom nte ase sɛ masi saa gyinae no, nanso mehwɛɛ m’anim na minyaa Yehowa mu ahotoso sɛ, sɛ meyere me ho yɛ asɛnka adwuma no a, obehyira me.

YƐSAN KƆƆ QUEBEC CITY KƆYƐƐ AKWAMPAEFO TITIRIW

Afe 1964 no, wɔmaa me ne Simone kɔyɛɛ akwampaefo titiriw wɔ yɛn kurom, Quebec City. Mfe kakra a edi hɔ no, yɛtenaa hɔ yɛɛ ɔsom adwuma no. Saa bere no, na ɔsɔretia no ano abrɛ ase, nanso na ebinom da so ara sɔre tia yɛn.

Memeneda awia bi wɔkyeree me wɔ Sainte-Marie; ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Quebec City. Polisini bi kyeree me kɔɔ polisifo adwumam de me kɔtoo mu; ná ose minni tumi krataa na menenam nkurɔfo afie mu reka asɛmpa no. Akyiri yi, wɔde me kɔɔ ɔtemmufo bi a wɔfrɛ no Baillargeon anim; na ɔyɛ ahunahuna. Obisaa me sɛ mmaranimfo bɛn na obegyina m’ananmu wɔ asɛnnibea. Mebɔɔ Glen How din; ɔyɛ Ɔdansefo mmaranimfo, na na nkurɔfo nim no yiye. Bere a ɔtee onua yi din no, ehu kaa no ma ɔteɛɛm sɛ: “Ei! Owura yi bio! Dabi!” Saa bere no, na Glen Howa agye din sɛ obi a otwitwa gye Adansefo no wɔ asɛnnibea. Ankyɛ na asɛnnibea no ka kyerɛɛ me sɛ wɔagyae asɛm no mu ama aka.

Sɛnea wɔsɔre tiaa yɛn adwuma no wɔ Quebec no nso ma ɛyɛɛ den sɛ yebenya baabi a ɛfata ahan de ayɛ asafo nhyiam. Asafo ketewaa a yɛwom no, ɔdan a yenyae ara yɛ ɔdan dedaw bi; edu awɔw bere a, na emu tumi yɛ nwini paa. Sɛ awɔw no ba saa a, nea ɛbɛyɛ a yɛn ho bɛyɛ yɛn hyew no, na anuanom sɔ afiri bi a ɛma dan no mu yɛ hyew. Sɛ ɛrebɛka nnɔnhwerew kakra ama nhyiam no afi ase a, na yɛtaa twa afiri no ho hyia ka osuahu de hyehyɛ yɛn ho nkuran.

Sɛ mehwɛ sɛnea asɛnka adwuma no anya nkɔanim no a, ɛma m’ani gye paa. Afe 1960 mu hɔ no, na asafo ahorow a ɛwɔ Quebec City, Côte-Nord mantam, ne Gaspé Peninsula no nnɔɔso koraa, na na adawurubɔfo a wɔwom nso nnɔɔso. Nanso ɛnnɛ, amansin bɛboro mmienu na ɛwɔ saa mmeae yi, na anuanom hyiam wɔ Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ mu.

WƆMA YƐKƆYƐƐ AKWANTU ADWUMA

Léonce Crépeault ne ahwɛfo akwantufo afoforo wɔ nhyiam bi ase wɔ Toronto, Canada afe 1977.

Afe 1977 no, mekɔɔ nhyiam bi a wɔyɛ maa ahwɛfo akwantufo wɔ Toronto, Canada

Wɔmaa me ne Simone kɔyɛɛ ɔmansin adwuma afe 1970. Afei, afe 1973 no, wɔma yɛyɛɛ ɔmantam adwuma. Saa bere no, misuaa nneɛma pii fii anuanom a wɔn ho akokwaw te sɛ Laurier Saumurb ne David Splanec hɔ. Ná wɔn mmienu nyinaa yɛ akwantu adwuma no. Sɛ yɛyɛ nhyiam biara wie a, na me ne David nyinaa, obiara ma ne yɔnko nyansahyɛ a ɛbɛma watumi akyerɛkyerɛ yiye. Mekae sɛ bere bi David ka kyerɛɛ me sɛ: “Léonce, m’ani gyee wo kasa a etwa to no ho. Ná eye, nanso anka metumi de nsɛm a wokae no ama ɔkasa mmiɛnsa!” Sɛ merema ɔkasa a, na metaa ka nsɛm pii dodo. Ná ɛsɛ sɛ misua sɛ mɛma me nsɛm ayɛ ntiantiaa.

Map a ɛkyerɛ Canada nkurow a Léonce Crépeault kɔsom wɔ hɔ: Sainte-Marie, Quebec City, Montreal, ne Toronto.

Meyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ nkurow pii mu wɔ Canada apuei fam

Ná wɔma amantam so ahwɛfo kɔhyɛ amansin so ahwɛfo nkuran. Nanso na adawurubɔfo pii nim me yiye wɔ Quebec. Enti sɛ mekɔsra ɔmansin sohwɛfo bi a, na adawurubɔfo no pɛ sɛ wɔne me kɔ asɛnka. Ɛwom sɛ na me ne wɔn kɔ asɛnka a m’ani gye de, nanso na minnya bere mma ɔmansin sohwɛfo no. Da bi, ɔmansin sohwɛfo bi miaa n’ani kaee me sɛ: “Sɛ wunya bere ma anuanom a, eye, nanso mma wo werɛ mfi sɛ me nti na wowɔ ha nnawɔtwe yi. Me nso mihia nkuranhyɛ!” Afotu pa a ɔde maa me no boaa me paa.

Afe 1976 no, awerɛhosɛm bi a na menhwɛ kwan sii. Me yere Simone a medɔ no yaree paa ma owui. Ná ɔyɛ ɔyere pa efisɛ na ɔwɔ ahofama na na ɔdɔ Yehowa nso. Esiane sɛ meyeree me ho yɛɛ asɛnka adwuma no nti, ɛma mitumi gyinaa awerɛhow no ano, na meda Yehowa ase sɛ saa bere a emu yɛ den no, ɔboaa me. Akyiri yi, mewaree Carolyn Elliott; na ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ nsi, na na ɔka Borɔfo kasa. Ná waba baabi a wohia adawurubɔfo pii wɔ Quebec. Ná Carolyn pɛ nnipa na na odwen afoforo ho ankasa, titiriw, wɔn a wɔfɛre ade ne wɔn a wɔayɛ ankonam. Ɔbɛkaa me ho no, ɔboaa me paa wɔ akwantu adwuma no mu.

AFE TITIRIW

January 1978 no, wɔma me kyerɛɛ ade wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu a edi kan a wɔyɛe wɔ Quebec no. Ná me yam hyehye me paa efisɛ na menkɔɔ sukuu no bi da, na na minhuu nhoma a wɔde kyerɛ ade no nso bi da. Anigyesɛm ne sɛ, akwampaefo a midii kan kyerɛɛ wɔn ade no, na wɔn mu pii ho akokwaw. Ɛwom, me na na mekyerɛ sukuufo no ade, nanso misuaa pii fii wɔn hɔ!

Akyiri yi, afe 1978 no, yɛyɛɛ “Gyidi Nkonimdi” Amanaman Ntam Nhyiam wɔ Montreal Olympic Stadium. Ná ɛno ne nhyiam kɛse paa a yɛayɛ wɔ Quebec; nnipa bɛboro 80,000 na wɔbae. Wɔma meyɛɛ adwuma wɔ Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Dwumadibea. Me ne nsɛnkyerɛwfo pii kasae, na m’ani gyei paa sɛ wɔkyerɛw nneɛma pa pii faa yɛn ho. Wobisabisaa yɛn nsɛm bɛboro nnɔnhwerew 20 wɔ television ne radio so, na wɔkyerɛw yɛn ho nsɛm pii wɔ atesɛm nkrataa mu. Yedii adanse kɛse paa!

YƐKƆƆ ASASESIN FOFORO MU

Nsakrae kɛse bi baa m’asetenam afe 1996. Efi bere a mebɔɔ asu no, Quebec mantam a wɔka French kasa na na mayɛ me som adwuma, nanso afei de na wɔde me rekɔ ɔmantam a wɔka Borɔfo kasa wɔ Toronto. Ná mete nka sɛ merentumi nyɛ, na na misuro sɛ mɛma ɔkasa efisɛ na mente Borɔfo papa. Ná ɛsɛ sɛ mebɔ mpae pii na mede me ho to Yehowa so paa.

Seesei de, metumi aka paa sɛ mfe mmienu a mede somee wɔ Toronto no, m’ani gyei paa. Carolyn nyaa abotare boaa me ma minyaa ahotoso kaa Borɔfo kasa no, na anuanom nso boaa me hyɛɛ me nkuran. Ankyɛ koraa na yenyaa nnamfo pii.

Ɔmansin nhyiam a na yɛyɛ no Memeneda ne Kwasida ho ntotoe ne ɛho nneɛma foforo a na meyɛ da nkyɛn a, na Fida anwummere metaa yɛ afie afie asɛnka bɛyɛ dɔnhwerew baako. Ɛbɛyɛ sɛ na ebinom susuw sɛ, ‘Ade yi, ade rebɛkye ama yɛayɛ nhyiam Memeneda ne Kwasida a adagyew nni mu, worekɔ asɛnka ayɛ dɛn?’ Nanso mihui sɛ, sɛ mede me ho hyɛ asɛnka adwuma no mu a, ɛma m’ani gye paa. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa mpo, sɛ mekɔ asɛnka a, ɛhyɛ me nkuran paa.

Afe 1998 no, wɔde me ne Carolyn kɔɔ Montreal kɔyɛɛ akwampaefo titiriw. Ná meyɛ baguam adansedi soronko bi nso ho nhyehyɛe, na na me ne nsɛm ho amanneɛbɔfo di nkitaho na ama wɔahu sɛ adwene a ɛnteɛ a nkurɔfo anya wɔ Yehowa Adansefo ho no nte saa. Meyɛɛ saa adwuma yi mfe pii. Seesei, me ne Carolyn ani gye ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ ahɔho a wɔatu aba Canada nnansa yi a wɔn ani gye ho sɛ wobesua Bible.

Léonce Crépeault ne ne yere, Carolyn.

Me ne me yere Carolyn

Mede mfe 68 asom Yehowa sɛ ne somfo a wabɔ asu. Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mihu sɛ Yehowa ahyira me paa. Sɛnea m’ani begyee asɛnka adwuma no ho na meboaa nnipa pii ma wobehuu nokware no, ama me koma atɔ me yam paa. Bere a me babea Lise ne ne kunu tetee wɔn mma no, wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo. Sɛ mehwɛ nsi ne ahokeka a Lise de yɛ asɛnka adwuma no a, ɛka me koma paa. Me nuanom Kristofo a wɔnam wɔn nhwɛso pa ne afotu pa so boaa me ma me ne Yehowa adamfofa mu yɛɛ den na mitumi som no akwan horow so no, m’ani sɔ wɔn paa. Mahu sɛ, sɛ yɛsrɛ Yehowa honhom kronkron a, ɛno nko ara ne ade a ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so de nokwaredi ayɛ adwuma biara a wɔde ahyɛ yɛn nsa. (Dw. 51:11) Da biara meda Yehowa ase sɛ wama manya hokwan kɛse de reyi ne din ayɛ!—Dw. 54:6.

a Hwɛ W. Glen How asetenam nsɛm a ɛbaa May 8, 2000 Nyan! mu. Asɛmti no ne, “Ɔko No Nyɛ Wo Ko, Ɛyɛ Onyankopɔn Ko.”

b Hwɛ Laurier Saumur asetenam nsɛm a wɔato din sɛ, “I Found Something Worth Fighting For” (Mihuu Biribi a Na Ɛsom Bo). Ɛbaa November 15, 1976, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu.

c David Splane ka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena