Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 4-7
  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwan a Wotu Kɔ Ɔman Foforo So
  • Abasamtu a Ɛtra Hɔ Daa
  • Sɛnea Ɛka Yɛne Afoforo Abusuabɔ
  • Nkate Ahorow a Ɛde Abasamtu Ba
  • Yiw, Mmusua Betumi Agyina Ano
  • Sɛnea Mmusua Gyina Yare a Enni Sabea Ano
    Nyan!—2000
  • Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bere a Yare a Enni Sabea Ka Abusua Muni Bi
    Nyan!—2000
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 4-7

Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw

DƐN ne yare a enni sabea? Ne tiaa mu no, ɛyɛ yare a ɛtra hɔ bere tenten. Ɔbenfo biako nso kyerɛkyerɛ yare a enni sabea mu sɛ “nea wontumi mfa oprehyɛn anaa aduru biara nsa no bere tiaa bi.” Nea ɛma yare a enni sabea anaa ɔhaw a ɛde ba no haw adwene no nnyina sɛnea yare no te anaa ɔkwan a wɔfa so sa no nkutoo so, na mmom, ɛyɛ yare a ɛsɛ sɛ obi de bere tenten gyina ano.

Afei nso, yare a enni sabea ho haw no nna ɔyarefo no nkutoo so. Motor Neurone Disease—A Family Affair nhoma no ka sɛ: “Nnipa pii na wɔwɔ abusua, ma enti ɛyaw ne awerɛhow a wo [a woyare no] di no ka wɔn a wɔbɛn wo paa no nso.” Ɛna bi a kokoram yɛɛ ne babea di eyi ho adanse. Ɔka sɛ: “Ɔhaw no ka abusua no muni biara, sɛ wogye tom anaasɛ wonnye ntom no.”

Nokwarem no, ɛsono sɛnea ɔhaw no ka abusua no muni biara. Nanso, sɛ abusua no mufo nim sɛnea yare a enni sabea ho haw no ka afoforo no a, ebetumi ama wɔasiesie wɔn ho yiye adi ɔhaw pɔtee a wɔn tebea no de ba ho dwuma. Afei nso, sɛ wɔn a womfi abusua no mu—adwuma mufo, sukuufo, afipamfo, nnamfo—nim ɔhaw a yare a enni sabea no de ba a, wobetumi afi ɔdɔ ne tema mu de mmoa a ɛfata ama. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, momma yɛnhwehwɛ akwan horow bi a yare a enni sabea betumi afa so aka mmusua.

Kwan a Wotu Kɔ Ɔman Foforo So

Yebetumi de abusua a emuni bi wɔ yare a enni sabea no atoto kwan a wotu kɔ ɔman foforo so ho. Ebetumi aba sɛ nneɛma a wobehu no bi wɔ wɔn man mu de, nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛbɛyɛ sɛ nea wonhuu bi da anaasɛ ɛbɛyɛ soronko koraa. Sɛ yare a enni sabea bɔ abusua muni bi a, nneɛma pii bɛkɔ so ayɛ sɛ nea ɛte ara wɔ abusua no mu. Nanso, afoforo bɛsesa koraa.

Nea edi kan no, yare no ankasa a aba no bɛma nneɛma atoto wɔ abusua no mu, na ahyɛ abusua no muni biara ma wayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina nsɛnnennen no ano. Helen, a wadi mfe 14 a ne maame wɔ adwenemhaw a emu yɛ den no di eyi ho adanse. Ɔka sɛ: “Da biara yegyina nea Maame tumi yɛ ne nea ontumi nyɛ so yɛ nhyehyɛe foforo.”

Aduruyɛ no ankasa—a wɔpɛ sɛ wɔde dwudwo yare no ano no—mpo betumi de ɔhaw foforo abrɛ abusua no. Susuw Braam ne Ann a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no nhwɛso no ho. Braam ka sɛ: “Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae da biara esiane aduru a na yɛde yɛ yɛn mma no nti.” Ann kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na yedi akɔneaba wɔ ayaresabea hɔ daa. Afei nso oduruyɛfo no kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mma no nnuan ahorow mpɛn asia da biara na ama wɔanya aduannuru a yare no ama wɔahwere no. Eyi de aduannoa ho nhyehyɛe foforo koraa na ɛbɛtoo me so.” Nea na ɛhaw adwene paa ne boa a na yɛbɛboa mmofra no ma wɔateɛteɛ wɔn apɔw mu sɛnea oduruyɛfo no kyerɛe no. Ann ka sɛ: “Na ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde animia yɛ daa.”

Bere a ɔyarefo no bɔ mmɔden gyina nsɛnnennen,—ne ɛtɔ da a, ɛyaw—ayaresa ne nsɛmmisa a efi oduruyɛfo hɔ ano no, ɛsɛ sɛ ne ho biribiara bɛda abusuafo no so, na wɔboa no ma onya anigye nso. Enti, ɛnyɛ ɔyarefo no honam fam ahiade nko na ɛsɛ sɛ abusua no mufo sua sɛ wɔde bɛma, na mmom ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ nsakrae wɔ wɔn su, sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho, ne wɔn asetram nneɛma ho nso.

Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nyinaa ma abusua no brɛ kɛse. Ɛna bi a na ne babea yare kokoram a wɔagye no ato ayaresabea no si so dua sɛ, ebetumi ayɛ “ɔbrɛ a ɛsen biara.”

Abasamtu a Ɛtra Hɔ Daa

Coping With Chronic Illness—Overcoming Powerlessness ka sɛ: “Yare no a sɛ egyae kakra a na emu asan ayɛ den no de abasamtu ba.” Sɛ ɛba sɛ abusuafo rehu sɛnea wobedi ɔhaw biako so a, na afoforo a ebia emu yɛ den paa nso asɔre. Yare no ano betumi abrɛ ase anaasɛ emu betumi ayɛ den prɛko pɛ, na ebetumi aba sɛ aduru pɔtee bi ntumi nni yare no ho dwuma yiye. Ebia ɛsɛ sɛ wɔsesa aduru no bere ne bere mu anaasɛ ebia ebetumi mpo akɔfa ɔhaw a wɔnhwɛ kwan aba. Bere a ɔyarefo no ho biribiara asan abɛda abusua a asɛm ato wɔn no so koraa no, wɔkae ɔhaw a wɔatumi adi so dedaw no bio.

Esiane sɛ yare pii ne ɛho nnuruyɛ yɛ nea wontumi nhu nea ebefi mu aba nti, ɛma nsɛmmisa a ɛte sɛ eyi sɔre: Bere bɛn na ɔhaw yi to betwa? Yare no mu bɛyɛ den akodu he? Eyi bɛhaw yɛn akosi bere bɛn? Owuyare taa ma asɛmmisa a wonhu ano yi sɔre—“Bere bɛn na nipa no bewu?”

Yare no, nnuru a wɔde sa, ɔbrɛ, ne abasamtu, de ɔhaw foforo a wɔnhwɛ kwan koraa ba.

Sɛnea Ɛka Yɛne Afoforo Abusuabɔ

Kathleen a ne kunu nyaa adwenemhaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ medi ankonamyɛ so.” Ɔtoa so sɛ: “Na tebea no mu yɛ den, efisɛ na yentumi nkɔsra afoforo, na na wɔn nso ntumi mmɛsra yɛn. Awiei koraa no, na yentumi ne afoforo mmɔ bio.” Te sɛ Kathleen no, ebinom ahonim haw wɔn sɛ wontumi nto nsa mfrɛ afoforo anaasɛ wɔn mmom ntumi nkɔsra afoforo. Adɛn nti na etumi ba saa?

Yare no ankasa ne ɔhaw a ayaresa no de ba no ma ɛyɛ den sɛ obi ne afoforo benya ayɔnkofa. Ebia abusua no ne ɔyarefo no nyinaa besusuw sɛ ɛmfata sɛ wɔde yare no kɔ nnipa mu, anaasɛ ebia wobesusuw sɛ ɛbɛma nkurɔfo aserew wɔn. Adwennwen ntraso betumi ama ɔyarefo no ate nka sɛ ɛmfata sɛ ɔka kɔ ne kan nnamfonom ho, anaasɛ ebia abusua no rennya akokoduru a ɛbɛma wɔne afoforo abɔ fekuw. Esiane ntease ahorow bi nti, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yare a enni sabea bɛma abusuafo no nyinaa ako wɔn ho.

Afei nso, ɛnyɛ obiara na obetumi ahu nea ɛsɛ sɛ ɔka ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade bere a wakɔhwɛ ɔyarefo bi no. (Hwɛ adaka mu asɛm “Sɛnea Wubetumi Aboa,” a ɛwɔ kratafa 11 no.) Ann ka sɛ: “Sɛ wo ba no nneyɛe yɛ soronko wɔ mmofra afoforo ho a, ɛma nnipa pii hwɛ wo keka wo ho nsɛm a ɛmfata. Sɛ ɛba saa a, wode yare no ho asodi bɛto wo so, na nsɛm a wɔkeka no ma wohaw kɛse.” Nea Ann ka no twe adwene si ɔhaw foforo a mmusua betumi ahyia so.

Nkate Ahorow a Ɛde Abasamtu Ba

Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Sɛ wɔka yare no ho asɛm kyerɛ mmusua bi a, ɛde akomatu, adwennwen ne abasamtu brɛ wɔn. Ebu abam yiye.” Yiw, ebetumi ayɛ abasamtu sɛ wubehu sɛ obi a wodɔ no anya yare a ebetumi akum no anaasɛ ɛbɛsɛe n’akwahosan. Ebia abusua no bɛte nka sɛ wɔn anidaso asa, na wɔahwere biribiara, ma enti wɔadi awerɛhow pii.

Nokwarem no, mmusua pii a wɔakɔ so adi awerɛhow kɛse esiane yare bi a ɛhaw emuni bi a wonhu nea ɛde ba no, sɛ wohu yare ko no a, etumi ma wonya ahotɔ kakra. Nanso mmusua binom nso di tebea no ho dwuma ɔkwan foforo so. Ɛna bi a ɔwɔ South Africa ka sɛ: “Bere a awiei koraa no wɔkaa yare ko a ɛhaw yɛn ba no kyerɛɛ yɛn no, ɛhaw yɛn ankasa, na nokwarem no, sɛ yɛante mpo a anka ɛyɛ.”

A Special Child in the Family—Living With Your Sick or Disabled Child nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛte biara no, wubedi yaw . . . bere a worebɔ mmɔden sɛ wubegyina ɔhaw foforo a aba ano no. Ɛtɔ da a, adwennwen no tumi bunkam wo so araa ma wote nka mpo sɛ wuntumi nnyina ano.” Diana Kimpton, a ɔkyerɛw nhoma no, a ne mmabarima baanu nyaa yare bi a etumi ma obi akitegya ho ka no ka sɛ: “Ehu ne awerɛhow hyɛɛ me so araa ma na mintumi nyɛ hwee bio.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmusua no bɛbɔ hu—nim a wonnim nea ebefi mu aba no ho hu, yare no ankasa ho hu, ayaresa no ho hu, ɔbrɛ ho suro, ne owu ho suro. Mmofra paa na ehu taa ka wɔn—ɛnkanka sɛ wɔantumi amfa nea asi no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata amma wɔn a.

Abufuw nso taa ba. South Africa nsɛmma nhoma TLC kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔyarefo no bo taa fuw n’abusua no mufo.” Abusuafo no nso bo fuw—wɔn bo fuw nnuruyɛfo, sɛ wɔanhu yare no ntɛm, wɔn bo fuw wɔn ankasa ho, sɛ wɔde yare no woo wɔn busuani no, wɔn bo fuw ɔyarefo no, sɛ wanhwɛ ne ho so yiye, wɔn bo fuw Satan Ɔbonsam, sɛ wama ɔhaw a ɛte saa aba, anaasɛ Onyankopɔn mpo, sɛ ɔmaa yare no ho kwan. Nea yare a enni sabea taa de ba nso ne afoforo ahonim a ebu wɔn fɔ. Children With Cancer—A Comprehensive Reference Guide for Parents nhoma no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ abofra biara a ɔyare kokoram no awofo ne ne nuanom ahonim bu wɔn fɔ.”

Adwennwen a ɛte saa de adwenemhaw—nea emu yɛ den anaa nea emu nyɛ den—ba. Nhwehwɛmufo bi kyerɛw sɛ: “Mpɛn pii no, adwenemhaw ne ade titiriw a ɛtaa ba. Me nsa aka nkrataa pii a nkurɔfo akyerɛw a edi eyi ho adanse.”

Yiw, Mmusua Betumi Agyina Ano

Anigyesɛm ne sɛ, mmusua pii ahu sɛ tebea a ɛte saa ano a wobegyina no nyɛ den ankasa te sɛ nea na wosusuw no. Diana Kimpton ka sɛ: “Nneɛma a wodwennwen ho no betumi ayɛ hu sen nea ɛbɛba ankasa no koraa.” Ogyinaa nankasa suahu so kae sɛ “sɛ wɔka yare no kyerɛ wo bere a edi kan a, ɛmma wunnya daakye ho anidaso pa biara.” Nya awerɛhyem sɛ mmusua binom atumi adi yare a enni sabea a wɔde toto kwan a wotu kɔ ɔman foforo so ho no so nkonim ma enti wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Hu a nnipa pii ahu kɛkɛ sɛ afoforo atumi agyina ano no ara ama wɔanya anidaso.

Nanso, ebia abusua bi betumi abisa sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw no ano?’ Yɛbɛka sɛnea mmusua bi atumi agyina yare a enni sabea ano ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ehia sɛ abusua no hwɛ ɔyarefo no na wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn su, wɔn nkate, ne wɔn asetra mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ɔyarefo no ne abusuafo no nyinaa bɛhaw kɛse

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Mpa Abaw. Mmusua afoforo atumi agyina ano, saa ara na wo nso wubetumi agyina ano

[Adaka wɔ kratafa 7]

Yare a Enni Sabea Ho Haw Ahorow Bi

• Yare no ho nimdeɛ a wobenya ne sɛnea wobegyina ano

• Obi asetra ne nea ɔyɛ daa a ɔbɛsakra

• Nsakrae a aba wɔ wo ne afoforo abusuabɔ mu a wubegyina ano

• Sɛnea nneɛma te a wubegye atom na woadi so

• Nneɛma a yare no ama woahwere a wubedi ho yaw

• Dadwen ntraso ano a wubegyina

• Adwempa a ɛsɛ sɛ wunya

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena