Sɛnea Mmusua Gyina Yare a Enni Sabea Ano
SƐ WUBEGYINA ɔhaw bi ano no kyerɛ sɛ “wode mmɔdenbɔ ne anidahɔ bedi ɔhaw bi ho dwuma.” (Taber’s Cyclopedic Medical Dictionary) Ɛkyerɛ sɛ wubenya ahosodi na wode anigye agyina yare a enni sabea ho nsɛnnennen no ano. Na esiane sɛ yare a enni sabea ho haw no da abusua mu no nyinaa so nti, ɛsɛ sɛ abusua no muni biara fi ɔdɔ ne nokwaredi mu boa na ama abusua no atumi adi ɔhaw no ho dwuma yiye. Momma yensusuw akwan ahorow a mmusua fa so gyina yare a enni sabea ano no bi ho.
Sɛnea Nimdeɛ Ho Hia
Ebia yare a abɔ abusua no muni bi no ntumi mfi hɔ koraa de, nanso hu a abusua no behu sɛnea wobegyina ano no bɛboa ma wɔanya yare no ho adwempa. Eyi ne tete abebusɛm yi hyia sɛ: “Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden.” (Mmebusɛm 24:5) Ɛbɛyɛ dɛn na abusua bi atumi anya nimdeɛ a wɔde begyina ɔhaw no ano?
Nea edi kan ne sɛ wobenya oduruyɛfo a ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ na waboa wɔn, nea ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye bere akyerɛkyerɛ biribiara mu yiye akyerɛ ɔyarefo no ne abusua no. A Special Child in the Family nhoma no ka sɛ: “Oduruyɛfo a ɔfata no ne obi a odwen abusua no ho na ne ho akokwaw wɔ ayaresa mu.”
Nea edi hɔ ne sɛ wubebisa oduruyɛfo no nsɛm pɔtee bi na ama woatumi ahu sɛnea yare no te ankasa. Nanso, kae sɛ sɛ wo ne oduruyɛfo no rekasa a, wo ho betumi apere wo ma wo werɛ afi nea wopɛ sɛ woka no. Nyansahyɛ biako a ebetumi aboa ne sɛ wobɛkyerɛw nsɛmmisa ahorow no ato hɔ. Ɛnkanka ne sɛ ebia wopɛ sɛ wuhu nea ebefi yare no mu aba ne ɔkwan a wɔfa so sa ne sɛnea wobɛyɛ wɔ ho.—Hwɛ adaka “Nsɛm a Abusua no Betumi Abisa Oduruyɛfo No.”
Ehia paa sɛ wobɛka yare no ho nokwasɛm biara akyerɛ ɔyarefo no nuanom. Ɛna bi de nyansahyɛ yi ma sɛ: “Kyerɛkyerɛ nea asi fi bere tenten no mu. Sɛ wɔante nea ɛrekɔ so no ase a, ebetumi ama wɔate nka sɛ wɔayi wɔn afi abusua no mu.”
Mmusua bi nso tumi nya mmoa denam nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ wɔn hɔnom nhomakorabea, nhomatɔnbea, anaasɛ ntanɛt so—na wɔtaa nya yare pɔtee bi ho nsɛm pii.
Asetra Ho Anigye a Wubetumi Anya
Ɛyɛ awosu sɛ abusua no muni biara bɛboa ma nea ɔyare no anya asetra ho anigye. Fa Neil du Toit a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no sɛ nhwɛso. Ne yare no ho asɛm da so ara haw no. Nanso, wɔ ɔsram biara mu no, ɔde nnɔnhwerew bɛyɛ 70 yɛ adwuma a n’ani gye ho paa no—sɛ́ ɔbɛka n’anidaso a egyina Bible so ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a wɔte ne mpɔtam hɔ no. Ɔka sɛ: “Bible mu ɔkasa a mema wɔ asafo no mu no nso ma minya abotɔyam.”
Asetra ho anigye a obi benya no nso kyerɛ sɛ ɔbɛdɔ afoforo na afoforo nso adɔ no, ɔde ne ho bɛhyɛ anigyede mu na wanya anidaso. Ɛsɛ sɛ ayarefo no nya anigye wɔ asetram sɛnea wɔn akwahosan ma kwan biara. Agya bi a n’abusua de bɛboro mfe 25 agyina yare bi ano kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn ani gye ho sɛ yebepue, nanso esiane me babarima no yare nti, yentumi mpue nkodi agoru. Enti yedi agoru no wɔ ɔkwan foforo so. Yɛkɔ mmeae foforo a ɛhɔ kɔ nyɛ den kodi agoru.”
Yiw, ɛsɛ sɛ ayarefo no de wɔn ho hyɛ dwumadi bi a ɛboa ma wonya anigye wɔ asetram mu. Ayarefo pii betumi akɔhwehwɛ mmeae a ɛyɛ fɛ na wɔakotie nnwom, ne nyinaa gyina sɛnea yare no te so. Dodow a wotumi de wɔn ho hyɛ asetra mu dwumadi ahorow mu no, dodow no ara na wotumi nya asetra ho anigye sɛnea ɛsɛ.
Nkate Bɔne a Wubedi So
Nea ɛboa ma obi tumi gyina ɔhaw ano paa ne sɛ obehu sɛnea obedi nkate bɔne ho dwuma. Emu biako ne abufuw. Bible mpo kyerɛ sɛ obi bo betumi afuw. Nanso, ɛka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnsianka abufuw.’ (Mmebusɛm 14:29) Dɛn nti na nyansa wom sɛ wubedi abufuw so? Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, abufuw “betumi apira wo, na ebetumi ama woanya nitan anaasɛ ɛbɛma woaka nsɛm bi a enye a akyiri yi ɛbɛma woanu wo ho.” Abufuhyew a obi da no adi bere tiaa bi mu mpo betumi asɛe nneɛma pii.
Bible hyɛ nyansa sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abubuw so.” (Efesofo 4:26) Nokwarem no, yentumi nsianka owia a ɛrekɔtɔ no. Nanso, yebetumi asianka yɛn “abufuw” ntɛm na amfa ɔhaw ammrɛ yɛne afoforo. Wubetumi adi nneɛma ho dwuma yiye koraa bere a wo bo adwo no.
Te sɛ abusua biara mu no, ɔhaw a ɛwɔ w’abusua mu no so betumi atew. Nnipa pii hu sɛ sɛ wotumi nya afoforo mu awerɛhyem anaa obi nya tema ma wɔn a, ɛma wotumi gyina ɔhaw no ano. Saa na ɛbae wɔ Kathleen fam. Nea edi kan no, ɔhwɛɛ ne maame a na kokoram ayɛ no no, na afei, ɔhwɛɛ ne kunu a na wanya adwenemhaw a na emu yɛ den na akyiri yi onyaa Alzheimer yare no. Ɔka sɛ: “Na minya akomatɔyam ne awerɛkyekye bere a me ne nnamfo a wosusuw me ho kasa no.” Rosemary, a ɔde mfe abien hwɛɛ ne maame no nso ka saa ara. Ɔka sɛ: “Adamfo pa a na me ne no susuw nsɛm ho no hyɛɛ me den.”
Nanso, mma ɛnnhaw wo bere a worekasa a na woresu no. A Special Child in the Family nhoma no ka sɛ: “Esu ma adwennwen ne ɛyaw so tew, na etumi ma wugyina amanehunu no ano.a
Nya Ahotoso
Ɔhene Salomo onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Ahotoso betumi awowaw wo ɔyarepa so.” (Mmebusɛm 18:14, Today’s English Version) Nhwehwɛmufo ahu nnansa yi sɛ anidaso a ayarefo no wɔ—sɛ ɛyɛ bɔne anaa papa no—taa nya nkɛntɛnso wɔ ayaresa a wɔde ma wɔn no so. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na abusua bi atumi anya ahotoso bere a yare a enni sabea abɔ emuni bi no?
Ɛwom sɛ mmusua bi ntumi mmu wɔn ani ngu yare no so de, nanso sɛ wɔde wɔn adwene si nneɛma a wobetumi ayɛ nkutoo so a, ɛbɛboa kɛse. Agya bi ka sɛ: “Yare no betumi ama w’abam abu ankasa, nanso ɛsɛ sɛ wuhu sɛ woda so ara wɔ pii yɛ. Wowɔ nkwa, woda so ara ka abusua no ho, na wo nnamfo nso da so dɔ wo.”
Ɛwom sɛ yentumi mmu yare a enni sabea no adewa de, nanso anigye koma a yebenya no betumi ama yɛanya nneɛma ho adwempa. Anigye koma a na Du Toit abusua no wɔ no si eyi so dua. Neil du Toit nuabea kumaa Collette kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ yetumi gyina ɔhaw ahorow bi ano nti, yetumi serew bere a asɛm bi a ebetumi ahaw afoforo sɔre no. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn adwennwen so tew.” Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ “anigye koma ma ahoɔden.”—Mmebusɛm 17:22.
Honhom Fam Nneɛma a Ehia Paa No
Nea ehia paa na ama Kristofo adi yiye wɔ honhom mu no bi ne sɛ ‘wɔbɛma wɔn mpaebɔ ne wɔn adesrɛ adu Onyankopɔn asom.’ Bible no ka nea ebefi mu aba ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Ɛna bi a ɔde bɛyɛ mfe 30 hwɛɛ ne mma baanu a na wɔyare no kae sɛ: “Yɛahu sɛ Yehowa ma wutumi gyina ɔhaw no ano. Ɔwowaw wo ankasa.”
Afei nso, Bible bɔhyɛ a ɛfa paradise a ɛyaw ne amanehunu nnim ho no hyɛ afoforo pii den. (Adiyisɛm 21:3, 4) Braam ka sɛ: “Esiane yare a enni sabea a abɔ yɛn abusua no mufo binom nti, ɛma yɛte Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛse ‘apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom’ no ase yiye.” Te sɛ afoforo pii no, Du Toit abusua no hwɛ bere a Paradise bɛba a “obiara renka sɛ magurow!” no kwan denneennen.—Yesaia 33:24; 35:6.
Nya abotɔyam. Ɛyaw ne amanehunu a ɛrehaw adesamma no ankasa di adanse pefee sɛ asetra pa bi bɛba nnansa yi ara. (Luka 21:7, 10, 11) Nanso enkosi saa bere no, ayarehwɛfo ne ayarefo pii betumi adi adanse sɛ Yehowa yɛ “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” ampa.—2 Korintofo 1:3, 4.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ adwennwen a yare de ba ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ asɛm “Ayarefo a Wɔhwɛ Wɔn—Asɛnnennen No Ano a Wobegyina” a ɛwɔ February 8, 1997, Nyan!, nkratafa 3-13 no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]
Nsɛm a Abusua no Betumi Abisa Oduruyɛfo No
• Ɔkwan bɛn na yare no fa so ba, na ɔhaw bɛn na ɛde ba?
• Dɛn na ɛbɛma woahu sɛ aba, na ɔkwan bɛn na wɔfa so sa?
• Nnuru foforo bɛn na wotumi de sa?
• Ɔhaw bɛn na ɛwɔ akwan a wɔfa so sa no mu, na ɛso mfaso nso ne dɛn?
• Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama yare no ano abrɛ ase, na dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]
Sɛnea Wubetumi Aboa
Ɛyɛ a ebinom mpɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsra abusua a emuni bi yare na wɔakɔboa wɔn efisɛ wonnim nea wɔbɛka anaa nea wɔbɛyɛ wɔ asɛm a aba no ho. Afoforo nso bɛpere wɔn ho ma enti nea ebia wosusuw sɛ wɔka a ɛbɛboa abusua no betumi ahaw wɔn mmom. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi de mmoa ama abusua a emuni bi wɔ yare a enni sabea na bere koro no ara ɔmfa ne ho nhyehyɛ wɔn kokoam nsɛm mu?
Da tema adi bere a woretie wɔn no. Yakobo 1:19 ka sɛ: ‘Monyɛ ntɛm ntie.’ Kyerɛ sɛ wodwen abusua no mufo ho denam aso a wobɛyɛ bere a wɔreka nea ɛhaw wɔn no so. Sɛ wohu sɛ wowɔ ‘tema’ a, wɔn ani begye ho kɛse sɛ wɔbɛka nea ɛhaw wɔn no akyerɛ wo. (1 Petro 3:8) Nanso, kae sɛ ɛsono sɛnea obiara anaa abusua biara te nka wɔ yare a enni sabea ho. Kathleen a ɔhwɛɛ ne maame a ɔyare na akyiri yi ɔhwɛɛ ne kunu no ka sɛ: “Hwɛ hu sɛ wunim yare no anaa tebea no ho asɛm nyinaa ansa na wode afotu ama.” (Mmebusɛm 10:19) Kae nso sɛ, bere a wunim yare no ho asɛm nyinaa mpo no, ebia na ɔyarefo no ne n’abusua no ani nnye afotu a wopɛ sɛ wode ma wɔn no ho.
Fa mmoa a mfaso wɔ so ma. Bere a wunim ankasa sɛ ɛnsɛ sɛ wode wo ho hyehyɛ abusua no kokoam nsɛm mu no, ɛsɛ sɛ woboa wɔn bere a wohia mmoa ankasa no. (1 Korintofo 10:24) Braam, a yɛafa n’asɛm pii aka wɔ asɛm yi mu no ka sɛ: “Mmoa a yɛn mfɛfo Kristofo de maa yɛn no kyɛn so. Sɛ nhwɛso no, bere a Michelle yare no mu yɛɛ den a na yɛda ne ho wɔ ayaresabea no, na bere nyinaa yenya nnamfo baanan kosi asia ma wɔtra yɛn nkyɛn kosi anadwo. Bere biara a na yehia mmoa no, na wɔboa yɛn.” Braam yere Ann de ka ho sɛ: “Saa bere no na awɔw wom yiye, nanso wɔ dapɛn abien no nyinaa mu no, na wɔyɛ nkwan foforo brɛ yɛn da biara. Yɛn ani gyee nkwan pa ne ɔdɔ a emu yɛ hyew a na wɔma yenya no ho.”
Ɛne wɔn mmom mmɔ mpae. Ɛtɔ mmere bi a, wuntumi nyɛ biribi titiriw biara. Nanso, sɛ yɛne ayarefo no ne wɔn mmusua kenkan Kyerɛwnsɛm kakra ne wɔn bom bɔ mpae a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ahyɛ wɔn den kɛse. (Yakobo 5:16) Nicolas, a wadi mfe 18 a na ne maame wɔ adwenemhaw no ka sɛ: “Mmu mpae a wobɛbɔ ama obi a ɔyare ne n’abusua—anaa wɔne wɔn bɛbom abɔ—no, adewa.”
Yiw, mmoa a ɛfata a wɔde bɛma mmusua a emuni bi wɔ yare a enni sabea no betumi aboa wɔn ma wɔagyina dadwen no ano. Bible no ka no saa kwan yi so sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]
Bere a Ɔyare Bi Bɛkɔ Akowie Owu Mu
Ɛtɔ da a, mmusua bi mpɛ sɛ wobesusuw wɔn dɔfo bi a ɔyare a obetumi awu ho. Nanso, Caring—How to Cope nhoma no ka sɛ, “sɛ wuhu nea ebesi ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ho a, ɛremma wonhaw pii.” Ɛwom sɛ ɛsono mmara ne amammerɛ a ɛwɔ ɔman biara mu de, nanso abusua bi a wɔrehwɛ wɔn dɔfo bi a wɔhwɛ a obewu no betumi adi nyansahyɛ a edidi so yi akyi.
Nea Ɛsɛ sɛ Wudi Kan Yɛ
1. Ma oduruyɛfo no nkyerɛ wo nea ebetumi asi bere a onipa no reyɛ awu ne nea ɛkɔba sɛ onipa no wu anadwo a, ɛsɛ sɛ woyɛ no.
2. Kyerɛw wɔn a ɛsɛ sɛ woka owu no ho asɛm kyerɛ wɔn din.
3. Susuw ɔkwan a wobɛfa so ayɛ ayi no ho:
• Ɔkwan bɛn na ɔyarefo no pɛ sɛ wofa so yɛ ayi no?
• Ɔpɛ sɛ wosie no anaasɛ wɔhyew no? Susuw bo a wɔn a wɔwɔ ayiyɛ ho nimdeɛ mu biara begye ho.
• Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi no? Ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ bere a obiara betumi aba.
• Hena na obedi ayiyɛ no anim anaasɛ ɔbɛma ayi ase kasa no?
• Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi no?
4. Sɛ ɔyarefo no ada mpo a, obetumi ate nea woreka anaasɛ woreyɛ no. Hwɛ yiye na woanka biribiara a wompɛ sɛ ɔyarefo no te saa bere no. Ɛsɛ sɛ wohyɛ no nkuran denam kasadɛ a wobɛka ne ne nsa a wubeso mu so.
Sɛ Nea Wodɔ No no Wu A
Eyi ne nneɛma bi a afoforo betumi ayɛ de aboa abusua no:
1. Ma abusua no kwan ma wonnya bere a ɛsɛ mfa nsusuw owu no ho.
2. Wo ne abusua no mmom mmɔ mpae.
3. Bere a ɛfata no, abusua no bɛpɛ sɛ woyɛ nneɛma te sɛ nea edidi so yi boa wɔn:
• Oduruyɛfo a ɔbɛyɛ owu no ho krataa na ɔde ne nsa ahyɛ ase.
• Obi a ɔwɔ ayiyɛ ho nimdeɛ, friigye a wɔde funu no bɛhyɛ mu, anaa obi a ɔhyew funu no.
• Abusuafo ne nnamfo. (Wubetumi de anifere aka biribi te sɛ eyi: “[Yarefo no din] nti na merefrɛ wo wɔ telefon so yi. Ɛhaw me sɛ mereka awerɛhosɛm yi akyerɛ wo. Sɛnea wunim no, [yare ko] akɔ so ahaw no bere tenten bi ni, na nea afi mu aba ne sɛ wawu [bere ne faako a owui].)
• Sɛ ɛho hia a, ma wɔmfa owu no ho asɛm nkɔ atesɛm krataa mu.
4. Ebia abusua no bɛpɛ sɛ obi bɛboa wɔn ma wosusuw ayiyɛ no ho.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Ɛsɛ sɛ abusua no mufo bɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya asetra ho anigye a ɛfata
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Abusua no mufo a wɔne wɔn bɛbom abɔ mpae no betumi aboa ma wɔagyina ɔhaw no ano