Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?
NYA awerɛhyem sɛ sɛnea wote nka no fata na ɛyɛ ne kwan so. Ɛwom sɛ yare no anaasɛ dɛmdi no anya aba de, nanso ɛbɛyɛ den sɛ wubegye nea ato wo no atom. Ebetumi ayɛ sɛ nea wo ne wo yare no redi asi wɔ sɛnea na wote bere bi ne nea ato wo nnɛ no ho. Na seesei de ɛte sɛ nea yare no adi wo so nkonim. Nanso, wubetumi ama tebea no asesa. Ɔkwan bɛn so?
Ɔbenfo Kitty Stein ka sɛ: “Sɛ yare bi bɛma woadi dɛm de, fanyinam owu.” Enti, sɛ wohwere biribi a ɛsom bo kɛse te sɛ w’akwahosan a, sɛnea ɛte biara no, wubedi awerɛhow asu te sɛ nea wo dɔfo bi awu ara pɛ. Nokwarem no, ɛnyɛ w’akwahosan nkutoo na wohwere. Sɛnea ɔbea bi kyerɛkyerɛɛ mu ni “Na ɛsɛ sɛ migyae m’adwuma. . . . Na afei de ɛsɛ sɛ medan afoforo.” Sɛ ɛba saa mpo a, nya adehwere no ho adwempa. Ɔbenfo Stein a ɔno ankasa fa bi adwudwo no ka bio sɛ: “Ɛsɛ sɛ wudi nea ato wo no ho awerɛhow, nanso ɛsɛ sɛ wote ase sɛ w’anidaso nsae.” Nokwarem no, sɛ awerɛhodi no twam a, wuhu sɛ nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Ade biako ne sɛ wubetumi ayɛ nsakrae.
Hyɛn mu dwumayɛni ntumi mma ahum a ɛretu no nnyae, nanso obetumi adannan hyɛn no ma atumi agyina ahum no ano. Saa ara na wuntumi nyi yare a abɔ wo no mfi hɔ, nanso wubetumi agyina ano denam wo ho a wubesiesie ama honam ne nkate fam ‘haw’ a ato wo no so. Dɛn na aboa wɔn a wɔwɔ yare a enni sabea ma wɔagyina wɔn haw no ano?
Hu Sɛnea Wo Yare no Te
Sɛ wɔka nnipa pii yare ho asɛm kyerɛ wɔn mfiase no a, wɔbɛte nka sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔahu nokwasɛm a ɛnyɛ dɛ no sen sɛ anka wonhu yare ko no nanso ɛho hu hyɛ wɔn so. Ɛwom sɛ ehu betumi ahyɛ wo so de, nanso nea ato wo no a wubehu no betumi aboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ—na ɛno betumi anya wo so nkɛntɛnso pa. Oduruyɛfo David Spiegel a ɔwɔ Stanford Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Hwɛ sɛnea wo ho bɛsan wo, sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so adi nea ɛrehaw wo no ho dwuma a. Sɛ wudi kan susuw nea wobɛyɛ ho a, ɛma wo ho tumi san wo.”
Ebia wopɛ sɛ wuhu pii fa wo tebea no ho. Sɛnea Bible abebusɛm bi ka no, ‘onipa a onim nyansa no wɔ tumi.’ (Mmebusɛm 24:5) Ɔbarima bi a yare ama waka mpa mu tu fo sɛ: “Hwehwɛ nhoma fi nhomakorabea. Sua wo yare no ho ade pii sɛnea wubetumi.” Bere a wusua akwan a wɔfa so sa yare no ne sɛnea wubetumi agyina ano ho ade no, wubetumi ahu sɛ ebia wo tebea no nyɛ hu sɛnea na wususuw no. Wubetumi ahwɛ biribi pa mpo kwan.
Nanso, wo yare no ho ntease a wubenya no nyɛ wo botae a etwa to. Oduruyɛfo Spiegel kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛho nsɛm a wohwehwɛ no yɛ ade titiriw a ɛma wunya wo yare no ho ntease, na wunya ho adwempa.” Egye bere ansa na woatumi agye atom sɛ yare no ama w’asetra asakra nanso anidaso bi wɔ hɔ. Nanso, adeyɛ yi—sɛ wubenya wo yare no ho ntease na woagye atom no—yɛ biribi a wubetumi ayɛ. Ɔkwan bɛn so?
Wo Yare no a Wubegye Atom
Ɛsɛ sɛ wunya ntease foforo wɔ gye a wubegye atom sɛ woyare no ho. Anyɛ yiye koraa no, gye a wubegye atom sɛ woyare no nkyerɛ sɛ woadi nkogu, sɛnea gye a hyɛn mu dwumayɛni bi begye atom sɛ ahum rebɔ ne hyɛn no nkyerɛ sɛ wadi nkogu no. Mmom no, gye a obegye atom sɛ ahum rebɔ no bɛboa no ma wayɛ ho biribi. Saa ara na gye a wubegye wo yare no atom no nkyerɛ sɛ woadi nkogu, na mmom sɛnea ɔbea bi a ɔwɔ yare a enni sabea kyerɛe no, “woakɔ tebea foforo bi mu kɛkɛ.”
Sɛ yare no ama w’ahoɔden so atew mpo a, ɛsɛ sɛ wokae sɛ woda so ara wɔ adwene, nkate ne honhom fam ahoɔden. Sɛ nhwɛso no, so wutumi de w’adwene di dwuma yɛ biribi ho nhyehyɛe ma edi mu? Ebia woda so ara yɛ obi a wopɛ serew, wudwen afoforo ho, wutie afoforo na woyɛ yɔnko pa. Na nea ɛkyɛn ne nyinaa no, woda so ara wɔ Onyankopɔn mu gyidi.
Afei nso, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛwom sɛ wuntumi nsesa wo tebea no koraa de, nanso, wubetumi ayɛ ho biribi ma ayɛ yiye. Irene Pollin a ɔwɔ Ɔman Kokoram Asuae no ka sɛ: “Wo na ɛwɔ wo nsam sɛ woyɛ wo yare no ho biribi. Wowɔ saa tumi no ɛmfa ho sɛnea wo yare no te biara.” Helen, ɔbea bi a wadi mfe 70 a ne fa adwudwo no ka sɛ: “Ɛnyɛ wo yare no na ɛbɛkyerɛ adwene ko a wukura na mmom sɛnea woyɛ w’ade wɔ ho no.” Ɔbarima bi a wadi dɛm mfe pii ni no ka sɛ: “Adwempa na ebetumi ama woagyina tebea no ano koraa.” Nokwarem no, Mmebusɛm 18:14 ka sɛ: “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?”
Adwene a Ɛkari Pɛ a Wubenya
Bere a wosan kari pɛ wɔ nkate fam no, bisa wo ho sɛ, ‘Bere a eyi ato me yi, dɛn na mɛyɛ wɔ ho?,’ na mmisa sɛ ‘Dɛn nti na eyi ato me?’ Bere a woabisa saa no, wubetumi ahwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so ayɛ nea ato wo no ho biribi. Ma yensusuw emu kakraa bi ho nhwɛ.
Susuw wo tebea no ho, susuw nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ ho, na hwɛ sɛ wobɛyɛ nsakrae biara a ehia. Oduruyɛfo Spiegel ka sɛ: “Wo yare no yɛ bere a ɛsɛ sɛ wosan susuw asetra ho—ɛma w’ani ba wo ho so, na ɛnyɛ sɛ w’awiei ara ne no.” Bisa wo ho sɛ, ‘Bere a menyaree no, na dɛn na ɛho hia me? Nsakrae bɛn na aba eyi mu?’ Bisa nsɛm a ɛte saa, a ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma a wuntumi nyɛ bio, na mmom nneɛma foforo a wubetumi ayɛ. Fa Helen a yɛaka ne ho asɛm dedaw no sɛ nhwɛso.
Ne fa bi adwudwo bɛboro mfe 25 ni. Mfiase no na poma na ɔde nantew. Akyiri yi a na ontumi mfa ne nsa nifa nyɛ hwee no, ɔde ne nsa benkum na na ekura poma no. Afei ne nsa benkum nso dwudwoe. Enti, bɛyɛ mfe awotwe a atwam ni no, ontumi nnantew. Seesei, obi na oguare no, siesie no ho, ma no aduan. Eyi ma ne werɛ how, nanso ɔka sɛ: “Nea da biara meka ni, ‘Susuw nea wubetumi ayɛ ho, ɛnyɛ nea na wutumi yɛ.’” Na ɛdenam ne kunu ne ayarehwɛfo a wɔbɛsra no mmoa ne ɔno ankasa nimdeɛ a ɔwɔ so no, otumi kɔ so yɛ nnwuma a na n’ani gye ho bere nyinaa no. Sɛ nhwɛso no, Bible bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe wom ho asɛm a ɔbɛka akyerɛ afoforo no ayɛ n’asetra mu ade titiriw fi bere a odii mfe 11 no, na nnɛ ɔda so ara yɛ eyi nnawɔtwe biara. (Mateo 28:19, 20) Helen kyerɛkyerɛ nea enti a watumi ayɛ saa no mu sɛ:
“Meka kyerɛ ɔyarehwɛfo a ɔbɛsra me no ma ɔfa atesɛm krataa bi ma me. Yɛkenkan ɔfã a ɛka awufo ho nsɛm no na yɛpaw ebinom din. Afei meka asɛm a mepɛ sɛ mede kɔma nea wawu no abusuafo kyerɛ ɔyarehwɛfo no ma ɔkyerɛw gu krataa so. Mede Bere a Obi a Wodɔ No Awu a nhomawa a ɛka Bible awerɛkyekyesɛm a ɛfa owusɔre ho no ka krataa no ho. Meyɛ eyi Kwasida awia biara. Ɛyɛ me anigye sɛ mitumi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo.”
Fa botae a ntease wom na wubetumi adu ho sisi w’ani so. Ade biako a ɛma Helen yɛ nsakrae wɔ nneɛma a obetumi ayɛ mu ne sɛ ɛma otumi de botae a obetumi adu ho sisi n’anim. Eyi ho hia ma wo nso. Dɛn ntia? Efisɛ botae a wode besisi w’ani so no ma wudwen daakye ho, na sɛ wutumi du botae bi ho a ɛma wunya abotɔyam. Ebetumi ama woanya wo mu ahotoso nso. Nanso, hwɛ hu sɛ wode botae pɔtee bi na asi w’ani so. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asi wo bo sɛ: ‘Mɛkenkan Bible no ti biako nnɛ.’ Afei nso, fa botae a wubetumi adu ho sisi w’anim. Esiane sɛ sɛnea wote nka wɔ nipadua ne nkate fam no yɛ soronko wɔ afoforo a wɔn nso wɔ yare a enni sabea no de ho nti, wuntumi nni botae koro no ara a wobetumi adu ho no ho dwuma.—Galatifo 6:4.
Lex, a ɔwɔ Netherlands no ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea botae bi sua fa no, sɛ wutumi du ho a, ɛhyɛ wo nkuran kɛse.” Bɛboro mfe 20 a atwam ni bere a na wadi mfe 23 no, onyaa kaa akwanhyia na ɛmaa no bubui. Wɔ bere a ɔde kɔdaa ayaresabea ma wotwitwiw no no nyinaa mu no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔno ankasa bɛyɛ biribi, te sɛ ebia ɔno ankasa de ntamasin bɛpopa n’anim. Na ɛnyɛ mmerɛw mma no, nanso otumi yɛe. Bere a ohui sɛ watumi ayɛ saa no, ɔde botae foforo sii n’ani so—sɛ ɔno ankasa bebue aduru a ɔde betwitwi ne se no so na watua ano. Otumi yɛɛ ɛno nso. Lex ka sɛ: “Ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw de, nanso mibehui sɛ metumi ayɛ pii asen sɛnea na misusuw no.”
Nokwarem no, ɛdenam ne yere Tineke mmoa so no, Lex tumi duu botae akɛse ho. Sɛ nhwɛso no, ɔtra mmubuafo nkongua mu ne Tineke kɔka Bible mu nimdeɛ ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ afie afie. Afei nso nnawɔtwe biara, ɔkɔsra ɔbarima bi a wadi dɛm kɛse ne no yɛ Bible adesua na ɔhyɛ no nkuran. Lex ka sɛ: “Afoforo a meboa wɔn no ma minya abotɔyam kɛse.” Sɛnea Bible mpo ka no, “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
So wo nso wubetumi ayɛ biribi aboa afoforo? Wo yare anaa wo dɛmdi no betumi aboa wo ma woayɛ ɔwerɛkyekyefo kɛse efisɛ ɛma wutumi te nka ma afoforo a wodi yaw no.
Bɛn afoforo. Aduruyɛ ho adesua kyerɛ sɛ afoforo a wobɛn wɔn no ye ma w’akwahosan. Asiane wom sɛ wobɛko wo ho. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Ankonamyɛ tumi ma nnipa pii wuwu . . . te sɛ sigaretnom ara.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛnea sigaret a wugyae nom ye ma wo nipadua no, saa ara na afoforo a wo ne wɔn bɔ no ye ma w’akwahosan.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkae sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛne afoforo bɛbɔ no ma “yetumi tra nkwa mu”!—Mmebusɛm 18:1.
Nanso, sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, ebia wo nnamfonom mmɛsra wo bio. Nea ɛbɛyɛ na w’ankasa wo ho atɔ wo no, ɛsɛ sɛ wudi ɔhaw no ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Wubetumi afi ase ato nsa afrɛ wo nnamfo no ma wɔabɛsra wo.
Ma wɔn a wɔbɛsra wo no ani nnye.b Wubetumi ayɛ saa denam wo yare no a wonka ho nsɛm pii no so, na amma wɔn a wɔabɛsra wo no ho anguan wɔn. Ɔbea bi a ɔwɔ yare a enni sabea tumi dii eyi ho dwuma denam yare no a na ɔne ne kunu ne ne mma nhyɛ da nka ho asɛm no so. Ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛde si ha yi ara.” Nokwarem no, enni sɛ woma wo yare no ho asɛm ba asɛm biara a woka mu. Bere a obi kɔsraa n’adamfo a ɔyare da mpa mu na wɔkaa mfoniniyɛ, abakɔsɛm, ne nea enti a ɔwɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Ɔnnwene ne yare no ho mpo. Ne nkɔmmɔ yɛ dɛ.”
W’ani a wobɛma agye daa no nso bɛma wo nnamfo anya ɔpɛ sɛ wɔbɛba wo nkyɛn. Afei nso, serew ye ma w’ankasa. Ɔbarima bi a ne fa adwudwo ka sɛ: “Serew boa ma wutumi gyina ɔhaw pii a efi w’ankasa hɔ ne nea efi afoforo hɔ no ano.” Nokwarem no, serew betumi ayɛ adupa ankasa. Mmebusɛm 17:22 ka sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden.” Serew kakraa bi betumi ama woanya ahomeka mpo. Afei nso, nhoma kyerɛwfo Susan Milstrey Wells a ɔno nso wɔ yare bi a enni sabea ka sɛ: “Serew nte sɛ nnuruyɛ afoforo a ɔhaw wɔ ho no, efi biara nnim, na ɛyɛ anigye nso. Awerɛhow nkutoo na ɛremma yenni.”
Yɛ nneɛma a ɛbɛma w’adwennwen so atew. Nhwehwɛmu da no adi sɛ adwennwen ma yare mu tumi yɛ den, na adwennwen a ɛbɛbrɛ ase no ma yare nso brɛ ase. Enti ɛtɔ da a, fa w’adwene si nneɛma foforo so. (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Nnwen wo yare no nkutoo ho bere nyinaa. Sɛ yare no ama woaka fie a, bɔ mmɔden sɛ wubetie nnwom a ano nyɛ den, akenkan nhoma, aguare, akyerɛw nkrataa anaa anwensɛm, ayɛ mfonini, abɔ sanku, wo ne w’adamfo paa abɔ nkɔmmɔ, anaasɛ wobɛyɛ nneɛma bi a ɛtete saa, de atew w’adwennwen no so. Ɛwom sɛ saa a wobɛyɛ no mma wo ho ntɔ wo koraa de, nanso ɛbɛma woanya ahomeka kakra.
Sɛ wutumi nantew a, tu mpasa, kɔtotɔ nneɛma, yɛ turo, ka kaa anaa sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kodi akwamma wɔ baabi. Nokwarem no, esiane wo yare no nti, akwantu betumi ayɛ wo den, nanso sɛ wudi kan siesie wo ho na wobɔ mmɔden kakra a, wubetumi adi akwanside ahorow so. Sɛ nhwɛso no, Lex ne Tineke a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no tumi tuu kwan kɔɔ amannɔne. Lex ka sɛ: “Mfiase no, na ɛyɛ den kakra, nanso yetumi kodii akwamma maa yɛn ani gyei!” Ɛwom sɛ ebia yare no ne wo abɛtra de, nanso enni sɛ woma ebunkam w’asetra so.
Nya gyidi a emu yɛ den. Nokware Kristofo a wɔatumi agyina dɛmdi ano no ka sɛ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ ne Kristofo asafo no fekubɔ na ɛkyekye wɔn werɛ hyɛ wɔn den bere nyinaa.c Nsɛm a wɔka fa hia a ehia sɛ yɛbɔ mpae, sua Bible, susuw daakye ho, na yɛkɔ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so ho no bi ni.
● “Metaa haw bere ne bere mu. Sɛ ɛba saa a, mebɔ Yehowa mpae, na ɔhyɛ me den ma mitumi gyina ɔhaw no ano.”—Dwom 55:22; Luka 11:13.
● “Bible no a mekenkan na misusuw ho no boa me kɛse ma minya abotɔyam.”—Dwom 63:6; 77:11, 12.
● “Bible a misua no ma mihu sɛ asetra bi a edi mu bɛba na merenni dɛm daa.”—Yesaia 35:5, 6; Adiyisɛm 21:3, 4.
● “Gyidi a mewɔ wɔ daakye a Bible hyɛ ho bɔ mu no hyɛ me den ma migyina asetra mu nsɛm ano da biara.”—Mateo 6:33, 34; Romafo 12:12.
● “Nhyiam a mekɔ wɔ Ahenni Asa so no ma mitumi de m’adwene si nneɛma a ɛma denhyɛ so sen sɛ anka medwen me yare no ho.”—Dwom 26:12; 27:4.
● “Fekubɔ pa a me ne asafo no mufo nya no ma minya anigye kɛse.”—Asomafo no Nnwuma 28:15.
Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Yehowa ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan toa no.’ (Nahum 1:7) Abusuabɔ pa a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ ne yɛn ho a yɛde bɔ Kristofo asafo no ma yenya awerɛkyekye na ɛhyɛ yɛn den.—Romafo 1:11, 12; 2 Korintofo 1:3; 4:7.
Nya Boasetɔ
Yiyedi ho dwumayɛni bi a ɔboa nkurɔfo ma wohu sɛnea wobetumi agyina koankorɔ yare ano no ka sɛ, wo yare a emu yɛ den anaa wo dɛmdi no ano a wubetumi agyina no “gye bere, ɛnyɛ da koro adeyɛ.” Oduruyɛfo foforo ka sɛ, nya boasetɔ efisɛ woresua “biribi foforo koraa: yare a emu yɛ den ano a wubegyina.” Kae sɛ wɔ yare no ho adwempa a wukura nyinaa akyi no, da bi anaa nnawɔtwe bi bɛba a ɛho asɛm betumi ahaw wo. Ɛtɔ da bi nso a, w’ani betumi agye. Saa na na ɛte wɔ ɔbea bi a ɔkaa eyi no fam: “M’ani gyei kɛse bere a mihui sɛ da mu no nyinaa atwam a mannwennwen kokoram no ho no. . . . Bere bi a atwam no, na minsusuw sɛ ebetumi aba saa.”
Nokwarem no, bere a woatumi adi ehu a wunyae mfiase no so na wode botae foforo asisi w’ani so no, wubehu sɛ wubetumi agyina yare no ano—sɛnea asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
b Nokwarem no, nyansahyɛ a ɛfa sɛnea wo ne ahɔho bedi ho no fa sɛnea wo ne wo hokafo, wo mma, anaa nea ɔhwɛ wo no nso, bedi ho.
c Anigyesɛm ne sɛ, aduruyɛ ho nhwehwɛmu pii ada no adi sɛ gyidi ma obi nya akwahosan pa na ɛma odi yiye nso. Sɛnea Ɔbenfo Dale Matthews a ɔwɔ Georgetown Aduruyɛ Ho Sukuupɔn mu kyerɛ no, “gyidi di akoten kɛse wɔ ayaresa mu.”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wo yare no ho ade a wubesua no bɛboa wo ma woanya ho ntease
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Ɛdenam afoforo mmoa so no, Helen tumi kyerɛw nkrataa a ɛhyɛ nkuran
[Mfonini wɔ kratafa 8]
“Ɛyɛ me anigye sɛ mitumi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo”
[Mfonini wɔ kratafa 9]
“Ɛwom sɛ na mabubu de, nanso mibehui sɛ metumi ayɛ pii asen sɛnea na misusuw no.”—Lex