Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 5/8 kr. 13-15
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Dɛn Nti na Eyi Reto Me?’
  • Ehu no Ano a Wubegyina
  • Yare Mu Nsɛnnennen
  • Ayaresabea Kɔ—Ɛnyɛ Agoru
  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw
    Nyan!—2000
  • Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2001
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Yare a Emu Yɛ Den Yi Ano?
    Nyan!—1997
  • Jason Worilds: Yehowa De, Wosom No a, Wo Nsa Rensi Fam Da
    Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 5/8 kr. 13-15

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?

BERE a Jason dii mfe 13 no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ da bi ɔbɛsom sɛ bere nyinaa somfo wɔ Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Ɔyɛɛ dua adaka bi na ɔfrɛɛ no ne Betel adaka. Ofii ase boaboaa nneɛma a na osusuw sɛ ɛbɛboa no bere a wafi ne Betel adwuma ase no ano guu mu.

Nanso, Jason nyaa mfe 18 ne asram abiɛsa akyi no, Crohn yare—yafunyare bi a ɛyɛ yaw a ɛmmrɛ ase—kaa no. Ɔka sɛ: “Ɛmaa meyɛɛ basaa. Nea na metumi ayɛ ara ne sɛ mɛfrɛ me Papa wɔ adwumam na masu. Ná minim sɛ, sɛnea ɛte no, asɛm aba me botae a ɛne sɛ mɛkɔ Betel no ho.”

Yare yɛ ade titiriw nti a “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) Mmofra ɔpepem pii na wɔyare. Mmofra pii nya ahoɔden akyiri yi. Nanso ɛsɛ sɛ afoforo ne yare ahorow a enni sabea, anaa wɔ nsɛm bi mu no, ɛde nkwa to asiane mu no di ako. Yare ahorow a ɛtaa haw mmofra no bi ne ntehyewa, asikreyare, nkwammoaa mu dɛmdi, nsanyare, otwirɛ, adwenem yare, ne kokoram. Yare ahorow pii haw mmofra binom.

‘Dɛn Nti na Eyi Reto Me?’

Mpɛn pii no, yare de adwene ne nkate mu haw ba, a yɛrenka honam mu ahohia ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ yare ma wototo sukuu mu asram bi a, ɛnyɛ sɛ wobɛka akyi wɔ nhomasua mu nko, na mmom, wobɛte nka sɛ woayɛ ankonam nso. Bere a na ɛsɛ sɛ Sunny a wadi mfe 12 toto sukuu mu esiane mmere bi a na odi wɔ ayaresabea nti no, odii yaw sɛ, ‘Dɛn na me mfɛfo sukuufo reyɛ? Dɛn na merehwere nnɛ?’

Saa ara na honhom fam nkɔso ho betumi aba asɛm bere a woyare a wuntumi nkɔ Kristofo nhyiam horow anaa wonkenkan Bible mpo no. Sɛ edu saa bere yi a, wuhia nkate ne honhom fam mmoa. Mfiase no, worennye yare no ntom. Akyiri yi, ebia wo bo befuw wo ho yiye, na woasusuw sɛ anka wubetumi akwati yare no ɔkwan bi so. Ebia wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wubisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn maa eyi too me?’ (Fa toto Mateo 27:46 ho.) Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ anyɛ yiye koraa no, wubenya adwenemhaw bi.

Bio nso, ebia abofra bi besusuw mpo sɛ sɛ ɔbɔ mmɔden titiriw bi, te sɛ ɔbɔ mmɔden yɛ papa soronko a, Onyankopɔn beyi yare no afi hɔ. Nanso, nsusuwii a ɛte saa betumi akowie abasamtu mu, efisɛ Onyankopɔn nhyɛ anwonwakwan so ayaresa ho bɔ saa bere yi.—1 Korintofo 12:30; 13:8, 13.

Ebia na wowɔ anidaso so worenwu da—na ebedu bere a Onyankopɔn de “ahohiahia kɛse” no bɛba no, na wote nkwa mu. (Adiyisɛm 7:14, 15; Yohane 11:26) Sɛ saa a, hu a wubehu sɛ woanya owuyare no betumi ama wo ho adwiriw wo kɛse. Ebia wubesusuw sɛ woayɛ biribi atia Yehowa, anaasɛ wubesusuw sɛ Onyankopɔn ayi wo ama nokwaredi ho sɔhwɛ titiriw bi. Nanso, eyi nyɛ adwempa. Onyankopɔn Asɛm, Bible, ka sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Yare ne owu yɛ nnɛyi adesamma tebea no fã a ɛnyɛ anigye, ‘na ɛbere ne asiane to’ yɛn nyinaa.—Ɔsɛnkafo 9:11.

Ehu no Ano a Wubegyina

Yare a emu yɛ den bi a ɛbɛbɔ wo no betumi ama woabɔ hu yiye nea edi kan. How It Feels to Fight for Your Life nhoma no ka nneɛma bi a wɔahu wɔ mmofra 14 bi a na wɔn yare mu yɛ den ho no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Anton a wadi mfe du no suroe sɛ obewu bere a onyaa ntehyewa bi a emu yɛ den no. Na Elizabeth a wadi mfe 16 a na ɔreko dompe mu kokoram no suroe sɛ ebia ɔda a na wansɔre.

Nanso, mmofra bi nya osuro soronko bi—osuro a ɛne sɛ obiara rennya ɔpɛ sɛ ɔbɛware wɔn, anaa osuro a ɛne sɛ wɔrenwo mma a wɔn ho yɛ den daakye. Mmofra foforo suro sɛ ebia na wɔde wɔn yare no asan abusuafo, sɛ́ wɔn yare no san anaa ɛnsan no.

Sɛ mpo yare no brɛ ase anaa ɛregyae, na sɛ akyiri yi emu yɛ den a, ehu no betumi aba bio. Sɛ ehu aka wo saa pɛn a, wunim sɛ ɛte saa ankasa. Anigyesɛm ne sɛ, bere kɔ so no adwene a ɛnteɛ a wunya no mfiase no so tew. Afei wubetumi afi ntease mu asusuw wo tebea no ho yiye.

Yare Mu Nsɛnnennen

Jason a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ woyɛ abofra a, wote nka sɛ wowɔ ahoɔden. Afei, yare a wobɛyare denneennen mpofirim no ma wuhu sɛ wunni ahoɔden. Wote nka sɛ woagogow bere tiaa bi mu esiane sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ adwuma pii nti.” Yiw, akwanside foforo a wubehyia no yɛ asɛnnennen.

Jason hui sɛ asɛnkɛse foforo ba bere a afoforo nte wo tebea no ase no. Jason wɔ nea yebetumi aka ho asɛm sɛ “yare a wontumi nhu.” Ne honam ani hwɛbea no mma wonhu ɔhaw a ɛwɔ ne mu no. Jason kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me nipadua nyam aduan sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no, enti ɛsɛ sɛ mididi bere nyinaa na mididi pii sen sɛnea nnipa pii didi no. Nanso, menyɛ kɛse da. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a mebrɛ araa ma mintumi mmue m’ani awia. Nanso nkurɔfo ka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wosusuw sɛ meyɛ ade ma ɛtra so anaa meyɛ onihafo. Wɔka nsɛm te sɛ: ‘Wunim sɛ wubetumi ayɛ nea ɛkyɛn saa. Wommɔ wo ho mmɔden mpo!’”

Jason wɔ nuanom mmarima ne mmea nkumaa a bere nyinaa wɔnte nea enti a ontumi nyɛ nneɛma a na ɔyɛ kan no ase, te sɛ bɔɔl a na ɔde wɔn pue kɔbɔ. Jason ka sɛ: “Nanso minim sɛ sɛ mipira a, ebetumi adi adapɛn bi ansa na manya ahoɔden. Wɔde me yaw no toto wɔn de ho, na wɔka sɛ, ‘ɔrepene ama obiara ahu sɛ ɔyare.’ Ebetumi aba sɛ wɔn yaw a ɛsen biara no te sɛ nansoa a afirikyiw, enti wontumi nhu sɛnea me yaw no te ankasa.”

Sɛ ɛte sɛ nea wo yare no de adesoa bi reto w’abusua so a, wubetumi ate afobu nka. W’awofo nso betumi ate afobu nka. Jason ka sɛ: “M’awofo baanu no nyinaa gye di sɛ ebia wɔn na wɔde ɔhaw no ama me. Mpɛn pii no, mmofra gyina yare bi ano bere a wɔahu sɛnea ɛte no. Nanso ɛyɛ den ma awofo. Wɔpa me kyɛw bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ daa meyɛ nea metumi biara de bɔ mmɔden sɛ meyi afobu nka a wɔte no afi wɔn mu.”

Ayaresabea Kɔ—Ɛnyɛ Agoru

Oduruyɛfo hɔ a wobɛkɔ daa no betumi ayɛ dadwen. Ebetumi ama woate nka sɛ wo ho nhia na wabam abu. Ayaresabea dan a wɔtwɛn wom mu a wobɛtra hɔ atwɛn kɛkɛ sɛ wɔbɛhwɛ wo no betumi ayɛ akomatusɛm. Joseph a wadi mfe 14, na ɔwɔ komayare no ka sɛ: “Wote nka sɛ . . . woayɛ ankonam koraa, na sɛ obi ka wo ho a, anka ɛbɛyɛ papa.” Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra bi nnya mmoa a ɛte saa mfi wɔn awofo mpo hɔ.

Ayaresa mu nhwehwɛmu nso betumi de adwennwen aba. Nokwarem no, nhwehwɛmu bi betumi ayɛ nea w’ani nnye ho koraa. Afei, ɛno akyi no, ebia ɛsɛ sɛ wugyina adwennwen ano nna anaa adapɛn bi bere a wotwɛn nea ebefi mu aba no. Nanso ma eyi ntra w’adwene mu: Ayaresa mu nhwehwɛmu a wobɛyɛ no nte sɛ sukuu mu sɔhwɛ; yare bi a wowɔ no nkyerɛ sɛ woadi nkogu ɔkwan bi so.

Nokwarem no, nhwehwɛmu betumi ama woate asɛmpa bi. Ebetumi akyerɛ sɛ wowɔ yare bi a ne sa nyɛ den. Anaasɛ, sɛ ɛnte saa mpo a, nhwehwɛmu no betumi aboa ma woahu nea wubetumi ayɛ de agyina yare no ano. Ebetumi akyerɛ mpo sɛ wunni yare pɔtee bi sɛnea na wohwɛ kwan no. Enti mpɛ ntɛm nnya wo tebea no ho adwenhorow.

Awerɛhow pii a wubedi no bɛma woabotow kɛkɛ. Bible ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no.” (Mmebusɛm 12:25) Mmom no, Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnka yɛn haw ahorow ho asɛm nkyerɛ no. Ehia sɛ yenya ahotoso sɛ odwen yɛn ho, ne sɛ ɔde n’akwankyerɛ ne nyansa a yɛde bedi ɔhaw no ho dwuma ɔkwampa so no bɛma yɛn.—Dwom 41:3; Mmebusɛm 3:5, 6; Filipifo 4:6, 7; Yakobo 1:5.

Yɛn ani betumi agye sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ayɛ nsiesiei sɛ ɔde yɛn bɛhyɛn wiase foforo a trenee te mu no mu. Obenyan wɔn a wɔawuwu no mpo, na wama wɔanya hokwan atra saa wiase foforo no mu. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ saa bere no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: magurow.”—Yesaia 33:24.

Enkosi saa bere no, ebia ɛsɛ sɛ wugyina yare a emu yɛ den bi ano. Nanso, nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de agyina wo tebea no ano yiye. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi mu.

[Kratafa 14 mfonini]

Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn maa eyi too me?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena