Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 2 kr. 10-11
  • Bere a Yare Bi a Emu Yɛ Den Abɛtena Wo So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Yare Bi a Emu Yɛ Den Abɛtena Wo So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAGYINA ANO
  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw
    Nyan!—2000
  • Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Mmusua Gyina Yare a Enni Sabea Ano
    Nyan!—2000
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 2 kr. 10-11

Bere a Yare Bi a Emu Yɛ Den Abɛtena Wo So

“Bere a dɔkota ka kyerɛɛ me sɛ manya kokoram wɔ m’aharawa ne me nsono mu no, na ɛyɛ me sɛ mawu awie. Nanso bere a mifii dɔkota no hɔ beduu fie no, asɛm a meka kyerɛɛ me ho ara ne sɛ, ‘Manso dae da sɛ menya saa yare yi, nanso anya aba. Ɛsɛ sɛ mehwɛ nea mɛyɛ wɔ ho.’”​—Linda, wadi mfe 71.

“Manya yare bi a ɛma mete yaw pa ara wɔ m’anim fã baako. Ɛtɔ da a, yaw no ano yɛ den araa ma mitumi nya adwenemhaw mpo. Ná metaa te nka sɛ mayɛ ankonam, na ɛtɔ da a na mepɛ sɛ mikum me ho.”​—Elise, wadi mfe 49.

Ɔyarefo bi a ɔte mmubuafo akongua mu; n’adɔfo atwa ne ho ahyia

SƐ WƆKA kyerɛ wo sɛ owuyare bi abɔ wo anaa wo dɔfo bi a, ɛnyɛ asɛm a ɛda fam koraa. Yare no ankasa da nkyɛn a, nneɛma ahorow bi nso tumi haw ɔyarefo no anaa wɔn a wɔhwɛ no no. Yare no tumi de adwinnwen bɛsoɛ mo so, etumi ma nneɛma ayɛ mo ahii, na etumi mpo ma mo bo fuw ntɛmntɛm. Ebia yare no nti, motaa di ayaresabea akɔneaba; morekɔ nso a, munnim nea ebesi, na wei betumi ama ehu aka mo. Yɛreka yi, ayaresa no ho ka nso nna fam. Nnuru a wɔde ama ɔyarefo no, wobɛhwɛ na ɛno nso akɔfa ɔhaw afoforo abrɛ no. Sɛ yare a emu yɛ den bɛsoɛ wo so a, ɛyɛ ateetee ankasa.

Ɛhefa na yebetumi anya mmoa afi? Nnipa pii ahu sɛ nea ɛkyekye wɔn werɛ pa ara ne sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae na wɔakenkan awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu no. Mmoa a yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo fi ɔdɔ mu de ma yɛn no nso betumi ahyɛ yɛn den pa ara.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOAGYINA ANO

Robert adi mfe 58. Ɔkaa sɛ: “Nya Onyankopɔn mu gyidi na ɔbɛboa wo ma woagyina wo yare no ano. Bɔ Yehowa mpae. Ma onhu sɛnea wote nka. Srɛ no sɛ ɔmma wo honhom kronkron. Srɛ no sɛ ɔmma wunnya adwempa na woatumi ahyɛ w’abusuafo den. Ɛbɛma wode ntoboase agyina wo yare no ano.

“Sɛ w’abusuafo boa wo na wɔma wuhu sɛ wodwen wo ho a, ɛno nso boa pa ara. Da biara onipa baako anaa mmienu frɛ me fon so bisa me sɛ, ‘Wo ho te sɛn?’ Me nnamfo a wɔwɔ mmeae ahorow nyinaa frɛfrɛ me hyɛ me den. Wɔyɛ saa a, ɛma me ho tɔ me, na ɛboa ma migyina me tebea no ano.”

Sɛ worekɔsra w’adamfo bi a ɔyare a, Linda asɛm yi bɛboa wo: “Ɔyarefo no nso pɛ sɛ ɔyɛ nneɛma a obiara yɛ no bi. Ɛnyɛ da biara na n’ani begye ho sɛ ɔbɛka ne yare no ho asɛm. Enti sɛ wokɔsra no a, nneɛma a ɛyɛ a wo ne no di ho nkɔmmɔ no, monkɔ so mmɔ ho nkɔmmɔ.”

Sɛ yare bi a emu yɛ den reteetee yɛn a, Onyankopɔn betumi ahyɛ yɛn den, yebetumi anya awerɛkyekye afi Bible mu, na yɛn abusuafo ne yɛn nnamfonom betumi aboa yɛn. Weinom nyinaa nti, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu anaa yɛma asetena fono yɛn.

Bible Mu Nsɛm a Ebetumi Aboa Wo

Fa wo ho to Onyankopɔn so.

“Mede abisade too Yehowa anim, na obuaa me, na ogyee me, m’ahude nyinaa mu. Mmɔborɔni yi frɛe, na Yehowa tiee no.”​—Dwom 34:4, 6.

Linda a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa sɛ: “Sɛ merebɔ mpae a, menka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Sa me yare.’ Bere biara nea meka ne sɛ, ‘Boa me ma minnya ahoɔden mfa nnyina yare no ano.’”

Ma Onyankopɔn Asɛm nhyɛ wo den.

“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”​—Yesaia 33:24.

Dwinnwen nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛba daakye no ho. Woyɛ saa a, wubenya anidaso na ɛno bɛma woatumi agyina wo tebea no ano.

Ma w’abusuafo ne wo nnamfo mmoa wo.

“Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”​—Mmebusɛm 17:17.

Elise a yɛadi kan aka n’asɛm no tu yɛn fo sɛ: “Ntwe wo ho mfi afoforo ho. Ma kwan ma wo nnamfonom mmoa wo. Ɛtɔ da a, wobɛte nka sɛ woayɛ ankonam araa ma enti Onyankopɔn koraa ntie wo, nanso ɛba saa a, ntwe wo ho mfi afoforo ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena