Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 2 kr. 8-9
  • Bere a Wo Hokafo Afa W’akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wo Hokafo Afa W’akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE MU NSƐM A EBETUMI ABOA WO
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So
    Nyan!—2001
  • Awerɛkyekye Wɔ Ahohia Da Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • So Mubetumi Asiesie Mo Ntam?
    Nyan!—1999
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 2 kr. 8-9
Ɔbaa bi rebɔ mpae

Bere a Wo Hokafo Afa W’akyi

“Bere a me kunu ka kyerɛɛ me sɛ ɔregyaa me akɔfa ababaa bi no, anka biribi reyɛ ayɛ me. Sɛ mekae brɛ a mabrɛ ne ho a, mete nka sɛ ɔne me anni no yiye koraa.”​—Maria, Spain.

“Bere a me yere gyaa me mpofirim no, asɛm no bubuu me koraa. Yɛn anidaso nyinaa yɛɛ ɔkwa, na nhyehyɛe biara a na yɛayɛ no gye gui. Ɛtɔ da a, na midwen sɛ dadwen biara nna me so bio, nanso wobɛhwɛ na mayɛ basaa a minhu nea menyɛ me ho.”​—Bill, Spain.

SƐ OBI kunu anaa ne yere sɛe aware a, ebetumi ayɛ no yaw pa ara. Ɛwom, awarefo no bi wɔ hɔ a, wɔde wɔn hokafo a wanni nokware nanso wanu ne ho no bɔne kyɛ no, na ɔne no ka bom bio.a Nanso sɛ́ awarefo no bɛsan aka abom anaa wɔrenyɛ saa no, asɛm no tumi haw nea ne ho nni asɛm no pa ara. Ɛbɛyɛ dɛn na nea ne ho nni asɛm no agyina tebea a ɛyɛ yaw saa no ano?

BIBLE MU NSƐM A EBETUMI ABOA WO

Ɛmfa ho sɛ awarefo a wɔn hokafo afa wɔn akyi no fa ateetee pii mu no, Bible no akyekye wɔn mu pii werɛ. Wɔabehu sɛ, nusu a wɔtew ne yaw a wodi nyinaa, Onyankopɔn nim.​—Malaki 2:13-16.

“Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”​—Dwom 94:19.

Bill kaa sɛ: “Bere a merekenkan saa asɛm no, metee nka sɛ Yehowa rekorɔkorɔ me, te sɛ agya bi a ɔdɔ ne ba.”

“Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu.”​—Dwom 18:25.

Carmen nso, ne kunu faa n’akyi abosome pii. Ɔkaa sɛ: “Me kunu anni me nokware, nanso migye di sɛ Yehowa de, obedi me nokware. Ɔremma me nsa nsi fam da.”

‘Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ho ban.’​—Filipifo 4:6, 7.

Sasha kaa sɛ: “Mekenkan kyerɛwsɛm yi mpɛn pii. Bere a mekɔɔ so bɔɔ mpae no, Onyankopɔn maa minyaa akomatɔyam.”

Nnipa a yɛafa wɔn asɛm aka yi nyinaa, eduu baabi no, na wɔn abam reyɛ abu. Nanso wɔde wɔn ho too Yehowa Nyankopɔn so, na wɔmaa n’Asɛm hyɛɛ wɔn den. Bill nso, nea ɔkae ni: “Onyankopɔn a migye no di nti, ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea biribiara agye nsam no, minyaa abotɔyam. Ɛwom sɛ eduu mmere bi no, na ‘menam esum kabii bon mu’ de, nanso na Onyankopɔn ka me ho.”​—Dwom 23:4.

a Nea ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wode wo hokafo a wafa w’akyi no bɔne kyɛ no anaa ɛnsɛ sɛ woyɛ saa no, hwɛ asɛm a wɔato din, “Bere a Ɔwarefo Bi Fi Ne Hokafo Akyi” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae May 8, 1999 mu no.

Nea Ɛbɛboa Wo Ama Woagyina Ano

Kenkan Bible mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye, na dwinnwen ho.

Bill kaa sɛ: “Mekenkan Hiob nhoma no. Miwiei na mekɔɔ Nnwom nhoma no so. Sɛ mihu asɛm bi wɔ nea merekenkan no mu a ɛne m’asɛm no hyia a, na masan ase. Mihui sɛ yaw ne ateetee a na merefa mu no, Bible akyerɛwfo yi nso faa mu bi.”

Ɛyɛ a tie nnwom fa kyekye wo ho werɛ.

Carmen kaa sɛ: “Sɛ edu anadwo na mintumi nna a, na mitie nnwom. Ɛkyekyee me werɛ pa ara.” Daniel nso se: “Misuaa sɛnea wɔbɔ sanku (guitar), na muhui sɛ sanku no nnyigyei no boaa me maa minyaa asomdwoe ne ahotɔ.”

Ka w’asɛm kyerɛ afoforo.

Daniel kaa sɛ: “Ná menyɛ obi a metaa ka m’asɛm kyerɛ afoforo. Nanso na mewɔ nnamfo bi a me ho asɛm hia wɔn, na na meka m’asɛm kyerɛ wɔn da biara. Sɛ nneɛma hyɛ me so a, na mekyerɛw wɔn krataa, anaa me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ ma wohu sɛnea mete nka. Ɛboaa me pa ara.” Sasha nso kaa sɛ: “M’abusuafo boaa me yiye. Me maame annyaw m’akyi di da. Sɛ merepɛ obi aka m’asɛm akyerɛ no a, na ɔyɛ aso tie me. Me papa nso kyerɛe sɛ ɔtaa m’akyi. Onyaa me ho abotare, na ɔboaa me ma nkakrankakra mitumi gyinaa tebea no ano.”

Nnyae mpaebɔ da.

Carmen kaa sɛ: “Mebɔɔ mpae daa. Metee nka sɛ Onyankopɔn anyi me baako anhyɛ me nsa, otiee me mpaebɔ, na ɔboaa me. M’amanehunu nyinaa mu no, mebɛn Onyankopɔn pa ara.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena