Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 2/8 kr. 11-14
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw no Mfiase
  • Ontumi Nkasa na N’adwuma Nso Asɛe
  • Asiane Foforo Too No
  • Hu a Ohuu Nea Enti a Ɔrehu Amane no Hyɛɛ no Den
  • Nsakrae Pii a Yɛyɛe
  • Dwumadi Bi a Ɛyɛ Anigye
  • Botae a Aka Da M’anim
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
    Nyan!—1991
  • Aids—Ɔyaredɔm no Da So Wɔ Hɔ
    Nyan!—1998
  • Mekamfoo Asomdwoe Kyerɛe na Ɛnyɛ Ɔko
    Nyan!—2001
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 2/8 kr. 11-14

Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So

ƆDAN a ɛbɛn LaGuardia Wimhyɛn Gyinabea a ɛwɔ New York no yɛ William (Bill) Meiners ne ne yere Rose dea. Ɛhɔ na Rose, ɔbea yamyefo a ɔwɔ ne mfe 70 mu no gye n’ahɔho ani. Sɛ obi wura ɔdan no mu a, sɛnea ɛhɔ yɛ fɛ fa no ma ɔte nea enti a anigye wɔ hɔ no ase. Sɛnea wɔahyehyɛ nhwiren wɔ kwan a wɔde kɔ ɔdan no mu ano na wɔde mfonini a ɛyɛ fɛ abobɔ ɔfasu no ho no ma fie hɔ asetra yɛ ahomeka ankasa.

Ɔdan a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ a ɛtoa ahɔhodan no so mu na Bill a wadi mfe 77 no da ayeya wɔ mpa bi a wɔayɛ ama no no so. Sɛ obi bɛsra no a, ɔtew n’anim serew. Ɛkaa ne nko a na anka wasɔre akyia no, ayɛ no atuu, nanso, ontumi. Bill nipadua nyinaa adwudwo fi ne kɔn kosi ne nan ase gye ne nsa benkum nkutoo.

Esiane sɛ yare no bɔɔ Bill bere a na wadi mfe 26 nti, wobisa no nea aboa no ma watumi agyina yare no ano bɛboro mfe aduonum ni. Bill ne Rose hwɛ wɔn ho anim serew. Rose serew denneennen na ɔka sɛ: “Obiara nyare!” Bill serew na ɔwosow ne ti pene asɛm no so. Ɔka no ne menewa mu sɛ: “Obiara nyare wɔ ha.” Rose ne Bill yi wɔn ho aseresɛm, na ɛnkyɛ koraa serew hyɛ dan no mu mã. Nokwarem no, Bill ne Rose da so ara dɔ wɔn ho fi bere a wɔwaree wɔ September 1945 mu no. Wobisa Bill bio sɛ: “Nanso, sɛ wobɛka paa a, ɔhaw bɛn na woahyia? Na dɛn na aboa wo ama woatumi agyina ɔhaw no ano na woanya anigye wɔ asetram saa?” Wɔ nkuranhyɛ kakra bi akyi no, Bill penee so sɛ ɔbɛka. Nsɛm a Nyan! bisaa Bill ne ne yere no mu bi na edidi so yi.

Ɔhaw no Mfiase

Wɔ October 1949 mu—bere a Bill waree Rose akyi mfe abiɛsa ne bere a wɔwoo wɔn babea Vicki akyi asram abiɛsa—no, wɔka kyerɛɛ Bill sɛ wɔanya kokoram wɔ akwaa a ɔkasa fam no biako mu, na wɔyɛɛ no oprehyɛn yii yare no. Wɔ asram kakraa bi akyi no, Bill duruyɛfo no kaa ɔhaw foforo ho asɛm kyerɛɛ no—kokoram no adidi afa akwaa a ɔkasa fam no mu nyinaa. “Ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mamma wanyɛ me akwaa no mu oprehyɛn—anyi amfi hɔ—a, mfe abien pɛ akyi no, mewu.”

Wɔkaa nea oprehyɛn yi bɛkɔ akowie kyerɛɛ Bill ne Rose. Akwaa a wɔkasa fa mu no fi ase wɔ tɛkrɛma no ase, na ɛkɔpem dwɛɛdwɛɛwa no ano. Akwaa abien bi a mframa fa mu wɔ menewa no mu. Sɛ mframa a efi aharawa no mu no fa akwaa no mu a, ano yɛ den ma ɛyɛ nnyigyei bi. Sɛ woyi akwaa a kasa fa mu no a ɛma dwɛɛdwɛɛwa no ano da mpan. Sɛ wɔyɛ obi oprehyɛn a ɛte saa wie a, otumi home—nanso ontumi nkasa.

Bill ka sɛ: “Bere a metee saa nkyerɛkyerɛmu no, me bo fuwii. Na yɛwɔ ɔbabea ketewa, na mewɔ adwuma pa yɛ, na yɛwɔ anidaso pa wɔ asetram, na afei de m’anidaso nyinaa yerae.” Nanso esiane sɛ na oprehyɛn no betumi ama Bill atra nkwa mu nti, ɔpenee so. Bill ka sɛ: “Wɔ oprehyɛn no akyi no, na mintumi mmene ade. Ná mintumi nkasa. Ná madan mum.” Sɛ Rose kɔsra Bill a, wɔnam akyerɛw so na na ɛbɔ nkɔmmɔ. Na ɛyɛ awerɛhow bere. Nea ɛbɛyɛ na wɔagyina ɔhaw yi ano no, na ɛsɛ sɛ wɔde botae foforo sisi wɔn anim.

Ontumi Nkasa na N’adwuma Nso Asɛe

Oprehyɛn no amma Bill ammɛyɛ mum nko, na mmom na ontumi nyɛ adwuma nso. Na ɔyɛ adwuma wɔ beae a wɔhyehyɛ mfiri, nanso afei a ɔhome fa ne kɔn ho no, mfutuma ne wusiw betumi asɛe n’aharawa. Na ɛsɛ sɛ onya adwuma foforo. Ɛwom sɛ na ontumi nkasa saa bere yi de, nanso ɔkɔɔ sukuu kosuaa sɛnea wosiesie wɔɔkye. Bill ka sɛ: “Na ɛte sɛ m’adwuma dedaw no ara. Na minim sɛnea wɔhyehyɛ mfiri, na saa ara na na sɛ worehyehyɛ wɔɔkye a, ɛho hia sɛ wokeka afã bi bom. Ɛno ara ne sɛ afa a yɛhyehyɛ no mu duru nnu nkaribo 50!” Owiee sukuu no ara pɛ na onyaa adwuma sɛ obi a osiesie wɔɔkye. Wadu ne botae biako ho.

Saa bere no ara, na Bill afi ase rekɔ sukuu a wosua sɛnea wɔde menewa kasa. Wɔ saa adeyɛ yi mu no, wɔmfa ɔkasa akwaa no na ɛkasa na mmom wɔde akwaa a aduan fa mu wɔ menewa mu kɔ yafunu mu no na ɛkasa. Mfiase no, nea ɔresua kasa no twe mframa kɔ akwaa a aduan fa mu no mu. Afei ogu ahome nkakrankakra. Bere a mframa no reba no, akwaa a aduan fam no mu bae. Eyi ma onipa no menewa mu bue na nnyigyei fi mu ba.

Bill de serew ka sɛ: “Kan no, na mitumi gu ahome bere a madidi amee nkutoo, nanso seesei de, ɛsɛ sɛ migu ahome bere nyinaa. Mfiase no, na mitumi ka asɛmfua mmiako mmiako pɛ te sɛ eyi: ‘[Twe, ahome, mene, gu, ahome] Wo [twe ahome, mene, gu ahome] ho [twe ahome, mene, gu ahome] te [twe ahome, mene, gu ahome] dɛn?’ Na ɛnyɛ mmerɛw. Me kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ mennom nsa nyinyanyinya efisɛ anoden no bɛboa ma magu ahome. Enti sɛ ɛba sɛ Rose ne Vicki rekotu mpasa a, menom nsa no na migu ahome pii. Mebɔɔ ho mmɔden kɛse!”

Ɛwom sɛ nnipa bɛyɛ ɔha mu 60 a wɔyɛ wɔn oprehyɛn wɔ akwaa a wɔkasa fam mu no ntumi nkasa de, nanso ɛkɔɔ yiye maa Bill. Vicki, a saa bere no na wadi mfe abien no yɛɛ biribi de boaa no. Bill kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Vicki kasa kyerɛ me, na na ɔtwɛn sɛ mɛma no mmuae. Nanso, na mintumi nka asɛmfua biako mpo. Na ɔkasa pii, nanso na mintumi mma no mmuae. Na Vicki de abufuw kɔka kyerɛ me yere sɛ: ‘Ma Paapa nkasa me ho!’ Saa asɛm no a na ɔka no maa minyaa ɔpɛ kɛse sɛ mɛkasa bio.” Nea ɛyɛɛ Vicki, Rose, ne afoforo anigye no, Bill tumi kasae. Watumi adu botae foforo nso ho.

Asiane Foforo Too No

Wɔ 1951 awiei mu hɔ no, ɔhaw foforo too Bill ne Rose. Nnuruyɛfo, a na wosuro sɛ yare no betumi aba bio no, tuu Bill fo sɛ ɔmma wɔmfa kanea bi a ano yɛ den ntwa no foto nkum yare mmoawa no. Bill penee so. Bere a wɔhwɛɛ no wiei no, na ɔwɔ ɔpɛ kɛse sɛ ɔno ankasa bɛyɛ n’ade wɔ asetram. Na onnim ankasa sɛ yare foforo rebɛbɔ no!

Afe twaam. Afei bere bi, Bill nsa fii ase sensenee. Afei na ontumi mforo atrapoe. Bere tiaa bi akyi no, ɔhwee ase bere a na ɔrenantew na wantumi ansɔre. Nhwehwɛmu a wɔyɛe daa no adi sɛ kanea a ano yɛ den a wɔde twaa Bill foto (a saa bere no na enni mu sɛ nnɛ) no, maa n’akyi berɛmo ho kae. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ne yare no mu bɛyɛ den asen sɛnea ɛte no. Oduruyɛfo bi mpo ka kyerɛɛ no sɛ “sɛnea ɛte biara, obewu.” Bill ne Rose abam bui ankasa.

Ne nyinaa akyi no, sɛnea ɛbɛyɛ na Bill atumi ako yare yi no, ɔkɔdaa ayaresabea asram asia kɔpɛɛ ayaresa a na ɛhwehwɛ sɛ wɔbɛteɛteɛ n’apɔw mu. Ɛwom sɛ aduruyɛ yi amma ne ho antɔ no koraa de, nanso ayaresabea hɔ a ɔkɔdae no maa nsakrae bi baa n’asetram—nsakrae a akyiri yi ɛmaa obehuu Yehowa. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Hu a Ohuu Nea Enti a Ɔrehu Amane no Hyɛɛ no Den

Asram asia no nyinaa mu no, Bill ne mmarima 19 a na wɔn nyinaa abubu na ɛdaa Yudafo ayaresabea hɔ—na na saa mmarima no nyinaa yɛ Yuda Ortodɔksfo. Awia biara na saa mmarima yi susuw Bible no ho. Na Bill a ɔkɔ Baptist asɔre no tie bi kɛkɛ. Nanso, bere a ofii ayaresabea hɔ no, na wahu sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no yɛ biako na Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyina Bible so. Ɛno nti Bill ankɔ n’asɔre no bio. Nanso, na ohia honhom fam mmoa a ɛbɛma watumi agyina asetram haw ano. Bill ka sɛ: “Mekɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me, na otiee me mpaebɔ.”

Da koro Memeneda bi wɔ 1953 mu no, Roy Douglas, akwakoraa bi a bere bi na ɔne Bill te faako no tee n’asɛm no na ɔkɔsraa no. Roy a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no ka kyerɛɛ Bill sɛ ɔne no besua Bible no, na Bill penee so. Nea Bill kenkan fii Bible ne “Let God Be True”a nhoma no mu no maa ɔtee nneɛma ase. Ɔkaa nea ohui no ho asɛm kyerɛɛ Rose, na ɔno nso bɛkaa adesua no ho. Rose ka sɛ: “Wɔakyerɛkyerɛ yɛn wɔ asɔre sɛ yare yɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ, nanso yɛasua afi Bible mu sɛ ɛyɛ atoro. Ɛmaa yɛdee yɛn ho ankasa.” Bill de ka ho sɛ: “Hu a yehuu nea ɛde amanehunu ba, a me yare no nso ka ho, na yehu fii Bible mu sɛ daakye pa bi wɔ hɔ no boa ma yɛpenee nea ato me no so.” Wɔ 1954 mu no, Bill ne Rose duu botae foforo bi nso ho. Wɔbɔɔ wɔn baanu asu sɛ Yehowa Adansefo.

Nsakrae Pii a Yɛyɛe

Saa bere yi, na Bill ayɛ mmerɛw araa ma ontumi nyɛ n’adwuma no bio. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi anya wɔn asetrade no, Bill ne Rose yɛɛ nsakrae wɔ wɔn adwumayɛ mu: Bill traa fie hwɛɛ Vicki, na Rose fii ase yɛɛ adwuma wɔ adwumakuw a wɔyɛ wɔɔkye no mu—adwuma a ɔyɛe mfe 35!

Bill ka sɛ: “Yɛn ba no a na mehwɛ no no maa m’ani gyei kɛse. Abofra Vicki nso ani gyei. Na ɔde anigye ka kyerɛ obiara a obehyia no sɛ: ‘Me na mehwɛ Paapa!’ Akyiri yi a ofii sukuu ase no, na meboa no ma no yɛ ne sukuu dwumadi, na na yɛtaa tow aba de di agoru. Afei nso, minyaa hokwan kɛse kyerɛkyerɛɛ no Bible no.”

Kristofo nhyiam a na Bill ne n’abusua tumi kɔ wɔ Ahenni Asa so no maa wɔn ani gyei. Na egye no dɔnhwerew biako na watumi ayɛ nkakrankakra adu Ahenni Asa so, nanso wɔanto adesua mu da. Akyiri yi, bere a Bill ne Rose tu kɔtraa kurow no fã baabi no, wɔtɔɔ kaa korokorowa bi a na Rose ka de wɔn kɔ asa no so. Ɛwom sɛ na Bill ntumi nkasa pii de, nanso ɔkyerɛw ne din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Bill kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mekyerɛw me kasa no wɔ krataa so de ma onua foforo ma. Sɛ ɔkasa no ba awiei a, na sukuu sohwɛfo no gyina emu asɛm no so de afotu ma me.”

Na anuanom afoforo nso boa Bill ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu. Na bere a akyiri yi, wɔpaw Bill sɛ asafo mu somfo no, anyɛ wɔn a wohuu ne mmɔdenbɔ no nwonwa koraa. Bere a afei de na ontumi nantew bio na ne yare no mu ayɛ den no, ɔkaa dan mu a na bere nyinaa ɔda ne mpa so. So na obetumi agyina ɔhaw yi ano?

Dwumadi Bi a Ɛyɛ Anigye

Bill ka sɛ: “Esiane sɛ na mewɔ fie bere nyinaa nti, mehwehwɛɛ biribi a mɛyɛ de agyigye m’ani. Ansa na merebɛka mpa mu no, na metaa twa mfonini. Enti mepɛe sɛ mɛyɛ mfonini, ɛwom sɛ na menyɛɛ bi da wɔ m’asetram de. Afei nso, ɛwom sɛ meyɛ nifa de, nanso na me nsa nifa ne me nsa benkum no nsateaa abien adwudwo. Nanso, Rose tɔɔ nhoma pii a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ mfonini mu maa me. Misuae na mifii ase de me nsa benkum yɛɛ mfonini. Ɛwom sɛ metow me mfonini pii guu bɔɔla mu de, nanso akyiri yi, mihuu sɛnea wɔyɛ no.”

Mfonini fɛfɛ pii a ɛbobɔ Bill ne Rose dan mu no kyerɛ sɛ Bill huu sɛnea wɔyɛ mfonini no maa ɛyɛɛ nwonwa. Bill ka bio sɛ: “Bɛyɛ mfe anum a atwam ni no, me nsa benkum fii ase wosowee araa ma na ɛsɛ sɛ migyae mfonini no yɛ koraa, nanso, mede adwuma yi gyigyee m’ani mfe pii.”

Botae a Aka Da M’anim

Bill kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfe 50 atwam fi bere a meyaree no. Meda so ara nya awerɛkyekye fi Bible akenkan mu, ɛnkanka bere a mekenkan Dwom ne Hiob nhoma no. Na m’ani gye Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow akenkan ho. Minya nkuranhyɛ pii nso bere a yɛn asafo no mufo ne ahwɛfo akwantufo bɛsra yɛn na wɔka osuahu a ɛma denhyɛ kyerɛ yɛn no. Afei nso, mitumi tie dwumadi a ɛkɔ so wɔ Ahenni Asa so denam telefon so, na me nsa ka video a ɛfa nhyiam akɛse ho no mpo.

“Ɛyɛ me anigye sɛ minyaa ɔyepa. Wayɛ me hokafo pa mfe pii. Afei nso, yɛn babea a seesei ɔne n’abusua resom Yehowa no ma yɛn ani gye kɛse. Meda Yehowa ase kɛse sɛ waboa me ma mesom no. Ɛnnɛ, bere a me nipadua yɛ mmerɛw na mintumi nkasa yiye no, metaa dwene ɔsomafo Paulo asɛm yi ho: “Yɛmpa abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa.” (2 Korintofo 4:16) Yiw, sɛ mɛkɔ so ayɛ den wɔ honhom fam bere dodow a mete nkwa mu no—ɛno ne me botae titiriw.”

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii; wɔagyae tintim.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

“Wɔ oprehyɛn no akyi no, na mintumi mmene ade. Ná mintumi nkasa. Ná madan mum”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Bill ne Rose nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena