Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 4/8 kr. 22-24
  • Mekamfoo Asomdwoe Kyerɛe na Ɛnyɛ Ɔko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mekamfoo Asomdwoe Kyerɛe na Ɛnyɛ Ɔko
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’adwuma Sɛ Odwumfo
  • Minya Asetra Ho Nsɛmmisa Pii
  • Gyinae Atitiriw a na Ɛsɛ sɛ Misi
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So
    Nyan!—2001
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
    Nyan!—1991
  • Ɔpɛ a Emu Yɛ Den a Mewɔ sɛ Mɛsom Onyankopɔn
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 4/8 kr. 22-24

Mekamfoo Asomdwoe Kyerɛe na Ɛnyɛ Ɔko

SƐNEA DOROTHY HORLE KA KYERƐE

Wɔ 1919 mu no, wɔwoo me too Italy Katolek abusua bi a ɛwɔ Wilmington, Delaware, U.S.A., no mu. Ná m’awofo nkɔ asɔre, nanso na wɔma me ne me nuanom mmea baanu kɔ. Asɔredan akɛse a ɛyɛ fɛ, ne ahoni ne amanne a na wɔyɛ wɔ hɔ no maa me ho dwiriw me.

MFE bi twaam no, mehweree Katoleksom ho anigye. Ná asɔre no ntwe adwene nsi Bible, nhoma a na me papa di no ni na ɔkenkan no daa no, so. Asɔre atesɛm nkrataa a na ɛbobɔ wɔn a woyi sika ma ne sika dodow a woyi din no maa me ho yeraw me. Na yɛte asɔfo nsɛmmɔnedifo nso ho asɛm. Midii mfe 15 no, na menyɛ Katolekni bio. Eyi ma minyaa bere pii de suaa adwinni.

M’adwuma Sɛ Odwumfo

Wɔ 1940 mu, bere a na madi mfe 21 no, mewaree William Horle, aberante a na n’ani gye sɛ ɔbɛyɛ sraadi nneɛma biara ho mfonini—wimhyɛn, asraafo, atuo, po so hyɛn. Ɛyɛɛ Bill anigye sɛ meyɛ odwumfo na ɔno na odii kan tɔɔ mfoninnuru maa me. Mifii ase suaa akwan a wɔn a wɔakyɛ wɔ adwuma no mu fa so di adwini no.

Wɔ yɛn aware akyi bɛyɛ mfe abien no, Bill fii ase de sumpii yeyɛɛ asraafo mfonini. Ɔyeyɛɛ asraafo ahoni kɛkɛ? Dabida! Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ adwini a ɛyɛ fɛ ankasa. Ná adwumfo afoforo de rɔba, nnua, anaa dɔte na ɛyɛ adwuma, nanso na sumpii no boa Bill kɛse esiane ntetee a na wanya sɛ mfiri ho nimdefo nti.

Ná ɔyɛ biribi mfonini, ɔyɛ ne honi, na afei ɔtõ ade no sumpii mu. Bere kɔɔ so no, ne ho bɛkokwae araa ma na ɔno ankasa keka nneɛma no afã ahorow bom, de sumpii sosɔw, twiw ho, de aduru ka ho fɛfɛɛfɛ. Akyiri yi, ɔsesaa nnuru a ɔde yɛ adwuma no de foforo sii ananmu. Ná ɛno boa ma n’adwini no di mu ankasa.

Sɛ odi adwini biara wie a, na me de ne sɛ mɛhwɛ ma adi mu paa. Yɛnam nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri so huu akwan a wɔfa so di asraafo ntade dedaw—a nea na ɛka ho ne pɔtwom, nhama a wɔde pam, abodin baagye, ne kɔla ahorow—ho adwini.

Ná mebɔ mmɔden de adubiri ne mfoninnuru ahorow yeyɛ adwini a yɛde sumpii ayɛ no ho. Ná eyi boa ma adwini a yɛadi no di mu ankasa. Ɔdan ketewa bi a na ɛwɔ Philadelphia, Pennsylvania, no mu na na yɛte yɛ Amerika Indiafo, asraafo a wɔreko Ɔmanko, U.S. Po So Akohyɛn, Napoleon apɔnkɔ ne ɛsotefo, Misraim Mamlukfo, Algeria Zouavefo, ne afoforo nyinaa ho adwini!

Afei U.S. Asraafo no too nsa frɛɛ Bill sɛ onni asraafo pɔnkɔ a wodii kan de kɔɔ ɔko wɔ Peking (a seesei wɔfrɛ no Beijing), China, wɔ 1939 mu no ho adwini. Yɛyɛɛ ho adwuma pii, na wɔ 1954 mu no, yɛde kɔɔ Smithsonian Asuae a ɛwɔ Washington, D.C., no. Mfe bi akyi no, Ɔmampanyin Lyndon Johnson srɛe sɛ yɛmfa mmra White House hɔ. Nokwarem no, yegyee pene.

Ná yɛntɔn yɛn adwini ahorow no, nanso Bill de ɔhaha pii memae. Wɔkaa yɛn ho nsɛmpa wɔ nhoma a ɛka asraafo ho nsɛm no pii mu. Wɔde yɛn nnwuma no bi kyerɛe wɔ Wiase Nyinaa Ɔyɛkyerɛ a wɔyɛe wɔ 1965 mu wɔ Flushing Meadow, Queens, New York, no ase. Wɔsrɛe sɛ yɛmfa yɛn adwini no bi mmegu mmeae a wɔkora tete nneɛma so no. Bruce Catton a ɔyɛ U.S. Ɔmanko ho abakɔsɛm kyerɛwfo no de yɛn adwini ahorow no bi kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu wɔ ne nhoma ahorow mu.

Minya Asetra Ho Nsɛmmisa Pii

Nanso, bere a midii mfe 40 no, nneɛma fii ase sesae. M’adwenem fii ase yɛɛ me nnaa wɔ Onyankopɔn ho. Wɔ Buronya Da bi no, ofie bi a ogya tɔɔ mu maa Katolek mmofra baanum hyewee dwerɛbee bere a na wɔn awofo kɔ asɔre. Mibisae sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn tumi maa ɛno sii n’awoda?’ Mihuu nhoma bi a ɛka Yudafo a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ Okunkɛse no mu no ho asɛm. Eyi ne nsɛm afoforo a ɛyɛ hu a na esisi wɔ wiase no ma mibisae sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn wɔ? Onni n’asɛyɛde ho dwuma!’

Esiane me papa nhwɛso a odii kan yɛe no nti, misusuwii sɛ mmuae no bɛwɔ Bible mu. Enti mekɔɔ Katolek sɔfo no fie a na ɛbɛn yɛn fie wɔ Philadelphia hɔ sɛ me ne no rekɔyɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ ho nhyehyɛe. Metwɛnee araa, nanso wamma. Na mekɔ fie hɔ mpɛn anan ɔsram biara, nanso mannya no ne no ammɔ nkɔmmɔ da koro mpo.

Anwummere bi, mede awerɛhow ne ahoyeraw hwɛɛ soro bɔɔ mpae sɛ: “Minnim nipa ko a woyɛ. Minnim ɔsom ko a wowom, nanso minim sɛ wowɔ hɔ. Mesrɛ wo ma minhu wo!” Bere tiaa bi akyi no, Yehowa Adansefo baa me fie.

Ɛtɔ mmere bi a, na mihu Adansefo no sɛ wɔde wɔn kar akosisi baabi rewurawura afie mu. Ɛmfa ho sɛ na minnim wɔn ho biribiara anaa nea enti a wɔba hɔ no, na m’ani gye wɔn dwumadi no ho.

Bere a Adansefo baa me nkyɛn saa da no wɔ 1961 mu no, na mabotow efisɛ na mintumi nhu baabi a Onyankopɔn wɔ. Bere a na meretwitwiw me fie anim no, ɔbea abasiriwa bi a wɔfrɛ no Marge Brion foroo atrapoe no baa abrannaa so hɔ bekyiaa me. Manhwɛ n’anim mfiase no. Nanso, bere a ɔkaa asase no a wɔbɛdan no paradise fɛfɛ ho asɛm no, mitiee asɛm biara a ɔkae no yiye. Awiei koraa no obisae sɛ, “Woretie me anaa?”

Mitii nea ɔkae no nyinaa mu kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ, a nea na ɛka ho ne Bible nkyekyem a ɔkenkan fii Yesaia 55:11 no. Afei, mitwaa m’ani hwɛɛ no soo ne nsam kae sɛ, “Bra mu!” Ɔmaa me Bible bere a edi kan ne nhoma a wɔde sua Bible a ɛne Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anya So. Ɔkyerɛe nso sɛ ɔne me bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ daa—adesua pɔtee a na mepɛ sɛ Katolek Asɔre no de ma me no.

Ná yehyiam mprenu dapɛn biara sua Bible no, na ɛno ma minyaa nkɔanim ntɛmntɛm. Bere tiaa mu no, ɛbɛdaa adi sɛ mahu nokware no. Onyankopɔn din, Yehowa, a mihui no maa m’ani gyei ankasa. (Dwom 83:18) Susuw ho hwɛ—eyi ne Onyankopɔn a na mifi me mmofraberem pɛ sɛ mihu no no! Mibehui nso sɛ ne Ba, Yesu Kristo, nyɛ onyame baasakoro bi fã. (Yohane 14:28) Ankyɛ koraa na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo Kristofo nhyiam ahorow, na minyaa ɔpɛ sɛ mede me bere nyinaa bɛbɔ Bible no dawuru.

Gyinae Atitiriw a na Ɛsɛ sɛ Misi

Afei na na merebehyia sɔhwɛ kɛse bi. So na mɛtwe me ho afi William ne Dorothy Horle adwinni adwuma no ho? Na mɛyɛ dɛn atumi asom asomdwoe Nyankopɔn no ne ne Ba, Asomdwoe Hene, no bere a menam adwinni so hyɛ ɔko anuonyam no? (Yesaia 9:6) So Yehowa anhyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛma akodi agyae akosi asase ano’? (Dwom 46:9) Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so kamfo biribi a Onyankopɔn bɛsɛe no no kyerɛ? Na so Yesaia anhyɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de ‘wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’ na wɔrensua akodi bio? (Yesaia 2:4) Misusuw eyi ho na mebɔɔ mpae anibere so bere tenten. Gyinae a misii ara ne sɛ: “Mintumi nni adwini bio!” Wɔ April 25, 1964 no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho nsɛnkyerɛnne maa Yehowa Nyankopɔn.

Ná Bill taa ka sɛnea odi yaw sɛ bere bi bɛba a owu bɛma yɛn mu atete no. Bere a mifii ase suaa Bible no, na meka kyerɛ no sɛ: “Bill, yebetumi atra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu!” (Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:4, 5) Na osusuw sɛ mabɔ dam. Bere a mekyerɛkyerɛɛ nea enti a mintumi nkɔ so mfi ahonim pa mu nni sraadi mu adwini bio mu kyerɛɛ no no, ne bo fuwii, na ohunahunaa me sɛ obegyae me. Akyiri yi, ogyaee me.

Bill nkutoo yɛɛ sraadi mu adwini no mfe pii. Nanso wantu ankɔtra akyiri koraa, na na ɔboa me ne yɛn babarima, Craig, a yɛwoo no 1942 mu no, bere nyinaa. Wɔ 1988 mu no, Bill san bae na yɛtraa ase sɛ awarefo mfe du ansa na ɔrewu.

Bere bi akyi, wɔ 1966 mu no, mitumi dii me botae a ɛne sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no ho dwuma. Mayɛ saa fi saa bere no. Minyaa hokwan ne me nuabea panyin suaa Bible no. Ogyee Bible nkyerɛkyerɛ no toom, na ɔda so ara yɛ Ɔdansefo de besi nnɛ. Me papa tiee Bible mu asɛm no, na wɔ adapɛn abien pɛ mu no, ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 75 no, na ɔkɔɔ so dii Onyankopɔn nokware kosi sɛ owui bere a na wadi mfe 81. Me maame nso gyee Yehowa toom sɛ ne Nyankopɔn, ɛwom sɛ wanhyira ne ho so na owui de. Ná wadi bɛyɛ mfe 94.

Yehowa, asomdwoe Nyankopɔn no, ahyira me pii wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu. Madi mfe 81 seesei, na meda so ara yɛ ɔkwampaefo ɛwom sɛ mintumi nnantew pii de. Mete nka sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛwee nea edi so yi no: “Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.” (1 Timoteo 1:12) Hwɛ nhyira araa a ɔsom adwuma no ayɛ! Nnipa pii a me ne wɔn suaa Bible no afi wɔn pɛ mu som mmɔborohunu Nyankopɔn no.

Midi yaw kɛse sɛ m’abusua nyinaa mmegyee Bible mu nokware no. Ebia wɔn mu pii bɛba akyiri yi. Nanso me fam de, Yesu nsɛm no ayɛ nokware sɛ n’asuafo ‘benya afie ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma mmɔho ɔha seesei wɔ bere yi mu.’ (Marko 10:30) Nokwarem no, Yehowa ahyira me pii. Hwɛ anuonyam ne anigye a ɛyɛ sɛ metɔn ɔko mu anuonyam de gyee Onyankopɔn asomdwoe!

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne Ɔsahene L. C. Shepherd, Akumaa, wɔ 1954 mu

Nsɛm Fibea]

Defense Dept. photo (Marine Corps)

[Mfonini wɔ kratafa 23]

(Ne kɛse ankasa)

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Madi mfe 81, na mayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe 30 ni

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena