Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 24-27
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adeyɛ a Edi Kan
  • Ehia sɛ Ogyina Asɛnnennen no Ano
  • Nsɛnnnennen Ano a Wubegyina
  • Dɛn Na Wobetumi Ayɛ?
  • Mmoa Ahorow a Ɛwɔ Hɔ
  • Nokware Ayaresa
  • Ɔhaw no Ano a Wubegyina Denam Botae a Wode Besisi W’anim So
    Nyan!—2001
  • “Nhwɛ Mmubuafo Akongua no—Hwɛ Me!”
    Nyan!—1984
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Dɛmdi no Ano?
    Nyan!—1993
  • Wɔadi Dɛm—Nanso Wɔsow Aba
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 24-27

“Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”

ED NYAA kar akwanhyia a ɛyɛ hu bere a na wadi mfe 20. Bere a n’ani so tetew no no, wantumi ansɔre. Ohui sɛ wabubu nanso osusuwii sɛ ɛrenkyɛ. Ed ka nea akyiri yi esii wɔ ayaresabea hɔ: “Wɔka kyerɛɛ me sɛ mintumi nnantew bio da!” Na wabubu fi ne koko besi fam.

Ed papa kae sɛ: “Bere a me ba no pirae no, ɛhaw me yiye. Na ɔyɛ aberante a ne ho yɛ den, nanso afei ontumi nnantew bio. Ɛsɛe n’asetra.” Na Ed yɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ a Yehowa Adansefo frɛ no akwampae adwuma no.

Bill, aberante foforo a na ɔwɔ ne mfe 20 mfe mu no dɔɔ asukɔ wɔ po mu ma ɔde ne ti kɔpem fam. Amonom hɔ ara na ontumi nkeka ne ho anaasɛ na ɔnhome. Nanso na ne nnamfo bɛn hɔ nti nsu no amfa Bill. Nanso obubui fi ne kɔn besi fam. Nnuruyɛfo ka kyerɛɛ Bill sɛ ɔno nso ntumi nnantew bio da.

Adeyɛ a Edi Kan

Bill kae sɛ: “Mepɛe sɛ midi me ho dɔm, nanso mantumi anyɛ saa wɔ ayaresabea hɔ.” Na Bill asom wɔ Vietnam Ko no mu, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ wimhyɛn kafo. Bere a opirae wɔ 1969 mu no, n’anidaso nyinaa sɛe, na na onhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so tra nkwa mu.

Na Ed adeyɛ a edi kan bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ wabubu a ɔnsɔre bio no yɛ soronko. “Mampa abaw, esiane gyidi a na mewɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible no mu no nti. Mihui sɛ mprempren de ebia me tebea no rensakra da de, nanso ɛrentra hɔ saa bere nyinaa.” Esiane anidaso a Ed wɔ no nti, watumi de adwene a ɛteɛ atra ne yare no mu bɛboro mfe 25 ni.

Ehia sɛ Ogyina Asɛnnennen no Ano

Nanso, na Bill nni Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho nimdeɛ. Nanso, biribi sii da koro bi ma ɛkaa no ma ɔyɛɛ ne ho biribi.

Bere a na ɔde asram awotwe atra ayaresabea hɔ akyi no, ɔyarehwɛfo barima bi de Bill kɔɔ aguare sɛ okoyi n’abogyesɛ ama no. Ɔkae sɛ: “Bere a mehwɛɛ ahwehwɛ mu no, mihuu obi a ɛnyɛ me!”

Na anka Bill yɛ ɔbarima a ne mu duru bɛyɛ kilogram 90 a ne tenten bɛyɛ sɛntimita 185 nanso afei de, waka nnompe a ne mu duru bɛyɛ kilogram 40 pɛ. Wannye anni sɛ nea ɔwɔ ahwehwɛ no mu no yɛ n’ankasa. Osuahu no ma ohuu asɛnnennen a ne yare no de aba no. Bill ka sɛ: “Sɛ wububu gu fam a, afe a edi kan no na ɛyɛ den, efisɛ ɛno ne bere a ɛsɛ sɛ wusi nea wobɛyɛ ho gyinae.”

Nsɛnnnennen Ano a Wubegyina

Ahopopo nni Ed so, nanso ɔka sɛ nsakrae ahorow tumi ba ne nkate mu. Ed kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mintumi nyɛ nneɛma a ɛyɛ mmerɛw te sɛ ade a mɛteɛ me nsa afa, na ɛma mebotow.”

Ɛyɛ den pii ma Bill sɛ ɔde nipadua a ɛtɔ sin ne adwene a edi mũ bɛtra ase. Ɔka sɛ: “Ɛte sɛ nea wode adwene a ɛde afiri yɛ adwuma ahyɛ nipadua a ɛte sɛ nnua teaseɛnam mu.”

Ehon ntini a ɛsɛe no de honam mu nyarewa te sɛ dwonsɔ ne tiafi a wɔkɔ gu wɔn ho, pressure sores ne ntehyewa nso ba. Ed anya asaabo mu yare fi bere a opirae no, na ɛtɔ mmere bi a bɛyɛ sɛ nnansia anaa nnanson no, ne ho tumi yɛ hyew tra so bɛyɛ 40° C. Dwonsɔ ne tiafi a Bill kɔ gu ne ho nso haw no pii. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubegye atom sɛ wo nipadua ayɛ sɛ abofra de.”

Ed ka kyerɛ nnipa a wɔadi dɛm nyinaa sɛ wɔmmɔ wɔn ho mmɔden nyɛ biribiara sɛnea wobetumi. Ɔka sɛ: “Bɔ mmɔden na w’ankasa yɛ, na wubetumi ayɛ bi aka ho.” Ɛno nti na ade a edi kan a ɔyɛe bere a ɔrefi ayaresabea no ne sɛ ɔde nneɛma a wɔde nsa nkutoo di ho dwuma hyehyɛɛ ne kar mu na watumi aka no. Mprempren Ed de lɔre a wɔahyɛ da ayɛ ama no mpo na ɛyɛ ne ɔwɛmfo adwuma a adi yiye no.

Bill ka sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wo werɛ befi dɛm a wadi no, yɛ w’asetram nneɛma sɛnea wubetumi. Sɛ wanyɛ wo ho sɛ obubuafo a, nkurɔfo remmu sɛ woyɛ bi.” Bill yɛ nea ɔka no. Watumi ahyehyɛ adwuma na ɛkɔ so, ɔde ne teaseɛnam, mmubuafo agua ne ne poma kyinkyin.

Dɛn Na Wobetumi Ayɛ?

Wobetumi aka sɛ mmubuafo akwanside biako wɔ wɔn a wɔnyɛ mmubuafo no adwenem. Ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so ayi akwanside yi afi hɔ no ne ntease a wobenya. Wɔn a wɔadi dɛm no nso hwehwɛ sɛ wodwen wɔn ho na wonya ntease ma wɔn te sɛ nea wɔyɛ nnipa a wonnii dɛm no.

Nnipa bi ani nnye ho sɛ wɔne obi a wadi dɛm bɛbɔ. Bill ka sɛ: “Nokwarem no, yɛn nyinaa adidi adɛm wɔ ɔkwan bi so. Ebinom adi dɛm kɛse asen afoforo ara kwa.” Wɔn a wɔadi dɛm no nso yɛ nnipa a sɛ nhwɛso no, wontumi nnantew, nhu ade anaasɛ wɔnte kasa sɛnea afoforo yɛ no. Ɛho hia sɛ yehu sɛ dɛmdi biara fi tebea bi na yenya obu ma onipa mũ no.

Ed kae sɛ: “Sɛ nnipa bu me sɛnea wobu obiara a, m’anigye ho. Hwɛ me. Nhwɛ agua no.” Afei ɔkaa osuahu bi a ɔne ne yere nyae wɔ adidibea bi: “Ɔsomfo no dii kan bisaa me yere nea ɔpɛ, na afei obisaa ɔno mmom nea mepɛ. Menyɛ mum! Nantew kɛkɛ na mintumi nnantew.”

Ed kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa pii pɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma wɔn a wɔadi dɛm, nanso wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.” Afotu a ɔde ma ne sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛtwɛn ahwehwɛ nea wubetumi ayɛ ansa na wayɛ biribi.”

Enti di kan bisa sɛ, “Metumi aboa wo anaa?” Anaasɛ, “So biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ aboa wo?” Nsusuw sɛ obi a wadi dɛm hia wo mmoa; ebia na onhia.

Bill ka sɛ: “Mmoa a ɛsen biara a obi a wadi dɛm hia ne sɛ wobɛyɛ no sɛ obi a ɔwɔ akwahosan a edi mũ na wo ne no abɔ te sɛ obiara.” Nokwarem no, eyi yɛ bɛyɛ ebinom den. Ebia na adwene anaa nkate mu akwanside bi wɔ wɔne nnipa a wɔadi dɛm no ntam. Nanso, dodow a yehu eyinom sɛ ankorankoro no, dodow no ara na yɛmfa adwene nsi dɛm a wɔadi no so kɛse.

Ed a watra Yehowa Adansefo asafo biako pɛ mu mfe pii no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me nnamfo no mu pii mmu me sɛ m’adi dɛm. Nokwarem no, wɔ yɛn baguam asɛnka dwumadi mu no, wɔde me kɔ sankɔhwɛ wɔ aban a ɛtoa so du so! Afei ɛyɛ a na maka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa obi foforo nkɔ.”

Sɛ Ed nnamfo bu wɔn ani gu ne dɛm a wadi no so a, so ne bo fuw? Dabida. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wosusuw sɛ minhia mmoa biara. M’ani gye ho efisɛ ɛma mete nka sɛ minnii dɛm, na mmom me yɛ onipa a hwee nyɛ me.”

Mmoa Ahorow a Ɛwɔ Hɔ

Nnansa yi mfe mu no, wɔanya nkɔanim pii wɔ aman ahorow so wɔ mmoa a wɔde ma wɔn a wɔadi dɛm wɔ honam mu no. Ahyehyɛde, nneɛma ne nnwuma horow wɔ hɔ a wɔde boa wɔn ma wɔtra ase a wɔnyɛ adesoa mma afoforo. Wɔ mmeae pii no, nea ɛsɛ sɛ obi yɛ ara ne sɛ ɔhwehwɛ ahyehyɛde ne nnwuma ahorow yinom ho nsɛm wɔ nhoma a ɛhɔnom telefon nɔma ahorow wom no mu.

Mprempren wosisi adan ne afi pii a wɔde wɔn a wɔadi dɛm no begu mu. Wimhyɛn akwantu ho nnwuma horow ayɛ wɔn a wɔadi dɛm a wɔde wɔn bekyinkyin ho nhyehyɛe titiriw binom. Ɛnnɛ, wobetumi de mmubuafo agu kar ne lɔre atitiriw bi mu akyinkyin.

Nnɛyi mfiridwuma a atumi ayɛ nneɛma bi a ɛyɛ adwuma te sɛ honam akwaa ahorow a awu no ama mmubuafo binom tumi nantew. Nanso Oduruyɛfo J. Petrofsky a ɔyɛ eyinom ho nhwehwɛmufo a odi kan no ka sɛ ebia nnipa benya mfiridwuma a ɛte saa ho atoro anidaso. Ebia wobegye adi sɛ ɛbɛma obubuafo biara atumi anantew bio. Oduruyɛfo Petrofsky ka sɛ, “ka nokwasɛm no, na bɔ mmɔden sɛ wobɛka sɛnea nhwehwɛmu a ɛte saa no te. Wunim, yɛnnsa ɔyare biara.”

Nokware Ayaresa

Nanso, honam mu dɛm nyinaa ho nokware ayaresa a ɛbɛtra hɔ daa bɛba daakye. Anidaso yi a Ed wɔ sɛ ɔbɛsan anantew bio no na awowaw no na aboa no ma watumi agyina ne dɛm a wadi no ano mfe pii no. Bible no bɔhyɛ ne sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato anigye dwom.”​—Yesaia 35:5, 6.

Ɔyare a wɔbɛsa no nyinaa bɛba asase yi so bere a Onyankopɔn Ahenni si adesamma nniso nyinaa anan mu no. (Daniel 2:44) Nokwarem no, Onyankopɔn Ahenni a Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no de wiase foforo bi a Bible mu bɔhyɛ yi nso benya mmamu wom bɛba: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow.”​—Yesaia 33:24; Mateo 6:9, 10.

Bere a Bill nyaa akwanhyia no, ɛwom sɛ na ɔwɔ obu a emu dɔ ma Bible no de, nanso na onnim nea emu bɔhyɛ ahorow no kyerɛ. Wɔ ne dɛm no mu mfe anum a edi kan no, ofii ase de nnubɔne dii dwuma pii. Ɔka sɛ: “Mede nnubɔne dii dwuma wɔ Vietnam esiane nneɛma a ɛyɛ hu no nti, na akyiri yi mede dii dwuma na matumi agyina mmubuafo agua mu tra asetra no ano.”

Nanso wɔ 1974 mu no, ɛdenam Yehowa Adansefo mmoa so no, Bill begye dii sɛ Bible no yɛ nokware ankasa ne sɛ wobetumi de ho ato emu bɔhyɛ ahorow no so koraa. Ɔka sɛ: “Efi saa bere no reba no, sɛnea mɛka no, abon waawae fii m’ani so!” Ɛno akyi asram ason no, Bill hyiraa ne ho so maa Yehowa Nyankopɔn, na ankyɛ koraa ɔne ne yere nyinaa fii bere nyinaa som adwuma ase sɛ akwampaefo.

Bill kae ne kan osuahu no, na ogye tom sɛ n’akwanhyia no ne akyi dɛm a odii no yɛ yaw. Ɔka sɛ: “Nanso, manya pii afi opira no mu.” Dɛn nti na otumi kaa saa?

Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Minnye nni sɛ sɛ manni dɛm a anka mɛyɛ nokware Kristoni. Na meyɛ ahomaso dodo, meyɛ onuonyampɛfo dodo, na anka mentra faako nkyɛ na magye Kristofo nkrasɛm no.”

Enti mprempren, te se Ed no, Bill anya gyidi pintinn sɛ, ɛnkyɛ koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obetumi de ne nipadua nyinaa adi dwuma bio. Na wɔ nea ɛte sɛ tebea a anidaso biara nni mu akyi no, obiara a wadi dɛm betumi anya Onyankopɔn ayaresa tumi koro no ara mu awerɛhyem. Onipa a ɔte saa no betumi de ntease yi ahyɛ ne koma den da biara da: “Minim sɛ metumi anantew bio!”​—Wɔkyerɛw mae.

[Kratafa 26 mfoni]

Ɛwom sɛ Ed adi dɛm de, nanso onya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena