Wɔadi Dɛm—Nanso Wɔsow Aba
1 Sɛ woka Yehowa Adansefo pii a wɔadi dɛm no ho a, wubetumi asow aba wɔ ɔsom adwuma no mu ara. Nokwarem no, wo tebea no betumi ama woanya hokwan atitiriw bi de adi adanse na woahyɛ afoforo nkuran.
2 Adanse a Wubedi: Nnipa pii a wɔadi dɛm renya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse paa. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a wɔyɛɛ no oprehyɛn akyi no, na ontumi nnantew na ne kasa yɛɛ basaa no hui sɛ obetumi anya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa bere a ne kunu de wɔn kar si baabi a nnipa pii fa no. Da bi, ɔmaa nsɛmma nhoma 80 wɔ nnɔnhwerew abien pɛ mu! Wo tebea a ɛyɛ soronko no nso betumi ama wo ne nnipa a anka ɛbɛyɛ den sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn no adi nkitaho. Sɛ saa a, fa wɔn yɛ w’asasesin titiriw.
3 W’asɛnka adwuma no betumi atu mpɔn kɛse ankasa! Bere a afoforo hu wo mmɔdenbɔ ne nkɛntɛnso pa a Bible mu nokware anya wɔ w’asetra so no, ebetumi ama wɔn ani agye Ahenni asɛm no ho. Bio nso, sɛ wuhyia nnipa a wɔrehyia ɔhaw bi a, osuahu a wowɔ wɔ asetram no betumi aboa wo ma woafi Onyankopɔn Asɛm mu akyekye wɔn werɛ.—2 Kor. 1:4.
4 Hyɛ Afoforo Den: So Laurel Nisbet a ɔhyɛɛ afiri a ɛma wotumi home mu mfirihyia 37 nanso ɔboaa nnipa 17 ma wobenyaa Bible mu nokware nimdeɛ no asetram nsɛm no anhyɛ wo den? Saa ara na wo nhwɛso betumi akanyan mfɛfo gyidifo ma wɔayere wɔn ho wɔ Yehowa som adwuma mu.—g93-E 1/22 kr. 18-21.
5 Sɛ mpo wo tebea mma wuntumi nkɔ asɛnka sɛnea wopɛ a, wubetumi ahyɛ afoforo nkuran ara. Onua bi kae sɛ: “Mahu sɛ obi a wadi dɛm kɛse mpo betumi ayɛ afoforo mmoa pii. Me ne me yere ayɛ sɛkyɛ ama ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu. Esiane yɛn tebea nti, yɛwɔ ha bere nyinaa, na yɛayɛ krado bere nyinaa.” Nanso, esiane wo tebea nti, ntease wom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ayɛ nneɛma sɛnea wopɛ. Nanso, wonam mmoa kakra a wubenya no so betumi anya kyɛfa kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Enti, sɛ wuhia mmoa bi a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ mpanyimfo no ne asafo no mufo foforo a wobetumi aboa wo no.
6 Yehowa hu biribiara a woyɛ na ama woatumi asom no no, na n’ani gye ɔsom a wufi ɔkra nyinaa mu de ma no ho. (Dw. 139:1-4) Sɛ wode wo ho to ne so a, obetumi ama wo tumi ma woasow aba pa pii wɔ ɔsom adwuma no mu.—2 Kor. 12:7-10.