Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 9/8 kr. 13-15
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Dɛmdi no Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Dɛmdi no Ano?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsusuwii Hunu Afiri No
  • Fa Nimdeɛ Di Dwuma
  • Kanyan Wo Ho!
  • Pene Afoforo Mmoa So
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Dɛmdi Ma Mihu Amane?
    Nyan!—1993
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
    Nyan!—1991
  • Wɔadi Dɛm—Nanso Wɔsow Aba
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 9/8 kr. 13-15

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Dɛmdi no Ano?

ABEAWA bi a yɛbɛfrɛ no Maggie maame se: “Otumi nantew ara. Nanso ontumi mfa ne nipadua akwaa bi nni dwuma, na ne kasa mu ntew.” Ɔyare a wɔfrɛ no sclerosis ayɛ Maggie, na ɔyɛ mmofra ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔadi dɛm no mu biako.

Ebia woyɛ wɔn mu biako. Na sɛ ebia a wɔde dɛmdi bi woo wo anaasɛ ɔyare anaa, akwanhyia bi na ɛma wudii dɛm no a,a enhia sɛ woka sɛ wuntumi nya asetra a anigye wom bio. Sɛ wode boasetɔ bɔ wo ho mmɔden a, wubetumi ayɛ nneɛma pa de agyina wo tebea no ano yiye.

Nsusuwii Hunu Afiri No

Nokwarem no, ɛyɛ nnipa su sɛ wɔmpɛ sɛ wobegye tebea bɔne atom na mmom sɛ wobenya anidaso hunu sɛ dɛmdi no ankasa bɛkɔ. Ɛda adi sɛ ɔyare bi kaa ɔsomafo Paulo a na ɛmma onhu ade yiye. (Fa toto Galatifo 6:11 ho.) Paulo reka ne nsrahwɛ a edi kan wɔ Galatia ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Munim sɛ ɔhonam mmerɛwyɛ nti na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kan, na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no moantew no ahi, nso moankyi.” (Galatifo 4:13, 14) Nhomanimfo bi susuw sɛ Paulo yare no maa n’aniwa yii mpe anaasɛ ɛmaa ne ho yɛɛ tan. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo “srɛɛ Awurade mpɛn abiɛsa” sɛ ɔyare no mfi ne so. Nanso amfi ne so. (2 Korintofo 12:8, 9) Nanso, wɔ ne dɛmdi yi nyinaa akyi no, ɔyɛɛ adwuma titiriw sɛ ɔsɛmpatrɛwfo, nhomanimfo, ne nhoma kyerɛwfo

Ebia a wo nso woagye atom sɛ wo dɛmdi no renkɔ. Nhoma kyerɛwfo Jan Coombs kyerɛw wɔ ne nhoma Living With the Disabled mu sɛ: “Sɛ ɔyarefo no betumi agyina ne dɛmdi no ano a, ɛsɛ sɛ odi kan gye tom sɛ wadi dɛm. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ ne sintɔ no ntumi mma ɔnyɛ nneɛma bi na ɛbɛhaw no de, nanso ɛmma ɔnyɛ onipahunu.” Sɛ wunni anidaso pa bi sɛ wubenya ayaresa a, nea ebefi wo tebea no a wunnye ntom no mu aba ara ne tebea a emu yɛ den a ɛne asodi no a wode bɛto w’ankasa so, awerɛhowdi ne huammɔdi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no ka wɔ Mmebusɛm 11:2 sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te,” na onipa ɔhobrɛasefo nim ne sintɔ ahorow na ogye tom. Eyi nkyerɛ sɛ wobɛyɛ ankonam anaasɛ wobɛbotow a wunni anigye koraa wɔ asetram. Mmom no, ahobrɛase ma wode nokwaredi hwehwɛ wo tebea no mu na wode botae horow a ntease wom si w’anim.

Fa Nimdeɛ Di Dwuma

Ɛho hia nso sɛ wunya wo dɛmdi no ho nokware nimdeɛ. Mmebusɛm 13:16 se: “Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu.” (Fa toto Mmebusɛm 10:14 ho.) Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ wobɛkenkan aduruyɛ ho nhoma bi anaa wubebisa wo duruyɛfo ne ayaresafo a wɔhwɛ wo yare no nsɛm pɔtee bi. Wo ho a wobɛkyerɛkyerɛ wɔ saa kwan yi so no betumi ama wade wo ho afi nsusuwii a ɛnteɛ biara a ɛremma wuntumi nyɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wutumi yɛ no ho.

Ebetumi aboa nso ma woahu nnuru ne ayaresa afoforo a ebetumi ama wo tebea no ayɛ papa no nso. Sɛ nhwɛso no, wɔde nneɛma afoforo a emu nyɛ duru ayɛ nan a ɛma wotumi de ahomeka kɛse nantenantew pii. Nokwarem no, Time nsɛmma nhoma bɔ nnwinnade a “adɔɔso mpofirim” a wɔde boa nnipa a wɔadi dɛm ho amanneɛ. Ebia na wɔtɔn nneɛma a ɛte saa no wɔ mo man mu na w’abusua sikasɛm betumi ama wɔatɔ bi.

Nnwinnade afoforo pii, te sɛ afiri a wɔde tie asɛm, anifuraefo ne mpakye mpoma, ne nea mmubuafo de hyɛ wɔn anan de nantew nso betumi aboa wo yiye. Ɛnnɛ, ebia mmofra pii besusuw wɔn ho dodo na wɔate nka sɛ ɛbɛyɛ ɔhaw ama wɔn sɛ wɔde saa nneɛma no bedi dwuma. Nanso Ɔhene Salomo kaa no nyansam sɛ: “Sɛ w’abonnua ano akum na wansew a, ɛsɛ sɛ woyere wo ho yiye na watumi de adi dwuma.” (Ɔsɛnkafo 10:10; Today’s English Version) Saa ara nso na wubetumi abrɛ-anaa wobɛkwati dwumadi ahorow a anigye wom-sɛ woamfa nnwinnade a ebetumi aboa wo anni dwuma a. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ahantan ma asetra yɛ den kɛse ma wo sen sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ?Salomo de asɛm no baa awiei sɛ: “Nyansa a wɔde di dwuma yiye yɛ mfaso.”

Yiw, ɛyɛ mfaso ma wo sɛ wode biribi a ɛbɛboa wo ma woanantew, woahu ade, anaa woate asɛm no bedi dwuma yiye. Ɛwom, ebia ɛsɛ sɛ wusuasua sɛnea wode mpakye poma, nan bi a wɔayɛ, anaasɛ afiri a wɔde tie asɛm bedi dwuma kyɛ. Na ebia nnwinnade yi remma w’ahoɔfɛ nyɛ kɛse ankasa. Nanso susuw ahofadi a ebetumi ama woanya ne hokwan ahorow a ebetumi abue ama wo no ho! Afrikani abeawa obubuafo bi a wɔfrɛ no Jay traa ase sɛ ankonam, na opuei fii fie a na ɔte mu no mu pɛnkoro pɛ wɔ mfe 18 a ɔtraa hɔ no mu. Bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no akyi no, Ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam. Na eyi hwehwɛ sɛ “ɔnantew” twa afie dodow bi ho, a ɔde ne nsa twe ne ho ase wɔ fam. Bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ Europa tee Jay awerɛhosɛm no, ɔtɔɔ mmubuafo akongua maa no. Na nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a ɛma Jay tumi ka wɔ ho. So ɛmaa ne ho yɛɛ fɛ? Dabida. Nanso afiri a ɛte sɛ nea emu tra nyɛ anigye yi maa otumi kɔɔ nhyiam ahorow na onyaa afie atie asɛnka adwuma no mu kyɛfa.

Kanyan Wo Ho!

Nanso hwɛ yiye na woannya adwene a ɛnteɛ. Onyansafo Ɔhene Salomo kae sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.” (Ɔsɛnkafo 11:4) So woma kwan ma ehu anaa adwenem naayɛ nti wonyɛ nneɛma a wopɛ ne nea ehia sɛ woyɛ no? Susuw Mose ho. Bere a Onyankopɔn paw no sɛ onkoyi Israelfo mfi nkoasom mu wɔ Misraim no, Mose bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne kasa a emu ntew no beyi ne ho ano. Mose kae sɛ: “Meyɛ ano mu momonoto,” a ebetumi aba sɛ na ɔkyerɛ dɛmdi bi a ama ne kasa mu ntew. (Exodus 6:12) Nanso na Mose rebu ne ho abomfiaa. Bere bi akyi no, ɔdaa no adi sɛ na otumi kasa a n’ano mfom ​—ɔkasa kyerɛɛ Israel man no nyinaa.​—Deuteronomium 1:1.

Nni mfomso no ara a ɛbɛma woabu wo ho abomfiaa. Yere wo na kanyan wo ho! Sɛ nhwɛso no, esiane akwanhyia bi a ɛmaa abofra Becky pirae bere a na wadi mfe anum no nti, na ontumi nkasa yiye. Nanso n’awofo amma wampa abaw. Mmom no, wɔkyerɛw ne din wɔ Teokrase Sukuu a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no mu. Becky dii mfe ason nona ɔma ɔkasa ntiantia wɔ baguam. Becky se: “Ɔkasa a na mema no boaa me. Ɛkanyan me ma meyeree me ho sɛ mɛkasa.” Wɔhyɛɛ Becky nkuran nso ma ɔde ne ho hyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no mu kɛse. “Ɛtɔ da bi a, misusuw sɛ nnipa mpɛ sɛ wɔbɛte sɛ mekasa; nea wosusuw no haw me. Nanso afei meka kyerɛ me ho sɛ, ‘mereyɛ eyi ama Yehowa,’ na mesrɛ no sɛ ɔmmoa me ma mintumi nyɛ.” Ɛnnɛ, Becky som sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

Craig a mprempren wanyin no yare amemene mu yare bia wɔfrɛ cerebral palsy. Ɔno nso mpɛ sɛ ne dɛmdi no bɛma wayɛ obi a ne so nni mfaso wɔ Kristofo asafo no mu. Ose: “Mede me ho to Yehowa so, na wama manya ne nhyira pii. Matumi asom sɛ ɔkwampaefo boafo [ɔsɛmpakafo] mpɛn anum. Mema Bible mu ɔkasa wɔ Teokrase Sukuu mu, na mitumi hwɛ asafo no sika so.”

“Ɔserew wɔ ne bere” nso, na sɛ wusuasua yɛ kakra a, wubetumi ayɛ dwumadi ahorow a anigye wom a mmofra afoforo yɛ no bi mpo. (Ɔsɛnkafo 3:4) Becky gye tom sɛ: “Mintumi nni agoru te sɛ volleyball a wɔbɔ efisɛ mintumi nnannan me ho ntɛm. Nanso mitumi tu mmirika. Na akwanhyia no akyi pɛɛ no, me maame hyɛɛ me nkuran sɛ minsua sɛnea wɔka baesekre. Ɔhyɛɛ me nkuran bere nyinaa sɛ minsua nneɛma afoforo yɛ.”

Pene Afoforo Mmoa So

Dɛmdi ano gyina nyɛ mmerɛw. Ɔsomafo Paulo frɛɛ ne dɛmdi no sɛ “ɔhonam mu nsɔe.” (2 Korintofo 12:7) Nea ɛyɛ anigye no, ɛnsɛ sɛ wo nkutoo wudi nsɛnnennen no ho dwuma. Sarne, ababaa a ne sisi ho aka no se: “Mihu sɛ Kristofo fekubɔ pa a minya ne mmoa a m’abusua ne me nnamfo a wɔwɔ asafo no mu fi ɔdɔ mu de ma me no som bo kɛse.” Yiw, ntew wo ho. (Mmebusɛm 18:1) “Yɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu” sɛnea wubetumi (1 Korintofo 15:58, New World Translation) Sarne ka mfaso a efi mu ba ho asɛm sɛ: “Me ho a mede hyɛ Ahenni dwumadi ahorow mu no boa ma minya me nsɛnnennen no ho adwempa.” Becky se: “Wokasa kyerɛ nkurɔfo a wo tebea no ye sen wɔn de efisɛ wonni daakye ho anidaso biara. Ɛno boa ma miyi m‘adwene fi me ho so.”

Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo ho to Yehowa so sɛ ɔnnnoa wo. Ɔte wo ahiade ne wo nkate horow ase, na obetumi de “tumi a ɛboro so” a ɛbɛboa wo ma woagyina ano no ama wo. (2 Korintofo 4:7) Ebia bere bi akyi no, wubenya adwempa a Kristoni abofra a wadi dɛm a wɔfrɛ no Terrence wɔ no bi. Terrence ani furae bere a na wadi mfe akron no, nanso ɔmma eyi nni no so, na ɔka sɛ: “M’anifurae no nyɛ dɛmdi; ɛyɛ ɔhaw kɛkɛ.”

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ nnansa yi ara na wudii dɛm a, ntease wom sɛ ebia wogu so te ɛyaw. abufuw, ne awerɛhow nka. Nokwarem no, ɛyɛ ne kwan so​—na eye​—sɛ wubedi awerɛhow bere bi bere a woahwere biribi kɛse no. (Fa toto Atemmufo 11:37; Ɔsɛnkafo 7:1-3 ho.) Nya awerɛhyem sɛ awiei koraa no, bere, abusuafo ne nnamfo mmoa bɛma ɛyawdi kɛse no so atew.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sua nea wubetumi biara wɔ wo dɛmdi no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena