Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Dɛmdi Ma Mihu Amane?
“BECKY ka sɛ: “Na madi mfe anum. Na m’adamfo bi de me atra ne baesekre na kar bi bɛbɔɔ yɛn.” Dɛn na efii mu bae? “Me nan mu bui na me ti ho pirapirae. Nnuruyɛfo no anhwɛ kwan sɛ mɛtra ase.” Nanso, Becky anwu, na nnɛ ɔyɛ abeawa a wadi mfe 16 a ɔwɔ anigye. Nanso, akwanhyia no ma odii dɛm. Ɔka sɛ: “Ɛmaa meyɛɛ mmerɛw kɛse.”
Amemene mu yare bi a wɔfrɛ no CP ama aberante bi a wɔfrɛ no Craig nso adi dɛm. Craig kyerɛkyerɛ mu sɛ: “CP haw me ntini ahorow ne me hon nkwaadɔm no. Me ntini ahorow no ntumi nni nea adwene no hwehwɛ sɛ ɛyɛ no ho dwuma yiye. Enti, ɛyɛ den ma me sɛ mɛnantew, mɛkasa na magyina hɔ yiye. Mitumi yɛ saa nneɛma no nyinaa de nanso ɛnyɛ mmerɛw.”
So wo nso woadi dɛmdi anaa? Akontaabu kyerɛ sɛ ebedu afe 2000 no, na mmofra a wɔadi dɛm dodow adu ɔpepem 59 wɔ wiase nyinaa. (World Health, January/February 1985) Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii wɔ wo haw no bi no nkyekye wo werɛ ahe biara bere a wopɛ sɛ wutu mmirika, wohuruhuruw, na wudi agoru te sɛ mmofra afoforo nanso wuntumi no.
Wɔn a Wɔadi Dɛm Nsɛnnennen
Dɛmdi nyɛ ade foforo. Wɔ Bible mmere mu no, na ɛsɛ sɛ ebinom di apakye a wɔtɔ (2 Samuel 4:4; 9:13) , wɔn ani a afura (Marko 8:22) , ne dɛmdi afoforo (Mateo 12:10) ho dwuma. Na ɛtaa yɛ den ma saafo a wɔadi dɛm no sɛ wɔbɛyɛ asetram nneɛma atitiriw.—Fa toto Deuteronomium 28:29; Mmebusɛm 26:7 ho.
Ebia worebɔ mmɔden saa ara adi anohyeto ahorow a dɛmdi de ato wo so no ho dwuma. Ebia egye wo mmɔdenbɔ kɛse—ne afoforo mmoa pii na woatumi ahyɛ atade, adidi, anaasɛ woakɔ sukuu. Becky se: “Mintumi nnan me ho nkɔ nifa yiye. Enti na ɛsɛ sɛ misua sɛnea mede me benkum bɛkyerɛw. Nantew nso yɛ me den. Mprempren mitumi nantew sɛnea ɛsɛ de, nanso nna bi wɔ hɔ a, metɔ gu me nan so kɛse.” Anaasɛ susuw ɔhaw ahorow a abarimaa akwatiaa bi hyia no ho. Ɔde serew ka sɛ: “Me mu a mɛtwe na me nsa aso ade a wɔde sɔ kanea a ɛwɔ afasu ho no yɛ ade foforo a ɛhyɛ me abufuw ankasa. . . . Ɛda adi sɛ wosisii afi maa nnipa a wɔwoware.”—How It Feels to Live With a Physical Disability, a Jill Krementz kyerɛwee.
Nanso, ebia wubehu sɛ wo nsɛnnennen a ɛhaw adwene yiye no nyɛ ɔhonam mu de. Parents nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛmu sɛ: “Mmofra a wonnii mfe aduonu haw yiye wɔ afoforo nneyɛe ho, ɛma asetra yɛ den kɛse ma mmofra a wɔwɔ ahiade atitiriw no. . . . Wontumi nhu sɛnea nnipa afoforo susuw wɔn nipaban no ho, na wɔntaa nnye adamfofa su a woyi adi kyerɛ wɔn no nni, na wobu nneɛma a wɔde adwempa yɛ yi sɛ nsɛm a wɔka de kyerɛ mmɔborohunu a wɔmpɛ.” Ɛyɛ awosu sɛ wobɛpɛ sɛ obiara pɛ w’asɛm na wogye wo tom. Nanso, ebia wobɛte nka sɛ wɔatwe wɔn ho afi wo ho. Sɛnea abofra Michelle ka no: “Mayɛ soronko koraa wɔ onipa foforo biara ho wɔ me nkwa nna nyinaa mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ me nsa benkum atwa afi hɔ.”
Ebia soronko a woyɛ no nso bɛma afoforo adi wo ho fɛw bere nyinaa. Craig ka sɛ: “Mekɔɔ mmofra a wɔadi dɛm sukuu mfe anum. Mfe anum no mu ansa na merekɔ sukuu ankasa. Manhyia ɔhaw pii ankasa kosi sɛ da bi mmarimaa bi fii ase serew me. Sɛnea na menantew no nti na wɔyɛɛ saa.” Becky nso kae atirimɔdensɛm a ne sukuufo dii no no. Esiane sɛ oprehyɛn bi a ɔyɛe maa ne menewam ntini ho kae nti, ne nne yɛ kekrakekra kakra. Ose: “Sukuu no mu mmofra kae sɛ me nne te sɛ aboa bi a ne ho yɛ hu de.”
Mpanyimfo nso betumi ada adwene a ɛnteɛ nso adi. Ebia ebinom rempɛ sɛ wɔn ani bɛtɔ w’anim mpo. Ebia ebinom ne wo renkasa koraa, na wɔbɛka wɔn nsɛm no akyerɛ w’awofo anaa wo nnamfonom—te sɛ nea wontumi nhu wo anaasɛ w’adwene ho aka. Ebia wɔn a wɔbɛhyɛ wo abufuw asen biara ne wɔn a wɔhwehwɛ wo yiyedi a wɔka bere nyinaa sɛ w’asɛm yɛ wɔn mmɔbɔ, na ɛma wokɔ so te nka sɛ wote sɛ aguade bi a asɛe no.
Onyankopɔn Adwene wɔ Asɛm no Ho
Nanso, Onyankopɔn te nka wɔ wo ho dɛn? So wo dɛmdi no yɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ wonsɔ n’ani? Hyɛ nea Yesu kae bere a ohyiaa “ɔbarima a n’ani afura fi n’awo mu” no nsow. N’asuafo no bisae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifurae yi?” Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne.” (Yohane 9:1-3) Dabi, na anifurae no mfi bɔne pɔtee bi a onifuraefo no anaa n’awofo yɛe. Mmom no, efi sintɔ a yɛn nyinaa nya fii Adam hɔ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.
Enti, ɛnyɛ ɔsoro a wofi de ho gye nsɛm mu anaa asotwe na ɛde dɛmdi ba. Ebinom fi anibiannaso. Nanso afoforo yɛ “ɛbere ne akwanhyia” ara kwa. (Ɔsɛnkafo 9:11, New World Translation) Mmofra bi wɔ hɔ a wohu amane honam mu esiane ayayade a wɔn awofo yɛ wɔn anaa wɔn ani a wobu gu wɔn so nti.
Sɛnea wo nsɛnnennen no te biara mfa ho, enhia sɛ wote nka sɛ Onyankopɔn bu wo sɛ biribi a asɛe. Ɔkwan foforo so no, obu wo sɛ wosom bo na mfaso wɔ wo so, titiriw sɛ wusuro Onyankopɔn a. (Luka 12:7) ‘Odwen wo ho,’ na n’ani gye sɛ ɔde wo bedi dwuma wɔ ne som mu. (1 Petro 5:7) Ɛda adi sɛ na ɔsomafo Paulo a ɔyɛ Onyankopɔn asomfo atitiriw no mu biako no adi dɛm bi—“ɔhonam mu nsɔe.” (2 Korintofo 12:7) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ “onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Ɔte nea wutumi yɛ no ase yiye na onim nea wubetumi ayɛ bere a ɔde wo aba pɛyɛ mu wɔ ne wiase foforo no mu no.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Afoforo Nneyɛe Ano a Wubegyina
Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebia wo mfɛfo sukuufo ne afoforo nni Onyankopɔn adwene a ɛkorɔn no bi. Nokwarem no, ɛtɔ da bi a nnipa hyɛ da di atirimɔdensɛm ankasa. Enti, mma ɛnyɛ wo nwonwa, sɛ w’atipɛnfo no mu binom anhu wo mmɔbɔ wɔ wo haw no ho a. Nanso, ɛtɔ da bi a, nkurɔfo nhyɛ da nyɛ nea ebepira wo anaasɛ ɛbɛma woadi yaw; ɛtɔ da bi a, wɔpɛ sɛ wohu nneɛma mu ara kwa. Esiane sɛ wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wo haw no ho, anaa wonni tema nti, wobetumi aka biribi a nyansa nnim anaasɛ ɛbɛma woadi yaw.
Dɛn na wubetumi ayɛ? Ɛtɔ da bi a, wubetumi asiw tebea horow a ɛhaw adwene ano. Sɛ nhwɛso no, sɛ wote nka sɛ nkurɔfo ayɛ basaa anaa wonhu nea wɔnka a, wubetumi abɔ mmɔden sɛ woremma wɔnyɛ basaa. Hu sɛ ehu tumi ka yɛn mu biara wɔ biribi a yɛnte ase ho. Boa afoforo ma wonyi wɔn adwene mfi wo yare no so na wɔatumi ahu onipa ko a woyɛ no ankasa. Sɛ ɛte sɛ nea tebea no hia sɛ woka biribi a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi: “So woresusuw nea enti a mete mmubuafo akongua mu no ho?” Sɛnea Parents nsɛmma nhoma no kyerɛ no, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ne nsa biako atwa ma n’adesuafo hu nea wɔpɛ sɛ wohu no denam nkɔmmɔbɔ no a ofii ase sɛɛ no so: “Misusuw sɛ moresusuw nea ɛyɛe a ɛbaa saa no ho. So mo bɛpɛ sɛ muhu?”
Wɔ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, wubetumi adi yaw wɔ bere ne bere mu. Abofra kumaa Becky se: “Bere a misua no sɛ afoforo di me ho fɛw a, ɛhaw me; nneɛma haw me ntɛmntɛm wɔ m’asetra nyinaa mu. Nanso mprempren de memma ɛnhaw me. Ɛtɔ da bi a, mitumi serew wɔ tebea no ho mpo.” Yiw, aseresɛm betumi adwudwo nsɛm a epira a wɔka ano kɛse. “Ɔserew wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:4) Ɔhene Salomo san de afotu yi mae sɛ: “Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so.” (Ɔsɛnkafo 7:21) Ɛtɔ da bi a, ɔkwan pa a ɛsen biara a wobɛfa so adi nkwaseasɛm ho dwuma ne sɛ wubebu w’ani agu so. Becky se: “Mma nea nnipa ka no nhaw wo.”
Anidaso Boa Ma Wugyina Ano
Nokwarem no, adesamma abusua no nyinaa adi dɛm. Bible no ka sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) Nanso wubetumi anya daakye ho anidaso. Fa abeawa kumaa a yɛbɛfrɛ no Carol sɛ nhwɛso. Wɔwoo no no na n’aso reyɛ asiw koraa. Afei baesekre akwanhyia a onyae ma wotwaa ne nan biako. Na Carol pɛ sɛ owu. Nanso ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no na ohui sɛ trenee wiase foforo a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare!” wom reba. (Yesaia 33:24, NW) Nokwarem no, onyaa anidaso sɛ da koro bi wɔbɛsa ne dɛmdi ahorow—wɔ anwonwa kwan so!—Yesaia 35:5, 6.
Nkɛntɛnso bɛn na Onyankopɔn ho ade a Carol suae no anya wɔ ne suban so? Ne Kristofo nnamfo a wɔbɛn no paa binom ka ne ho asɛm sɛ: “N’ani gye bere nyinaa na ɔmfa n’adwene nsi ne dɛmdi no so mpo.” Nea ɛyɛ anigye no, wɔka nso sɛ: “‘Ne nnamfo pii nnim sɛ ɛnyɛ ne nan ankasa na ɔde nantew na ɔnte asɛm yiye.” Dɛn ntia? “Efisɛ ɔhwɛ akasafo ano na ɔde afiri a wɔde tie asɛm di dwuma.” Ɛda adi sɛ Carol ayɛ pii sen daakye ho anidaso a wanya no. Wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara mprempren. Sɛnea wubetumi ayɛ saa ara no ne yɛn asɛm a edi hɔ wɔ eyi ho no asɛmti.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Ebinom hu sɛ ɛboa sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn tebea no mu akyerɛ wɔn a ɛte sɛ nea wɔpɛ sɛ wohu ho biribi no