Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 11/8 kr. 12-15
  • “Nhwɛ Mmubuafo Akongua no—Hwɛ Me!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nhwɛ Mmubuafo Akongua no—Hwɛ Me!”
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Ani Sɔ
  • Adwempa
  • Adwuma Pa
  • “Mmu Me Sɛ Me Ho Nni Mfaso”
  • Wodi Dɛm Nanso Wodi Yiye
    Nyan!—1989
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
    Nyan!—1991
  • “Seesei Madi Dɛm, Nanso Ɛnyɛ Afebɔɔ!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Me Ho Nyɛ Den, Nanso Me Gyidi Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 11/8 kr. 12-15

“Nhwɛ Mmubuafo Akongua no​—Hwɛ Me!”

Efi Britain “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

NANSA YI, ɔsɔfo bi a ɔwɔ Britania traa mmubuafo akongua mu da koro a wayɛ ne ho sɛ obubuafo. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa pii kwatii no. Ɔkae sɛ: “Na wɔmpɛ sɛ wohu. Woyii wɔn ani na wotwaa me ho kɔe te sɛ nea minni hɔ.”

So woyɛ basaa bere a wuhyia obi a ɔte mmubuafo akongua mu no? So basaa a woyɛ no mma wuntumi nyi adamfofa su adi? Anaasɛ ebia wote nka sɛ mmubuafo mpɛ sɛ wɔhaw wɔn. Sɛnea asɛm no te biara no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ eyi yɛ ade a ɛhaw nnipa pii. Dɛn na wobetumi ayɛ? Sɛ yebehu a, momma yɛne Tom a ɔyɛ ɔbarima a ɔte mmubuafo akongua mu no mmɔ nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ asɛm tiawa. Nhwɛ mmubuafo akongua no​—hwɛ me!”

Enti sɛ wuhyia anaa wokɔsra obubuafo a, ɛho nhia sɛ wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ soronko bi. Yɛ w’ade te sɛ nea wote bere nyinaa no. Kasa te sɛ nea wo ne w’adamfo anaasɛ obiara a wunim no bɛkasa. Ɔmpɛ sɛ ne nan a awu no ho asɛm ba nkɔmmɔbɔ biara mu. N’ani gye nea ɛrekɔ so ho, na n’ani gye sɛ ɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ na obiara akyerɛ n’adwene. Mmubuafo pii nnya hokwan kɛse a wɔde yɛ saa. Enti wɔn ani gye sɛ wo ne wɔn bɛbɔ. Tom a bɛyɛ mfe 27 ni ɔyɛ obubuafo no ka sɛ: “M’ani gye bere a nkurɔfo ka sɛ wommu me sɛ obubuafo no. Wɔ ɔkwan foforo so no, m’ani gye bere a afoforo hwɛ me na ɛnyɛ akongua no.”

Nnansa yi Britania radio dwumadibea no kaa nsɛm ahorow bi wɔ radio so a esi yɛ a nkurɔfo yɛ ade ma ɛhaw wɔn a wɔadi dɛm nanso wonnim no so dua. Ɔreka ɔhaw yi ho asɛm no, Phil a ne nsa ne ne nan awu no kaa no pefee sɛ: “Sɛ me ne me yere kɔ adidibea a, ɛhɔ odwumayɛni no bisa no sɛ, ‘Dɛn na ɔpɛ sɛ obedi?’ Anaasɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ agorudibea bisa sɛ, ‘Ɛhe na ɔpɛ sɛ ɔtra?’​—te sɛ nea mmubuafo akongua a mete mu no kyerɛ sɛ mintumi nkasa. Misusuw sɛ wɔdwene sɛ kasa a wɔne me bɛkasa no bɛhaw me. Ɛno mu mpo no, mihu sɛ eyi nye.” Ɛdefa ɔhaw koro no ara ho no. Tom ka sɛ: “Sɛ obubuafo pue a obi ka ne ho a, nkɔmmɔ a wɔne nnipa a wohyia wɔn wɔ kwan so bɔ no taa yɛ nea ɛmfa no ho a mpɛn pii wɔbɔ wɔ akongua no akyi. Nea ɔte akongua mu no pɛ sɛ wode no ka ho.” Ɔkwan biara so no, saa na ɛsɛ sɛ ɛba!

Mmoa a Ani Sɔ

Mpɛn pii no nantew a mmubuafo ntumi nnantew kɛse ma wɔtra fie sen sɛnea ɛsɛ anaa eye ma wɔn. Ɔkwan pa a wɔfa so boa a ɛma nea ɔhwɛ no bere nyinaa no home ne sɛ wɔbɛto nsa afrɛ obubuafo no de no akokyinkyin mmeae horow.

Nokwarem no, saa nyansahyɛ yi di kan kyerɛ wo sɛ sɛnea wohwɛ no no ye. Ɛhia nsɛm ho a wobesusuw ne ntease. Sɛ nhwɛso no, so wunim sɛnea wubepia mmubuafo akongua no bere a ɛsɛ sɛ mobɔ tra biribi? So wunim sɛ asiane wom na ɛyɛ hu sɛ wubepia mmubuafo akongua no mpofirim anaa bere a ɔnhwɛ kwan? Sɛ mode kar na ɛretu kwan no a, so wunim sɛnea wobɛboa wo hokafo no ma watra mu na wafi mu asi fam? So wugye di sɛ kar no mu akongua no bɛyɛ nea eye ma no? Wunim faako a tiafi a mubetumi akɔ so wɔ? Nhyehyɛe horow bɛn na woayɛ sɛ mobɛyɛ nneɛma pii asen akyinkyinakyinkyin ara kwa? Dɛn na ɛyɛ anigye wɔ faako a morekɔ no? So nkratawa a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu wɔ hɔ? Di a wubedi kan asusuw nneɛma ho ne nhyehyɛe a wobɛyɛ bɛma akwantu no ayɛ anigye pii ama mo baanu nyinaa.

Ɛtɔ bere bi a obubuafo no rempɛ sɛ ofi fie anaasɛ ne mpa so mpo. Ebia na ne werɛ ahow. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wode boasetɔ bɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu akyerɛ no sɛ ne hwɛfo no pene so a? Nanso hwɛ sɛ wubehu nea enti a ɔmpɛ sɛ ɔkɔ no. So ɛyɛ awerɛhow nti anaa? Anaasɛ so ebetumi ayɛ suro a osuro sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wo? Sɛ ɛyɛ nea edi akyiri no nti a, mma ɛnhaw wo. Ɛno bɛsakra bere a onya wo mu ahotoso no. Nanso ɛda so ara yɛ nokware sɛ wɔ nsɛm pii mu no, eye ma mmubuafo sɛ wobefi adi bere nyinaa. Wo ho a wode bɛma sɛ wobɛyɛ ne hokafo no bɛma n’ani agye.

Nea ɛyɛ ɔhaw foforo ma obubuafo ne sɛ obehu bere a ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ne bere a ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa anaa ɔpene so. Yɛn nyinaa hia mmoa nanso obiara nni hɔ a ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho, sɛ́ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. Ɛno yɛ mmubuafo aniberesɛm kɛse. Ahofadi biara a wɔwɔ no som bo ma wɔn. Enti ɛho hia sɛ yɛbɛboa wɔn, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhyɛ wɔn ma wɔagye mmoa no.

Phil ka obi a ɔdaa suban pa adi kyerɛe wɔ faako a ɔyɛ adwuma ho asɛm: “Wɔ dapɛn a etwaam no mu no, odwumayɛni foforo faa ɔkwan bi so a misusuw sɛ ɛyɛ ɔkwan a eye sen biara, bere a merekyerɛkyerɛ no sɛnea yɛyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ na mede no rekyinkyin mmeae horow no. Bere a mayɛ eyi nyinaa awiei akyi no, obisae sɛ ebia obetumi aka biribi a ɛfa n’ankasa ho, na ɔkɔɔ so sɛ: ‘Wiɛ, minnim nea ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ wo mmubuafo akongua no ho yiye. So wopɛ sɛ mipia wo bere a yɛrekyinkyin no? Anaa so ɛho nhia sɛ anka meka ho asɛm? So wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ mmoa bere a wuhia no? Anaa so wopɛ sɛ meboa bere a mahu sɛ wuhia no? Kyerɛ me nea menyɛ. Mepɛ sɛ mede mmoa biara a wuhia no ma wo ara kwa.’” Nea Phil kae ne sɛ: “Misusuw sɛ ɛno yɛ ɔkwan pa ne anifere kwan. Sɛnea ɛte no, mempɛ sɛ wobepia me akyinkyin adwumayɛbea ha, nanso sɛ na merekɔ faako a ɛware a, anka mɛpene so. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea m’ankasa metumi.”

Derrick a mprempren ɔda mmubuafo mpa mu no ka biribi a ɛte saa ara sɛ: “Menhwehwɛ mmoa, sɛ minim sɛ mankasa metumi ayɛ biribi a. Ahofadi yɛ ademude, nanso saa ara na mmoa a afoforo de ma te, efisɛ nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɛma wunya fekubɔ a ɛyɛ anigye.”

Adwempa

Tom ka sɛ: “Mpɛn pii no mmubuafo ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no de wɔn ho kɛse. Sɛ́ anka wɔbɛhaw afoforo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade a wommisa mmoa. Ɛtɔ bere bi a nkurɔfo ka sɛ, ‘Sɛ wuhia biribi anaa mmoa bi a ma minhu.’ Yɛn ani sɔ eyi, nanso yɛn ani so mmoa a ɛba wɔ ɔkwan pa so kɛse mpo: ‘Merenyɛ hwee Wukuada bɛyɛ nnɔnhwerew dodow bi. Mɛba abɛyɛ nnwuma a wopɛ sɛ woyɛ no.’ Mpɛn pii no nnamfo ne afipamfo ani gye ho sɛ wɔbɛboa, sɛ wonim nea wuhia a. Enti sɛ wobisa a yɛkyerɛ wɔn nea yehia.” Asɛm a waka no ye ampa! Nanso bere a wode wo ho ma sɛ wobɛboa no, hwɛ yiye na nea wobɛyɛ no ankyerɛ sɛ wunsusuw ne ho ahe biara, te sɛ nea wunni biribiara yɛ koraa. Wo nsrahwɛ no ho hia kɛse.

Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so bere a woresusuw obubuafo ho ne nneɛma a ɛhia ne hokafo no​—mpɛn pii aware mu hokafo, ɛtɔ bere bi a ɔwofo anaasɛ obusuani foforo. Ɔreka ne yere ho asɛm no, Tom se: “Obubuafo a meyɛ no ama wayɛ odeduani, efisɛ ɔno na ɔyɛ biribiara a mihia ma me, awia ne anadwo. Yɛn asetra kwan a ahokyere wom yi mma yɛnyɛ nneɛma pii na yennya fekubɔ ahorow a afoforo bu sɛ ɛsɛ sɛ wonya bere nyinaa no mu kyɛfa. Mepɛ sɛ wohu wɔn a wɔhwɛ mmubuafo dɔ ne ahofama yi yiye.”

Enti bere foforo sɛ wuhyia obi a ɔte mmubuafo akongua mu a, susuw mmɔden a wɔbɔe de no traa mu, guaree a woguaree no ne sɛnea wosiesie ne ho fɛfɛɛfɛ no ho. Nokwarem no, wɔn ani bɛsɔ nkuranhyɛ nsɛm kakraa bi a emu yɛ hyew a wobɛka akyerɛ ne hokafo no. Na sɛ wo ho a wode bɛma sɛ wubesi n’adamfo no ananmu aboa bɛyɛ nnɔnhwerew kakraa bi betumi ayɛ yiye a, ebia wɔbɛpene so.

Adwuma Pa

Nea edi kan wɔ nneɛma a ɛde akomatɔyam brɛ yɛn nyinaa no mu ne adwuma pa. Mmubuafo ɔhaw ahorow no mu biako ne sɛ, mpɛn pii no adwumawuranom de wɔn adwene si mmubuafo akongua no so. Nea wosusuw ho ne wɔn a wɔwɔ nipadua mu ahoɔden ne ahobammɔ ho ka foforo a wobetua. Nanso mpɛn pii no wɔde adwuma a wofi ahonim pa ne nokwaredi mu yɛ sen nea wɔhwehwɛ atua wɔn a wɔpene so gye wɔn no ka.

Wɔ ne fam no, Tom anya anigye wɔ ne Kristofo som adwuma no mu. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ minni adwuma yɛ fi afe 1949 de, nanso Yehowa ani agye ho sɛ ɔde me bɛyɛ adwuma wɔ saa bere yi nyinaa mu. Enti mfe no atwam ntɛmntɛm. Masua ahu sɛ obubuafo a ontumi nyɛ hwee koraa mpo no betumi asom afoforo kɛse. Me ne me yere ayɛ te sɛ sɛkyɛ ama nnipa horow wɔ asafo no mu. Esiane yɛn nsɛm tebea horow nti yɛwɔ ha bere nyinaa sɛ yɛbɛboa bere nyinaa.”

Phil a ɔyɛ adwuma wɔ faako a wɔyɛ nhomasua ho nhyehyɛe no ka sɛ: “Ma a wɔbɛsan ama me adwuma ntɛm ara no yɛɛ nneɛma a ɛho hia no mu biako wɔ me ntetee no mu. Mpɛn pii no me werɛ fi me ho sɛ mete mmubuafo akongua mu. Misusuw adwuma a ɛda m’anim no nkutoo ho. Ɛnnɛ, nneɛma a ɛho hia pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ ma enti anoyi biara nni hɔ sɛ mɛtra ase ahwɛ ɔfasu no ara kwa.”

“Mmu Me Sɛ Me Ho Nni Mfaso”

Bere a obubuafo ka sɛ: “Nhwɛ mmubuafo akongua no​—hwɛ me” no, na ɛnyɛ sɛ ɔhwehwɛ sɛ wobebu no sɛ ɔka adesamma abusua no ho nko, na mmom ɔreka nso sɛ, “Mmu me sɛ me ho nni mfaso. Me nyansa so nhuan ɛ, na anigye a mewɔ wɔ asetra ho no nso saa ara: Mihia mmoa nanso mepɛ sɛ me ho ba mfaso, sɛ́ mɛyɛ me fam de.” Enti ma wo ne no nkɔmmɔbɔ no nnyina eyinom so. Esiane nea ɔde ma nti n’ani begye nea obenya afi afoforo hɔ no ho. Pene sɛnea ɔte no so. Nka sɛnea ɔte anaa sɛnea ɔbɛba abɛyɛ ho asɛm efisɛ ɔmpɛ sɛ afoforo bebu no sɛ ɔyɛ mmɔbɔ. Ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma a eye, ɔyɛ obi a otumi yɛ biribi, ɔde biribi ma afoforo sɛnea obetumi. Hyɛ no nkuran!

Obubuafo biara asɛm yɛ awerɛhow na ehia akokoduru wɔ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa fam. Ɛno nti hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ ɛyɛ nea ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi. Ɔrekyerɛw Yesu Kristo Ahenni a ebedi asase so ho asɛm no, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia, 35:5, 6) Anidaso a ɛma koma ani gye na ɛma obi tumi gyina ɔhaw ano ampa!

Na mprempren nso ɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anigye ne akomatɔyam mprempren no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden yɛ nea yɛn nsa betumi ayɛ biara​—wɔ mmubuafo akongua ho mpo. Ɛno ne ahotoso su a Tom, Phil, Derrick ne afoforo pii wɔ no. Sɛ wuhyia nnipa a wɔte sɛɛ a, hwɛ na kyerɛ onipa no ho anigye a emu yɛ hyew. Nhwɛ mmubuafo akongua no mpo.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so bere a wɔresusuw obubuafo ho ne ne hokafo ahiade horow

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

“Mmu me sɛ me ho nni mfaso. Me nyansa so nhuan ɛ, na anigye a mewɔ wɔ asetra ho no nso saa ara”

[Kratafa 14 mfoni]

Ma obubuafo no nnya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena