Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 2/8 kr. 22-25
  • Wodi Dɛm Nanso Wodi Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wodi Dɛm Nanso Wodi Yiye
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmere a Emu yɛ Den Sen Biara
  • Nea Obi Betumi Ayɛ a Ɔma Ɛyɛ Kɛse
  • “Yiw, Wubetumi”
  • Nea Atwa Wɔn ho Ahyia no mu Nsakrae a Wɔbɛyɛ
  • Anidaso Boa Yiyedi
  • “Nhwɛ Mmubuafo Akongua no—Hwɛ Me!”
    Nyan!—1984
  • So Wo Nkutoo Ne W’abusua Muni A Wowɔ Nokware No Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Anigye a Edi Mu Ɛmfa Ho Dɛmdi
    Nyan!—2000
  • “Wɔka Kyerɛɛ Me Sɛ Mintumi Nnantew Bio Da!”
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 2/8 kr. 22-25

Wodi Dɛm Nanso Wodi Yiye

AFEI na wɔrebefi wiase nyinaa sukyerɛma so mmirikatu nkonimdibo akansi bi ase. Nkaebɔfo no ka kyerɛ nnipakuw a wɔrehwɛ kwan no sɛ nnipa baanu a wobedi anim no mu nea odi kan no afi ase resian bepɔw no. TV mfoninitwafo pii di n’akyi bere a ɔnam asianee tenten no so, ɔfa apon a ɛso yɛ ntrantraa no so na ɔma sukyerɛma pii tu kɔ soro no. Bere a awiei koraa no odu faako a wowie no, wɔde anigye kɛse bɔ gye no so.

Dɛn ntia? So ɔnyɛ obi a odi anim ara kwa a ɔnyɛ ɔkansifo? Yiw, nanso ɔwɔ nan biako pɛ! Wɔ mmirikatu no biako pɛ mu no watumi atwa ɔkwan a ɛso fa yɛ den yiye a akansifo a wɔwɔ anan abien na wɔatete wɔn pii hwe ase wɔ so no.

Yiw, ɛnyɛ nea ɛntaa nsi sɛ nnipa a wodi dɛm kɛse no tumi yeyɛ nneɛma ahorow a ɛtete saa no. Nnipa a wodi dɛm pii, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, kukuru nnade a emu yɛ duru, wɔtra apɔnkɔ so, wɔtra korow mu, wɔtra mmubuafo akongua mu tu mmirika akwan tenten, na wonya agumadi ahorow a ɛyɛ den mu kyɛfa.

Nnipa a wɔadi dɛm atumi ayɛ nneɛma akɛseakɛse wɔ mmeae afoforo nso. Ludwig van Beethoven hyehyɛɛ ne nnwom a ɛyɛ dɛ kɛse sen biara no bi bere a na n’aso asiw koraa. Franklin D. Roosevelt yɛɛ United States ɔmampanyin fi 1933 kosii 1945 mu ɛwom sɛ na mmubui ama wadi dɛm kɛse de. Helen Keller a na n’ani afura, n’aso asiw, na ɔyɛ mum n mmofraase no bɛyɛɛ ɔkyerɛwfo ne nhomasua ho ɔbenfo kɛse. Wɔfrɛ Helani ɔmansɛmdifo Demosthenes sɛ akasafo a wɔsen biara no mu biako. Nanso bere a ɔyɛ abarimaa no, na ɔyɛ ɔdodowpofo a ne kasa mu nna hɔ na na ɔyɛ mmerɛw yiye wɔ honam mu.

Bere a ebia nneɛma akɛse a ɛtete sɛɛ a wɔatumi ayɛ no bɛhyɛ wɔn a wodi dɛm pii ma wɔabɔ mmɔden ayɛ biribi no, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ɛsono wɔn a wɔadi dɛm no mu biara, na wɔrentumi mfa onipa biako bi a odi dɛm no ntoto ɔfoforo ho. Nea wɔn ani gye ho wɔ asetra mu no sonsonoe. Awosu mu tumi horow sonsonoe. Na adwene mu nsusuwii nso wɔ ɔfã kɛse.

Mmere a Emu yɛ Den Sen Biara

Bere a edi asiane anaa ɔyare a ɛde dɛmdi ba akyi pɛɛ no na ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ nea emu yɛ den sen biara ma nea ɛka no ne wɔn a wɔbɛn no no. Abasamtu ne anidaso biara a wonni nkate taa di ahodwiriw a edi kan no akyi. Abofra bi a wadi dɛm na kae sɛ: “Bere bi wɔ hɔ a wusiesiee wo ho sɛ wo ne obiara bɛkasa, bere a nea wohwehwɛ nyinaa ne sɛ wobɛhyɛ wo baabi komm te sɛ aboa bi a wapira, bere a nkuranhyɛ te sɛ ɔyaw.”

Osu, abufuw, obi ho a osu, ne abasamtu a adi afra betumi ahyɛ obi a wadi dɛm so koraa wɔ saa bere no mu. Enti, tiawa a saa bere no yɛ no, na ne papa mu nen ma wɔn a ɛfa wɔn ho no nyinaa. Ɛna no de kaa ho sɛ: “Etwam kɔ, efisɛ ɛsɛ sɛ etwam.”

Jimmy a ɔyɛ Swedenni aberantewaa ɔhoɔfɛfo bi a ɔyare bi kaa no ma osinsen fii ne ti besii ne nan ase no kaa ahodwiriw a edi kan no ne bere bɔne a edi akyi no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Nanso bere a migyee me dɛmdi no toom na migyaee me ho a misu no ara pɛ, me werɛ fii ase fii. Afei mifii ase traa ase bio. Mprempren metete me ho sɛ merennwen nea minni no ho na mmom tumi ahorow a meda so ara wɔ no ho, na mebɔ mmɔden sɛ menya nea eye sen biara no afi mu.”

Nea Obi Betumi Ayɛ a Ɔma Ɛyɛ Kɛse

Ɛdenam asuasua ne ntetee ho ɔpɛ tumi a emu yɛ den a nnipa a wodi dɛm binom de di dwuma so no, wɔatumi ayɛ nea ɛsen nea na wobetumi asusuw ho biara. Nhwɛso biako ne Maj a ɔyɛ ɛna bi a ofi Lapland a ɛwɔ Sweden kusuu fam no. Bere a na wadi mfe 22 pɛ na waware foforo no, obubui a na ontumi nnantew.

Ɔkae sɛ: “Bere a edi kan a mitumi traa mmubuafo akongua mu wɔ ayaresabea no, misui. Mihui sɛ asetra a ɛyɛ ahokoko, faako tra, ne me kunu ne afoforo a mede me ho bɛto wɔn so koraa na ɛda m’anim. Nanso nkakrankakra no, mifii ase hui sɛ na metumi ayɛ nneɛma ahorow bi wɔ me dɛmdi no mu. Enti misii gyinae sɛ mɛma ayɛ kɛse.

“Nea edi kan no, misuae sɛ meweawea fam te sɛ abofra. M’ani gyei sɛ m’ankasa matumi anantenantew. Afei misuasuae sɛ mɛsɔre agyina na matweri ɔfasu. Metee nka sɛ ɛyɛ nkɔanim kɛse sɛ matumi ayɛ saa. Afei misuae sɛ mede poma bɛnantew. Ankyɛ na mitumi yɛɛ ofie nnwuma binom.

“Misii gyinae sɛ anɔpa biara no mɛbɔ mmɔden de biribi foforo aka nea matumi ayɛ no ho. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesiesie anɔpaduan, mɛto mpa, mɛprapra, mɛpopaw mfɛnsere mu, mɛkɔ akodi gua, ne nea ɛkeka ho. Sɛ mesrɛ mmoa a, me kunu boa me, nanso ɔboae nso denam hyɛ a na ɔnhyɛ sɛ ɔbɛboa no so. Mmom no, ɔma mesɔ hwɛe. Nkakrankakra no, medee me ho pii a ɛma minyaa obu maa m’ankasa ho na ɛmaa m’ani gyei.

“Mene me kunu yɛ Yehowa Adansefo, na osii gyinae sɛ ɔde ne ho bɛma akɔboa wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sweden no baa dwumadibea ne tintimbea foforo a na wɔresi no hɔ. Wɔpenee yɛn ho a yɛretu ama ho adebisa no so, na yedii bɛboro mfe anan wɔ hɔ. Mitumi de me bere nyinaa yɛɛ adwuma wɔ ntamasibea a ɛyɛ adwumayɛfo bɛyɛ 200 ho adwuma no mu. Me mfɛfo adwumayɛfo a wɔte apɔw no buu me sɛ mitumi ne wɔn yɛ adwuma pɛ. Ampa, na ɛyɛ den wɔ mmere bi mu, na mekɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn mmoa wɔ mpaebɔ mu. Nanso na ɛyɛ anigye bere nso.”

“Yiw, Wubetumi”

Sɛ obi a odi dɛm betumi adi yiye a, ɛho hia sɛ abusuafo ne afoforo boa wɔ ɔkwan pa so. Ɛno nkyerɛ sɛ wɔde mmoa bɛma bere nyinaa. Ebia ɛbɛkyerɛ sɛ wɔremmfa mmoa mma. Ka a wɔbɛka akyerɛ obi a wadi dɛm a ɔreyɛ adwuma bi no sɛ, “Yiw, wubetumi!” na afei wɔama wasɔ ahwɛ no taa yɛ mmoa kɛse ne nkuranhyɛ sen sɛ wobɛka sɛ, “Minnye nni sɛ wubetumi. Ma menyɛ mma wo.”

Ɛsɛ sɛ wɔne nnipa a wodi dɛm no di wɔ awosu mu ne anibere so sɛ nnipa afoforo biara. Wɔmpɛ sɛ afoforo bebu sɛnea wotumi di da biara da tebea horow ho dwuma no abomfiaa denam mmoa a ɛboro so so. Ebia ɛyɛ asɛm ketewaa bi na ebesiw kwan kɛse sen sɛ anka ɛbɛboa, te sɛ srade a wɔde bɛfofa abodoo sin anim ama obi a ɔkae sɛ wɔmfa srade no mma no no sɛɛ.

Jimmy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea epira me kɛse koraa no ne bere a nnipa ahoɔdenfo yɛ me te sɛ nea m’adwene ho aka no. Nea ɛhaw me sɛ mɛka no, ebinom kasa na wɔyɛ ade te sɛ nea wosusuw sɛ obiara a ɔte mmubuafo akongua mu no adwene ho aka.”

Ɛsɛ sɛ nsiesiei dwumadi biara ma onipa no tumi de ne ho to n’ankasa ho so na onya nkanyan sɛ obedi ne tebea no ho dwuma na wasua sɛ ɔde ne dɛmdi no bɛtra ase sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Sɛ nnipa a wodi dɛm no tumi si bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi ma wɔn ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ no no ho gyinae a, wɔn mu pii tumi tra ase yiye sen biara. Afoforo mmoa a ɛbɔ wɔn ho ban boro so no betumi de wɔn ho a wɔtew ne abufuw aba.

Ann-Mari a ɔyɛ Swedenni ɔbea bi a wadi dɛm kɛse na ɔte mmubuafo akongua mu no se: “M’adi dɛm wɔ ahokeka tumi mu na ɛnyɛ nsusuwii tumi mu. Enti na mepɛ sɛ m’ankasa mede saa tumi no yɛ adwuma de nya nea eye sen biara wɔ me tebea no mu no.”

Nea Atwa Wɔn ho Ahyia no mu Nsakrae a Wɔbɛyɛ

Sɛ nea ɛbɛboa mmubuafo na ama nea wotumi yɛ ayɛ kɛse no, wobetumi ayɛ nsakrae bi wɔ wɔn afie, nneɛma a etwa wɔn ho hyia bere a wɔapue no, ne wɔn akwantu mfiri ahorow mu. Wobu ano sɛ nnipa ɔpepem 500 na wɔwɔ wiase a wɔn akwaa bi nyɛ adwuma yiye a ɛka wɔn ahokeka, adehu, anaa ɔte. Nea ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw kɛse ama wɔn no, asetra mu yiyedi mpanyimfo a wɔwɔ aman pii mu de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma ahorow bi ho nhwɛso ma wɔn a wɔyɛ no. Eyi de nsakrae ahorow a etumi boa aba a ɛho aba nnipa a wodi dɛm mfaso.

Nnipa a wodi dɛm pii ahwehwɛ akwan a ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw ama wɔn ankasa ho. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔtete mmubuafo nkongua mu ahwɛ ahu sɛ wɔn afie ye ma wɔn kɛse denam apon ne aponnua bi a wɔma wotutu anaasɛ woyi ɔpon nnade no fi ɔfã biako kɔ foforo no so. Ebinom ama wɔde nnaka abobɔ afasu no ho wɔ faako a ɛdeda sisi, wɔasesa nea wɔde sɔ anyinam akanea no apɛ nea ɛsoso, na wɔde bi abobɔ afasu no ho wɔ soro kakra.

Ɛtɔ mmere bi a obubuafo no na otumi hu nea ɛbɛboa no kɛse sen biara no. Bo a ɔyɛ abarimaa bi wɔ Sweden a n’anan bubui wɔ kar akwanhyia mu no hwehwɛɛ sɛnea ɔbɛyɛ ne mmubuafo akongua no ama ahotɔ abam kɛse na ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛka. Ɔhyehyɛɛ mmubuafo akongua bi a ɛma otumi foro atrapoe mpo! Mprempren ɔyɛ adwuma sɛ mmubuafo akongua hyehyɛfo wɔ adwumayɛbea bi mu.

Nanso, mpɛn pii no nyansa wom sɛ wɔrennyi honam fam mmɔdenbɔ mfi mu. Sɛ anyɛ saa a obubuafo no apɔw mu teɛteɛ a onnya no betumi de nsɛnnennen te sɛ kotodwe a ɛsinsen, anan a ɛhonhon, ne ntini a emu gow aba. Enti, bere a ebia mmubuafo akongua a ɛde anyinam ahoɔden na ɛnantew bɛyɛ nea eye wɔ mmere bi mu no, obi ankasa nsa a ɔde bepia mmubuafo akongua no betumi ama wateɛteɛ ntini, koma, ne ahurututu no wɔ ɔkwan pa so.

Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ onipa no so de yɛ mmubuafo akongua no sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Obi a otumi de nnwinade yɛ adwuma betumi aboa ayɛ nsakrae wɔ nea wɔtra so no, ne tenten, sɛnea ɛkari pɛ, emu duru, ne ne dwumadi mu ma afata onii a ɔde di dwuma no yiye. Aberantewaa bi kae wɔ bere a owiee wiase nyinaa akwantu bi a n’ankasa kɔe no akyi sɛ: “Mahu sɛ ɛsɛ sɛ mmubuafo akongua mu yɛ ketewa sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara na ama ayɛ nea eye.” Ɔde wimhyɛn, keteke, bɔs, ne po so hyɛn na etuu kwan no bere a ɔte mmubuafo akongua a wɔde nsa pia mu.

Ntadehyɛ ne ne yi taa yɛ nsɛnnennen ma nnipa a wɔadi dɛm. Mpɛn pii no ɛnyɛ nea wosiesiee ntade a wɔpam dedaw no maa wɔn. Siw a ɔyɛ ɔbea bi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe no mu na wadi dɛm a ɔwɔ Stockholm, Sweden, no se ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛhyɛ ntade a enni nsa mmom sen sɛ ɔbɛhyɛ nea obiara hyɛ bi no. Afei nso, ɔde twaa (elastic) si button ne zip ananmu wɔ kamisa mu. Nokwarem no, ntade a ahotɔ wom a Siw betumi ahyɛ ho ahiade no ama wabɛyɛ ɔdepamfo a wakokwaw.

Ebia nsakrae nketenkete bi bɛboa wɔn a wɔwɔ nsa biako anaasɛ wɔn a wɔn nsa mu agow ma wɔatumi ayɛ ade wɔ mukaase. Sɛ nhwɛso no, afiri a wɔde bue nkankyee ne ntoa so a wɔde bɔ ɔfasu ho no bɛma ayɛ den ne nea wobetumi de adi dwuma. Nnadewa a ɛnwe nnaakyen a wɔde bɛbobɔ dua a wotwitwa ade wɔ so so no bɛboa obi a odi dɛm ma wakura nneɛma te sɛ abodoo mu bere a otwitwa no. Na kahyiri bi a ɛso betumi ama nkuku ne prɛte a ɛto yɛ traa asi yiye bere a obi a odi dɛm nu ade mu wom no.

Anidaso Boa Yiyedi

Anidaso yɛ biribi a obiara hia, na mene sɛ wɔn a wodi dɛm. Nokwarem no, anidaso a eye sen biara a wobetumi anya no mu biako ne sɛ wɔbɛte apɔw. Nanso wɔmma anifuraefo, asotifo, ne mmubuafo apɔw a wɔbɛte ho anidaso biara denam wiase nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw so. Nanso, wɔn tebea no nyɛ nea anidaso nnim.

Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔsaa nyarewa ahorow bi a oduruyɛfo biara rentumi nsa. Wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso ase no, ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmfa nsa wɔn a wɔyare ɔkwan biara so anaasɛ wodi dɛm no yare no bedi dwuma. Bible no kyerɛkyerɛ tebea a ɛbɛba saa bere no mu no mu se: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”​—Yesaia 35:5, 6.

Bere a saa anidaso yi hyɛ nnipa a wɔadi dɛm pii nkuran no, wɔayɛ awerɛkyekye ne nkuranhyɛ kɛse ama afoforo. Ɛdenam su a ɛne sɛ wɔde wɔn tumi ahorow no bɛyɛ nea eye sen biara so no, wɔte nka sɛ wodi yiye wɔ asetra mu mprempren mpo.

[Kratafa 24, 25 mfoni]

Nneɛma a wɔahyɛ da ayeyɛ te sɛ eyinom yɛ mmoa kɛse ma nnipa a wodi dɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena