Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 12/8 kr. 28-31
  • Anigye a Edi Mu Ɛmfa Ho Dɛmdi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Edi Mu Ɛmfa Ho Dɛmdi
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofraberem Amanehunu
  • Nhomasua Mu Mmɔdenbɔ
  • Wɔ Dɛmdifo Fie
  • Tew a Metew Me Ho
  • Nea Enti a Mewɔ Anigye Kɛse Nnɛ
  • Me Yare Nyinaa Akyi No, Manya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Ama Me Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Nhwɛ Mmubuafo Akongua no—Hwɛ Me!”
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 12/8 kr. 28-31

Anigye a Edi Mu Ɛmfa Ho Dɛmdi

SƐNEA KONSTANTIN MOROZOV KA KYERƐE

Bere a wɔwoo me wɔ July 20, 1936 no, na nnompe biara nni me nipaduam ka me tikwankoraa ne m’akyi berɛmo ho. Ná me nnompe mu den nnu nnompe gyirigyiri a ɛwɔ obi a wanyin aso mu no. Ná me mu duru nnu kilogram fã. Ná me koma, mmɔ yiye na na m’ahome ne m’ahokeka nni mu.

NA MEYƐ mmofra baakron a yɛwɔ abusua bi a na ɛwɔ Sara akuraa a ɛwɔ Ul’yanovsk Oblast, wɔ Russia mfinimfini, ase no mu nea ɔto so ason. Bere a midii adapɛn abiɛsa no, m’awofo de me kɔɔ asɔre ma wɔbɔɔ me asu. Ɔsɔfo no de nsu petepetee me so ntɛm ara na wɔka kyerɛɛ m’awofo sɛ wɔmfa menkɔ fie ntɛm, efisɛ ɛrenni nnɔnhwerew ahe biara na mawu.

Wɔ January 1937 no, m’awofo de me kɔɔ Kazan’ kurow a ɛyɛ Russia adehyeman Tatarstan ahenkurow no mu de me kɔkyerɛɛ nnuruyɛfo bi. Saa bere yi de, na mitumi ka “Maame,” “Papa,” ne “Babushka” (Nanabea), na na mitumi bɔ me nuanom mmarima no din. Bere a nnuruyɛfo no hwɛɛ me no, wɔka kyerɛɛ m’awofo sɛ mewu wɔ afe biako ntam. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonkum me na wɔnkora me so wɔ toa mu na wɔde akyerɛ sukuufo a wosua aduruyɛ no ade. Hwɛ aseda ara a mede ma m’awofo a wɔwɔ dɔ no sɛ wɔampene so!

Mmofraberem Amanehunu

Mekae sɛ, na me honam tutu me bere nyinaa. Nanso, bere a na meyɛ abofra mpo no, na mebɔ mmɔden sɛ menya adwempa bere nyinaa na na mebɔ mmɔden nso sɛ mɛserew daa na manya anigye. Makura su a ɛte saa mu bere nyinaa. Me nnompe mu yɛɛ den nkakrankakra, na na mitumi tra ase wea kakra. Mantumi annyin te sɛ mmofra a wɔwɔ apɔwmuden no na na madi dɛm koraa. Nanso na meyɛ sukuuni a mebɔ mmɔden, na bere a midii mfe anum no, na mitumi kyerɛw kenkan ade.

Wɔ May, 1941 no, me maame de me kɔɔ asɔre bio. Ná nnipa pii wɔ hɔ a wɔabu nkotodwe rebɔ mpae. Ɔbea bi a ogye ahɔho baa Maame nkyɛn bebisaa no nea enti a ommuu nkotodwe. Bere a Maame de me kyerɛɛ no no, ɔno nso kɔbɔɔ ɔsɔfo no amanneɛ. Bere a ɔsan bae no, ɔma yepue kɔɔ abɔnten na ɔka kyerɛɛ Maame sɛ onnyaw me wɔ abɔnten hɔ na ɔno nkutoo mmra mu. Ɔkyerɛe sɛ m’awofo bɔne nti na “ɔbɔnefo” no de me ama wɔn. Maame de nusu san kɔɔ fie. Misusuw eyi ho bere tenten. Mibisaa me ho sɛ, ‘Hena ne saa “ɔbɔnefo” no?’

Wɔ 1948 mu, bere a na madi mfe 12 no, Maame de me kɔɔ Merenki akuraa a ɛwɔ Chuvash Adehyeman mu, a efi yɛn fie rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 80, no ase. Ná asubɔnten bi a wɔde mu nsu sa yare wɔ hɔ, na na Maame wɔ anidaso sɛ nsu no betumi asa me yare. Nneɛma a ɔsɔfo no kae sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ na ama manya ayaresa no bi ne sɛ medi mmuada nnansa. Ná ɛsɛ sɛ mekɔ Awurade adidi wɔ asɔre no mu nso. Ɛwom sɛ na minni asɔre no mu ahotoso kɛse de, nanso mepenee ahyɛde no so. Ná akwantu no ware ma me na na emu yɛ den, nanso migyinaa mu, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ nhwiren ne nnua a ɛwɔ kwan no so no de akyekye me werɛ.

Ná nnipa ayɛ asɔre no mu ma. Bere a Maame kura me de me nam nnipadɔm no mu no, aberewa bi maa me tɔfe. Migye de hyɛɛ me kotoku mu. Bere a Awurade adidi no duu me so no, aberewa no teɛɛm sɛ: “Fada, mma no Awurade adidi no bi! Seesei ara na ɔredi tɔfe!” Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ tɔfe no hyɛ me kotoku mu, nanso ɔsɔfo no teɛɛm sɛ: “Ɔyarefo te sɛ wo! Woredi atoro nso aka wo bra ho? Momfa no mfi asɔredan mu ha!” Nanso, da a edi hɔ no, ɔsɔfo foforo maa me Awurade adidi no bi na ɔde “nhyira” nsu guaree me. Nanso, anwonwade biara ansi. Me yare no kɔɔ so traa hɔ.

Nhomasua Mu Mmɔdenbɔ

Ɛwom sɛ na madi dɛm kɛse wɔ nipaduam de, nanso wɔ me mpanyin mfe so no, mede nhomasua mu botae pii sisii m’ani so. Wɔ 1956 mu no, mekɔdɔm Komsomol (Kɔmunis Mmofra Apam), na bere bi akyi no, mekyerɛɛ mmofra ade wɔ Komsomol ho abakɔsɛm mu. Mebɛyɛɛ Afisiesie ne Amammerɛ Asoɛe no muni wɔ dɛmdifo fie, na mesom wɔ hɔ nso sɛ radio kwankyerɛfo ne ɔmanneɛbɔfo.

Bio nso, na mehwɛ anifuraefo ho nneɛma a wɔakyere agu kasɛt so de kyinkyin no nhomakorabea bi so, na wɔpaw me sɛ Atemmufo Asoɛe a Ɛko Tia Asabow no muni. Mede me ho hyɛɛ nnwontofo kuw nso mu, too nnwom bɔɔ nnwonto nnwinnade pii.

Wɔ Dɛmdifo Fie

Wɔ 1957 mu, bere a midii mfe 21 no, esiane me dɛmdi no nti mekɔtraa dɛmdifo fie. Nanso, mampa abaw. Wɔ October 1963 no, mifi hɔ kɔɔ Dɛmdi Nhwehwɛmu Adesuabea a Ɛwɔ Moscow hɔ. Awiei koraa no, wɔyɛɛ me oprehyɛn ahorow 18 de teɛteɛɛ me nan mu wɔ hɔ.

Nea edi kan no, wɔtwee me nan mu. Afei, naawɔtwe akyi no, wɔyɛɛ me oprehyɛn. Ɛno akyi no, wɔde adwinnade bi hyɛɛ me nan ase de wowaw no kosii sɛ wɔyɛɛ me oprehyɛn foforo. Ɔyarehwɛfo no sui bere a ohuu sɛnea merehu amane fa no.

Asram anan a edi hɔ no, misuaa sɛnea mede nnua bɛnantew. Sɛ mikura nnua no a, na mitumi twe me mu bɛyɛ anammɔn abiɛsa ne fã. Ná me mu duru bɛyɛ kilogram 25. Bere a mihuu sɛnea mede nnua bɛnantew no, mesan kɔɔ dɛmdifo fie hɔ wɔ 1964 mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, na me mu duru no mma mintumi nnyina me nan so, na ankyɛ koraa na mifii ase weaa bio na ɛtɔ da mpo a na metra mmubuafo agua mu na ɛnantenantew. Mmubuafo agua no ara na matra mu abesi nnɛ.

Mankɔ asɔre bio. Kyerɛ a wɔkyerɛe sɛ “ɔbɔnefo” na ɔma wɔwoo me no kɔɔ so haw me. Ná medɔ me papa ne me maame yiye, na na mempɛ sɛ megye atom sɛ Onyankopɔn a wɔafom no nti na ama madi dɛm no. Mebɔɔ mmɔden sɛ menya anidaso a edi mu ɛmfa ho me haw no. Mepɛe sɛ mɛyɛ afoforo papa, na mede akyerɛ nkurɔfo sɛ me na matumi ayɛ saa.

Tew a Metew Me Ho

Wɔ 1970 mu no, mewaree Lidia, a na ɔno nso adi dɛm kakra fi mmofraberem. Yegyee fie ketewaa bi tuaa ho ka, na yɛtraa mu mfe 15. Saa bere no, yɛn baanu nyinaa yɛɛ adwuma de pɛɛ asetrade. Na misiesie wɔɔkye ne nnwinnade nketenkete a ɛtete saa.

Bere bi no, na mede nkraman a wɔatete wɔn na ɛyɛ nnwuma bi a ɛsom bo. Nokwarem no, me ne obi a ɔtete nkraman yɛɛ adwinnade pɔtee bi. Ná mewɔ nkraman abien—na wɔfrɛ biako Vulkan na na wɔfrɛ biako nso Palma. Palma yɛɛ yɔnko nokwafo mfe pii. Sɛ yɛkɔ sotɔɔ a, na ɔno na oso nnuan no mu ma me. Ade biako pɛ a na ɔmpɛ ne sɛ obegyina santen mu bere a yɛretua sika no. Ná ɔde ne sẽ tam me bag, na na dade ketewa bi sɛn ne kɔn mu a ɔde kura bag a mede di gua no.

Wɔ 1973 no, me maame yaree denneennen. Esiane sɛ na mewɔ fie bere nyinaa nti, me ne me yere sii gyinae sɛ yɛbɛkɔ akɔfa no abɛtra yɛn nkyɛn. Saa bere no, na me papa ne me nuanom baanum awuwu dedaw, na na me nuanom baasa a wɔaka no te Russia afã foforo. Bere a Maame bɛtraa yɛn nkyɛn no, meyɛɛ nea metumi nyinaa maa no. Awiei koraa no, owui a na wadi mfirihyia 85.

Wɔ 1978 mu no, misii gyinae sɛ mɛyɛ m’ankasa kar. Bere a misuaa kar ahorow pii ho ade no, mitumi yɛɛ biako bi a edi mu. Ɔman Kar Adwuma Ho Nhwehwɛmu Dwumadibea a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ no maa mekɔyɛɛ karka mu sɔhwɛ, na wɔmaa me hokwan a ɛbɛma mede me kar no adi dwuma. Metoo ne din Osa (Kotokurodu). Me ne me yere yɛɛ teaseɛnam bi wɔ akyi a na etumi fa nneɛma a emu duru yɛ kilogram 300. Na yɛn baanu tumi de nneɛma ka yɛn ho tra mu kɔ baabiara. Kar a na ɛte sɛ moto yi boaa yɛn kosii 1985 mu.

Saa bere yi, na m’ani benkum afura, na m’ani nifa nso fii ase sɛee. Lidia nso benyaa komayare. Wɔ May 1985 mu no, esiane yɛn yare no nti, yetu kɔtraa dɛmdifo fie wɔ Dimitrovgrad kurow mu.

Nea Enti a Mewɔ Anigye Kɛse Nnɛ

Wɔ 1990 ahohuru bere mu no, Yehowa Adansefo bɛsraa dɛmdifo fie hɔ. M’ani gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no ho kɛse. Wɔkyerɛɛ me asɛm bi a ɛwɔ Yohane Asɛmpa no mu a ɛfa ɔbarima bi a wɔwoo no nifuraefo no ho. Yesu ka faa ne ho sɛ: “Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne.” (Yohane 9:1-3) Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yenyaa bɔne ne yare fii yɛn nana Adam hɔ.—Romafo 5:12.

Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, nokwasɛm a ɛne sɛ awiei koraa Onyankopɔn bɛsa wɔn a wonya nkwa wɔ ne Ba, Yesu Kristo, Ahenni nniso ase nyinaa yare bere a wɔadan asase no Paradise no kaa me kɛse. (Dwom 37:11, 29; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Anigye maa misui, na mekae sɛ: “Mahu nokware no, nokware no, nokware no!” Me ne Yehowa Adansefo suaa Bible no afe biako, na wɔ 1991 mu no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne.

Ɛwom sɛ minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsom Yehowa na maka n’atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm de, nanso mihyiaa akwanside pii. Kan no, na minni ahiade pii a medi ho dwuma, nanso afei de na ehia sɛ meka me gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. M’asasesin a edi kan a mekaa mu asɛm ne yɛn dɛmdifo fie hɔ, baabi a na nnipa bɛboro 300 te no. Nea ɛbɛyɛ na matumi ne nnipa pii akasa no, mesrɛe sɛ wɔmma menkɔyɛ adwuma wɔ ɔdan a wodi ofie ho nsɛm wom no mu.

Anɔpa biara, na metra adwumam yɛ me nnwuma ahorow. Ɛdenam me dwumadi so no, manya nnamfo foforo pii a me ne wɔn bɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Wɔn mu bi agye nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow, na aboa wɔn ma wɔate Bible no ase. Wɔn a wɔbɛsra hɔ no taa ma mekenkan Bible ne Bible ho nhoma ahorow kyerɛ wɔn. Sɛ yɛredidi awia a, nkurɔfo pii taa bɛhyɛ ɔdan a me ne me yere te mu no mu mã, na ɛtɔ mmere bi a, ɔfoforo mpo nnya kwan nwura mu.

Me Kristofo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu no aboa me kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔbrɛ me Bible ho nhoma ahorow na wogye bere bɛtra me ne me yere ho. Wɔboa me ma mitumi kɔ asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so nso. Ɔdansefo bi tɔɔ moto bi a teaseɛnam bi wɔ ho a etumi fa nnipa foforo maa me na mede akɔ mmeaemmeae. Afoforo a wɔwɔ kar no fi anigye mu bɛfa me wɔ awɔw bere mu.

Esiane ɔhwɛ a efi ɔdɔ mu yi nti, matumi akɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow pii. Nhyiam a edi kan a mekɔe ne amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Moscow wɔ July 1993 mu, a nnipa dodow 23,743 a wofi aman bɛboro 30 mu bae no. Wɔ me fam no, na saa nhyiam no a mɛkɔ no hwehwɛ sɛ mitwa bɛyɛ kilomita 1,000. Efi saa bere no, Yehowa nkurɔfo nhyiam biara mpaa me ti so da.

Mpanyimfo a wɔhwɛ dɛmdifo fie hɔ no wɔ obu kɛse ma me, na mekyerɛ ho anisɔ kɛse. Me yere, Lidia, a me ne no atra asomdwoe mu mfe 30 ni no nso yɛ me mmoa kɛse, ɛwom sɛ ɔne me nni ɔsom koro mu de. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa de ne nsa a ɛyɛ den no wowaw me na wahwie ne nhyira a enni ano no agu me so. Nnansa yi ara, wɔ September 1, 1997 no, wɔpaw me ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no.

Mpɛn pii na anka me koma betumi agyae bɔ na mawu. Hwɛ sɛnea m’ani agye seesei sɛ nneɛma ankɔba saa na mabehu nkwa Suti, Yehowa Nyankopɔn, na mabɛdɔ no! Mepɛ sɛ mekɔ so ne me honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa som no bere tenten a meda so te nkwa mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Me ne me yere, Lidia

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Merekyerɛ Bible suani bi ade wɔ yɛn dɛmdifo fie hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena