Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 8/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Yɛn Akenkanfo Ho
    Nyan!—1986
Nyan!—2000
g00 8/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nnubɔne Na asɛm “Are Drugs Taking Over the World?” (So Nnubɔne Rebunkam Wiase no So?) (November 8, 1999, Engiresi de) no di mu kɛse. Meyɛ ɔpanyin a mehwɛ sɛnea wɔn a wɔnom nnubɔne bɔ wɔn bra wɔ beae a mmofra pii a nnubɔnenom aka wɔn hɔ te. Nsɛmma nhoma yi bɛboa nnipa pii ma wɔagyae nnubɔnenom.

J. T., Germany

Pedro ne ne yere Ana asɛm no hyɛɛ me nkuran kɛse. Nnubɔnenom maa m’asetra yɛɛ basaa mfe asia. Esiane sɛ misua Bible no na meka nea misua no ho asɛm kyerɛ afoforo nti, manya ahoɔden wɔ honhom fam ma matumi agyae nnubɔnenom.

D. J., United States

Makyerɛ akwahosan ho ade wɔ sukuu mfe 15 ni. Nyan! yi baa bere a ɛsɛ mu efisɛ seesei yɛresua nsa, nnubɔne, ne karka ho ade. Mede nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu no bedi dwuma ɔkwan biara so!

C. J., United States

Tagua Adwe Efi 1954 mu no, makenkan mo nsɛmma nhoma biara a ɛba no, na daa nea ɛka fa Yehowa abɔde a yetumi de yɛ nneɛma pii ho no ma me ho dwiriw me. Na “The Tagua Nut—Can It Save Elephants?” (Tagua Adwe—Ebetumi Agye Asono?) (November 8, 1999, Engiresi de) yɛ asɛm no mu biako. Meda mo ase sɛ moboa yɛn ma yehu Onyankopɔn nyansa a ɛkyɛn so no ho ade pii.

D. H., United States

Abayisɛm Meda mo ase wɔ asɛm “Dɛn na Ɛde Abayisɛm Ba?” (November 8, 1999) no ho. Nnipa pii susuw sɛ abayifo yɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔn ho yɛ tan. Nanso, ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii de wɔn ho rehyɛ abayisɛm mu. Me babea fii ase kyerɛɛ eyi ho anigye. Nanso, ɔno ankasa kra Nyan!, na na asɛm yi wɔ nea edii kan bae no mu! Ɛbae wɔ bere pa mu.

B. H., United States

Abɔfo Mekamfo mo wɔ nokwasɛm a ɛwɔ “Abɔfo Ho Nokwasɛm?” (December 8, 1999) mu no ho. Bere aso sɛ obi de akokoduru kyerɛw nokwasɛm a obu wom ma ɛda asiane a ɛwɔ atosɛm a wɔaka afa abɔfo ho mu no adi. Nea m’ani gyee ho paa ne mfonini a ɛwɔ kratafa 19 a ɛkyerɛ sɛnea abɔfo no ankasa po adɛfɛdɛfɛsɛm ne anuonyam a wɔde ama wɔn nnɛ no.

J.L.A.H., Brazil

Ayaresa Mu Amanehunu Asɛm a ɛfa Major abusua ho wɔ asɛm a ɛne “Yɛde Yɛn Ho Too Onyankopɔn So Bere a Yɛkɔɔ Amanehunu Pii Mu No” (December 8, 1999) mu no hyɛɛ me den. Yɛn babarima dii dɛm kɛse pii wɔ ne koma mu a na ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Sɛ yɛamma mo ba no mogya a, obewu!’ Nnuruyɛfo no frɛɛ me ne me kunu mmiako mmiako sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ yɛn denneennen ma yɛapene so ma wɔama yɛn ba no mogya. Nanso, yɛbɔɔ mpae sɛnea Major abusua no yɛe no, de hwehwɛɛ ahoɔden ne akokoduru. Yɛn ba no nyaa nkwa wɔ oprehyɛn ahorow no mu na seesei ne ho atɔ no. Waka sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako.

B. C., United States

Wogyee me kunu too ayaresabea, na nnuruyɛfo no kae sɛ ebia obedi asram pii wɔ hɔ. Na yɛn mma baasa a merehwɛ wɔn na mesan kɔsra me kunu daa wɔ bere koro no ara mu no ma mebrɛ yiye. Me nuanom Kristofo boaa me kɛse wɔ mmofra no hwɛ mu. Woyii me kunu baa fie bere a na nsɛm reyɛ agye me nsam no. Bere a mekenkanee saa asɛm yi no, tema ne awerɛhow a midii wɔ nea Major abusua no faa mu ho no ma misui. Hwɛ sɛnea m’ani gye bere a mihui sɛnea wɔde wɔn ho too Yehowa so kɛse no!

J. A., United States

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena