Dɛn Nti na Ahonhonsɛmdi Abu So Saa?
Wɔakyerɛ ahonhonsɛmdi ase sɛ “gyidi a ɛne sɛ honhom bi kɔ so tra ase wɔ owu akyi, a mpɛn pii no ateasefo tumi fa ɔdebisafo bi so ne no di nkitaho.”
WƆ 1998 mu no, nhoma bi a na ɛka sɛnea afoforo tumi ne awufo di nkitaho begyee din wɔ United States araa ma ankyɛ na ɛbɛyɛɛ nhoma a New York Times abobɔ din sɛ wɔtɔ sen biara no mu nea edi kan.
Mfe kakra a atwam wɔ Moscow no, ahonhonsɛmdi bɛyɛɛ biribi a na amammuifo ne aguadifo de wɔn ho hyem araa ma na wɔbɔ ɛho ka kɛse.
Wɔ Brazil no, nnipa pii na wɔhwɛ guasodeyɛ a ɛfa ahonhonsɛmdi ho a ɛba television so no.
Wɔ Afrikafo ne Asiafo pii fam no, ahonhonsɛmdi a wɔde wɔn ho hyem no te sɛ nneɛma ano a wodi wɔ gua so.
Nea Enti a Nnipa Pii De Wɔn Ho Hyɛ Ahonhonsɛmdi Mu
Nnipa pii de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu hwehwɛ awerɛkyekye bere a wɔn dɔfo bi awu no. Ɔdebisafo no tumi ka asɛm a ɛyɛ anigye te sɛ nea efi owufo no hɔ kyerɛ wɔn. Sɛ ɛba saa a, ɛtaa ma wɔn a ade atɔ wɔn ani no susuw sɛ wɔn dɔfo a wawu no te ase na nkitaho a wɔne no di no betumi akyekye wɔn werɛ.
Nea enti a ebinom nso de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu ne sɛ wonim sɛ sɛ wɔyɛ saa a, ahonhom no bɛboa wɔn ma wɔanya wɔn yare bi ano aduru, anya sika, ɔbea anaa barima bi a wɔpɛ no, na wɔn aware asɔ, anaasɛ wɔanya adwuma. Ebinom nso de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu esiane ɛho anigye a wonya kɛkɛ nti.
Afei nso, sɛnea ahonhonsɛmdi ho nimdefo bi kae no, ade biako a ɛma nnipa ɔpepem pii de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu ne sɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ “ɔsom foforo” a wɔde “abata Kristosom” ho. Nyamesom a ɛkɔ so wɔ Brazil no yɛ eyi ho nhwɛso.
Brazil ne ɔman a nnipa pii kɔ Roma Katolek asɔre sen biara wɔ asase so, nanso sɛnea nhoma kyerɛwfo Sol Biderman kyerɛ no, “agyidifo no mu ɔpepem pii na wɔsɔ kyɛnere wɔ afɔrepon pii so a wɔte nka sɛ mfomso [biara] nni ho.” Nokwarem no, Brazil atesɛm krataa Veja a ɛba dapɛn biara no bɔɔ amanneɛ sɛ, Brazilfo ɔha biara mu 80 a wɔkɔ mmeae a wodi ahonhonsɛm no yɛ Katolekfo a wɔabɔ asu na wɔkɔ Mass. Nokwasɛm a ɛne sɛ asɔfo bi mpo de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no nso ma ebinom hu sɛ Onyankopɔn pene ahonhom a wɔne wɔn bedi nkitaho de anya awerɛkyekye ne akwankyerɛ no so. Na so ɛte saa?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 3]
Ahonhonsɛmdi Ahorow
Ahonhonsɛmdi betumi ayɛ ɔdebisafo bi nkyɛn a wɔkɔ, awufo ho asɛm a wokobisa, anaa daakye a wokobisa. Ahonhonsɛmdi biako a agye din paa ne adebisa—mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛma ahonhom aboa no ma wahu nea ɛbɛba daakye anaa nea onnim. Adebisa no bi ne nsoromma mu hwɛ, ahwehwɛ mu hwɛ, dae asekyerɛ, nsa mu hwɛ, ne nkrataa a wɔde kyerɛ nea obi daakye bɛyɛ.