Ahonhomsɛmdi Onyankopɔn Bu No Dɛn?
ROMANI abakɔsɛm kyerɛwfo Sallust kae sɛ: “Nea ɛma adamfofa mu yɛ den ne sɛ mo ani begye nneɛma koro ho na moakyi nneɛma koro.” Nokwarem no, adamfo ne obi a wo ne no bom yɛ nneɛma pii, obi a wubetumi de wo ho ato no so. Saa ara nso na Onyankopɔn bu yɛn sɛ ne nnamfo na ɔma yɛn kwan sɛ yentwiw mmɛn no kɛse sɛ yɛpɛ nneɛma a ɔpɛ na yekyi nea okyi a. Eyi kyerɛ sɛ yɛn ani begye Onyankopɔn su horow te sɛ ɔdɔ, asomdwoe, ayamye, ne papayɛ ho na yɛrebɔ mmɔden sɛ yebesuasua su horow yi wɔ yɛn asetra mu.—Galatifo 5:22, 23.
Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ ebia Onyankopɔn pene ahonhonsɛmdi so no, yebetumi adi kan apɛɛpɛɛ aba a ɛsow no mu. (Mateo 7:17, 18) So ɛboa yɛn sɛ yebenya su pa a ɛkanyan afoforo? Sɛ yebehu a, momma yɛnhwɛ asetra mu nhwɛso ahorow abien.
Abonsonkɔm, Ɔhaw, Ne Owu
Ná Asamaja Amelia a ɔyɛ ɔbea bi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu no adi mfe 17 bere a odii kan de ne ho hyɛɛ abosonkɔm a ɛyɛ ahonhonsɛmdi fã mu no. Esiane sɛ ne nkɔmhyɛ ahorow baam na nnipa a wobisabisaa ade wɔ ne hɔ nyaa n’afotu mu mfaso nti, na wobu no kɛse wɔ ne kurom. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:16 ho.) Nanso na ade biako haw no.
Ɔka sɛ: “Na ahonhom a wɔnam me so kasa no yi ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔhwehwɛɛ mmoa fii wɔn hɔ no, nanso wɔ bere koro no ara mu no wɔmaa m’asetra yɛɛ awerɛhow. Bere biara a mene wɔn bedi nkitaho akyi no, mete nka sɛ wɔahwe me, na na ɛyɛ den ma me sɛ mɛkeka me ho. Sɛ ade sa a, mehwɛ kwan sɛ metumi ahome kakra nanso na ahonhom no nnyaw me haw. Na wɔkɔ so haw me, wɔkasa kyerɛ me na wɔmma me nna. Na tie nsɛm a wɔkekae!” Ogu ahome na ɔhwɛ fam na ɔde aniwu wosow ne ti. “Na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm, na wɔkae sɛ wɔne me bɛda. Ná ɛyɛ ahodwiriw. Na maware. Na mempɛ sɛ mefi me kunu akyi, na meka kyerɛɛ wɔn. Ɛno ammoa. Da koro bi tumi bi a aniwa nhu dii me so, osoo me mu miamiaa me na ɔkaa me mpo. Me werɛ howee.”
Ebia wobɛka sɛ: ‘So ahonhom hyɛ ɔbrasɛe ho nkuran? Ɛnyɛ nokware!’ So saa ahonhom no bra asɛe kɛse ankasa saa?
Izaak a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Wɔn bra asɛe kɛse sen saa mpo! Anadwo bi wɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa ɔbea bi a honhom bi haw no no. Kuw no kannifo—honhom a ɔyɛ den kɛse bi kɔmfo—bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpam honhom no. Yɛde da mũ nyinaa srɛɛ ne honhom no sɛ ɔmmoa yɛn. Yɛsawee na yɛbɔɔ nkyene na nkakrankakra ɔbea no ho tɔɔ no. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no honhom no sɛ omfi nkɔ na ɔyɛɛ saa. Ɔkannifo no kae sɛ: ‘Yɛadi nkonim.’ Afei yɛtraa ase homee.”
Izaak gyaee ne nsa a ɔretoto no kakra bere a ɔrehome no. Afei ɔtoa so sɛ: “Wɔ bere tiaa bi mu no na biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ nanso afei yɛtee nteɛteɛm bi. Yetuu mmirika kɔɔ ofi a yɛtee nteɛteɛm wom no mu na yehuu ɔkannifo no yere. Ná ɔresu denneennen. Yehuu ne babea kumaa bi wɔ ofi no mu—ne ti da n’akyi! Na tumi bi abu ne kɔn mu akum no te sɛ akokɔ ba bi—ɛda adi sɛ na ɛyɛ ade a honhom a ɔpam no no yɛe de tuaa no so ka. Ɛyɛ abofono! Saa ahonhom no yɛ awudifo atirimɔdenfo.”
Ahonhonsɛmdi Ne “Ɔhonam Nnwuma”
Efi, aguamammɔ ne awudi—a yɛahu wɔ osuahu abien a ɛfa ahonhonsɛmdi ho yi mu—no, yɛ su ahorow a ɛne Onyankopɔn nipasu bɔ abira kɛse. Na ɛno boa yɛn ma yehu nnipa a saa ahonhom no yɛ ampa. Wobetumi ayɛ wɔn ho te sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomafo, nanso wɔn ɔbrasɛe ne awudi nnwuma no ma ɛda adi sɛ wosuasua Onyankopɔn tamfo ne owudifo a odi kan wɔ abakɔsɛm mu a ɔne Satan ɔbonsam no. (Yohane 8:44) Ɔno ne wɔn kannifo. Wɔyɛ n’aboafo—abɔfo bɔne anaasɛ adaemone.—Luka 11:15-20.
Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘So Satan su horow yi da adi wɔ ahonhonsɛmdi mu wɔ bere ne bere mu nkutoo? So ahonhonsɛmdi a megye atom no betumi ama me ne ahonhom pa a wɔbɛboa me ma mabɛn Onyankopɔn kɛse no adi nkitaho? Dabi, Bible no de “ahonhonsɛmdi” ka “ɔhonam nnwuma” afoforo a ɛne Kristofo su horow bɔ abira pefee no ho.—Galatifo 5:19-21.
Wɔ Adiyisɛm 21:8, NW, no wɔde “ahonhonsɛmdifo” (“wɔn a wɔne adaemone bɔ nkɔmmɔ, “The Living Bible) ka “wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne . . . abonsonsomfo ne atorofo nyinaa” ho. Yehowa bu wɔn a wɔhyɛ da di atoro, bɔ aguaman, di awu na wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no dɛn? Okyi wɔn nneyɛe! —Mmebusɛm 6:16-19.
Enti, ahonhonsɛmdi a wode wo ho bɛhyem no kyerɛ sɛ wodɔ nea Yehowa Nyankopɔn kyi. Ɛte sɛ nea worepow Yehowa na wowɔ Satan afã na woakɔ Onyankopɔn tamfo kɛse ne n’aboafo afã. Afei susuw eyi ho hwɛ: So wobɛpɛ sɛ wo ne obi a ɔwɔ wo atamfo afa no bɛbɔ kɛse. Dabida. Mmom no, wɔbɛtwe wo ho afi saa onii no ho koraa. Ɛnde, ɛda adi sɛ yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ ade a ɛte saa ara. Mmebusɛm 15:29 ka sɛ: [Yehowa] ne abɔnefo ntam ware.”—Hwɛ Dwom 5:4 nso.
Ahonhonsɛmdi De Obi Kɔ Owu Mu
Ahonhonsɛmdi a obi de ne ho hyem no ma ne nkwa ho ba asɛm. Ná Onyankopɔn bu no sɛ ade a ɛsɛ sɛ wogyina so kum obi wɔ ne nkurɔfo mu wɔ tete Israel. (Leviticus 20:27; Deuteronomium 18:9-12) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ahonhonsɛmdifo “rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:20, 21) Mmom no, ‘wobenya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu’ a ɛkyerɛ “owuprenu” anaasɛ daa ɔsɛe. (Adiyisɛm 21:8) Ɛwom sɛ nnɛ Kristoman mu asɔre ahorow no bi betumi apene ahonhonsɛmdi so de, nanso adwene a Bible no kura wɔ ho no nsakrae.
Na sɛ woayɛ ade a edi kan a ɛbɛma wode wo ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu dedaw nso ɛ? Ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wugyae ntɛm ara na wo dan wo ho. Di ɔsoro afotu a efi honhom mu a Onyankopɔn diyifo Yesaia de maa tete Israelfo no akyi. Wɔn tebea te sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔde wɔn ho hyɛ afideyɛ mu nanso wosusuw sɛ wɔresom Onyankopɔn wɔ bere koro no ara mu no de. Enti asuade ahorow a ɛho hia wɔ wɔn osuahu no mu. Asuade ahorow bɛn?
Tie Yesaia Kɔkɔbɔ No
Sɛ yɛhwɛ Yesaia ti a edi kan no a, ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no ‘agyaw [Yehowa]’ na na “wɔasan wɔn akyi.” (Yesaia 1 Nkyekyem 4) Ɛwom sɛ na wɔafom kwan de, nanso wɔkɔɔ so bɔɔ afɔre ahorow, dii ɔsom mu afahyɛ ahorow na wɔbɔɔ mpae. Nanso mfaso amma so! Esiane sɛ na wɔnte nka wɔ wɔn mu sɛ wɔbɛsɔ wɔn Bɔfo no ani nti, Yehowa kae sɛ: “Meyi m’ani m’ahintaw mo: nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie.” Na saa Israelfo no atew atua atia no denam afide a wɔyɛ so ma mpo akodu baabi a ‘mogya ayɛ wɔn nsa mama.’—Yesaia 1 Nkyekyem 11-15.
Wɔ tebea horow bɛn mu na Yehowa bɛsan agye wɔn atom bio? Hyɛ ahwehwɛde a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 1:16 no nsow. Ɔka sɛ: “Munguare, munnwira mo ho.” Enti sɛ yebu saa afotu no aniberesɛm a, yebegyae afide a ahonhonsɛmdi a ɛyɛ “ɔhonam nnwuma” no mu biako ka ho no yɛ. Esiane sɛ yenim sɛ adwemmɔne a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi akyi no yɛ Satan Ɔbonsam de nti, yebekyi.
Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛtow nneɛma a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no nyinaa gu. Izaak yɛɛ saa. Ɔka sɛ: “Da koro meboaboaa nneɛma a mede di dwuma wɔ ahonhonsɛmdi mu no nyinaa ano wɔ me fi anim, mefaa abonnua na mitwitwaa mu asinasin. Nea me ne no bɔ fipam no teɛteɛm sɛ menu me ho wɔ nea mayɛ no ho. Bere a na ɔreteɛteɛm mu no, mihwiee petro guu so na mehyew ne nyinaa. Biribiara anka.”
Ɛno sii wɔ mfe 28 a atwam no mu. So Izaak nuu ne ho? Dabi. Ɛnnɛ, ɔde anigye resom Yehowa sɛ Kristoni ɔsomfo a ɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu biako mu.
Yesaia 1:17 de afotu foforo yi ma sɛ: “Munsua papayɛ.” Ɛno hwehwɛ sɛ wusua Yehowa Asɛm a ɛne Bible no sɛnea wubehu nea “Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ n’ani.” (Romafo 12:2) Na saa nimdeɛ foforo a woanya a wode bedi dwuma no bɛma woanya nhyira pa. Ɛno ne nea Asamaja hui.
Wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den a Asamaja hyiae wɔ abusuafo ne afipamfo nsam nyinaa akyi no, ɔde akokoduru ne Yehowa Adansefo suaa Bible no na wɔ bere tiaa bi akyi no, ɔtwee ne ho fii ahonhonsɛmdi ho. Afei ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn na wɔbɔɔ no asu wɔ nhyiam bi ase. Mprempren wɔ bɛyɛ mfe 12 akyi no, ɔde anisɔ ka sɛ: “Efi bere a wɔbɔɔ me asu no, ahonhom no nhaw me bio.” Na ɔde serew ka sɛ: “Medaa hatee na biribiara anhaw me wɔ anadwo a edi me asubɔ akyi ma enti mekaa akyi kɔɔ anɔpa a edi hɔ no nhyiam dwumadi no ase.”
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Asamaja Amelia ka sɛɛ “Ahonhom no . . . maa m’asetra yɛɛ awerɛhow . . . . Na tie nsɛm ara a wɔkekae!”