Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 8/8 kr. 9-11
  • Kasa—Ade a Wɔnam so Di Nkitaho na Ɛyɛ Akwanside Nso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa—Ade a Wɔnam so Di Nkitaho na Ɛyɛ Akwanside Nso
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pigyin, Creole, ne Kasa Bi a Nnipa Pii Tumi Ka
  • Abakɔsɛm ne Asetra Mu Nsɛm
  • Kasa Ahorow no Daakye
  • “Babel Abantenten” Ɛno na Ɛkɔfaa Kasa Nyinaa Bae Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nnipa a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Momma Kasa Kronn No Nka Mo Mmom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 8/8 kr. 9-11

Kasa—Ade a Wɔnam so Di Nkitaho na Ɛyɛ Akwanside Nso

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MEXICO HƆ

“Biribiara nni hɔ a ebetumi ama yɛahu nkurɔfo asetra, wɔn gyidi ne wɔn nkate yiye sen wɔn kasa mu nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ.”—MARTÍN ALONSO.

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nhomanimfo akyerɛ kasa—sɛnea kasa fii ase, sɛnea egu ahorow, ne tumi a ɛwom—ho anigye kɛse. Nokwarem no, esiane kasa a ɛwɔ hɔ nti, ɛho anigye no akɔ so atra hɔ—te sɛ nea abakɔsɛm kyerɛwtohɔ pii wɔ hɔ no ara. Akyinnye biara nni ho sɛ, kasa ne ɔkwan titiriw a nnipa nam so di nkitaho.

Seesei, kasa ho animdefo bi bu akontaa sɛ kasa bɛyɛ 6,000 anaa nea ɛboro saa na wɔka wɔ wiase nyinaa, a kasa a mmusuakuw bi nkutoo na wɔka no nka ho. Kasa a seesei wɔka sen biara wɔ wiase ne China kasa Mandarin a nnipa bɛboro ɔpepem 800 na wɔka no. Kasa anan a edi hɔ a wɔka no kɛse nso ne Engiresi, Spania, Hindi, ne Bengali.

Dɛn na ɛba bere a nnipa ahorow a ɛsono wɔn amammerɛ ne wɔn kasa kɔtra faako mpofirim no? Anaasɛ, ɔkwan bɛn so na ntetewmu a ɛba kuw ahorow mu no ka wɔn kasa? Ma yɛnhwɛ nea ɛma wotumi di nkitaho ne emu akwanside nso.

Pigyin, Creole, ne Kasa Bi a Nnipa Pii Tumi Ka

Ɔman foforo a wotu kɔtra mu, aman ntam aguadi, ne nneduaban mu a wɔde afoforo kogui no maa nkurɔfo huu hia a ehia sɛ wonya ɔkwan a wɔbɛfa so adi nkitaho esiane sɛ ɛsono obiara ne ne kasa nti. Enti wofii ase de kasa a ɛyɛ mmerɛw dii dwuma. Woyii kasa mmara mu nsɛnnennen biara fii hɔ, de nsɛmfua kakraa bi dii dwuma, na wɔyɛɛ no sɛnea obiara betumi aka bi. Ɛdenam saa kwan yi so no, wonyaa nea wɔfrɛ no pigyin kasa no. Pigyin, a wɔmfa nsɛmfua a ɛyɛ den nni dwuma wom no, yɛ kasa a ekura n’ankasa mmara. Nanso sɛ tebea a ɛmaa wonyaa saa kasa no fi hɔ a, kasa no nso twam.

Sɛ pigyin bɛyɛ kasa titiriw a nnipa no nyinaa ka a, wɔde nsɛmfua foforo ka ho, na wɔhyehyɛ emu mmara foforo. Enti ɛbɛdan nea wɔfrɛ no creole (kasa a egyina kasa abien anaa nea ɛboro saa so). Creole kasa a ɛyɛ soronko wɔ pigyin ho no, gyina nnipa a wɔka no amammerɛ so. Ɛnnɛ, nnipa pii ka pigyin ne creole—a egyina Engiresi, Franse, Portuguese, Swahili, ne kasa afoforo so—wɔ wiase nyinaa. Ebi abɛdan kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman mu mpo, te sɛ Tok Pisin a wɔka wɔ Papua New Guinea ne Bislama a wɔka wɔ Vanuatu no.

Kasa foforo a ɛma nkitahodi nya nkɔso ne kasa biako bi a nnipa pii tumi ka no. Ɛyɛ kasa titiriw a ɔman no mu nnipa a ɛsono wɔn mu biara kasa no de di dwuma. Wɔ Central African Republic sɛ nhwɛso no, mmusua ahorow no tumi de Sango di nkitaho. Wɔ aman ananmusifo fam no, Engiresi ne Franse kasa yɛ kasa atitiriw a wɔde di dwuma. Pigyin yɛ kasa titiriw a wɔde di dwuma no bi, na creole nso betumi ayɛ mu biako.

Amantam a ɛwɔ ɔman bi mu no betumi agyina ɔman no kasa titiriw so ahyehyɛ kasa ahorow pii, na wɔfrɛ eyi ɔman mu kasa nketewa. Ɛsono ɔmantam biara ne kasa titiriw a wɔka wɔ hɔ. Bere kɔ so no, kasa nketenkete binom bɛda nsow wɔ ɔman no de ho araa ma ɛbɛdan kasa foforo. Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ kasa ho animdefo bɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda ɔman bi kasa titiriw ne ɔman mu kasa nketewa no ntam. Afei nso, esiane sɛ kasa sakra daa nti, ɛtɔ da a ɔman mu kasa nketewa tumi twam bere a wɔmfa nni dwuma bio no, na wɔnkae bio.

Kasa yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ. (Exodus 4:11) Anwonwakwan a kasa fa so sakra no kyerɛ sɛnea saa akyɛde yi yɛ fakaa fa. Yebetumi asua afi kasa mu nso sɛ nnipakuw pɔtee bi nni hɔ a wɔkorɔn sen afoforo, efisɛ kasa biara nsen bi. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn akyɛde afoforo ho no, kasa yɛ hokwan a nnipa nyinaa wɔ, ɛmfa ho wɔn amammerɛ anaa baabi a wɔte no. Efi mfiase pɛɛ no, kasa a obiara ka no yɛ nea edi mu a wotumi fa so yɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biara. Ɛfata sɛ yɛkyerɛ obu ma emu biara, ɛmfa ho nnipa dodow a wɔka no.

Abakɔsɛm ne Asetra Mu Nsɛm

Kasa na ama adesamma tumi di nkitaho wɔ asetram. Enti, sɛ ɔman bi ne ɔman foforo di nkitaho—mpɛn pii—a, wɔn kasa di adanse sɛ adeyɛ a ɛte saa akɔ so mfe pii.

Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Spania a wosusuw sɛ ɛyɛ Latin a wɔama ayɛ mmerɛw, no kura Arabia nsɛmfua pii nti, kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ di a Nkramofo dii Spaniafo nsase pii so nkonim wɔ afeha a ɛto so awotwe mu no na ama aba saa. Yebetumi ahu nea enti a Hela, Franse, Engiresi, ne kasa afoforo anya Spania so nkɛntɛnso no nso. Afei nso, wɔkyerɛ sɛ wɔn a tete no na wɔte Amerika asasepɔn no so no anya Spania kasa a wɔka wɔ hɔ no so tumi. Sɛ nhwɛso no, Nahuatl kasa a Aztecfo a na wɔwɔ Central America ka no mu nsɛmfua pii wɔ Spania kasa a wɔka wɔ hɔ no mu.

Sɛnea kasa a obi ka ma wotumi hu ɔman ne ɔmantam a ofi mu no, saa ara na kasa a wɔde di dwuma tumi ma wohu kuw a obi dɔm, te sɛ adwuma pɔtee bi a ɔyɛ, amammerɛ ne agumadi kuw a ɔdɔm, anaa nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde a ɔdɔm mpo. Akuw no nni ano. Kasa ho animdefo frɛ saa nsonsonoe titiriw yi nnipakuw kasa anaa ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no ɔman mu kasa nketewa.

Nanso, sɛ nitan bɛda aman ne mmusua ntam a, kasa mfa biakoyɛ mma bio. Ebetumi abɛyɛ akwanside a ɛma nkurɔfo mu paapae koraa.

Kasa Ahorow no Daakye

Nkitahodi ho asɛm yɛ ka na. Ɔkwan bi so no, nnipa pii de ayɛ wɔn su nnɛ sɛ wɔbɛma kasa mu akwanside ahorow no afi hɔ, denam nsɛm ho amanneɛbɔ so titiriw. Sɛnea Encyclopædia Britannica kyerɛ no, seesei nnipa 7 biara mu 1 na Engiresi yɛ wɔn kasa titiriw anaa nea wotumi ka ka wɔn kasa ankasa ho. Enti, ɛno ne kasa titiriw a wɔde di dwuma kɛse wɔ wiase. Ka a nkurɔfo ka no ma wotumi di nkitaho kɛse, na ɛma wɔte nsɛm a mfaso wɔ so.

Ɔkwan foforo so no, kasa mu akwanside no de mpaapaemu, nitan, ne akodi aba. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Sɛ nnipa nyinaa ka kasa koro a, anka . . . nkitahodi pa bɛkɔ so kɛse wɔ amanaman no ntam.” Nokwarem no, nkitahodi pa a ɛte saa no bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae kɛse sen kasa titiriw bi a wɔde bedi dwuma kɛkɛ. Onyansafo a Ɔmaa kasa bae no nkutoo na obetumi ama nnipa nyinaa aka kasa koro.

Bible, Onyankopɔn kwan titiriw a ɔnam so ne nnipa di nkitaho, no da no adi pefee sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi nnɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ, na ɔde nniso a efi soro di tumi—N’ahenni—asi ananmu. (Daniel 2:44) Saa nniso no bɛka adesamma nyinaa abom wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo bi a asomdwoe ne trenee te mu no mu wɔ asase so ha.—Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:10-13.

Seesei mpo, honhom fam kasa kronn—Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokware no—reka nnipa ɔpepem pii a wofi kasa, aman, ne ɔsom ahorow mu abom. (Sefania 3:9) Enti, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, ɔbɛsan ama nnipa nyinaa ayɛ biako, na wɔaka kasa koro, na wasakra nea ɔyɛe wɔ Babel no.

[Adaka wɔ kratafa 10]

Nea Ɛyɛe a Kasa Bebree Bae

Nyansa nyinaa wura, Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn, ayɛ kasa wɔ soro a abɔfo ka. (Hiob 1:6-12; 1 Korintofo 13:1) Bere a ɔbɔɔ nnipa no, ɔde nsɛmfua mmoano bi maa wɔn, na ɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛtrɛw mu. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete no na nnipa kasa nni mu. Nea ɛne no bɔ abira no, susuw nea Encyclopædia Britannica ka fa Sumeriafo kasa, kasa a wodii kan kyerɛw no ho: “Sumerian adeyɛ asɛm ne . . . ne nsianim, nea ɛhyehyɛ mu, ne ne nsiakyiri no ma ɛyɛ kasa a ɛyɛ den.”

Bɛyɛ afeha a ɛto so 20 A.Y.B. mu no, nea ɛne Onyankopɔn ahyɛde a ɛse nnipa ntrɛw na ‘wɔnhyɛ asase so ma’ bɔ abira no, nnipa bɔɔ mmɔden sɛ wobedi mmusua nyinaa so wɔ Sinear asase so wɔ Mesopotamia, na wofii ase sii Babel Abantenten a na wɔbɛsom wɔ hɔ. Onyankopɔn de kasa bebree bae de sɛee wɔn tirimbɔ a ɛmfata a na ebetumi de asiane aba no.—Genesis 1:28; 11:1-9.

Bible kyerɛwtohɔ no nka sɛ kasa nyinaa fi mfiase kasa no mu na ɛbae. Wɔ Sinear no, Onyankopɔn maa nsɛm mmoano foforo pii ne akwan pii a wɔfa so susuw nsɛm ho, bae na ekowiee kasa pii a wɔka mu. Enti, mmɔden a wɔabɔ sɛ wobehu kasa ko a kasa nyinaa fi mu no adi nkogu.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔ Babel no, Onyankopɔn sakraa nnipa atuatewfo no kasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena