Yɛn Amansan a Ɛyɛ Nwonwa No—So Ɛno Ankasa na Ɛbae?
NNIPA bi ka sɛ: ‘Yiw, yɛn amansan no ara na ɛbae.’ Afoforo nso, titiriw wɔn a nyamesom adi wɔn ti no, nnye ntom. Afoforo nso adwene nsi wɔn pi. Dɛn na wugye di?
Sɛnea wususuw biara no, akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ yɛn amansan no yɛ nwonwa. Susuw nsorommakuw no ho hwɛ. Wobu akontaa sɛ bɛyɛ ɔpepepem 100 na ɛwɔ amansan a aniwa hu yi mu. Kuw no bi mu nsoromma nnu ɔpepepem biako na ebi nso mu de boro ɔpepepepem biako.
Wɔahyehyɛ nsorommakuw dodow no ara akuwakuw, a nsorommakuw mpempem pii na ɛwɔ kuw biara mu. Sɛ nhwɛso no, wɔka Andromeda nsorommakuw a yetumi hu no ho asɛm sɛ ne yɛbea te sɛ yɛn Milky Way nsorommakuw no. Tumi bi twe saa nsorommakuw akɛse abien yi bom. Eyinom ne nsorommakuw nketewa foforo a ɛbɛn ka bom yɛ nsorommakuw foforo.
Nsorommakuw pii a wonnim ne dodow na ɛka bom yɛ amansan yi. Tumi a ɛtwe ade ba fam twe nsoromma akuwakuw no bi bom ma ɛdan nsoromma akuwakuw akɛse. Nanso sɛ ɛba saa a, tumi a ɛtwe ade bɛn no nkɔ so nni dwuma bio. Nyansahufo hu sɛ nsoromma akuwakuw akɛse no mu biara tew ne ho fi ɔfoforo ho. Wɔ saa kwan no so no, amansan no mu retrɛw. Saa anwonwade a wɔahu yi kyerɛ sɛ mfiase no na amansan no sua koraa, a emu nneɛma no bobɔ ho ankasa. Wɔtaa ka amansan no ho asɛm sɛ efii ase bere tenten bi a atwam na emu trɛw nkakrankakra.
Nyansahufo bi gye akyinnye denneennen sɛ nnipa ntumi nhu sɛnea ɛyɛe a amansan no bae da. Ebinom nso susuw sɛ amansan no faa kwan foforo so na ɛbae a ɛnyɛ sɛ onyansafo bi na ɔbɔe. Scientific American nsɛmma nhoma a ɛbaa January 1999 no, kaa asɛmti a ɛne “Ɔkwan Bɛn So na Amansan no Fii Ase?” ho asɛm. Ada adi dedaw sɛ nsɛm a nyansahufo binom aka no bi nyɛ nokware. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, ebetumi ayɛ den ankasa sɛ . . . nsoromma ho animdefo betumi agye adwenkyerɛ yi bi atom.”
Adwene a ɛne sɛ amansan no ara na ɛbae no hwehwɛ sɛ wɔkyerɛ gyidi wɔ nea nyansahufo frɛ no “asiane a mfaso wɔ so” anaasɛ ka a wɔka sɛ “asɛm ne asɛm na ahyia” no mu. Sɛ nhwɛso no, atɔm a enni mu pii—hydrogen ne helium—na ɛwɔ amansan no mu. Nanso, ɛnyɛ hydrogen nko na nkwa hia, na mmom atɔm a edi mu kɛse nso, titiriw carbon ne oxygen. Nea ɛyɛe a atɔm a ɛsom bo saa no bae no yɛ nyansahufo nwonwa.
So atɔm a edi mu paa a ɛho hia na nkwa atra hɔ no fii ase prɛko pɛ wɔ nsoromma akɛse bi mu? Na so ɛbae ara kwa sɛ saa nsoromma akɛse yi bi paee kɛkɛ na atɔm a ɛho yɛ na no fi mu bae? Sir Fred Hoyle, a ɔka ho bi na wɔbɔre huu saa nneɛma yi, kae sɛ: “Minnye nni sɛ nyansahufo biara a ɔhwehwɛɛ adanse no mu no bɛpo sɛ nuklea abɔde a aniwa hu ho mmara no yɛ nea wɔahyɛ da ahyehyɛ.”
Ɛnde, momma yɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ yɛn amansan no mu nhwehwɛmu yiye.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Ɛkame ayɛ sɛ ade biara a ɛwɔ Hubble Space Teleskop mfonini yi mu no yɛ nsorommakuw
[Asɛm Fibea]
Pages 3 and 4 (blurred): Robert Williams and the Hubble Deep Field Team (STScI) and NASA
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]
‘Wɔhyɛɛ da na wɔhyehyɛɛ nuklea mu tumi ho mmara.’—Sir Fred Hoyle, sɛnea supernova 1978A daa no adi
[Nsɛm Fibea]
Dr. Christopher Burrows, ESA/STScI and NASA
Photo courtesy of N. C. Wickramasinghe