Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 2/15 kr. 3
  • Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ade Ketewa a Ɛso
    Nyan!—1991
  • Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
    Bɛn Yehowa
  • Nea Amansan Yi Ma Yehu
    Nyan!—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 2/15 kr. 3

Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho

NSOROMMA HO ANIMDEFO ahu sɛ asase a nnipa te so yi yɛ ade ketekete koraa wɔ amansan kokuroo yi mu. Wonhuu baabi foforo biara wɔ yɛn amansan yi mu a nkwa betumi atra. Asase nkutoo na wɔahu sɛ ɛyɛ beae pa.

Bio nso yebetumi anya anigye wɔ asase fɛfɛ yi so. Sɛ awɔw de yɛn na sɛ owia pue a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye fa! Yɛn mu hena na sɛ owia pue anaa sɛ ɛkɔtɔ a, ɛnyɛ no fɛ? Nokwarem no, ɛnyɛ nea owia no yɛ ma yɛn ara ne sɛ ɛbɛma yɛn ho ayɛ yɛn hyew anaa yɛn ani agye. Ɛho hia na ama yɛatumi atra nkwa mu nso.

Tumi a ɛwɔ owia no mu a ɛtwe ade bɛn no no na mfe ɔpepem pii ni ama asase ne okyinnsoromma afoforo no wowɔ nea ɛwɔ no. Sukuufo sua wɔ sukuu mu sɛ okyinnsoromma kuw no nyinaa di kyinhyia wɔ nsoromma kuw a yɛn asase yi ka ho no mfinimfini. Nanso owia no yɛ nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 a ɛbom di kyinhyia no mu biako pɛ.

Nsoromma kuw bɛyɛ 35 na ɛka bom yɛ yɛn nsoromma kuw a yɛn asase yi ka ho no. Nsoromma akuw no bi yɛ akɛse, na nsoromma akuw mpempem pii na ɛwɔ mu. Sɛ yɛn amansan yi kɔhyɛɛ nsoromma akuw akɛse paa no mu a, anka nneɛma renkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn okyinnsoromma kuw yi mu. Nanso sɛnea ɛte no, amansan yi mu mmeae kakraa bi na “ɛfata a abɔde a nkwa wom betumi atra” sɛnea Guillermo Gonzalez ne Jay W. Richards kae wɔ wɔn nhoma The Privileged Planet mu no.

So nkwa a ɛwɔ asase so no bae ara kwa, kyerɛ sɛ, yɛn amansan yi pae fii biribi mu prɛko pɛ na ɛbae? Anaasɛ biribi titiriw nti na wɔbɔɔ nkwa too Asase fɛfɛ yi so?

Nnipa pii abehu sɛ wɔhyɛɛ da bɔɔ yɛn asase yi sɛ nkwa ntra so.a Mfe pii a atwam no, Hebrini anwensɛm kyerɛwfo bi twee adwene sii ɔsoro ne asase so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena?” (Dwom 8:3, 4) Ná anwensɛm kyerɛwfo yi gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. So ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ wɔ yɛn bere yi a nyansahu mu nimdeɛ anya nkɔanim no mu?

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Nnwom nhoma no, titiriw Dwom 8.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

The Illustrated Science Encyclopedia—Amazing Planet Earth ka sɛ, “Sɛ wowɔ akyirikyiri a, asase no te sɛ aboɔden abo bi a ɛhyerɛn wɔ sum mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Asase mfonini: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./NASA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena