Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 12/8 kr. 16-17
  • Ade Ketewa a Ɛso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade Ketewa a Ɛso
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
    Bɛn Yehowa
  • Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ɔsoro A Yɛbɛhwɛ A Akɔ Akyiri
    Nyan!—1984
  • Nea Amansan Yi Ma Yehu
    Nyan!—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 12/8 kr. 16-17

Ade Ketewa a Ɛso

OWIA no sõ wɔ yɛn okyinsoromma ahorow nhyehyɛe yi mu. Ɛyɛ kɛse araa ma asase ahorow 1,300,000 betumi akɔ so. Nanso, sɛ wode owia no toto nsoromma akɛse binom a ɛwɔ yɛn nsorommakuw no mu no ho a, mpofirim wubehu sɛ esua koraa.

Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔde nsoromma akɛse no mu bi to beae a yɛn owia no da no a, anka hwɛ nea ɛbɛba. Emu bi sosoe araa ma anka ɛbɛkata beae a asase da no nyinaa. Anka yɛbɛkɔ nsoromma no mu! Anka nsoromma Betelgeuse bedu beae a Jupita wɔ no. Na sɛ anka nsoromma Mu Sefei da beae a owia da yi a, anka ɛbɛkata Saturn so​—ɛwom sɛ Saturn wɔ akyiri araa ma ahunmu hyɛn Voyager 2 a ne mmirika sen otuo aboba mmirika mpɛn 20 no de mfe anan na efii Asase so duu so de.

Wɔato yɛn Milky Way nsorommakuw yi din sɛ nsorommakuw kɛse a akyimkyim. Na ɛte saa. Nsoromma bɛboro 100,000,000,000 a ayɛ sɛ hann nkyimii kɛse a ekyinkyim ne ho wɔ ahun mu no kɛse boro ɔdesani adwene so. Sɛ yebetumi agyina yɛn nsorommakuw no tweaa baabi de kanea bi akyerɛ n’agya a, anka ɛbɛboro mfe 100,000 ansa na ne hann no atwa nsorommakuw no, ɛwom mpo sɛ anka hann no de mmirika a ano yɛ den yiye na ɛde bɛkɔ ne botae no ho: kilomita 300,000 anibu biara de. Ɔkwan foforo so no, Milky Way no trɛw yɛ 100,000 hann mfe.

Nanso, Andromeda nsorommakuw a ɛbɛn yɛn no boro yɛn de no so mpɛn abien na ebia nsoromma a ɛwɔ mu no bɛyɛ 600,000.000,000. Nea ɛsen saa no. wɔn a wosua nsoromma ho ade ahu nsorommakuw kɛse bi a wɔato din Markarian 348. Ne trɛw bɛyɛ sɛ yɛn Milky Way nsorommakuw yi mmɔho 13, bɛyɛ 1,300,000 hann mfe!

Ebia Markarian 348 kɛse no mpo bɛyɛ ketewa asen nsorommakuw foforo a wɔahu nnansa yi wɔ nsoromma akuw kasiaw a wɔato din Abell 2029 mfinimfini no. Nyansahufo gye di sɛ eyi ne nsorommakuw a ɛso sen biara a wɔahu pɛn. Ɛboro yɛn ankasa nsorommakuw no so mpɛn 60. Ne trɛw bɛyɛ sɛ 6,000,000 hann mfe na wɔ nsoromma 100,000,000,000,000 a ɛboro adwene so. The New York Times mu amanneɛbɔ bi ka sɛ eyi nso yɛ nsoromma akuw a ɛhyerɛn sen biara a wɔahu pɛn no mu biako. Ɛnyɛ ade a wɔde petee hɔ ara kwa. Wɔn a wohui no mu biako kae sɛ: “Eyi yɛ hann ne ahoɔden a wɔahyehyɛ. Ɛyɛ nsorommakuw a ɛso yiye a wɔahyehyɛ.”

Yɛn adwene ntumi nte nsoromma akuw pii yi akɛse ne sɛnea wɔn ntam kwan woware no ase mpo. Na, adebɔ nhyehyɛe tumi a ɛhyɛ akyi no ɛ? “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn’ adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” (Yesaia 40:26) Sɛ abɔde no yɛ nwonwa pii a, hwɛ sɛnea Ɔbɔadeɛ no ho yɛ nwonwa sen saa!

[Kratafa 17 mfoni fibea]

U.S. Naval Observatory photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena