Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 28-31
  • Ɔsoro A Yɛbɛhwɛ A Akɔ Akyiri

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro A Yɛbɛhwɛ A Akɔ Akyiri
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Nsoromma
  • Ne Afei Pulsars no Nso
  • Yɛn Afipamfo a Wɔbɛn
  • Akontaahyɛde a Wonnim Ano
  • Abɔde A Nkwa Wom A Wɔhwewɛ Wɔ Ahunmu
    Nyan!—1981
  • Ade Ketewa a Ɛso
    Nyan!—1991
  • Nsoromma Ne Onipa—So Wɔwɔ Abusuabɔ Bi?
    Nyan!—1994
  • Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 28-31

Ɔsoro A Yɛbɛhwɛ A Akɔ Akyiri

Efi Australia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

BƐYƐ nna ahe ni a wohyɛɛ da hwɛɛ nsoromma ahorow no yiye anadwo? Sɛ wotaa yɛ saa a, wubehu sɛ enhia wo afiri a ɛma ade a ɛwɔ akyiri yɛ nea ɛbɛn (binoculars) no, anaasɛ afiri a ɛma wuhu ade a ɛwɔ akyirikyiri yiye (telescope) no na ama ne trɛw, hwanyann a ɛyɛ ne ne fɛ ama wo ho adwiriw wo. Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no. Ɔhene Dawid a ofi Israel daa nea ɛtɔ bere bi a yɛn mu pii te nka no adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.”​—Dwom 8:3, 4.

Na Dawid reka nsoromma a n’aniwa ankasa hu ho asɛm. Nanso efi Galileo bere so no, afiri a ɛma wohu ade a ɛwɔ akyirikyiri yiye aboa ma onipa de n’aniwa ahu sɛnea ɔsoro trɛw no yiye sen sɛnea na osusuw no. Ohui sɛ nsoromma nketenkete pii a otumi hu no yɛ nsoromma a ɛsoso ankasa, na ebinom soso sen yɛn owia no. Ɛyɛ ɔkwan tenten a ɛda yɛne wɔn ntam no na ɛma ɛyɛ nketenkete no. Ohui nso sɛ, nsoromma akuwakuw a etwa ne ho ɔpepepem pii a wɔfrɛ wɔn borɔfo mu (galaxies) wɔ wim nyinaa.

Saa nsoromma akuwakuw a yɛn owia no ka ho no kura nsoromma afoforo ɔpepepem pii. Nsoromma akuwakuw yi binom soso ara yiye ma egye ahoɔhare a hann de nantew a ɛyɛ akwansin 186,000 wɔ anibu biako mu no, bɛyɛ mfe ɔpepem fã na ɛde anantew afi nsoromma kuw biako ano akɔ foforo ano. Nanso, ɛmfa ho sɛ nsoromma akuwakuw afoforo no mu pii kura nsoromma pii a ɛhyerɛn te sɛ yɛn owia yi anaasɛ ɛhyerɛn sen saa no, ɛyɛ nea wɔwɔ akyirikyiri yiye ma yɛn aniwa ankasa ntumi nhu.

Ɛnyɛ Nsoromma

Wɔ mfe dudu kakraa a atwam mu no, wɔanya afiri foforo bi a ɛboa afiri a ɛma wohu ade a ɛwɔ akyirikyiri yiye no, ɛyɛ afiri a sɛ wɔkasa fi ahunmu a ɛma wɔte wɔ asase so. Esiane eyi a wɔwɔ nti, ɔsoro abɔde ho adenimfo ama ntease a yɛwɔ wɔ “ɔsram no ne nsoromma” ho no ayɛ kɛse. Wɔ mmere bi mu no, wɔahu nneɛma afoforo bi wɔ ahunmu a na wonnim sɛ ɛwɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1963 mu no, ɛdenam afiri a ɛma wɔte nsɛm a efi ahunmu mmoa so no, ɔsoro abɔde ho adenimfo a na wɔde afiri a ɛma wohu ade a ɛwɔ akyirikyiri yiye a ɛwɔ Bepɔw Palomar so wɔ California, U.S.A. reyɛ adwuma no huu ade foforo bi a wɔnhwɛ kwan sɛ wobehu wɔ soro mpofirim.

Wɔ saa bere no mu wɔ 1960 mfe no mfiase mu na na radio a wɔnam so te nne nnyigyei fi ahunmu no renya nkɔso. Ɛwom sɛ na nne nnyigyei ahorow a wɔnam radio so te fi mmeae horow wɔ wim ba de, nanso na nyansahufo hyia ɔhaw ahorow wɔ hu a wobehu faako a nnyigyei horow no fi ba ankasa no ho. Wɔ 1963 mu no, tebea no sakrae ma ɛyɛɛ nwonwa bere a wɔka too hɔ sɛ wɔn nsa renka nnyigyei mfi beae bi a wɔnam radio so te nsɛm fi wɔ ahunmu bere tiaa bi mu bere a ɔsram no twam wɔ n’anim no. Esiane sɛ na wonim faako a ɔsram no wɔ nti, na ɛsɛ sɛ wogyina nea abɛbom yi so hu faako ankasa a nnyigyei no fi bae no. Wɔnam Parkes afiri a wɔde te nnyigyei fi ahunmu a ɛwɔ Australia no so tumi yɛɛ nhwehwɛmu na wohui sɛ nnyigyei a wɔnam radio so tee no fi nsoromma bi a ɛyɛ bruu a ani yɛ wusiwusi so.

Afei wɔnam afiri a ɛma wohu ade a ɛwɔ akyirikyiri yiye a ɛwɔ Bepɔw Palomar so a ɛsõ na ne kɛse yɛ nsateakwaa 200 a wɔde dii dwuma so hwɛɛ nsoromma no yiye. Nea ɛyɛ obiara nwonwa no, wohui sɛ ade no nyɛ nsoromma mpo! Enti, wɔbɛfrɛɛ no borɔfo mu sɛ quasar a ɛyɛ din tiaa a wɔde gyinaa hɔ maa “nneɛma a ɛwɔ soro a ɛte sɛ nsoromma nanso ɛsosɔ nkanea bruu na ɛde nnyigyei a wɔnam radio so te ma no.” Wobuu akontaa sɛ ɛwɔ akyirikyiri yiye na egye mfe ɔpepepem abien ansa na ne nkanea adu yɛn nkyɛn. Wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ketewaa bi, sɛ wɔde toto nsoromma afoforo ho a, nanso ɛsɔ nkanea a ano yɛ den.

Mprempren wɔahu quasars pii. Wobu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no wɔde afiri a ɛma wohu ade wɔ akyirikyiri no hu ɔpepem du. Ɔsoro abɔde ho adenimfo kakraa bi na wonnye nni sɛ ɛne asase no ntam kwan ware yiye a ɛyɛ bɛyɛ efi hann-mfe ɔpepepem 2 kosi 15.a Ɔbenfo Edward B. Harrison, a ɔyɛ ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo ne nyansahufo ka wɔn ho asɛm wɔ saa kwan yi so: “Fa no sɛ wɔde ɔdan kɛse bi agyina hɔ ama sɛnea Nsoromma Kuw no kɛse te; wɔ saa kwan yi so no quasar kanea a ano yɛ den no te sɛ mfutuma kakraa bi ara kwa. Nanso ‘mfutuma kakraa bi’ yi mu mfutumawa no mu biako biara da tumi a ano yɛ den adi mpɛn ɔha sen nsoromma ɔpepepem a ɛwɔ yɛn nsoromma kuw no mu a wɔaka ne nyinaa abom.

Dɛn ne saa quasars yi? Obiara nnim, nanso wɔwɔ ho nkyerɛkyerɛmu ahorow. Biako a ɛkanyan anigye ni. Kanea a efi quasars a ɛwɔ akyirikyiri sen biara mu no de mfe ɔpepepem 15 na edu yɛn kyɛn. Ɛno kyerɛ sɛ yehu wɔn sɛnea wɔte mfe ɔpepepem 15 a atwam ni no. Quasar a wonim biara nni baabi a faako a ɛwɔ no tenten boro hann-mfe ɔpepepem 15; enti, egyina hɔ ma biribi a efii ase sii mfe ɔpepepem 15 a atwam ni.

Sɛnea nnansa yi nkyerɛkyerɛmu a agye din no kyerɛ no, wɔde biribi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ “big bang”na efii amansan no yɛ ase bɛyɛ mfe ɔpepepem 18 kosi 20 a atwam ni. Enti, quasars yinom bae bere a na amansan no adi efi mfe ɔpepepem 3 kosi 5 “pɛ” no. Sɛnea nkyerɛkyerɛmu no kyerɛ no, ɛno bɛyɛ bere a nsoromma akuwakuw fii ase sɛ ɛreba. Enti, ebia na quasars yɛ nsoromma akuwakuw bere a wɔrebɔ wɔn no.

Ne Afei Pulsars no Nso

Wɔ 1967 mu no, ɔsoro abɔde ho adenimfo ho dwiriw wɔn bio bere a wohuu biribi a ɛyɛ hu, na wosusuwii sɛ ɛyɛ abɔde bi a ɔwɔ nyansa a ɔnte asase yi so a ɔrebɔ mmɔden ne asase no adi nkitaho no.

Na Mullard Radio Astronomy Observatory a ɛwɔ Cambridge, England no mufo reyɛ wɔn nhwehwɛmu a wɔyɛ daa no bere a wohuu sɛnkyerɛnnede foforo bi no. Na ɛyɛ radio nnyigyei a egyigye na egyae bere nyinaa. Sɛnea wubetumi ahu no, asase so nnyigyei te sɛ afiri a ɛretwam nnyigyei taa ba nnyigyei a wɔnam radio so te fi ahunmu no mu. Enti, mfiase no wobuu wɔn ani guu saa nnyigyei soronko yi so. Nanso nhwehwɛmu a wɔtoaa so yɛe no kyerɛe sɛ ɛnyɛ afiri nnyigyei na mmom efi ahunmu!

Efi he wɔ ahunmu? Saa bere yi de ɛte sɛ nea efi nsoromma a ɛwɔ yɛn nsoromma kuw no mu no hɔ. Wɔfrɛɛ wɔn pulsars esiane wɔn kanea soronko ne radio nnyigyei no nti. Nanso pulsars nte sɛ nsoromma ankasa. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama wɔn nnyigyei soronko no ada adi no, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn ho te sɛ kanea a wɔde kyerɛ hyɛn kwan wɔ po so no. Esiane sɛ anibu biako anaasɛ nea ɛte saa biara wɔda wɔn nnyigyei no adi nti​—biako wɔ hɔ a ɛda ne nnyigyei adi mpɛn 30 anibu biara mu​—ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛ nketenkete na wotwa wɔn ho te sɛ akowa. Mprempren ɔsoro abɔde ho adenimfo gye di sɛ ebia pulsars no trɛw bɛyɛ akwansin 15, nanso ketewaa bi mu duru boro nkaribo ɔpepepem pii. Wosusuw sɛ ɛyɛ hyew nso na ɛwɔ twebo a ano yɛ den. Ɛyɛ biribi soronko ampa!

Yɛn Afipamfo a Wɔbɛn

Wɔ mfe dudu a atwam no mu no, nsakrae a ɛyɛ nwonwa aba wɔ ntease a yɛwɔ wɔ yɛn afipamfo a wɔbɛn ho no binom mu nso. Sɛnea wunim no, anyɛ yiye koraa no yɛn asase no nkutoo ne okyinsoromma akron no mu biako a etwa owia no ho hyia. Ahunmu ahyɛn akɔ ahunmu, atwa okyinsoromma ahorow ho de mfonini ahorow amana. Yɛn afipamfo yi ho yɛ nwonwa nanso ɛnyɛ nea yebetumi atra wɔn so.

Venus yɛ asase bi a ɛyɛ hyew a omununkum a nneɛma wom atwa ho ahyia bere nyinaa. Mars yɛ asase a ɛso yɛ nwini a biribiara a nkwa wom nni so na wurenhu Marsfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ anansesɛm mu no wɔ so. Ɛte sɛnea ade a wɔfrɛ no gas wɔ borɔfo mu no na wɔde ayɛ Jupiter. Ɛhyerɛn (nanso ne hyerɛn no ano nyɛ den a yebetumi afrɛ no owia) na asram ahorow 16 atwa ne ho ahyia. Saturn a ɛne nea edi so ahwere soronko a ɛyɛ sɛ ɛne okyinsoromma biako pɛ a nkawa atwa ne ho ahyia, bere a wohui sɛ ebi wɔ Jupiter ne Uranus nso ho no. Nanso Saturn nkawa no da so ara yɛ nea ɛyɛ fɛ sen biara.

Wɔ 1979 mu no, ahunmu hyɛn Voyager I hui sɛ ɛnyɛ asase so nkutoo na ogya mmepɔw wɔ. Bere a ahunmu hyɛn ketewa no twaa Io, a ɛyɛ Jupiter ho ɔsram kɛse no ho no, etwaa ogya bepɔw bi a ɛrebɛpae mfonini. Wohui bio nso sɛ asase so bepɔw a ɛware sen biara, Everest nyɛ bepɔw a ɛso ankasa, sɛ yɛreka mmepɔw a ɛsoso ho asɛm a. Sɛ nhwɛso no, Olympus Mons, a ɛte sɛ ogya bepɔw no sorokɔ bɛyɛ anammɔn 24,000.

Akontaahyɛde a Wonnim Ano

Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wubesusuw amansan yi ho a woremfa akontaahyɛde a ɛdɔɔso yiye nni dwuma. Sɛ nhwɛso no, yɛn ankasa asase yi anim trɛw yɛ akwansin 8,000. Sɛ wode toto owia a anim trɛw yɛ akwansin 865,000 no ho a, na ebetumi agye nea ɛboro nsase ɔpepem biako.

Nanso, sɛ wode toto nsoromma bi a ahunmu hyɛn Explorer yɛɛ ho nhwehwɛmu no ho a, na yɛn owia no yɛ ketewaa koraa. Saa nsoromma a ɛyɛ hyew na ɛyɛ bruu a wonim no sɛ R136a no yɛ hyew sen yɛn owia no mpɛn du, na emu duru sen no mpɛn 2,500, na ɛso sen no mpɛn ɔpepem biako na ɛhyerɛn sen no mpɛn ɔpepem ɔha! So wubetumi ate eyinom nyinaa ase?

Akyinnye biara nni ho sɛ efi bere kɔ bere mu no wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma wɔ saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wɔahu yi mu no mu. Nanso ade biako yɛ nokware na ɛne sɛ yɛte amansan bi a ɛyɛ nwonwa mu na bere a yɛkɔso hwehwɛ ahunmu nneɛma mu kɔ akyiri no, yebehu sɛ yɛbɛkɔ so ne Ɔhene Dawid ayɛ adwene. “Ɔdesani” nyɛ hwee ampa, sɛ wode no toto “ɔsram no ne nsoromma” ho a!

Nanso, bere a ɛkyerɛ sɛ yɛnsɛ hwee no, yɛn ntease a yɛwɔ wɔ ɔsoro ho a ɛreyɛ kɛse no ama anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn, nea saa anwonwade yi nyinaa fi no no ayɛ kɛse ne nwonwa. Bible no to nsa frɛ yɛn sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, ma monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”​—Yesaia 40:26.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hann-afe yɛ kwan a hann tumi twa wɔ afe biako mu a ɛyɛ bɛyɛ akwansin ɔpepepem 5,880.

[Box on page 31]

“Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Ɛda woro kyerɛ da, na anadwo ma anadwo te nka. Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔnte. Ɔsoro susuhama du asase nyinaa so, na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ.”​—Dwom 19:1-4.

[Kratafa 29 mfoni]

Saturn da so ara wɔ nkawa a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ owia kwan no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena