Ɔfã 1
Abɔde A Nkwa Wom A Wɔhwewɛ Wɔ Ahunmu
ABƆDE a nkwa wom wɔ ahunmu. Dɛn na ɛde ba w’adwenem? So ɛma wususuw nyansahu mu ayɛsɛm nhoma ahorow a wɔkyerɛw ne mfonini ahorow a ɛfa asraman a wɔtow kɔ okyinsoromma ahorow so, hwehwɛ wiase foforo anaasɛ wɔne nnipa ahorow di nkitaho wɔ amansan yi afanan nyinaa no ho?
Anaa so wofa tumi a ebetumi aba sɛ yɛn asase yi akyi no, nkwa wɔ baabi no aniberesɛm? Sɛ saa a, ɛnde ebia wunim sɛ nyansahufo binom gye di sɛ abɔde afoforo a nkwa wom a ɛwɔ wim ho adesua de anidaso a ɛne sɛ wubenya nkwa tenten, akwahosan a edi mu, asomdwoe a ɛdɔɔso ne nimdeɛ a ɛkɔ anim kɛse ma.
Nnɛ, nyansahufo pii ne wɔn a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri de ayɛ wɔn adwuma anaasɛ wɔatu wɔn ho asi hɔ rehwehwɛ abɔde a nkwa wom, wɔ ahunmu, sɛ ebia nea ɛwɔ okyinsoromma afoforo so. “Tumi a Ebetumi Ayɛ Yiye sɛ Abɔde a wonim Nyansa Wɔ Amansan Yi Mu” ho amanneɛbɔ a wɔde kɔmaa Amerika Nyansahu ne Mfiridwuma ho Agyinatufo Kuw no kae sɛ:
“Tete adwene a na ɛne sɛ nnipa nkutoo na wɔwɔ amansan yi mu no refi hɔ nkakrankakra. . . . Nnansa yi nhwehwɛmu a nnipa bi a wɔwɔ nimdeɛ ayɛ no ka sɛ anyɛ yiye koraa no, nsoromma ɔpepem biako a nnipa a wɔn ani abue wɔ so wɔ yɛn Nsoromma Akuw yi nkutoo mu. Wɔafi dwumadi no ase rehwehwɛ akwan horow a, wɔbɛfa so ahu nnipa afoforo yi.”
Dɛn nti na wɔte nka sɛ ebia nnipa afoforo a wɔn ani abue wɔ hɔ? Nyansahufo bi ka sɛ: ‘Nsoromma akuwakuw ɔpepem pii a emu biara wɔ bɛyɛ sɛ nsoromma 200,000,000,000 te sɛ yɛn owia no wɔ hɔ. Enti ɛsɛ sɛ okyinsoromma ahorow a atwa owia ahorow bebree yi ho ahyia wɔ hɔ, na nnipa a wɔn ani abue kɛse te emu bi so.’ So ntease wom ma wo? Ebinom gye di araa ma wɔrebɔ mmɔden kɛse wiase nyinaa sɛ wobehu abɔde afoforo yi na wɔne wɔn adi nkitaho.
Dɛn Na Wɔreyɛ?
Sɛ woatu kwan akɔ Arecibo wɔ Puerto Rico mmepɔw no so a, anka wubehu hwɛde kɛse bi a ɛredi dwuma. Dabi, ɛnyɛ hwɛde a ɛwɔ ahwehwɛ a wɔde hwɛ ade. Mmom no, ɛyɛ sanyaa kyɛnsee kɛse bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn 1,000 a esi asase a ne kɛse yɛ ahama 20 so. Eyi nyɛ hwɛde a wɔde aniwa hwɛ mu, na mmom ɛyɛ radio hwɛde. Woayɛ no ɔkwan bi so ma aboaboa radio nnyigyei ahorow ano afi ahunmu akyirikyiri. Nanso ebetumi agye radio nsɛm afoforo afi nnipa a wɔn ani abue a wɔwɔ baabi wɔ amansan yi mu hɔ, sɛ nnipa bi wɔ hɔ saa a.
Ɛwom sɛ Amerika hwɛde a ɛwɔ Arecibo no sõ yiye, na ɛkari ton 625 de, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne nea woayɛ. Rusia, Engiresi Aburokyiri ne aman afoforo nso de mfiri a ɛtete saa retie nsɛm fi wim. Wode rehwehwɛ nsɛm afi wim, nsɛm a nyansa wom, sɛnea wubue radio ketewa na wukyinkyim no de hwehwɛ nsɛm fi baabi a, wopɛ no. Ɛnyɛ sɛ anidaso no ne sɛ abɔde a wonim nyansa wɔ okyinsoromma afoforo so nkutoo, na mmom sɛ wɔde nsɛm ahorow brɛ yɛn a, yebetumi akyere.
Wɔsɛee Amerika dɔla 17,000,000 na wɔde yɛɛ radio hwɛde a ɛwɔ Arecibo no, na wɔbɔ ho ka bɛboro dɔla 4,000,000 afe biara de di ho dwuma. Sɛ wususuw ka a wɔbɔ wɔ saa dwumadi ahorow yi nyinaa ho wɔ nsase nyinaa so no ho a, wubetumi ahu sɛ abɔde a nkwa wom a wɔhwehwɛ wɔ ahunmu no yɛ aniberesɛm.
Pɛ a wɔpɛ sɛ wohu abɔde a nkwa wom wɔ ahunmu no nnyina tie a, wotie nkutoo so. Nyansahufo de ahoɔden reka sɛ, ‘Hello, hello. Mote yɛn nka?’ Wɔka nsɛm gu ahunmu.
Fi bere a yenyaa radio ne television no, wɔnam anyinam ahoɔden so de nsɛm akɔ ahunmu. Nanso, na asase ani mmeae horow na etumi du, ɛnyɛ ahunmu nohoa. Enti wɔate nka sɛ, sɛ abɔde a wonim nyansa wɔ okyinsoromma afoforo so mpo a, ebia wɔrente nsɛm a yɛn radio ne TV ka no na wɔnte ase. Na nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma wɔ dwumadi nhyehyɛe horow yi mu no bɛyɛ ɔkwa.
Nanso, wɔabɔ mmɔden kɛse nnansa yi de nsɛm a anoyɛ den akɔ wim. Yenim sɛ eyi nyɛ den, efisɛ wɔde radio ne ɔhwɛtie afiri ne nnipa a wɔwɔ wimhyɛn ne mfiri ahorow a wɔde hwehwɛ nneɛma mu a wɔde akɔ Venus ne Mars so mu adi nkitaho. Nkitahodi soronko bi kɔɔ so November 16, 1974 mu. Wɔde radio hwɛde a ɛwɔ Arecibo no dii dwuma sɛ hwɛde kɛse bi a wɔnam so de nsɛm kɔ akyirikyiri, na wɔnam so kasa guu Messier 13 so, nsoromma kuw bi a ɛbɛn Nsoromma Akuwakuw a wɔne asase yi ntam kwan ware yiye no so. Ná asɛm a wɔnam so ka no mu da hɔ na ano yɛ den araa ma nyansahufo tee nka sɛ nnipa biara a woanya nkɔanim yiye wɔ mfiridwuma mu no nsa betumi aka na wɔate ase.
Nanso ɛnyɛ nsɛm a wɔde kɔ ahunmu no nyinaa no ɛte saa. Wimhyɛn bi a wɔfrɛ no Pioneer 10, a wɔde kɔɔ Jupiter ne okyinsoromma a etwa owia ho hyia so no, de mfonini titiriw bi bɔɔ ho a ɛbɛma onipa biara a ɔwɔ wim no ahu. Na mfonini no yɛ ɔbarima ne ɔbea ne afei okyinsoromma a etwa owia ho hyia, ne asase yi baabi a wofi rehwehwɛ ahunmu no.
Mmɔdenbɔ foforo a ɛte saa ne nsase so nnyigyei ahorow a wɔkyere guu prɛte so de kaa wimhyɛn bi a wɔfrɛ no Voyager ho de kɔɔ okyinsoromma ahorow a etwa owia ho hyia so no. Nea na ɛwɔ prɛte no so ne nkyia a ɛwɔ kasa horow 50 mu, abonsu “nne” ne nnyigyei te sɛ osutɔ, lɔre ahorow ne ogya mmepɔw de. Na nnwom ahorow ahorow mpo ka ho.
Bere a ɛnyɛ sɛ wɔrehwɛ kwan sɛ wɔnam radio so ne nnipa a wonim nyansa yiye a wɔwɔ ahunmu bedi nkitaho no, nyansahufo afoforo de wɔn adwene asi ɔkwan titiriw bi so rebɔ mmɔden akyerɛ sɛ nnipa bi a wɔte saa wɔ hɔ.
Ebia wobɛkae anigye a wonyae bere a wɔde “ɔsram so abo” baa asase so no. Na asɛm no ne sɛ, So na ɛde adanse a ɛfa biribi a ɛte ase anaasɛ atra ase pɛn ho bɛma? Huammɔdi mu no, anyɛ saa. Afei wɔdan adwene kɔɔ okyinsoromma ahorow no so, titiriw Mars so.
Ɛwom sɛ na nyansahufo a wɔyɛ nsi abɔ agu dedaw sɛ ɛrentumi mma sɛ wobehu ‘nnipa wɔ Mars so,’ nanso wɔpɛe sɛ wɔhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ nkwa a wontumi mfa aniwa nhu. Na Viking I ne Viking II wimhyɛn a ɛkɔɔ Mars so 1976 mu no kura mfiri a wɔde bɛhwehwɛ dɔte a ɛwɔ Mars so no mu. Biribi a ɛwɔ afiri no mu a ɛte sɛ nsa saw dɔte no bi na wɔde baa faako a wɔde mfiri horow bɛhwehwɛ mu no. Ɛhɔ na wɔde mfiri ahorow a ɛhwehwɛ nkwa mu yɛɛ nhwehwɛmu dennen a ɛkɔ akyiri. Eyi yɛ akwan titiriw a wɔfaa so hwehwɛɛ nkwa wɔ ahunmu.
Dɛn Ntia? Dɛn na Ɛkyerɛ ma Wo?
Sika a wɔsɛe no ne mmɔden a wɔrebɔ yi nyinaa. Dɛn ntia? So ɛyɛ asɛmpa ara kwa? Ebia ɔsoro abɔde ho animdefo, abɔde a nkwa wom ho animdefo ne nnipa a aka no bebua sɛ, ‘ɛnte saa koraa.’ Ɔsoro abɔde ho nimdefo Frank Drake a ɔwɔ Arecibo dwumadibea ho no se: “Ade a ɛyɛ anigye kɛse a yebetumi ahu wɔ nyansahu mu no ne nkwa a ɛwɔ okyinsoromma foforo so.” Saa nso na obi a ɔyɛ ɔsoro abɔde ne abɔde a nkwa wom ho nimdefo Carl Sagan—a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ abɔde a nkwa wom ho nimdefo kɛse a ogyee din sen biara—no ka sɛ: “Awiei koraa no, nyansahu, ntease, asetra mu nsɛm ne abrabɔ ho nimdeɛ a ɛsɛ sɛ wonya denam nsɛm a wɔbɛte afi okyinsoromma a ɛwɔ wim so no betumi ayɛ ade a ɛyɛ nwonwa sen biara wɔ yɛn a yɛte ase yi abakɔsɛm mu.”
Ebia wubebisa sɛ, nanso dɛn pɔtee na ɛsɛ sɛ wonya? Wɔ ne nhoma Broca’s Brain mu no, Sagan ka sɛ nnipa a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu wɔ okyinsoromma afoforo so no betumi de asase so ɔhaw ahorow no ano aduru ama yɛn: aduankɔm, nnipa a wɔredɔɔso dodo, petrol a wobenya, nneɛma afoforo a wohia a ɛrekɔ fam, ɔko ne mframa a wɔsɛe no. Ɛresi so dua kɛse mpo no, nsɛmma nhoma Omni susuw sɛ: “Ebia nnipa bi a wɔn ani abue bɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so akora nkwa so, akwati asiane ne awudi a nuklea akodi de ba, anaasɛ anibiannaso a yɛbɛyɛ de asɛe nneɛma a atwa yɛn asase ho ahyia no. Ebia wɔbɛma yɛahu ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ nnipa a wonnwu da mpo.”
Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea enti a akwanhwɛ ahorow a ɛte saa betumi akanyan anigye. Nanso, ɛdefa abɔde a nkwa wom a wɔhwehwɛ wɔ ahunmu ho no, so ɛyɛ nea yebetumi asusuw ho ankasa?
Wo ankasa wubetumi asi wo gyinae wɔ nkwa a ɛwɔ wim a wɔhwehwɛ no ho. Nanso, ɛho nhia sɛ wobɔ wo tirim ara kwa. Adanse wɔ hɔ a wubetumi asusuw ho, na ɛno betumi aka wo daakye.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
‘Hello, hello, Mote yɛn nka?’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Asase so nnyigyei a wɔde hyɛɛ Voyager mu: Nkyia ahorow a ɛwɔ kasa horow 50, bonsu “nne,” lɔre ahorow ne osutɔ nnyigyei ne nnwom ahorow