Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 12/8 kr. 13-15
  • Dɛn Nti na Paapa Tu Gyaw Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Paapa Tu Gyaw Yɛn?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wontumi Nka
  • Fa Nhumu Di Abufuw So
  • Ɔhaw no Mfi Wo
  • Yɛn Awofo Akyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yɛadɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mɛyɛ M’ade Dɛn Bere a Paapa Atu Agyaw Yɛn Yi?
    Nyan!—2001
  • Yɛn Honhom Fam Apɛgyade Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 12/8 kr. 13-15

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Paapa Tu Gyaw Yɛn?

“Mantumi ante nea enti a me papa fii fie no ase. Na minnim biribiara ka nea me maame kae no ho.”—James.a

MPƐN pii no, sɛ agya bi sesaw ne nneɛma fi fie a, ɛde awerɛhow ne yawdi pii ba. James, a wadi mfe 14, a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no kae sɛ: “Bere a me maame ne me papa gyaee aware no, ɛhaw me kɛse.” Na sɛ agya bi fi fie prɛko pɛ na wanka hwee ankyerɛ ne mma a, ɛma mmofra no ahonim haw wɔn, wɔte nka sɛ wɔapo wɔn, na wɔn bo fuw mfe pii.b

Sɛ wo papa afi fie a, ebia nea enti a ɛte saa no bɛhaw wo kɛse. Abofra bi a wɔfrɛ no Michael ka sɛ: “Me Papa fii fie esiane ɔbea foforo nti. Bere bi a mihuu wɔn no, me bo fuw kɛse. Metee nka sɛ Paapa apo yɛn.” Nanso, ɛtɔ mmere bi a, fi a agya bi fi fie no de ahotɔ ba. Melissa, a ne papa yɛ ɔsadweam no ka sɛ: “Sɛ wankɔ a, anka ɛbɛhaw yɛn kɛse.”

Nanso, mpɛn pii no, mmofra no ntumi nhu nea enti a wɔn papa fii fie, na eyi tumi haw wɔn paa. Ebia wubetumi ahu ampa sɛ na w’awofo wɔ nsɛnnennen, nanso ebia na wonnwenee ho da sɛ wobegyae aware. Robert ka sɛ: “Bere a Paapa fii fie no, na minnim nea ɛrekɔ so ankasa. Nea na minim ara ne sɛ nneɛma nkɔ yiye koraa esiane sɛ bere nyinaa na m’awofo ham nti.”

Dɛn nti koraa na agyanom bi fi fie? Sɛ wo papa afi fie a, so ɛsɛ sɛ wote nka sɛ wapo wo? Na dɛn nti na w’awofo mpɛ sɛ wɔbɛka ho nsɛm nyinaa akyerɛ wo? So ɛnsɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ wo?

Nea Enti a Wontumi Nka

Nea ɛma agya bi fi fie no ho asɛm yɛ ka na. Mpɛn pii no, awaresɛe na ɛkɔfa ba—nneyɛe a wɔtaa de sie abusua no mufo. Sɛ ɔyere bi hu bɔne a ɛte saa a, obetumi agyae ne kunu no. Obetumi mpo agyae no kokoam ansa na wɔakotwa aware no mu. Ebetumi aba sɛ mmofra no ntumi nhu nea enti a aba saa no koraa.

Nanso, bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a wo maame mpɛ sɛ ɔbɛka nea asi no akyerɛ wo no ase. Ade biako ne sɛ ebia ɔbɛte nka sɛ ka a ɔbɛka bɔne a wo papa ayɛ no bɛma wo werɛ ahow mmom. Afei, te sɛnea ɛyɛ yaw sɛ ɔbea bi behu sɛ ne kunu anni nokware no ase. (Malaki 2:13, 14) Enti sɛ ɛyɛ awaresɛe na ɛmaa w’awofo gyaee aware a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ ɛbɛhaw wo maame sɛ ɔbɛka ho asɛm.

Wo papa nso ɛ? Sɛ ɛyɛ ampa sɛ wafi wo maame akyi a, ɔrentumi nka ho asɛm nkyerɛ wo. Bɔne a agyanom bi yɛ no tumi haw wɔn araa ma wontumi nka ho asɛm nkyerɛ wɔn mma! Nanso, ɛmfa ho aniwude a agyanom bi ayɛ no, wɔkɔ so dɔ wɔn mma na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn benya abusuabɔ.

Ɛtɔ da a, ɔbaa no nneyɛe bɔne bi nti na ɛma papa no fi fie, nanso, papa no bɔ mmɔden sɛ ɔne ne mma benya abusuabɔ. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ awaresɛe na ɛma awaregyae ba, na mmom ɛyɛ ham a awarefo no akɔ so aham bere tenten no nti.c (Mmebusɛm 18:24) Esiane sɛ awarefo no taa ham wɔ dan mu nti, ebia wuntumi nhu nea ɛmaa ntɔkwaw no bae.

Bible ka wɔ Mmebusɛm 25:9 sɛ: “Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi.” Ɛtɔ da a, kokoam nsɛm bi na ɛde aware mu nsɛnnennen ba. Ebia wonte, nanso eye mpo sɛ wonte. Afei nso, obi “ahintasɛm” a wɔda no adi no tumi sɛe asɛm no koraa. Wobɛpɛ sɛ wugyina ɔfã bi akyi—na ɛma w’abusua no nsɛnnennen no yɛ kɛse. Enti, ne nyinaa mu no, eye sɛ w’awofo nka nea akɔfa ntɔkwaw no aba no ho asɛm.

Fa Nhumu Di Abufuw So

Ne nyinaa mu no, ɛyɛ den sɛ wubedi abufuw anaa adwemmɔne so bere a wuntumi nhu nea enti a wo papa afi fie no. Nanso Bible no ka wɔ Mmebusɛm 19:11 sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, [ɛnyɛ sɛ esiw ano] na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” Na ɛho nhia sɛ wubehu asɛm no mu nyinaa na ama woanya nimdeɛ.

Sɛ nhwɛso no, Bible ma yɛte ase sɛ yɛn awofo nyɛ pɛ. Ɛka sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Asɛm a ɛyɛ yaw nanso ɛyɛ nokware yi a wubegye atom no bɛma woate w’awofo mfomso no ase. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo papa na wanni n’aware nni a, ɛyɛ mfomso kɛse—mfomso a obebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Hebrifo 13:4) Nanso, ɛnkyerɛ ankasa sɛ wapo wo anaasɛ ɔnnɔ wo.

Awarefo nyinaa ‘ho hiahia wɔn ɔhonam mu.’ (1 Korintofo 7:28) Na ɛwom sɛ wonni ho anoyi biara de, nanso asetram nhyɛso a ɛwɔ wiase bɔne yi mu no ma mmarima ne mmea binom de wɔn ho hyɛ brabɔne mu. Robert ka sɛ: “Na Paapa pɛ sɛ esi yɛn yiye. Ɔmaa abusua no nyinaa tu kɔɔ baabi a na osusuw sɛ yebenya asetra pa a yebetumi asi dan na ama abusua no anya anigye.” Nanso, ankyɛ koraa na adwempa a ne papa kura sɛ ɔbɛma n’abusua anya asetra pa no sesae koraa. Robert kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Paapa botowee wɔ Kristofo nhyiamkɔ mu. Afei n’adwuma sɛee. Bere bi akyi no, ofii ase yɛɛ me maame ne me nuabea ayayade.” Ankyɛ na nneɛma sɛee koraa kosii sɛ ne papa ne ne maame gyaee aware.

Na anka nsɛm betumi ahaw Robert kɛse esiane nneɛma a ankɔ yiye wɔ ne papa fam no nti. Nanso ne papa haw no a ɔtee ase no amma ne bo amfuw. Ɛwom sɛ na Robert awofo awaregyae no haw adwene kɛse de, nanso ɛkyerɛɛ no asuade titiriw bi. Robert ka sɛ: “Sɛ meware a, ɛsɛ sɛ mede honhom fam nneɛma di kan.”

Na ɛsɛ sɛ Michael a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no nso gyina yawdi ano. Ɔka sɛ: “Na mepɛ sɛ meyɛ biribi tia me papa esiane nea ɔde ayɛ yɛn no nti.” Nanso ɔkɔɔ so ne ne papa nyaa abusuabɔ. Bere bi akyi no, Michael tumi dii n’abufuw no so na ɔkɔɔ so bɔɔ ne bra.

Wo nso wobɛpɛ sɛ wo ne wo papa nya abusuabɔ pa sɛnea wubetumi biara. Ɛyɛ ampa sɛ ebia wahaw wo ne wo maame. Nanso, ɛda adi sɛ wunnim asɛm no mu yiye. Na wunim sɛ wadi mfomso mpo a, ɔda so ara yɛ wo papa. Ɛsɛ sɛ wokyerɛ obu bi ma no. (Efesofo 6:1-3) Kwati “bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm” bere a wo ne no di no. (Efesofo 4:31) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfa wo ho nnye w’awofo kokoam nsɛm mu. Sɛ woma w’awofo no hu sɛ wodɔ wɔn baanu nyinaa a, wubetumi ne wɔn nyinaa anya abusuabɔ pa.

Ɔhaw no Mfi Wo

Wo papa a obefi fie no yɛ nneɛma a ebetumi ahaw wo paa no mu biako. Na sɛ woanhu nea enti a ofii fie no nyinaa mpo a, ɛho nhia sɛ wote nka sɛ ɔhaw no fi wo. Nokwarem no, wubetumi ate nka sɛ wɔato wo asaworam. Nanso, ɛnyɛ mmofra na wɔtaa ma aware sɛe. W’awofo hyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ wɔbɛtra abom. Ɛyɛ wɔn asɛyɛde—ɛnyɛ wo de—sɛ wobedi so.—Ɔsɛnkafo 5:4-6.

Nanso, sɛ w’adwenem yɛ wo naa, w’ahonim haw wo, anaa wote nka sɛ ɔhaw no fi wo a, dɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ w’awofo? Wɔne wo besusuw nsɛm ho na wɔama woanya awerɛhyem. James a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Na mete nka bere nyinaa sɛ ɔhaw no fi me kosii sɛ me papa gyee bere ne me bɔɔ nkɔmmɔ.” Abofra Nancy nso tee afobu nka saa ara bere a ne papa ne ne maame gyaee aware no. Bere a Nancy maame ne no bɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii no, otumi kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mmofra de nea wɔn awofo yɛ ho asodi to wɔn ho so.” Yiw, w’awofo asɛyɛde ho ‘adesoa a wobɛma wɔn nkutoo asoa no’ bɛma woakwati adwennwen. (Galatifo 6:5) Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi agyina bere a wowɔ fie a agya nnim mu no? Asɛm a ɛte saa a yɛbɛka ho asɛm akyiri yi no de mmuae no bɛma.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛasesa din no bi.

b Hwɛ asɛm “Mmusua a Agyanom Nnim—Ɔhaw No a Yebesiw Ano,” a ɛwɔ February 8, 2000 Nyan! mu no.

c Nanso, Bible kyerɛkyerɛ mu fann sɛ aguamammɔ nkutoo ne ade a Kyerɛwnsɛm no ma kwan sɛ wobetumi agyina so agyae aware na awarefo no mu biara atumi asan aware.—Mateo 19:9.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mmu wo ho fɔ wɔ w’awofo aware mu nsɛnnennen ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena