Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 18-20
  • Mɛyɛ M’ade Dɛn Bere a Paapa Atu Agyaw Yɛn Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ M’ade Dɛn Bere a Paapa Atu Agyaw Yɛn Yi?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Atuatew’
  • Abufuw So a Wubedi
  • Di a Wubedi Kan Ayɛ Ho Biribi
  • Ɛyawdi no Ano a Wubegyina
  • Boa W’abusua!
  • Dɛn Nti na Paapa Tu Gyaw Yɛn?
    Nyan!—2000
  • Dɛn Nti Na Me Wofo Nnɔ Me?
    Nyan!—2002
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ M’ade Dɛn Bere a Paapa Atu Agyaw Yɛn Yi?

“Ná ɛyɛ asɛnnennen sɛ menyin a minni papa. Ná mepɛ sɛ minya obi a ɔyɛ aso ma me.”—Henry.a

NA Joan adi mfe 13 bere a ne papa fii fie no. Esiane asabow nti, wammɔ mmɔden ahe biara mpo sɛ ɔbɛhwehwɛ ne mma akyi kwan. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ Joan nko na ɔwɔ saa suahu yi; mmofra pii na wɔn agyanom atu agyaw wɔn.

Sɛ asɛm a ɛte saa ato wo a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegyina tebea no ano. Ɛtɔ da a, wubetumi adi yaw na wo bo afuw. Ɛtɔ mmere bi a, wo werɛ betumi ahow na woabotow. Ebia wobɛpɛ sɛ wotew atua mpo. Sɛnea Bible kyerɛwfo Salomo kae bere bi no, ‘adwennwen bɔ onyansafo dam.”—Ɔsɛnkafo 7:7.

‘Atuatew’

James ‘bɛdanee otuatewfo’ bere a ne papa fii fie no. James kae sɛ: “Na mintie obiara asɛm, na mintie me maame mpo asɛm. Na me ne afoforo ham bere nyinaa. Ná midi atoro bere nyinaa, na na miwia me ho pue anadwo esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛteɛ me so nti. Maame bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma magyae, nanso wantumi.” So atuatew maa James nyaa anigye wɔ asetram? Dabida. James ka sɛ ankyɛ koraa na ɔde ne ho “hyɛɛ nnubɔnenom mu, totoo sukuukɔ mu, na na ɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu dwumadi mu.” Ankyɛ koraa na subammɔne a ɛte saa yɛɛ kɛse. Ɔka sɛ: “Miwiaa ade wɔ adetɔnbea, na mebɔɔ nkurɔfo apoo gyee wɔn nneɛma. Wɔkyeree me mprennu de me too afiase bere tiaa bi, nanso ɛno amma mannyae.”

Bere a wobisaa James nea enti a watew atua saa no, obuae sɛ: “Esiane sɛ me papa fii fie nti, na minnya nteɛso biara. Mansusuw ho koraa sɛ merepira me maame, me nuabarima ne me nuabea kumaa, ne m’ankasa me ho. Ná mepɛ ɔhwɛ ne nteɛso a efi me papa hɔ.”

Nanso atuatew ma asɛm no sɛe koraa. (Hiob 36:18, 21) Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ James nkutoo na ohyiaa nsɛnnennen, na mmom ne maame ne ne nuanom nso hawee kɛse. Nea ɛyɛ hu sen biara mpo ne sɛ atuatew betumi ama obi ahwere Onyankopɔn ankasa anim dom. Anyɛ yiye koraa no, Yehowa hyɛ mmofra sɛ wontie wɔn maamenom asɛm.—Mmebusɛm 1:8; 30:17.

Abufuw So a Wubedi

Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi adi wo bo a afuw wo papa ne ne ho adwemmɔne a woanya no ho dwuma? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wokae sɛ ɛnyɛ wo na womaa wo papa fii fie. Ɛnna ɛnkyerɛ ankasa nso sɛ ɔnnɔ wo anaasɛ ɔnnwene wo ho bio. Nokwarem no, sɛ agya bi mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ ne mma a, ebetumi ayɛ yaw. Nanso sɛnea ɔfã a edi kan wɔ asɛm yi mu kyerɛe no,b ɛnyɛ sɛ agyanom a wofi fie no pii nnɔ wɔn mma nti na wɔnkɔsra wɔn, na mmom wɔn ahonim bu wɔn fɔ na wɔn ani awu. Afoforo te sɛ Joan papa, nso de wɔn ho hyɛ nnubɔne ne asanom mu, na eyi nya wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso bɔne.

Sɛnea ɛte biara no, kae sɛ w’awofo nyɛ pɛ. Bible ka sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23; 5:12) Ampa, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi ma ɛhaw afoforo anaasɛ yebu yɛn ani gu yɛn asɛyɛde so. Nanso hu a wubehu sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wubeyi abufuw bɔne ne menasepɔw biara afi hɔ.

Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:10 no betumi aboa ma woayi abufuw ne adwemmɔne a wubenya wɔ w’awofo ho no afi hɔ. Hyɛ sɛnea ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wudwennwen nea atwam ho no nsow: “Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase.” Enti, sɛ anka wubedwennwen sɛnea na nneɛma te bere bi a atwam ho no, ɛyɛ papa sɛ wode w’adwene besi nneɛma pa a wubetumi ayɛ wɔ asetram so mmom.

Di a Wubedi Kan Ayɛ Ho Biribi

Sɛ nhwɛso no, wubetumi adi kan akɔhwehwɛ wo papa. Ampa, ɛyɛ ɔno na ofii fie na ɛfata sɛ wubesusuw sɛ ɛyɛ ɔno na ɛsɛ sɛ odi kan hwehwɛ wo. Nanso sɛ saa a ɔnyɛe no ma wudi awerɛhow a, dɛn nti na w’ankasa wommɔ mmɔden sɛ wubesiesie mo ntam? Susuw sɛnea Yesu Kristo dii nneɛma ho dwuma bere a ne nnamfo bi fom no no ho hwɛ. Anadwo a etwa to ansa na ɔrebewu no, n’asomafo no poo no. Petro ka hoahoaa ne ho sɛ nea ebesi biara obedi Yesu akyi. Nanso, Petro poo Yesu—ɛnyɛ pɛnkoro, na mmom mprɛnsa!—Mateo 26:31-35; Luka 22:54-62.

Wɔ Petro sintɔ nyinaa akyi no, Yesu kɔɔ so dɔɔ no. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, odii kan daa ne ho adi kyerɛɛ Petro nkutoo de siesiee wɔn ntam abusuabɔ no. (1 Korintofo 15:5) Anigyesɛm ne sɛ, bere a Yesu bisaa Petro sɛ, “Wodɔ me?” no, Petro buae sɛ “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” Petro aniwude no nyinaa akyi no, na ɔda so ara dɔ Yesu.—Yohane 21:15.

Sɛnea na ɛte wɔ Petro ne Yesu fam no, ebia wo ne wo papa ntam abusuabɔ no betumi ayɛ yiye. Sɛ wudi kan kɔhwehwɛ no, anaasɛ ebia wofrɛ no telefon so, anaa wokyerɛw no krataa, anaa wokɔsra no a, n’ani begye ho. Henry, a yɛbɔɔ ne din mfiase no, ka sɛ: “Mekyerɛw me papa bere bi, na ɔno nso kyerɛw me ka kyerɛɛ me sɛ n’ani gye me ho. Mede hyɛɛ ahwehwɛ mu bɔɔ ɔfasu ho mfe pii. Ɛda so ara wɔ me ho nnɛ.”

Joan ne ne nuanom nso fii wɔn pɛ mu kɔhwehwɛɛ wɔn papa a na wadan sadweam no. Joan ka sɛ: “Ná wasɛe, nanso yɛn ani gyei sɛ yehuu no.” Sɛ wudi kan kɔhwehwɛ no a, ebia mfaso bɛba so. Sɛ wankyerɛ anigye biara mfiase no a, wubetumi atwɛn kakra na afei woakɔsra no bio.

Ɛyawdi no Ano a Wubegyina

Salomo kae yɛn sɛ “ɔhwehwɛ wɔ ne bere, na ɔyera wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:6) Ɛtɔ mmere bi a, abofra bi betumi adi yaw wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ne papa mpɛ sɛ ɔne ne mma benya abusuabɔ no ho. Sɛ saa na ɛte wɔ wo papa fam a, ebia da koro bi obehu sɛ wahwere ade sɛ wama abusuabɔ a ɔne wo wɔ no asɛe.

Nanso, seesei de, nya awerɛhyem sɛ po a wapo wo no nkyerɛ sɛ mfaso nni wo so. Bible dwontofo Dawid kae sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Yiw, woda so ara som bo kɛse wɔ Onyankopɔn ani so.—Luka 12:6, 7.

Enti sɛ wote nka sɛ w’aba mu abu anaasɛ woabotow a, bɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 62:8) Ka wo haw pɔtee ho asɛm kyerɛ no. Nya awerɛhyem sɛ obetie wo na wakyekye wo werɛ. Bible dwontofo foforo kyerɛwee sɛ: “Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—Dwom 94:19.

Abusuabɔ pa a wo ne mfɛfo Kristofo benya nso betumi aboa wo ma woagyina ɔhaw a ɛte saa ano. Mmebusɛm 17:17, ka sɛ: ‘Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa hiada.’ Wubetumi anya nnamfo pa a wɔte saa wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu. Ebetumi ayɛ mmoa kɛse sɛ wubehu asafo mu mpanyimfo no bi. Joan nuabarima Peter de afotu yi ma sɛ: “Wo ne asafo mu mpanyimfo no mmɔ nkɔmmɔ, na wɔbɛboa wo kɛse. Sɛ wo papa apo wo a, ma wonhu sɛnea wote nka.” Asafo mu mpanyimfo no betumi de nyansahyɛ a mfaso wɔ so nso ama afa sɛnea wubedi asɛyɛde ahorow a kan no na ɛda wo papa so ho dwuma ho, te sɛ ofie asiesie.

Wo maame nso betumi aboa wo. Ampa, ebia ɔno ankasa nso redi yaw. Nanso sɛ wufi obu mu da wo nkate adi a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi nyinaa de aboa wo.

Boa W’abusua!

Fi a wo papa afi fie no betumi ahaw mo akwan pii so. Ebia ɛsɛ sɛ wo maame fi ase yɛ adwuma—ebetumi ayɛ nnwuma abien mpo—na ama moanya asetrade. Ɛsɛ sɛ wo ne wo nuanom nso boa wɔ ofie nnwuma mu. Nanso sɛ wunya Kristofo dɔ a pɛsɛmenkominya nnim a, wubetumi agyina nsakrae a ɛte saa ano. (Kolosefo 3:14) Eyi betumi aboa ma woanya adwempa de adi menasepɔw biara so. (1 Korintofo 13:4-7) Peter ka sɛ: “M’abusua a mɛboa wɔn no yɛ ade pa a meyɛ, na minya abotɔyam sɛ mereboa me maame anaa me nuabeanom.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, fi a agya bi fi fie no yɛ biribi a ɛyɛ yaw ankasa. Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ denam Onyankopɔn ne Kristofo nnamfonom ne mmusua a wɔwɔ dɔ mmoa so no, wo ne w’abusua betumi agyina ano.c

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din ahorow no.

b Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Paapa Tu Gyaw Yɛn?” a ɛwɔ December 8, 2000 Nyan! mu no.

c Sɛ wopɛ mmusua a ɔwofo biako pɛ wom ho nsɛm foforo a, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” a ɛbaa December 22, 1990, ne March 22, 1991, Engiresi Nyan! mu no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Mmofra bi adi kan afi wɔn pɛ mu akɔhwehwɛ wɔn papa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena