Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 3/8 kr. 29
  • ‘Wɔde Wɔn Nkrante Bɛbobɔ Nsɔw’—Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔde Wɔn Nkrante Bɛbobɔ Nsɔw’—Bere Bɛn?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔma Yehowa Fie So
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Hena na Obetumi De Asomdwoe a Enni Awiei Aba?
    Nyan!—1996
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 3/8 kr. 29

‘Wɔde Wɔn Nkrante Bɛbobɔ Nsɔw’—Bere Bɛn?

WƆAYƐ ɔbarima bi a ɔde ne nkrante rebɔ asɔw honi kɛse bi asi Amanaman Nkabom no dwumadibea hɔ wɔ New York City. Wɔde gyinaa Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 2, nkyekyem 4, ne Mika ti 4, nkyekyem 3 no so. Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na saa nsɛm yi bɛbam?

Amanneɛbɔ bi a ɛbaa The New York Times mu nnansa yi no asɛmti ne “Akode a Wɔtɔn Wɔ Wiase Nyinaa no Adu Dɔla Ɔpepepem 30”! Wɔ 1999 mu no, ɔman bɛn na na edi akoten wɔ akode a wɔtɔn yi mu? United States na edii mu akoten bere a ɛtɔn dɔla ɔpepepem 11.8 no. Nea edii hɔ ne Russia, na ɛtɔn akode a ne bo yɛ saa sika no fã. Nanso, afe a etwaam no, ɛkame ayɛ sɛ akode a Russia tɔnee no yɛɛ 1999 de no mmɔho abien. Aman a edii hɔ ne Germany, China, France, Britain, ne Italy. Amanneɛbɔ koro no ara toaa so sɛ: “Te sɛ bere a atwam no, ɛkame ayɛ sɛ wɔtɔn akode a wɔtɔn no mu abiɛsa biara mu abien maa aman a afei na wɔrenya nkɔso no.”

Wiase ko abien ne akodi akɛse foforo pii a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 mu a ɛmaa nnipa ɔpepem pii wuwui na afoforo pirapirae no maa obi bisae sɛ, “Bere bɛn na aman no begyae akodi na wɔahwehwɛ asomdwoe?” Bible no kyerɛe sɛ nkurɔfo bɛhwehwɛ asomdwoe wɔ “nna a edi akyiri no mu.” (Yesaia 2:2) Nokwarem no, saa nkɔmhyɛ yi renya mmamu, bere a Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia ama ‘Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no.’ Ne saa nti, ‘wɔn asomdwoe adɔɔso.’—Yesaia 54:13.

Ɛrenkyɛ Yehowa bɛsɛe akode ne akodi nyinaa ne wɔn a wɔde ba no, efisɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ Sɛ wopɛ sɛ wunya nsakrae a ɛyɛ anigye yi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ fi wo pɛ mu kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no anaasɛ kyerɛw kɔma address a ɛfata a ɛwɔ kratafa 5 no.—Adiyisɛm 11:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena