Akwahosan Pa a Obiara Benya—So Ebetumi Ayɛ Yiye?
SO WOPƐ sɛ wo ne w’abusua nya akwahosan pa? Akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ. Nanso, bere a ɛtɔ da a na yɛn mu dodow no ara yare kakra no, nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a, yare ma wohu amane wɔn nkwa nna nyinaa.
Enti, wɔrebɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛtew ɔhaw a yare de ba no so. Susuw Amanaman Nkabom no adwumakuw a ɛne Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no ho hwɛ. Wɔ nhyiam bi a WHO yɛe wɔ 1978 ase no, ananmusifo a wofi aman 134 so ne UN adwumayɛkuw ahorow 67 gye toom sɛ akwahosan pa nkyerɛ sɛ wɔbɛde wɔn ho afi yare ho ara kɛkɛ. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ akwahosan pa a obi wɔ no kyerɛ sɛ saa nipa no wɔ “nipadua ne adwene mu apɔwmuden na ɔwɔ asetra mu anigye.” Afei ananmusifo no kaa no pen sɛ akwahosan pa yɛ “ade titiriw a ɛsɛ sɛ nipa biara nya”! Enti, WHO de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛboa ama “wiase nnipa nyinaa anya akwahosan a ɛsɛ.”
Botae a ɛte saa yɛ nea obiara ani gye ho. Nanso dɛn na ɛkyerɛ sɛ wobetumi adu botae a ɛte saa no ho? Wɔ nnipa mmɔdenbɔ nyinaa mu no, nnuruyɛ ne nea wɔwɔ mu ahotoso kɛse na wɔn ani gye ho paa. Sɛnea British atesɛm krataa The European kyerɛ no, Atɔe fam aman no kura adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ “wonya ayaresa ‘ɔkwan biara so’: ɛsɛ sɛ aduru biara a wɔbɛnom no tumi sa wɔn yare.” Ɔkwan foforo so no ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo tumi sa yare amonom hɔ ara. So nnuruyɛfo betumi adu botae kɛse a ɛte saa no ho?