Obiara Benya Akwahosan Pa—Nnansa Yi Ara!
“GERMANY atesɛm krataa Focus bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔreka yare a wobetumi asa . . . ho asɛm kɛse nnɛ.” Nanso, adwene a ɛte saa no nyɛ foforo. Bere a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ wɔbɛyare koraa. Na ɛnyɛ n’atirimpɔw ma adesamma ne sɛ “wiase nnipa nyinaa benya akwahosan a ɛsɛ” ara kɛkɛ. (Yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Na ɛyɛ yɛn Bɔfo no pɛ sɛ obiara nya akwahosan pa!
Ɛnde, dɛn nti na yɛyare? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔɔ yɛn awofo, Adam ne Hawa, a na wɔyɛ pɛ. Bere a wɔbɔɔ nneɛma nyinaa wiei no, “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” Na ɛnyɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ nnipa bɛyare na wɔawuwu. Nanso, bere a Adam ne Hawa poo asetra kwan a na ɛsɛ sɛ wɔfa so no, wɔbɛyɛɛ abɔnefo. Nea efi Adam bɔne no mu bae no ne owu a ɛtrɛw kaa nnipa nyinaa no.—Genesis 1:31; Romafo 5:12.
Yehowa anto nnipa asaworam. Saa ara nso na wansesa n’atirimpɔw ma wɔn ne asase no. Ɔka sɛnea ɔbɛsan ama nnipa asoɔmmerɛfo anya akwahosan pa te sɛ nea na ɛte mfiase no ho nsɛm pii wɔ Bible mu. Bere a Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, baa asase so no, ɔdaa Onyankopɔn tumi adi denam ayarefo a ɔsaa wɔn yare no so. Sɛ nhwɛso no, Yesu saa nyarewa te sɛ anifurae, kwata, asoti, ahonhon, otwa, ne mmubui.—Mateo 4:23, 24; Luka 5:12, 13; 7:22; 14:1-4; Yohane 9:1-7.
Onyankopɔn bɛma ne Mesia Hene, Yesu Kristo, adi adesamma nyinaa so nnansa yi ara. Wɔ ne nniso ase no, Yesaia nkɔmhyɛ yi bɛbam: ‘Na obiara renka sɛ, meyare. Na ɔde obiara bɔne befiri no.’ (Yesaia 33:24) Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa?
Yehu sɛ odiyifo no ka sɛ wɔde ‘obiara bɔne befiri no.’ Enti, nea ɛkɔfaa yare bae—bɔne a wɔde woo adesamma no—befi hɔ. Ɔkwan bɛn so? Wɔnam bo a Yesu ogye afɔre no som so bedi dwuma ama adesamma, na wɔnam saayɛ so ayi yare ne owu afi hɔ. Paradise no bɛtrɛw akɔ asase so baabiara. Kristoni ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni yɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Eyi bɛbam nnansa yi ara!—Adiyisɛm 21:3, 4; Mateo, ti 24; 2 Timoteo 3:1-5.
Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya
Saa bere yi de, nnipa ɔpepem pii bɛkɔ so ayare. Enti, ɛyɛ dɛn ara a obiara bedwen ɔne n’adɔfo akwahosan ho.
Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ani sɔ mmɔden a nnuruyɛfo rebɔ no kɛse. Wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobenya akwahosan pa. Nanso, Bible bɔhyɛ a ɛfa yare a wobeyi afi hɔ ho no ma yenya eyi ho adwene a ɛkari pɛ. Sɛ Mesia Hene no ammedi adesamma so a, yɛrentumi nnya akwahosan pa. Sɛnea yɛahu no, nnuruyɛ mu nkɔanim kɛse a nnipa anya no ntumi mmaa wɔn nsa nkaa aduaba fɛfɛ a ɛbɔ dua nkɔnmu no—akwahosan pa a wɔbɛma obiara anya.
Ɛnkyɛ botae a ɛne sɛ ‘wiase nnipa nyinaa benya akwahosan a ɛsɛ’ no bɛbam. Nanso ɛnnam UN anaa Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no anaa wɔn a wɔhwɛ bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban anaa ɔmansesɛwfo anaa nnuruyɛfo, mmɔdenbɔ so. Yesu Kristo nkutoo na obetumi adi dwuma a ɛte saa. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ awiei koraa no adesamma ‘bɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu’!—Romafo 8:21.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]
Obiara benya akwahosan pa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu