Akwahosan a Edi Mu Ma Obiara
TE SƐ suban, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne akwahosan sohwɛ no, yɛn awosu nso ka yɛn akwahosan. Nneɛma a wɔde wo yɛn ne nyarewa a ebia yenya akyiri yi esiane sɛ yɛn awosu ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya nti no ka saa nipasu no.
Oduruyɛfo bi ka sɛ: “Awosu a wode baa wiase no na ɛtaa kyerɛ sɛ ebia wubenya asetra pa, wobɛtra ase akyɛ, anaasɛ wobɛtra ase mpo a.”
Ɔkwan biara a yɛfa so nya tipae, yɛyɛ sisirii, yɛhaw, yenya nnompe a ɛnkyɛ bu, komayare, ne nyarewa afoforo no, ɛkae yɛn da biara sɛ nipadua ne adwene a atɔ kyima no sɛe yɛn akwahosan. Dɛn titiriw na ɛde nyarewa a ɛtrɛw yi ba?
Ade Titiriw a Ɛde Ba
Oduruyɛfo bi a wɔfrɛ no Luka a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no bua asɛm yi wɔ Yesu Kristo asetra mu nsɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee no mu. Luka kyerɛw sɛ da bi wɔde ɔbarima bubuafo bi brɛɛ Yesu a na wɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛsa no yare. Yesu ka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” Afei, nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛ sɛ ɔwɔ tumi ankasa sɛ ɔde bɔne firi no, ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ: “Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!” Ɔbarima no yɛɛ saa! Nea efii mu bae ne sɛ “ɛyɛɛ wɔn” a wohuu ayaresa no “nyinaa ahodwiriw” na “wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.”—Luka 5:17-26.
Bɔne bɛn na Yesu kaa ho asɛm no? Mmuae no boa yɛn ma yehu nea enti a yɛyare, yenyin, na yewuwu. Esiane sɛ wɔama yɛn awerɛhyem sɛ “kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu” nti, yebetumi anya saa mmuae no afi Bible no mu. (2 Timoteo 3:16; 2 Petro 1:21) Ɛka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam a na ɔwɔ akwahosan a edi mu. Onyaa akwahosan pa bere tenten a ɔyɛɛ osetie maa ne Bɔfo no.
Nanso, Adam pawee sɛ obebu Onyankopɔn mmara so. Esiane sɛ ɔyɛɛ asoɔden na ɔhyɛɛ da tew atua tiaa ne Bɔfo nti, na ɔreyɛ bɔne. Ne saa nti, ɔbɛyɛɛ obi a ɔtɔ sin, otumi yare, na bere bi akyi no owui. Enti, bɔne na ɛmaa Adam yare wui.
Sɛnea awofo de nyarewa bi ma wɔn mma esiane awosu ho mmara dwumadi nti no, saa ara na Adam de sintɔ ne nyarewa a efii mu bae no maa n’asefo, adesamma abusua no. Enti, bɔne a Adam yɛe mfiase no na ɛde nyarewa nyinaa aba. (Genesis 2:17; 3:1-19; Romafo 5:12) Ano aduru wɔ hɔ?
Ano Aduru No
Nea ɛmaa akwahosan a edi mu no dan bɛyɛɛ akwahosan a enni mu ne bɔne—atua a Adam tew wɔ Onyankopɔn mmara ho. Akwahosan a enni mu betumi adan ayɛ akwahosan a edi mu denam bɔne a wobeyi afi hɔ nkutoo so. (Romafo 5:18, 19) Ɔkwan bɛn so? Ná ɛsɛ sɛ onipa foforo a ɔyɛ pɛ, a ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ bere a na ɔyɛ pɛ no de ne nkwa bɔ afɔre sɛ agyede. Onyankopɔn mmara ne sɛ “ɔkra nsi ɔkra ananmu,” kyerɛ sɛ nkwa nsi nkwa ananmu.—Deuteronomium 19:21.
Nanso, na Adam asefo abɔnefo no mu biara ntumi mfa saa agyede no mma. Enti, Yehowa ankasa fi ɔdɔ mu de ne Ba a ɔne Yesu mae sɛ onipa a ɔyɛ pɛ sɛ ɔmfa ne nkwa nyɛ ‘agyede mma nnipa pii’ na ama ‘yɛafa no so anya nkwa.’—Mateo 20:28; 1 Yohane 4:9; Dwom 49:7.
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ n’Agya, Yehowa, ama no tumi sɛ onyi bɔne mfi hɔ bere a ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ “wɔde wo bɔne afiri wo” na ɔbarima a ɔsaa no yare no nantew kɔɔ fie no. Yesu de tumi a efi Onyankopɔn hɔ yi dii dwuma mpɛn pii de saa anifuraefo, asotifo, ne afoforo pii a wɔwɔ nyarewa ahorow yare ntɛm ara.
Bible no ka saa nyarewa a Yesu saa wɔ anwonwakwan so yi ho asɛm sɛ: “Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.” (Mateo 15:30, 31) Nea ɛyɛ nwonwa sen saa mpo ne sɛ Yesu tumi nyanee awufo baa nkwa mu bio. Bible no ka saa owusɔre yi pii ho asɛm.—Luka 7:11-16; 8:49-56; Yohane 11:14, 38-44.
Anwonwakwan so ayaresa yi ma yenya awerɛhyem sɛ ɔyare biara nni hɔ a Yesu ntumi nsa. Ɔbɛsan de saa tumi a Onyankopɔn de ama no yi adi dwuma bio? Yebetumi anya mu mfaso?
Yebenya Akwahosan a Edi Mu Ɔkwan Biara So
Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ Yesu redi tumi wɔ ɔsoro dedaw sɛ Onyankopɔn soro nniso no so Hene. Onyankopɔn ama no tumi sɛ onyi nnipa nniso horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa mfi hɔ na onni asase nyinaa so tumi. (Dwom 110:1, 2; Daniel 2:44) Mpaebɔ a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no bɛbam: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Wɔ saa ɔsoro Ahenni no nniso ase no, Onyankopɔn apɛde ma asase yi fã ne sɛ ɔbɛma adesamma abusua no akwahosan ayɛ papa.
Afei wɔ honam ne honhom fam nyinaa no, “afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” “Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24, NW; 35:5, 6.
Wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ase no, akwahosan a edi mu bɛkyerɛ sɛ ɛho renhia sɛ nnipa wu sɛnea yewu nnɛ no. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Obiara a ogye no di no [benya] daa nkwa.” “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Yohane 3:16; Romafo 6:23) Yiw, dwom a wɔnam honhom so kyerɛwee no hyɛɛ bɔ teteete sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Afei Yesu benyan awufo sɛnea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no, na wama wɔn hokwan ma wɔde anya akwahosan a edi mu so mfaso. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Asase no ankasa bedi yiye wɔ Ahenni nniso ase ma enti ɔkɔm a ɛmma yennya akwahosan pa no remma bio. Bible nkɔmhyɛ ahorow ka kyerɛ yɛn sɛ: “Petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.” (Hesekiel 34:27) “Asase [bɛbɔ] n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.” (Dwom 67:6) “Asase no so aburofuw [bɛdɔɔso].” (Dwom 72:16) “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.
Bible nhoma a etwa to a nkɔmhyɛ wom reka Onyankopɔn wiase foforo no mu tebea ho asɛm tiawa no, ɛkae sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.
Woka sɛ, ‘Ɛyɛ den sɛ megye adi’? Ɛnde susuw eyi ho. Ansa na Adam rebɛyɛ ɔbɔnefo no, na ɔwɔ akwahosan a edi mu. Fa no sɛ obi tumi ne no bɔɔ nkɔmmɔ saa bere no na ɔka kyerɛɛ no sɛ da bi bɛba a nnipa a ɛyaw, ɔyare ne mpanyinyɛ haw wɔn bɛhyɛ asase no so ma. Wunsusuw sɛ anka ɛbɛyɛ den ama Adam sɛ obegye ɛno adi? Nanso, ɛte saa nnɛ.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, yebenya akwahosan a edi mu wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Yehowa Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 21:5) Nea Onyankopɔn ka sɛ ɛbɛba no bɛbam efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’—Hebrifo 6:18.
Seesei dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya awerɛhyem sɛ wubenya saa nhyira horow a ɛreba yi bi? Nea Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ n’Agya a edi so yi mu no kyerɛɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya akwahosan a edi mu ne daa nkwa pefee: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Ka kyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔne wo mmɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee wɔ wo fie. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho ade pii. Ɛbɛyɛ ade a edi kan a woyɛ wɔ akwahosan a edi mu a wohwehwɛ no mu!
[Kratafa 14 mfonini]
Nnipa nyinaa benya akwahosan a edi mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu