So Akwahosan Pa Yɛ Adaeso Ara Kwa?
SO YARE a emu yɛ den abɔ wo da anaasɛ wɔayɛ wo oprehyɛn a emu yɛ den pɛn? Sɛ woafa mu pɛn a, ɛda adi sɛ woanya nkwa ho anisɔ kɛse. Nanso sɛnea wo honam fam tebea te biara no, wugye di sɛ wubetumi anya akwahosan a edi mu? Ebia eyi bɛyɛ sɛ nea entumi nyɛ yiye esiane nyarewa a ebubu nnipa te sɛ kokoram anaa komayare a abu so nti. Nokwarem no, yɛn mu dodow no ara yare bere ne bere mu. Nanso, akwahosan a edi mũ nyɛ adaeso ara kwa.
Wɔbɔɔ onipa sɛ onnya akwahosan pa, ɛnyɛ sɛ ɔne nyarewa ne owu mmedi apere. Enti, nea ɛbɛyɛ na wɔayi yare ne owu afi hɔ no, Yehowa nam Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no so de nea wobegyina so anya akwahosan pa ne daa nkwa mae. “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nyarewa ne onyin renhaw wɔn a wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu no. Sɛ saa a, ɛnde dɛn na ɛbɛba nyarewa so?
Ahofadi a Wobenya Wɔ Nyarewa Ho
Ɔkwan a Yesu Kristo faa so saa ayarefo yare no yɛ eyi ho nhwɛso. Wɔkaa saa ayaresa no ho asɛm sɛ: “Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.” (Mateo 11:3-5) Yiw, ayarefo a wɔkɔɔ Yesu nkyɛn nyinaa “ho yɛɛ wɔn den.” (Mateo 14:36) Ne saa nti, “ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.”—Mateo 15:31.
Nokwarem no, ɛwom sɛ obiara ntumi nsa yare saa nnɛ de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ wɔ Onyankopɔn nniso ase no, wɔde adesamma bedu pɛyɛ ho, asa adwenem ne honam fam nyarewa nyinaa. Wɔayɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”
Susuw wiase a wonhia nnuruyɛ nnwuma anaa ayaresabea ahorow, oprehyɛn, anaa ayaresa biara ho hwɛ! Afei nso, wɔ Paradise a wɔasan de aba mu no, adwenemhaw ne adwenem nyarewa bɛyɛ nneɛma a atwam. Asetra bɛyɛ anika ankasa; na anigye atra hɔ daa. Nokwarem no, Onyankopɔn tumi a enni ano no bɛkanyan nipadua ma ayɛ foforo, na agyede no so mfaso ayi ɔhaw ahorow a bɔne de aba no afi hɔ. “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.
Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni—sɛ yebenya honam fam ne honhom fam akwahosan a ɛyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase! Bere a woma w’asetra kwan kari pɛ na ɛyɛ nea ɛfata mprempren no, hwɛ kwan sɛ wo nsa bɛka Onyankopɔn wiase foforo no mu nhyira ahorow no. Ɛmmra sɛ Yehowa ‘de adepa bɛhyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere ayɛ foforo sɛ ɔkɔre.’!—Dwom 103:5.