Aka Kakraa Na Ɔyare Ne Owu Nni Hɔ Bio!
OBIARA nni hɔ a n’ani gye ho sɛ ɔbɛyare, na nnipa mpɛ sɛ wobewu. Aduruyɛ ho nsɛm ho ɔbenfo bi se: “Ɛte sɛ nea wɔhwehwɛ nkwa tenten wɔ wiase nyinaa wɔ abakɔsɛm ne mmusua pii mu. Ɛfa ɔpɛ titiriw a obi wɔ sɛ ɔbɛkora n’ankasa nkwa so ho . . . Ponce de Leon nkutoo ne nnipa pii a wɔde wɔn asetra hwehwɛɛ nkwa tenten no mu nea wagye din sen biara. Aduruyɛ mu nyansahu no mu pii atirimpɔw ne sɛ wɔnam ɔyare ne owu a wɔbɛko atia so bɛma nkwa ayɛ tenten.”
Owu ma yedi yaw kɛse wɔ yɛn mu araa ma sɛ yɛn nnamfo ne abusuafo wu a, ɛkame ayɛ sɛ yefi awosu mu bɔ mmɔden sɛ yebedwudwo tumi a anya wɔ yɛn so no ano. Funeral Customs the World Over nhoma no ka sɛ: “Nanso, kuw biara nni hɔ a wɔmfa guasodeyɛ nsie wɔn afunu sɛnea wobetumi, a sɛnea wɔn anibuei te mfa ho. . . . Edwudwo nkate a ano yɛ den a wɔwɔ wɔ baabiara no ano. Ɛte sɛ nea saa a wɔbɛyɛ no ‘teɛ,’ na ɛte sɛ nea saa a wɔrenyɛ, ne titiriw no, mma wɔn a abusua, nkate, asetra, ne nneɛma a wɔbom yɛ, anaa abusuabɔ afoforo ka wɔn bom titiriw no ‘nteɛ,’ ade a wɔanyɛ a ɛnyɛ ne kwan so, asɛm a ɛsɛ sɛ wɔpa kyɛw wɔ ho, anaa ɛma wɔn ani wu. . . . [Onipa] yɛ abɔde a ɔde guasodeyɛ sie n’awufo.”
Ɔyare ne Owu Fibea
Adwene a ɛne sɛ da koro owu ne ɔyare befi hɔ no kanyan akɔnnɔ yiye, nanso so nnyinaso bi wɔ hɔ ma gyidi a ɛte sɛɛ? Nokwarem no, ebi wɔ hɔ, ntease wom, wotumi de ho to so, na ɛbɛbam. Ɛne yɛn Bɔfo no Asɛm a efi honhom mu no—Kyerɛw Kronkron no.
Saa nhoma no kyerɛkyerɛ adesamma amanehunu fibea mu pefee. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam, na ɔde no too paradise turo mu wɔ baabi wɔ Mfinimfini Apuei Fam. Wɔbɔɔ Adam no na ɔyɛ pɛ; na onnim ɔyare ne owu. Ankyɛ onyaa ɔyere a ɔyɛ pɛ saa ara nso kaa ne ho, na na wɔn baanu nyinaa wɔ daa nkwa wɔ asase so ho anidaso.—Genesis 2:15-17, 21-24.
Saa tebea pa yi antra hɔ ankyɛ. Dɛn ntia? Efisɛ Adam de pɛsɛmenkominya paw asetra a ɛkwati Onyankopɔn. Awiei koraa no, ɛde adwumaden, ɛyaw, ɔyare, ne owu na ɛbae. (Genesis 3:17-19) N’asefo nyaa asetra a anigye nnim a Adam pawee yi fii awo mu. Romafo 5:12 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Romafo 8:22 se: “Yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.”
Wɔ Asase so Anaasɛ wɔ Soro?
Nanso, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma adesamma asan akɔ anigye tebea a Adam ne Hawa yeraa no no mu. Adiyisɛm 21:3, 4 se: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Odiyifo bi a ɔtraa ase tete nso huu bere a ‘obiara renka sɛ: Meyare’ siei.—Yesaia 33:24.
So wubetumi ayɛ wiase a ayaresabea, mɔkyere ne adamoa nni mu ho mfonini wɔ w’adwenem? So wubetumi ayɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ woda so ara te nkwa mu a amanehunu ne owu ho hu nni hɔ? Yiw, Onyankopɔn bɔhyɛ ka nkate a ɛwɔ yɛn nyinaa mu tɔnn no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ anidaso a ɛyɛ nwonwa yi fa yɛn okyinsoroma a ɛne Asase yi ho—na ɛnyɛ ɔsoro? Hyɛ nsɛm a wɔka kaa Kyerɛwnsɛm mu asɛm a yɛabobɔ din dedaw no ho no nsow. Adiyisɛm ti 21 nkyekyem a edi kan no ka “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm. Wɔka asɛm a emu da hɔ pefee sɛ Onyankopɔn ne adesamma bɛtra na wɔayɛ ne man. Asɛm a ɛne ‘ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ afiri’ wɔn no di Yesaia nhoma no mu bɔhyɛ a ese obiara renyare bio no akyi.
Enti bɔhyɛ ahorow a ɛhyɛ nkuran yi ka asase so asetra ho asɛm! Na ɛne Yesu mpae a ɔbɔɔ n’Agya yi hyia: “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.
Dɛn Nti na Ɛnkyɛ
Yehowa Adansefo aboa ɔpepem pii ma wɔabehu sɛ ɛrenkyɛ bɔhyɛ ahorow yi bɛbam. Nanso, dɛn so na wogyina gye di yiye sɛ ɛte saa? Wogyina adanse pii a ɛkyerɛ sɛ yɛte mprempren asase so nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mu no so. (2 Timoteo 3:1-5) Yesu asuafo no bisaa bere a nneɛma nhyehyɛe no awiei bɛba no ho nsɛnkyerɛnne. Yesu rema mmuae no, ɔkaa wiase nsɛm a esisi pii a aba fi bere a Wiase Nyinaa Ko I pae gui wɔ 1914 mu no ho asɛm.a Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” Enti awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ wɔ 1914 mu no mu binom behu mprempren wiase nhyehyɛe no awiei.—Mateo 24:33, 34.
Saa bere no Yehowa Nyankopɔn de ahyɛde bɛma ne Ba Yesu Kristo sɛ ɔnkɔ na ɔnkɔsɛe nneɛma a ɛde amanehunu ne ahohia ba nyinaa mfi okyinsoroma fɛfɛ a ɛne Asase yi ani. Bible no ka nsɛmmɔnedi a wobeyi afi hɔ no ho asɛm sɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon.—Adiyisɛm 16:14, 16.
Nnipa a wosuro Onyankopɔn bebree benya nkwa wɔ adeyɛ a ɛyɛ hu yi mu, na wɔbɛtra ase ahu Yesu Kristo asomdwoe nniso no mfiase. (Adiyisɛm 7:9, 14; 20:4) Ɛwom sɛ obefi soro na wadi tumi de, nanso wɔn a wɔte asase so nyinaa—wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon ko no mu ne ɔpepem pii a wobenyan wɔn akyiri yi afi awufo mu no benya nneɛma a ebefi mu aba no bi. Afei bɔhyɛ yi bɛbam ankasa: “Na etwa sɛ [Kristo] di hene kosi sɛ ɔde atamfo nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.”—1 Korintofo 15:25, 26.
Enti yebetumi de ahotoso ateɛm sɛ: “Aka Kakraa na Ɔyare ne Owu Nni hɔ Bio!” Eyi nyɛ ade a ɛrentumi mma mu, anaa biribi a wɔde adwene bu kɛkɛ. Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn a “onni atoro” no nokware bɔhyɛ. So wubegye anidaso yi adi? Wubetumi anya mu mfaso daa!—Tito 1:2.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ adesamma te nna a edi akyiri no mu a, hwɛ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase so a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no ti 18.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ɛrenkyɛ akwahosan pa ne daa nkwa besi ɔyare ne owu ananmu