Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 3/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Dɛn Nti na Yesu Huu Amane na Owui?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 3/1 kr. 16
Paradise​—ebinom regye wɔn ani wɔ po ano, na mmofra bi nso reguare po

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Yesu wu no, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma yɛn?

Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, na ɔpɛ sɛ anka wɔtena asase so daa a amanehunu ne owu biara nni hɔ. Nanso onipa a odi kan Adam yɛɛ asoɔden tiaa Ɔbɔadeɛ no maa daa nkwa bɔɔ no. Yɛyɛ Adam asefo, enti owu na ɔde agyaw yɛn. (Romafo 5:8, 12; 6:23) Yehowa, nokware Nyankopɔn no somaa ne Ba Yesu baa asase so bewui sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka nea Adam ma ɛbɔɔ yɛn no.​—Kenkan Yohane 3:16.

Yesu wui sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma betumi anya nkwa a enni awiei. Wohwɛ a, nkwa a enni awiei wɔ asase so bɛyɛ sɛn?

Yesu wu no ma yenya bɔne fafiri ne nkwa a enni awiei. Bible ka sɛ bere bi bɛba a mpanyinyɛ, yare, ne owu befi hɔ, na ɛma yehu sɛnea saa bere no, asase so asetena bɛyɛ.​—Kenkan Yesaia 25:8; 33:24; Adiyisɛm 21:4, 5.

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kae Yesu wu no?

Anadwo a Yesu rebewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ nhyiam ketewaa bi mfa nkae ne wu no. Sɛ yɛfa saa kwan no so kae Yesu wu no afe biara a, ɛboa yɛn ma yedwinnwen ne wu no ho. Ɛsan ma yedwinnwen ɔdɔ kɛse a Yesu ne Yehowa wɔ ma nnipa no ho.​—Kenkan Luka 22:19, 20; 1 Yohane 4:9, 10.

Afe yi, Yesu wu Nkaedi no besi Dwoda, April 14, bere a owia akɔtɔ. Yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ nkɔ Nkaedi no bi.​—Kenkan Romafo 1:11, 12.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 4 ne ti 5. Yehowa Adansefo na wotintimii

Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena