Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 11/1 kr. 6-7
  • Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Awufo Wɔ?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Yewu a Ɛhe na Yɛkɔ?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • “Wɔamene Owu Akosi Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
    Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 11/1 kr. 6-7

Asɛmmisa 2: Enti Miwu a Ɛhe na Merekɔ?

[Kratafa 6 mfonini]

BERE a Roman yɛ abofra no, ne yɔnko berɛbo bi nyaa kar akwanhyia wui. Akyiri yi ɔkae sɛ: “M’adamfo no wu no bubuu me pasaa. Akwanhyia no sii mfe pii akyi no, mibisaa me ho sɛ, sɛ yewu a ɛhe koraa na yɛkɔ?”

Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebebisa saa asɛm no?

Owu nyɛ ade a nnipa gye tom. Enti mmofra oo, mpanyin oo, obiara mpɛ sɛ obewu. Nnipa pii suro baabi a wowu a wɔbɛkɔ.

Mmuae bɛn na ebinom ma?

Nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a, biribi wɔ ne mu a ɛkɔ so tena ase. Wogye di sɛ nnipa pa benya wɔn akatua wɔ soro, na nipabɔnefo nso, wɔn bɔne nti wɔbɛtwe wɔn aso daa. Ebinom nso wɔ adwene bi sɛ sɛ obi wu a na asa.

Nea wɔreka no, dɛn na ɛkyerɛ?

Nnipa a wokura adwene sɛ obi wu a, biribi wɔ ne mu a ɛkɔ so tena ase no, nea ɛkyerɛ ne sɛ nnipa wu a na wonwui. Wɔn a wɔwɔ adwene sɛ obi wu a na asa no nso, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nnipa nni botae biara a wɔde te asase yi so. Wɔn a wokura saa adwene no fa no sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara ato hɔ dedaw; enti wɔka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.

Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?

Bible nka sɛ, sɛ obi wu a ne ho biribi kɔ so tena ase. Onyankopɔn de honhom kaa Ɔhene Solomon ma ɔkyerɛw sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛnea ɔkae sɛ “wonnim biribiara” no kyerɛ sɛ wonnim nea ɛrekɔ so biara. Wonni atenka na wontumi nyɛ hwee. Enti awufo rentumi mmoa ateasefo anaa wompira wɔn.

Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ nnipa nwu, nanso ɛnte saa koraa. Ɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam sɛ ɔntena asase so daa. Bere a Onyankopɔn reka Adam bɔne ho asotwe akyerɛ no no, saa bere no nkutoo na Onyankopɔn kaa owu ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ mma onnni aduaba bi, na afei ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ, sɛ odi bi a, ‘owu na obewu.’ (Genesis 2:17) Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn a, anka wɔne wɔn mma a wobetie Onyankopɔn nyinaa bɛtena asase so daa.

Adam antie Onyankopɔn kɔkɔbɔ no. Bere a wantie Onyankopɔn asɛm no, ɔyɛɛ bɔne, enti owui. (Romafo 6:23) Adam wui no, ne ho biribiara ankɔ so atena hɔ. Mmom bere a owui no, na onni baabiara. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Esiane sɛ adesamma nyinaa fi Adam mu nti, yenyaa bɔne ne owu fii ne hɔ.—Romafo 5:12.

Ɛwom, Adam anyɛ adepa, nanso Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Adam asefo ahyɛ asase so ma no, ɔbɛma aba mu. (Genesis 1:28; Yesaia 55:11) Ɛrenkyɛ Yehowa benyan awufo dodow no ara asan aba nkwa mu. Ɔsomafo Paulo kaa saa bere no ho asɛm sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”—Asomafo Nnwuma 24:15.

Roman a yɛafa n’asɛm aka dedaw no suaa Bible, na ohuu nea Bible ka fa owu ho ne nea ɛka fa Yehowa Nyankopɔn nso ho. Nea osuae no ma ɔyɛɛ nsakrae kɛse paa. Kenkan ne ho asɛm wɔ nhoma yi kratafa 11.

Sɛ wopɛ sɛ wusua baabi a yewu a yɛkɔ ho ade pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 6. Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

Dɛn na Yesu Ka Faa Owu Ho?

Nyamesom mu mpanyimfo a wɔwɔ Yesu bere so no, na wonnye owusɔre nni, nanso Yesu ne wɔn anyɛ adwene. (Luka 20:27) Yesu ankyerɛ nso sɛ onipa wu a biribi wɔ ne mu a ɛkɔ so tena ase. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea edidi so yi.

Owu te sɛ nna. Bere a n’adamfo Lasaro wui no, Yesu kae sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akonyan no.” Yesu asuafo no ante nea ɔkae no ase. Enti wobuae sɛ: “Awurade, sɛ wada de a, ɛnde ne ho bɛyɛ no den.” Bible no kyerɛɛ mu sɛ: “Yesu de, na ne wu ho asɛm na ɔreka. Nanso wosusuwii sɛ ɔreka nna ho asɛm. Enti afei de, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’”—Yohane 11:11-14.

Wobenyan awufo. Bere a Yesu koduu Lasaro kurom no, ɔkaa nsɛm bi de kyekyee Lasaro nuabea Marta werɛ; ɔkae sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Afei Yesu fii ne koma nyinaa mu hyɛɛ no bɔ sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa. Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.” Bɔ a Yesu hyɛɛ Marta no, na ɛnyɛ agoru na ɔredi. Ɛwom, na Lasaro awu nnanan, nanso Yesu nyanee no maa nnipa pii hui.—Yohane 11:23, 25, 38-45.

Bere a Yesu de Adiyisɛm no maa ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu mu no, ɔsan sii so sɛ awufo bɛsɔre. Ɔkae sɛ bere bi reba a, nnipa a owu de wɔn ayɛ nkoa ɔkwan bi so no, wɔn nyinaa benya wɔn ho atetew. —Adiyisɛm 20:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena