Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
Ɔbarima Hiob bisae bere tenten bi a atwam ni sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” (Hiob 14:14) Ebia wo nso woasusuw eyi ho pɛn. Sɛ wunim sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wo ne w’adɔfo bɛsan ahyiam bio wɔ asase so ha wɔ tebea a eye sen biara mu a, anka wobɛte nka dɛn?
Bible no hyɛ bɔ sɛ: ‘W’awufo benya nkwa, . . . wɔbɛsɔre.’ Na Bible no ka nso sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Yesaia 26:19; Dwom 37:29.
Sɛ yebenya bɔhyɛ ahorow yi mu gyidi ankasa a, ɛho hia sɛ yebua nsɛmmisa atitiriw bi: Dɛn nti na nkurɔfo wu? Ɛhe na awufo wɔ? Na yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ wobetumi atra ase bio?
Owu, ne Nea Ɛba Bere a Yɛawu
Bible no da no adi pefee sɛ mfitiase no na ɛnyɛ Onyankopɔn adwene ne sɛ nnipa bewu. Ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔde wɔn too asase so paradise bi a wɔfrɛ no Eden mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo mma na wɔntrɛw wɔn Paradise ofi no mu wɔ asase so nyinaa. Sɛ wɔyɛ n’akwankyerɛ ho asoɔden nkutoo a na na wobewu.—Genesis 1:28; 2:15-17.
Esiane sɛ Adam ne Hawa ani ansɔ Onyankopɔn ayamye no nti, wɔyɛɛ asoɔden na ɛmaa asotwe a wɔaka ho asɛm no baa wɔn so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Bere a na wonnya mmɔɔ Adam no, na onni baabiara; na ɔyɛ dɔte. Na esiane Adam asoɔden, anaasɛ bɔne no nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛsan akɔ dɔte mu, ɛbɛyɛ nea onni baabiara.
Enti owu kyerɛ nkwa mu a obi nni. Bible no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ mu no sɛ: ‘Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa.’ (Romafo 6:23) Bible no rekyerɛ sɛ owu yɛ tebea a wonhu biribiara wom no, ese: ‘Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ onipa wu a ‘ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.’—Dwom 146:3, 4.
Nanso, esiane sɛ Adam ne Hawa nkutoo na wɔyɛɛ saa ahyɛde no ho asoɔden wɔ Eden nti, dɛn nti na yɛn nyinaa wuwu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a Adam yɛɛ asoɔden no akyi na wɔwoo yɛn nyinaa, na enti, yɛn nyinaa nyaa bɔne ne owu fii ne hɔ. Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ mu no: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12; Hiob 14:4.
Nanso ebia obi bebisa sɛ: ‘So nnipa nni ɔkra a enwu a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi?’ Nnipa pii susuw saa na wɔka mpo sɛ wɔnam owu so kɔ asetra foforo mu. Nanso saa adwene no nyɛ nea efi Bible mu. Mmom no, Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkra, ne sɛ, wo kra no ne wo ankasa a wo nipadua ne adwene mu su ahorow no nyinaa ka ho. (Genesis 2:7; Yeremia 2:34; Mmebusɛm 2:10) Bible no ka nso sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Bible no nka wɔ baabiara sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu a ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu no.
Ɔkwan a Nnipa Betumi Afa So Atra Ase Bio
Bere a bɔne ne owu baa wiase akyi no, Onyankopɔn daa no adi sɛ ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ ɔnam owusɔre so bɛsan ama awufo aba nkwa mu bio. Enti Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abraham . . . susuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan [ne ba Isak] afi awufo mu mpo.” (Hebrifo 11:17-19) Ná Abraham gyidi no nyɛ nea enni nnyinaso, efisɛ Bible no ka wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ho sɛ: “Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.”—Luka 20:37, 38.
Yiw, ɛnyɛ tumi nko na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ, na mmom ɔwɔ ɔpɛ sɛ obenyan nnipa a ɔpɛ nso. Yesu Kristo ankasa kae sɛ: “Mommma eyi nyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.
Bere a Yesu kaa eyi akyi no, ankyɛ na ohyiaa nnipa a wofi Israelfo kurow Nain mu a wɔrekosie obi. Ná aberante a wawu no yɛ okunafo bi ba koro pɛ. Bere a Yesu huu awerɛhow kɛse a ɔbea no redi no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Enti bere a ɔrekasa akyerɛ amu no, ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Aberante no sɔree na Yesu de no maa ne na.—Luka 7:11-17.
Sɛnea na ɛte wɔ okunafo no asɛm no mu no, saa ara na nnipa no ani gyei kɛse bere a Yesu kɔɔ Yairo a ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin fi no. Ná ne babea a wadi mfe 12 awu. Nanso bere a Yesu duu Yairo fi no, ɔkɔɔ abofra a wawu no nkyɛn na ɔkae sɛ: “Abofra, nyan!” Onyanee!—Luka 8:40-56.
Yesu adamfo Lasaro wui akyiri yi. Bere a Yesu beduu Lasaro fi no, na wawu nnanan. Ɛwom sɛ na ne nuabea Marta werɛ ahow kɛse de, nanso ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ anidaso bere a ɔkaa eyi no: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” Nanso Yesu kɔɔ ɔda no so na ɔkae sɛ wonyi ɔbo no, na ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Ofi bae!—Yohane 11:11-44.
Afei susuw eyi ho: Ná Lasaro tebea te dɛn wɔ saa nnanan a na wawu no mu? Lasaro anka sɛ na ɔwɔ ɔsoro anigye bi mu anaasɛ hell ahoyeraw bi mu, biribi a sɛ ɛbaa saa a, anka akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛka ho asɛm no. Dabi, na Lasaro awu a onnim biribiara, na sɛ Yesu ansan amfa no amma nkwa mu saa bere no a, anka ɔbɛkɔ so ayɛ saa akosi “owusɔre mu, da a edi akyiri no.”
Ɛyɛ ampa sɛ na Yesu anwonwade ahorow yi mu mfaso yɛ bere tiaa mu de, efisɛ wɔn a onyanee wɔn no san wuwui bio. Nanso, ɔde adanse mae wɔ mfe 1,900 a atwam ni no mu sɛ ɛdenam Onyankopɔn tumi so no, awufo betumi asan atra ase bio ankasa! Enti Yesu nam n’anwonwade ahorow no so kyerɛɛ nea ɛbɛba asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no wɔ ɔkwan a esua so.
Bere a Ɔdɔfo bi Wu
Sɛ owu a ɔyɛ ɔtamfo no ba a, awerɛhow a wudi no betumi ayɛ kɛse, ɛwom sɛ ebia wowɔ owusɔre no mu anidaso de. Ná Abraham wɔ gyidi sɛ ne yere no bɛtra ase bio, nanso yɛkenkan sɛ: “Abraham bae begyam Sara, na osuu no.” (Genesis 23:2) Na Yesu nso ɛ? Bere a Lasaro wui no “oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,” na ankyɛ na ‘osui.’ (Yohane 11:33, 35) Enti, sɛ obi a wodɔ no wu a, su a wubesu no nkyerɛ sɛ woyɛ mmerɛw.
Sɛ abofra wu a, ɛho asɛm haw ɛna no titiriw. Enti Bible no te awerɛhow kɛse a ɛna betumi adi no ase. (2 Ahene 4:27) Ɛwom, ɛho asɛm tumi haw agya no nso. Bere a Ɔhene Dawid ba, Absalom, wui no, otwaa adwo sɛ, “Ɛkaa me nko a anka misii w’ananmu miwui!”—2 Samuel 18:33.
Nanso esiane sɛ wowɔ owusɔre no mu gyidi nti, w’awerɛhow no renyɛ nea ɛto ntwa. Sɛnea Bible no ka no, wo ‘werɛ renhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ (1 Tesalonikafo 4:13) Mmom no, wobɛbɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na Bible no hyɛ bɔ sɛ “obeso wo mu.”—Dwom 55:22.
Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.