Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 22-25
  • Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?
  • Nsu a Ɛho Reyɛ Den Kɛse
  • Asase Ase Nsu a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan Pa ne Ɔkwammɔne So
  • Nsɛe Nsu na Ɛho Anyɛ Den
  • So Nsu Ho Reyɛ Na Wɔ Wiase?
    Nyan!—2001
  • Nsu Pa a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—2001
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsu a Ɛho Akɔ Atwee Wɔ Wiase Nyinaa No Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 22-25

Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?

Cherrapunji, India, yɛ asase so mmeae a nsu wɔ hɔ sen biara no biako. Sɛ edu osutɔbere a, nsu milimita 9,000 tɔ ma eyiri fa asase a ɛda Himalaya Mmepɔw ase no. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, Cherrapunji nso abɛyɛ beae a nsu ho ayɛ na.

ESIANE sɛ nnua kakraa bi na aka wɔ hɔ nti, sɛ osu tɔ a, enni gyina na emu fã kɛse no ara atene kɔ ntɛm ara. Sɛ osutɔbere no twam asram abien pɛ a, nsu ho yɛ den. Robin Clarke kaa Cherrapunji ho asɛm mfe bi a atwam wɔ ne nhoma Water: The International Crisis mu sɛ “asasetam a nsu wɔ so sen biara.”a

Ɔman a ɛda Cherrapunji ase pɛɛ ne Bangladesh, ɔman a ɛda fam a nnipa ahyɛ mu ma a osutɔbere mu nsu a ɛtene fi India ne Nepal nsubɔnten a kwae biara nni ho mu ma ɛhɔfo ho kyere wɔn no. Mfe bi wɔ hɔ a, Bangladesh man no nkyem abiɛsa mu abien na nsu yiri fa hɔ. Nanso sɛ nsu no twe a, Ganges Asubɔnten no yow ma sukɔm si asase no so. Nsu a eyiri na ɛyow no ma nnipa bɛboro ɔpepem 100 a wɔwɔ Bangladesh no kɔ ɔhaw kɛse mu afe biara. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ arsenic awuduru ama ɛhɔ abura nyinaa asɛe, na ebetumi aba sɛ adi nnipa ɔpepem pii awu dedaw.

Wɔ Nukus, Uzbekistan, a ɛne Aral Po no ntam kwan nware mu no, nkyene na ɛresɛe nneɛma, na ɛnyɛ arsenic. Nkyene mfitamfitaa bi a ebegu asaawa nnua ho no mma entumi nnyin. Nkyene no ba nsu a ɛtaataa asase no so no ani. Nkyene a ɛdɔɔso wɔ asase mu no nyɛ ɔhaw foforo. Ɔhaw koro no ara na ɛmaa kua a Mesopotamiafo yɛ no kɔɔ fam mfe mpem anan a atwam no. Nsuka pii a wotutu na nsu a ɛwom no ntumi ntene yiye no na ɛma nkyene ano boa wɔ asase ani. Nsu pa pii ho hia na ama wɔatumi anya nnɔbae pii. Nanso, awiei koraa no—nkyirimma a wɔbɛba no—ntumi mfa asase no nyɛ hwee bio.

Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?

Awerɛhosɛm ne sɛ, osu taa tɔ kɛse. Ɛnyɛ nsuyiri nko na eyi ma ɛba, na mmom, ɛma asase so nsu no tene kogu po mu ntɛm. Na mmeae bi wɔ hɔ a osu tɔ pii, na mmeae bi nso ɛtɔ kakraa bi. Afe biara, wotumi susuw osu a ɛtɔ wɔ Cherrapunji no hu sɛ ne dodow boro milimita 26,000, nanso mfe pii tumi twam a osu biara ntɔ wɔ Atacama Anhweatam a ɛwɔ Chile atifi fam no.

Bio nso, nnipa dodow no ara te asase so mmeae a nsu ho yɛ den. Sɛ nhwɛso no, nnipa kakraa bi pɛ na wɔte Afrika ne Amerika Anaafo fam mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no. Nsu dodow a ɛtɔ gu Amazon Asubɔnten kɛse mu afe biara no mu ɔha biara mu 15 na ekogu Atlantic Po no mu, nanso esiane sɛ nnipa kakraa bi na wɔwɔ hɔ nti, nsu kakraa bi na wohia. Ɔkwan foforo so no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 60 na wɔte Egypt, baabi a osu ntaa ntɔ no, na ɛkame ayɛ sɛ Asubɔnten Nile a emu nsu resa no mu na wonya wɔn nsu nyinaa fi.

Mfe bi a atwam no na nsu ho nsɛm a ɛte saa no mfa ɔhaw kɛse biara mma. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, wɔ 1950 mu no, na baabiara nni hɔ wɔ asase so a nsu ho yɛ nã. Nanso saa mmere a na nsu ho nyɛ na no asakra. Wɔ Afrika Atifi fam ne Asia Mfinimfini fam nsase a osu ntaa ntɔ so no, nsu a ankorankoro biara nya seesei no bɛyɛ nea na wonya wɔ 1950 mu no nkyem du.

Sɛ nnipa a wɔn dodow nya nkɔanim wɔ mmeae bi ne osu a ɛntɔ kɛse no da nkyɛn a, nneɛma foforo bi ka ho na nsu ho ayɛ na. Wɔ nnɛ wiase no, sɛ nkɔso ne mpɔntu bɛba a, egyina nsu so.

Nsu a Ɛho Reyɛ Den Kɛse

Sɛ wote ɔman a mfiridwuma dɔɔso wom mu a, akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ nnwinnan atwa nsu akɛse ho ahyia. Ntease no yɛ tiawa. Ɛkame ayɛ sɛ, nnwinnan hia nsu na wɔde ayɛ biribiara, efi kɔmputa so kosi paane a wɔde ka nkrataa bom so. Nnuan ho adwuma nso gye nsu pii. Anyinam ahoɔden nnwumayɛbea nso hia nsu pii ma enti wosisi no wɔ atare anaa nsubɔnten ho.

Nsu a wohia de ayɛ kua no dɔɔso sen saa mpo. Wɔ mmeae pii no, osu ntɔ kɛse anaasɛ wontumi nnya nsu pii nyɛ kua, enti wɔhyɛ da tutu nsuka de mu nsu no di dwuma wɔ asase no fa a nsu nni pii no. Esiane sɛ wotutu nsuka de mu nsu gugu nnɔbae pii so nti, ɛma kuayɛ gye asase so nsu pa no pii.

Bio nso, nsu a wɔde di dwuma wɔ fie no ho abehia kɛse. Wɔ 1990 mfe no mu no, nnipa a wɔte nkuropɔn mu a wɔn dodow duu ɔpepem 900 no maa ɛho behiae sɛ wɔyɛ ahotew ne nsu pa ho nhyehyɛe. Mmeae a wonya nsu fi, te sɛ nsubɔnten ne asubura mu no, ɛnso nkuropɔn akɛse mufo bio. Sɛ nhwɛso no, seesei, Mexico City twe nsu fi akyiri bɛboro kilomita 125 de kɔ kuropɔn no mmeae a egu mmepɔw so bɛyɛ milimita 1,200 no. Dieter Kraemer ka wɔ ne nhoma Water: The Life-Giving Source no mu sɛ ‘yebetumi de tebea no atoto posena ho; watene ne nsa afi kuropɔn mu rekɔhwehwɛ nsu.’

Enti, mfiridwuma, kuayɛ, ne nkuropɔn mu asetra, ama abehia sɛ wonya nsu pii. Na wɔatumi adi wɔn ahiade no pii ho dwuma seesei denam nsu a ɛwɔ asase mu—asase ase nsu—a wɔde wɔn ho to so no so. Abotan mu nsu titiriw na ɛma wonya nsu pa wɔ asase so. Nanso ebetumi asa. Nsu a ɛwɔ beae a ɛte saa no te sɛ sika a wɔde kɔto sikakorabea. Sɛ wokɔ so yi na sɛ womfa nea ɛsɛ nkɔto hɔ a, ɛbɛsa. Enti, ɛrenkyɛ na wɔatwa wɔn kan nneyɛe so aba.

Asase Ase Nsu a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan Pa ne Ɔkwammɔne So

Asase ase nsu ne nsu a yenya bere a yetu abura no. Amanaman Nkabom Mmofra Foto no nhoma Groundwater: The Invisible and Endangered Resource no bu akontaa sɛ yenya nsu a yɛde di dwuma wɔ fie ne nea yɛde gugu nnɔbae so no mu fa fi asase ase. Esiane sɛ mpɛn pii no, asase ase nsu ani tew sen asase ani de no nti, ɛno na nnipa dodow no ara nom wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraa ase nyinaa. Sɛ yɛansɛe asase ase nsu a, yebetumi anya bi bere nyinaa esiane sɛ osu tɔ bere nyinaa ma ɛtene nkakrankakra kɔ asase ase daa nti. Nanso mfe pii ni no, nsu a nnipa sɛe no no dɔɔso sen nea ɛtɔ hyɛ ananmu no.

Nea afi mu aba ne nsu a ɛreyow, na ɛde ka kɛse ba anaasɛ entumi nyɛ yiye mpo sɛ wobetumi atu asase ase akɔ akyiri paa akonya nsu. Sɛ abura mu nso sa a, ɛde sikasɛm mu ahokyere ne ɔhaw foforo brɛ nnipa. Wɔ India no, ɔhaw a ɛte saa afi ase dedaw. Esiane sɛ nnipa ɔpepepem a wɔte China ne India mfinimfini fam nsasetaw so no de asase ase nsu na edua nnɔbɔae nti, ɔhaw kɛse na afi mu aba.

Nea ama asase ase nsu resa koraa ne efĩ a ɛkɔ mu no. Ɔyɛ-asase-yiye, nnipa ne mmoa tiafi, ne nnwinnan mu nnuru nyinaa ho fĩ tene kogu asase ase nsu mu. Amanneɛbɔ bi a Wiase Wim Tebea Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no tintimii no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ asase ase nsu sɛe a, egye bere tenten ne ka kɛse ansa na wɔatumi asiesie, na ebia wontumi nsiesie bio mpo. Wɔfrɛ efĩ a ɛkɔ nsu mu nkakrankakra no ‘awuduru a ɛyɛ hu.’ Ɛde nnipa nkwa to asiane mu.”

Ɔhaw a etwa to ne sɛ nsu a wɔtwe fi asase ase no tumi sɛe asase a wɔde gugu so no. Wɔ aman a nsu ntaa ntɔ mu no nsuka a wotutu de gugu nnɔbae so ma nkyene ba asase no so. Wɔ India ne United States—wiase aman abien a wodua nnuan pii—no, nsase a wogugu so nsu mu ɔha mu 25 na asɛe dedaw.

Nsɛe Nsu na Ɛho Anyɛ Den

Wɔ ɔhaw yi nyinaa akyi no, sɛ yɛde asase yi so nsu a ɛsom bo no di dwuma nyansam a, tebea no nsɛe koraa. Akwampa a wɔmfa so ntutu nsuka no ma nsu bɛyɛ ɔha mu 60 sɛe ansa na wɔatumi de nkae no agugu nnɔbae no so. Ɔkwan pa a wɔbɛfa so—mfiri pa a wɔde bedi dwuma—betumi atew nsu a nnwinnan de di dwuma no so bɛyɛ fã. Na sɛ durubɛn bi sɛe na wosiesie no ntɛm a, wobetumi atew nsu a wɔde di dwuma wɔ nkurow akɛse mu no so ɔha biara mu 30.

Sɛ wobetumi akora nsu so a, ɛhwehwɛ sɛ wonya ɔpɛ ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa. So ntease pa bi wɔ hɔ a yebegyina so agye adi sɛ wɔbɛkora yɛn asase yi so nsu a ɛsom bo no so ama nkyirimma? Asɛm a etwa to no besusuw asɛmmisa yi ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Cherrapunji—One of the Wettest Places on Earth” (Cherrapunji—Asase so Mmeae a Nsu Wɔ Sen Biara no Biako) a ɛwɔ May 8, 2001, Engiresi Nyan! mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

NSU HO HIA NA AMA BIRIBIARA AKƆ SO WƆ WIASE

Nokwarem no, mfiridwuma gye nsu pii. Nhwɛso kakraa bi ni.

◼ Dade tɔn biako a wɔbɛyɛ no betumi agye nsu tɔn 280.

◼ Krataa kilogram biako a wɔbɛyɛ no betumi agye nsu kilogram 700 (sɛ adwinnan no amfa nsu dedaw anni dwuma bio a).

◼ Sɛ aguadeyɛfo bɛyɛ U.S. kar biako a, gye sɛ ɔde nnwinnade a emu duru bɛyɛ kar no mpɛn aduonum gu nsu mu.

Saa ara na kuayɛ nso gye nsu pii, titiriw sɛ wɔyɛn mmoa wɔ mmeae a osu ntaa ntɔ no a.

◼ California nantwinam kilogram biako a wɔyam no gye nsu galɔn 2,500.

◼ Akokɔ biako pɛ nam a wobesiesie de ahyɛ friigi mu no gye nsu bɛyɛ galɔn ason.

[Akontaabu pon/Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MMEAE BƐN NA WƆDE NSU NO DI DWUMA?

Ofie 10%

Adwinnan mu 25%

Kuayɛ mu 65%

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Wɔsɛe nsu galɔn ɔpepem pii esiane durubɛn a ɛsɛe ne nsu a wogyaw si so nti

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Richard Drew

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena