Nsu Pa a Wɔhwehwɛ
BƐBORO mfe mpem abien a atwam no, kurow kɛse bi a emu nnipa yɛ 30,000 begyee din yiye wɔ Arabia Anhweatam so. Ɛmfa ho sɛ na ɛhɔ wim tebea nye, na osu milimita 150 pɛ na ɛtɔ wɔ hɔ afe biara no, nnipa a na wɔte Petra tumi traa hɔ wɔ nsu a na ɛho yɛ na no nyinaa akyi. Na Petra bɛyɛɛ kurow titiriw a edi yiye.
Ná Nabataeafo a wɔte Petra no nni anyinam ahoɔden afiri a wɔde twe nsu. Na wonni nsu mu ban akɛse biara. Nanso na wonim ɔkwan a wɔfa nya nsu kora so. Nneɛma nketenkete bebree a wɔde kora nsu so, akã, nsubɔnka, ne abura a wotutui no maa wotumi twee nsu kɔɔ wɔn kurow ne wɔn nsase nketewa so. Wɔansɛe nsuko biara mpo. Wotutuu wɔn abura no yiye araa ma nnɛyi Bedouinfo mpo da so de di dwuma.
Nsu ho nimdefo bi ka sɛ: “Nsu yɛ biribi a wɔayɛ ho nhyehyɛe yiye wɔ Petra. Saa nkurɔfo no yɛ nnipa a wɔwɔ ahokokwaw ne nimdeɛ soronko koraa.” Nnansa yi, Israel animdefo ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya nimdeɛ a na Nabataeafo a wɔyɛɛ kua wɔ Negeb, baabi a osu ntɔ mmoro milimita 100 afe biara no de di dwuma no bi. Afifide ne dɔte ho animdefo ayɛ Nabataeafo mfuw nketewa mpempem pii a ne wuranom de ahokokwaw twee awɔw bere mu nsu kɔɔ mu no amamfõ so nhwehwɛmu.
Asuade a akuafo a wɔwɔ Sahel mantam a ɛwɔ Afrika a ɔpɛ asi hɔ anya afi Nabataeafo hɔ no reboa wɔn dedaw. Akwan a wɔfa so kora nsu so nnɛ no so betumi aba mfaso saa ara. Wɔ Lanzarote, Canary Nsupɔw no biako, a atew ne ho afi Afrika mpoano so no, akuafo asua sɛnea wobedua bobe ne borɔdɔma wɔ baabi a osu ntɔ koraa no. Wodua bobe anaa borɔdɔma no wɔ bonka mu na afei wɔde ogya bepɔw mu nsõ akata dɔte no so na amma huhuro amfi mu. Sɛ ɛba saa a, ɛma ntini no tumi nya nsu a ɛfata ma aduaba no nyin.
Akwantiaa a Wɔde Bedi Dwuma
Yebetumi ahu ɔkwan koro yi ara a wɔfa so de nsu di dwuma wɔ mmeae a osu ntaa ntɔ no wɔ wiase nyinaa—te sɛ nea ɛkɔ so wɔ Bishnoifo, a wɔte Thar Anhweatam a ɛwɔ India so no mu; mmea a wɔte Turkana Tare a ɛwɔ Kenya ho no mu; ne Navajo Indiafo a wɔte Arizona, U.S.A. no mu. Akwan a wɔfa so de osu a ɛtɔ di dwuma, a wosuaa ho ade mfehaha pii no, reboa kɛse ma wɔadi kuayɛ mu nsɛnnennen ho dwuma asen akwan a ɛkorɔn a afoforo fa so no.
Afeha a ɛto so 20 no yɛ afeha a wosisii nsu mu ban pii. Wogyigyee ban wɔ nsubɔnten akɛse mu, yeyɛɛ nsuka akɛse nso. Nyansahufo bi bu akontaa sɛ wɔde wiase nsuten ne nsubɔnten ɔha mu 60 adi dwuma wɔ ɔkwan bi so. Bere a adeyɛ a ɛte saa maa wonyaa mfaso bi no, animdefo twe adwene si nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a asɛe ne nnipa ɔpepem pii a wɔhweree wɔn afie no so.
Bio nso, ɛmfa ho adwempa a ɛwɔ nhyehyɛe yi akyi no, akuafo a wohia nsu paa no nnya so mfaso ahe biara. Bere a kan India Mampanyin Rajiv Gandhi retwe adwene asi nsuka a wotutu wɔ ɔman no mu so no, ɔkae sɛ: “Mfe 16 na yɛde asɛe sika pii. Ɔmanfo no nnyaa mu mfaso biara, wonnyaa nsu pii, wonnyaa nsu pa, wontwa nnɔbae pii, na wonnyaa asetra mu mmoa biara.”
Nanso, akwantiaa a wɔfa so de nsu di dwuma no so wɔ mfaso kɛse na ɛnsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no kɛse. Nsuka ne nsu mu ban nketewa ɔpepem asia a Chinafo asisi no aboa ɔmanfo no kɛse. Wɔ Israel no, nkurɔfo ahu sɛ wɔnam nyansakwan kakraa bi so betumi de nsu koro no ara ahoro ade, de adi dwuma na ama mmeae bi atew, na awiei koraa no, wɔde agugu nnɔbae so.
Ɔkwan pa foforo a wobetumi afa so ne nsu a wɔde bɛfa rɔba a wɔatutu mu ntokuro nketenkete mu, a esiesie dɔte na ɛde nsu ɔha mu 5 pɛ na edi dwuma no. Nsu a wɔde bedi dwuma nyansam nso kyerɛ sɛ wobedua nnɔbae a etumi gyina ɔpɛ ano, te sɛ atoko ne awi, sen sɛ wobedua nea ehia nsu pii, te sɛ ahwerew ne aburow.
Sɛ wɔn a wɔde nsu di dwuma wɔ fie ne nnwuma mu no bɔ mmɔden kakraa bi a, wɔn nso betumi atew nsu dodow a wɔde di dwuma so. Sɛ nhwɛso no, wobetumi de nsu bɛyɛ lita biako ayɛ krataa kilogram biako bere a adwinnan no de nsu no di dwuma bio no—na wɔakora bɛboro ɔha mu 99 so. Mexico City de tiafi a ennye nsu kɛse asi nea egye nsu pii no ananmu. Kuropɔn no san bɔɔ dawuru na ama wɔatew nsu dodow a wɔde di dwuma so koraa.
Nea Ehia Ma Wɔatumi Adu Botae no Ho
Sɛ wobetumi adi nsu a ɛho ayɛ na—ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia dodow no ara a ɛresɛe—ho dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn suban. Ehia sɛ nkurɔfo de nkabom yɛ ade na wogyae pɛsɛmenkominya, de nneɛma a ɛsɛ bɔ afɔre, na wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ asase no ho ban ama nkyirimma. Ɛdefa eyi ho no, Sandra Postel ka wɔ ne nhoma Last Oasis—Facing Water Scarcity mu sɛ: “Yehia nsu ho nhyehyɛe pa—abrabɔ ho nhyehyɛe pa a yɛde besisi gyinae a emu yɛ den afa abɔde mu nneɛma a yɛnte ase na yentumi nte ase nwie ho no.”
Nokwarem no, ɛnyɛ ɔman biako bi nkutoo na ɛsɛ sɛ odi “nsu ho nhyehyɛe” a ɛte saa no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ aman ahorow no nyinaa yɛ biako esiane sɛ ɛnyɛ ɔman biako pɛ mu na nsubɔnten sen fa nti. Ismail Serageldin ka wɔ ne nhoma Beating the Water Crisis mu sɛ: “Nsu pa a yɛbɛbɔ ho ban, a kan no, na wosusuw sɛ ɛyɛ ankorankoro asɛm no—yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wobu no nnɛ sɛ wiase nyinaa haw.”
Nanso, aman nyinaa a wobenya wɔn ma wɔasusuw wiase nyinaa haw ho no nyɛ ade a ɛda fam, sɛnea UN Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan gye tom no. Ɔka sɛ: “Wɔ ɛnnɛ wiase mu no, akwan a yɛbɛfa so adu botae bi ho wɔ wiase nyinaa no nyɛ mmerɛw sɛ kan no. Ɛho hia kɛse sɛ yɛbɛma obiara ahu sɛ ɛsɛ sɛ ‘wiase nyinaa’ ka bom yɛ ade.”
Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yebenya akwahosan pa ne anigye a, ennyina nsu pa pii a yebenya nkutoo so—ɛwom sɛ ɛho hia de. Ɛsɛ sɛ adesamma di kan hu sɛ wɔwɔ asɛyɛde wɔ Nea ɔde nsu ne nkwa mae no anim. (Dwom 36:9; 100:3) Na sɛ́ anka wɔbɛyɛ anibiannaso na wɔasɛe asase ne ɛso nneɛma no, ehia sɛ ‘wɔde asase no di dwuma na wɔhwɛ so,’ sɛnea yɛn Bɔfo no hyɛɛ yɛn awofo a wodi kan sɛ wɔnyɛ no.—Genesis 2:8, 15; Dwom 115:16.
Nsu a Ɛkyɛn Biara
Esiane sɛ nsu ho hia kɛse nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu. Nokwarem no, sɛ yebenya asetram anigye, sɛnea mfiase atirimpɔw te no a, ɛsɛ sɛ yehu baabi a sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi fi. Ɛsɛ sɛ yesua nso sɛ yebenya su a ɔbea a obisaa Yesu Kristo nea edi so yi daa no adi wɔ afeha a edi kan mu no bi: “Owura, ma me saa nsu yi bi ɛ.” (Yohane 4:15) Susuw nea esii no ho hwɛ.
Yesu gyinaa abura bi a emu dɔ a ɛbɛn nnɛyi Nablus no ho—abura koro no ara a ɛda adi sɛ nkurɔfo a wofi wiase nyinaa da so ara kɔhwɛ no. Saa bere no, Samariani bea bi nso baa abura no ho. Te sɛ afeha a edi kan mu mmea pii no, ɛda adi sɛ na ɔba ha daa bɛsaw nsu. Nanso Yesu kae sɛ obetumi ama no “nkwa nsu”—nsu a sɛ ɔnom a, osukɔm renne no bio.—Yohane 4:10, 13, 14.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbea no ani gyee asɛm no ho. Nanso nokwarem no, na “nkwa nsu” a Yesu reka ho asɛm no nyɛ nsu ankasa. Ná Yesu reka honhom fam nsiesiei a ebetumi ama nkurɔfo anya daa nkwa ho asɛm. Nanso, abusuabɔ bi da sɛnkyerɛnne kwan so nsu ne nsu ankasa ntam—yehia n’abien nyinaa na yɛakɔ so atra nkwa mu.
Na Onyankopɔn taa ma ne nkurɔfo nsu bere a wɔahyia nsu ho nsɛnnennen no. Ɔnam anwonwakwan so maa Israelfo pii a wɔfaa Sinai sare so kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no nsu. (Exodus 17:1-6; Numeri 20:2-11) Elisa, Onyankopɔn diyifo no, siesiee Yeriko abura a na emu ayɛ fĩ no. (2 Ahene 2:19-22) Na bere a Israelfo nkae a wɔanu wɔn ho san fi Babilon baa wɔn asase so no, Onyankopɔn dii wɔn anim kɔɔ ‘anhwea pradada a nsu wɔ so so.’—Yesaia 43:14, 19-21.
Seesei yehia nsu daa wɔ yɛn asase yi so. Esiane sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, dii nsu ho haw ho dwuma wɔ tete mmere mu nti, so ɔrenyɛ saa bio daakye? Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ. Bere a Onyankopɔn reka tebea a ɛbɛkɔ so wɔ N’ahenni a wahyɛ ho bɔ mu ho asɛm no, ɔka sɛ: “Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti; sɛ wonhu nte ase mfa nsie koma mu na wonnwen ho prɛko sɛ: [Yehowa, NW] nsa na ɛyɛɛ eyinom.”—Yesaia 41:18, 20.
Bible hyɛ bɔ sɛ saa bere no, ‘ɔkɔm ne osukɔm renne obiara bio.’ (Yesaia 49:10) Esiane asase so nniso foforo nti, yebenya nsu ho haw ano aduru koraa. Saa nniso yi—Ahenni, a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no—de ‘atemmu ne trenee bedi dwuma bere nyinaa.’ (Yesaia 9:6, 7; Mateo 6:9, 10) Enti, awiei koraa no, asase so nnipa nyinaa bɛyɛ biako.—Dwom 72:5, 7, 8.
Sɛ yɛhwehwɛ nkwa nsu no seesei a, yebetumi ahwɛ bere a obiara benya nsu pii no kwan ankasa.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]
Atifi: Ná tete Petrafo nim sɛnea wɔkora nsu so
Ase: Nabataeafo nsuka a ɛwɔ Petra
[Asɛm Fibea]
Garo Nalbandian
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Akuafo a wɔte Canary Nsupɔw no biako so asua sɛnea wobedua nnɔbae wɔ baabi a ɛkame ayɛ sɛ osu ntɔ koraa no
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]
Dɛn na na Yesu rekyerɛ bere a ɔde “nkwa nsu” hyɛɛ ɔbea yi bɔ no?