Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 30-31
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Awerɛhow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Awerɛhow?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awerɛhowdi Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu
  • Nea Enti a Yedi Awerɛhow
  • Yɛredi Awerɛhow de, Nanso Yɛwɔ Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
    Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Adɔfo a Wɔawuwu?
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • “Wo Nua No Bɛsɔre”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Awerɛhow?

“NA, ANUANOM, WƆN A WƆADEDA NO HO DE, MEMPƐ SƐ MEKORA MO SO, NA MO WERƐ ANHOW SƐ WƆN A AKA A WONNI ANIDASO NO.”—1 TESALONIKAFO 4:13.

BIBLE no wɔ anidaso ma awufo. Awufo a Yesu nyanee wɔn, ne ne nkyerɛkyerɛ ahorow no twe adwene si bere a wɔbɛsan de awufo aba nkwa mu so. (Mateo 22:23-33; Marko 5:35, 36, 41, 42; Luka 7:12-16) Ɛsɛ sɛ saa anidaso yi ka yɛn dɛn? Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ saa anidaso yi betumi ama yɛanya awerɛkyekye bere a yɛn dɔfo bi awu no.

Sɛ wo dɔfo bi awu pɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa wudii yaw kɛse. Theresa, a ne kunu a wadi mfe 42 wui bere a wɔyɛɛ no komam oprehyɛn bere tiaa bi akyi no, ka sɛ: “Ná ɛyɛ akomatu ankasa! Mfiase no, mebɔɔ hu ankasa. Afei midii yaw kɛse akyiri yi. Misui pii.” So nneyɛe a ɛte saa kyerɛ sɛ wunni gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ obenyan awufo no mu? So Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bedi awerɛhow?

Awerɛhowdi Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu

Yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae denam awerɛhow a nkurɔfo dii a ɛwɔ Bible mu a yebesusuw ho so. Wɔ kyerɛwtohɔ pii mu no, na nkurɔfo a wɔn ho nipa bi awu no di awerɛhow. (Genesis 27:41; 50:7-10; Dwom 35:14) Mpɛn pii no, na awerɛhowdi a ɛte saa no ma wodi yaw kɛse.

Susuw sɛnea mmarima agyidifo bi dii awerɛhow bere a wɔn adɔfo bi wui no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, na Abraham wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo. (Hebrifo 11:19) Saa gyidi yi nyinaa akyi mpo no, bere a ne yere Sara wui no, ‘obegyam no, na osuu no.’ (Genesis 23:1, 2) Bere a Yakob mmabarima dii atoro kyerɛɛ no sɛ ne ba Yosef awu no, Yakob ‘sunsuanee ne ntade mu na osuu no.’ (Genesis 37:34, 35) Wɔ mfe pii akyi no, na Yakob da so ara di ne ba a ɔdɔ no no wu ho yaw kɛse! (Genesis 42:36-38) Ɔhene Dawid nso sui kɛse wɔ baguam bere a ne mmabarima baanu, Amnon ne Absalom, wui no. Ɛwom sɛ wɔn baanu nyinaa maa Dawid ne n’abusua ho hiahiaa wɔn de, nanso na wɔda so ara yɛ ne mma, na wɔn wu no maa ne werɛ howee kɛse.—2 Samuel 13:28-39; 18:33.

Ɛtɔ mmere bi a, na Israel man no nyinaa su, te sɛ nea wɔyɛe bere a Mose wui no. Deuteronomium 34:8 ka kyerɛ yɛn sɛ Israelfo no suu no adaduasa.

Nea etwa to koraa no ne Yesu Kristo nhwɛso no. N’adamfo paa Lasaro wui. Na bere a Yesu huu sɛnea Lasaro nuabeanom, Marta ne Maria, ne wɔn nnamfonom resu no, “ne ho yeraw no.” Ɛwom sɛ na onim sɛ bere tiaa bi mu no, ɔbɛsan de n’adamfo no aba nkwa mu de, nanso ‘osui.’ Ná Yesu dɔ ne nnamfonom Marta ne Maria yiye. Enti bere a ohui sɛ wɔn nuabarima no wu ahaw wɔn no, ɔno nso hawee kɛse.—Yohane 11:33-36.

Ná Abraham, Yakob, Dawid, ne Yesu nyinaa wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi kɛse, nanso wodii awerɛhow. So awerɛhow a wodii no kyerɛe sɛ na wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam? So wɔn awerɛhodi no kyerɛe sɛ na wonni owusɔre no mu gyidi? Ɛnte saa koraa! Ɛyɛ ne kwan so sɛ obi bedi awerɛhow bere a ne dɔfo bi awu no.

Nea Enti a Yedi Awerɛhow

Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bewu. Ná Yehowa mfitiase atirimpɔw a ɔdaa no adi kyerɛɛ Adam ne Hawa ne sɛ wɔbɛdan asase no paradise fɛfɛ a abusua a wɔwɔ anigye na wɔwɔ ɔdɔ ahyɛ so mã. Sɛ na nnipa baanu a wodi kan no yɛ Yehowa so asoɔden nkutoo a na wobewu. (Genesis 1:28; 2:17) Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden, na esiane asoɔden nti, “owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12; 6:23) Enti owu yɛ ɔtamfo tirimɔdenfo a na ɛnka mfitiase atirimpɔw no ho.—1 Korintofo 15:26.

Enti, ntease wom sɛ ade a wɔammɔ anka nnipa ho, a ɛne owu no, bɛma wɔn a wɔn biribi wu no adi awerɛhow kɛse. Ɛma wɔhwere ade kɛse wɔ wɔn asetram. Theresa, okunafo a yɛbɔɔ ne din atifi hɔ no, ka faa ne kunu ho sɛ: “Mewɔ awerɛhyem sɛ mehu no bio wɔ owusɔre no mu, nanso mprempren de, m’ani agyina no ankasa. Ɛno ma midi yaw ankasa.” Yɛn wofo bi wu betumi akae yɛn sɛ yɛn nso yebewu. Sɛ abofra bi wu a, ɛyɛ yaw ankasa esiane akwanhyia a atwa n’asetra so nti.—Yesaia 38:10.

Yiw, wɔammɔ owu anka nnipa ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛma yɛadi yaw ɔkwan biara so, na sɛ obi wu na yedi awerɛhow a, Yehowa mmu no sɛ yenni gyidi wɔ owusɔre no mu. Sɛnea ada adi wɔ Abraham, Yakob, Dawid, Israelfo no, ne Yesu nhwɛso no mu no, komam yaw a yɛbɛda no adi no nkyerɛ sɛ yɛayɛ mmerɛw wɔ honhom fam.a

Nanso, bere a owu ma yɛn a yɛyɛ Kristofo di awerɛhow ɔkwan biara so no, yenni awerɛhow “sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.” (1 Tesalonikafo 4:13) Yenni awerɛhow mmoro so efisɛ yenim tebea a awufo wom. Yenim sɛ wonni yaw anaa ahohia mu, na mmom, wɔwɔ tebea bi a ɛte sɛ nea wɔada nnahɔɔ mu. (Ɔsɛnkafo 9:5; Marko 5:39; Yohane 11:11-14) Yɛwɔ awerɛhyem koraa nso sɛ Yesu, ‘a ɔne sɔre ne nkwa’ no, bedi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa” bɛsan aba nkwa mu no ho dwuma.—Yohane 5:28, 29; 11:24, 25.

Enti, sɛ woredi awerɛhow saa bere yi a, ma nim a wunim sɛ Yehowa te wo ase no nkyekye wo werɛ. Ɛmmra sɛ saa nimdeɛ yi ne owusɔre mu anidaso a wowɔ no bɛkyekye wo werɛ na ama woatumi agyina awerɛhow a woredi no ano.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ mmoa a wode begyina awerɛhodi ano a, hwɛ Bere a Obi a Wodɔ no Awu nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no, nkratafa 14-19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena