Nsanyare—Ɛyɛ Hu Nanso Wotumi Siw Ano
BERE a asasewosow a ɛyɛ hu ne nsuyiri a ɛsɛe ade ho nsɛm pue atesɛm nkrataa anim no, nsɛm ho amanneɛbɔfo ntaa nka trɛw a nsanyare retrɛw no ho asɛm koraa. Ne saa mpo no, amanneɛbɔ bi a Red Cross/Red Crescent adwumakuw no de too gua wɔ June 2000 no ka sɛ: “Nnipa dodow a nsanyare (te sɛ AIDS, atiridiinini, ɔhome mu nyarewa ne ayamtu) kum wɔn no dɔɔso sen nnipa dodow a asiane kum wɔn afe a etwaam no mpɛn 160. Na sɛe ara na tebea no resɛe.”
Wɔkyerɛ sɛ, nneɛma titiriw abien na ɛde akontaabu a ɛyɛ ahodwiriw yi aba. Biako ne ɔkwan a AIDS nam so retrɛw kɛse no, na ekum nnipa 300 dɔnhwerew biara. Peter Walker a ɔyɛ Red Cross ne Red Crescent Amanaman Ntam Fekuw asiane dwumadibea no kwankyerɛfo no ka sɛ, AIDS “nyɛ yare bio, ɛyɛ asiane. Yare a etumi trɛw saa no kunkum adwumayɛfo na ɛde ɔhaw ba ɔman sikasɛm so.” Ade foforo ne ɔmanfo apɔwmuden ho nhyehyɛe a ɛresɛe no, na eyi asan ama nyarewa bi a bere bi na agye ntini te sɛ nsamanwaw, kekae, ne atiridiinini aba wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Sɛ nhwɛso no, Asia man bi bɔ amanneɛ seesei sɛ nnipa 40,000 na wonya nsamanwaw afe biara. Wɔ Europa Apuei fam man bi mu no, kekae anya nkɔanim mmɔho 40 wɔ mfe du a atwam no mu.
Nanso anigyesɛm ne sɛ, ɛmfa ho sɛ nsanyare adan asiane no, ɛyɛ asiane ahorow a wotumi siw ano sen biara no bi. Nokwarem no, amanneɛbɔ no ka sɛ nnipa ɔpepem 13 a nsanyare kunkum wɔn wɔ 1999 mu no mu dodow no ara yɛ nea “anka wobetumi abɔ onipa biako biara ho ka US dɔla 5 de asiw wɔn wu no ano.” Sɛ wiase nniso ahorow no nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛsɛe dɔla 5 wɔ onipa biako akwahosan ho—a ano si dɔla ɔpepepem 30—a, hwɛ nnipa dodow a wobetumi abɔ wɔn ho ban a anka ɛho renhia sɛ wowu!
Ɛwom sɛ eyi yɛ sika kɛse de, nanso sɛ yɛde toto nea wiase no sɛe no wɔ nneɛma foforo ho no ho a, na esua koraa. Nnansa yi sɛ nhwɛso no, sika a wɔsɛee no wɔ sraadi ho no boro dɔla ɔpepepem 864—dɔla 144 wɔ onipa biako biara ho—wɔ wiase nyinaa. Afei, susuw sika dodow a wɔsɛe no wɔ akodi ho sen sɛ anka wɔde besiw nyarewa ano no ho hwɛ! Ebia nsanyare ano a wobesiw no yɛ nea adesamma ntumi nnu ho—ɛnyɛ sika a wonni nti, na mmom, ntease a emu dɔ nti. Sɛnea ɛte biara no, nnipa nniso ntumi mfa botae pa nsi wɔn ani so.
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 12]
X ray: New Jersey Medical School—National Tuberculosis Center
Ɔbarima bi a ɔrebɔ waw mfonini: WHO/Thierry Falise